Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 054 (Legalists bring an adulteress to Jesus)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 2 - KANEA NO HYEREN WƆ SUM MU (Yohanne 5:1 - 11:54)
C - Yesu Akwantuo A Ɛtwatoɔ A Ɔkɔɔ Yerusalem (Yohanne 7:1 - 11:54) Ɛsum No Firii Hyan No Mu Kɔɔeɛ
1. Yesu anom nsɛm a ɔkaaeɛ wɔ ntɔmadan afahyɛ no mu (Yohanne 7:1 – 8:59)

c) Mmrakyerɛfoɔ no de ɔbaa dwamanfoɔ bi brɛɛ Yesu sɛ ombu no atɛn (Yohanne 8:1-11)


YOHANNE 8:1-6
1 Na Yesu kɔɔ Ngo Bepɔ no so. 2 Na ahemadakye no, ɔbaa asɔrefie bio, na ɔman mu no nyinaa baa ne nkyɛn; na ɔtenaa ase kyerɛkyerɛɛwɔn. 3 Na atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ no de ɔbaa bi a wɔakye no adwamammɔ mu bae; na wɔde no bɛgyinaa mfimfini no, 4 wɔka kyerɛɛ no sɛ, "Kyerɛkyerɛfoɔ, wɔakyere ɔbaa yi adwamammɔ mu wɔ so pɛɛ. 5 Nso Mose hyɛɛ yɛn mmara no mu sɛ, wɔnsi nnipa a ɛte saa aboɔ; na wo nso, wose sɛn?" 6 Na yei deɛ, wɔka de sɔɔ no hwɛe, na wɔanya biribi akɔtoto n'ano. Na Yesu brɛɛ ne mu ase, de ne nsateaa twerɛtwerɛɛ fam.

Na bɛdwakuo no mu nnipa no mu bi de abufuo firii dwabɔ no ase kɔɔ wɔn afiefie mu, ɛfisɛ sɛ Yesu firii wɔnsam kɔeɛ. Nnipakuo no dwenee sɛ wɔn paninfoɔ no ama Yesu ho kwan sɛ ɔkyerɛkyerɛ wɔ hyiadan no mu. Ɛnti saa nkorɔfoɔ no bɔɔ wɔn tirimpɔ sɛ wɔbɛkyere no. Na Yesu faa kuro no fasuo no ho anadwo no frii kuro no mu, na ɔtwaa mu wɔ kidron bonhwea mu kɔeɛ.

Na adeɛ kyee no Yesu san baa kuro no mu, na ɔkɔɔ nnipakuo no mu wɔ hyiadan no mu. Na woanndwane ammfiri kuro no mu de kɔsi sɛ wɔwie Ntomadan Afahyɛ no, nanso ɔkɔɔ so ara tenaa n'atanfo no mu. Na Fariseefoɔ no yɛɛ wɔn ho te sɛ asraafo a wɔdi mu', na bere duu sɛ wɔrebegye wɔani na w'anom bobesa wɔ afahyɛ no ase. Na wɔkyere ɔbaa bi a na w'abɔ adwaman wɔ wɔn mu. Na ɛbaa wɔn tirim sɛ wɔbɛsɔ Yesu ahwɛ wɔ ɔbaa adwamanfoɔ no asɛm no ho. Na woahunu ne nipasu wɔ Onyankopɔn ne nnipa mu sɛ ɔrefom mmra ne amammerɛ wɔ ɔman no mu a. Na asotwe a ɔde bɛma obaa no bɛkyerɛ ne nipa ban a ɔyɛ. Na atɛn a ɔde bɛbu obaa no bɛyɛ atɛmmuo wɔ obiara a ɔbɛgu n'abrabɔ ho fi. Ɛyi nti wɔn nyinaa twɛn n'atɛmmuo no.

'''YOHANNE 8:7-9a
7 Na wɔda so ara rebisa no no, ɔmaa ne mu so see wɔn sɛ, "Mo mu deɛ bɔne nni ne ho no, ma no nto no ɛboɔ kane" 8 Na ɔbrɛɛ ne mu ase bio, twerɛtwerɛɛ fam. 9 Na wɔn deɛ, wɔteeɛ, nawɔn ahonim buu wɔn atɛn no, wɔfirii adi mmaako mmaako firi mpanimfoɔ so bɛsii wɔn a wɔdi akyire so….'''

Bere a Fariseefoɔ no totoo ɔbaa adwamanfoɔ no ano wɔ Yesu anim no , ɔbɔɔ Ne mu ase na ɔde Ne nsa tiaa twerɛɛ biribi wɔ fɔm hɔ. Na wɔnnim deɛ ɔretwerɛ, ɛbia na ɛyɛ ɔdɔ ho mmra nsɛm foforɔ.

Na mpanyinfo no anntumu annhunu deɛ nti a Yesu "twetwɛnsoɔ no'' na wɔanhunu sɛ wiase atɛmmuo yɛ ntoboaseɛ na ɛnyɛ ahoprepre ne wɔn ahonim mu. Na wɔdwene sɛ wɔde Yesu ato nsɔhwɛ mu.

Na Yesu sɔre gyinae de awerɛhoɔ hwɛɛ wɔn; ɛyɛ ne Nyamesu ani na ɔde hwɛɛ won, na ne nsɛm a ɔkaa nyinaa yɛ nokorɛ a akyinigyeɛ biara nni ho. Na ɔkasaa wɔ atɛmmuo mu sɛ "Mo mu biara a ɔnyɛɛ bɔne da no ɛndikan nto no aboɔ". Yesu anka asɛm biara amfiri mmra no mu, nanso na ɔrewie asɛm no nyinaa. Na saa odwamanbɔfoɔ yi sɛ fata sɛ owu a na Yesu ankasa nso nim paa.

Na Yesu gyinaa asɛm no so buu ɔbaa dwamanfoɔ no ne won a wɔyɛ won sɛ "ahoteefoɔ" nyinaa atɛm. Afei ɔmaa wɔn kwan sɛ deɛ mfomsoɔ biara nni ne ho ndikan nto aboɔ kane mbɔ ɔbaa no. Na ɔtwii wɔn anim kakyerɛɛ wɔn sɛ onipa biara nni hɔ a bɔne nni ne ho. Yɛn mbrɛwyɛ bɛtumi de yɛn ato nsɔhwɛ mu, na yɛadi ngukuo nso. Wɔ Onyankopɔn anim no nsonsonoeɛ biara nni ɔdebɔneyɛni ne nyaatwomni a ɔyɛ ne ho treneeni ntam koraa. Na wɔn nyinaa aprɔprɔ wɔ won akwan mu. Obiara a ɔfom mmra nsɛm baako mpo no seɛ mmra no nyinaaa, na ɔfata daa a ɛnni ɛwieɛ sɛeɛ.

Na mpanyinfoɔ no ne mmranimfoɔ no bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ de pataa wɔn nneyɔeɛ bɔne wɔ hyiadan no mu, pae mu kaa won bɔne nyinaa. Kristo anom nsɛm no ma wɔnyaa adwensakyera wɔ wɔn ahonim mu. Na wɔhwehwɛɛ sɛ wɔbɛkyere Nazaretni no nanso ɔno ara mmom ayi wɔn bɔne nyinaa ɛdi na woabu won atɛn nso. Afei nso ɔdii mmra no so. Na anotofoɔ no sii wɔn tiri ase, na wɔnyaa atinka bi sɛ wɔwɔ Onyankopɔn Ba no anim, na wɔfɛreeɛ wɔ ne krokronyɛ mu.

Na mpanyinfoɔ no ne wɔn a woka won ho no nyinaa firi ɛdi kɔeɛ, na beaɛ hɔ yɛɛ daa mpan, na ɛkaa Yesu nko ara wɔ hɔ.

YOHANNE 8:9b-11
9b - na ɛkaa Yesu nko ne ɔbaa a ɔgyina mfimfini no. 10 Na Yesu maa ne mu soɔ, na wanhunu obiara sɛ ɔbaa no nko no, ɔsee no sɛ, "ɔbaa, ɛhe na w'atoafoɔ no wɔ? Obi ammu wo fɔ anaa?" 11 "Na ɔse: Obi ammu me fɔ, Owura." Na Yesu see no sɛ, "Me nso memmu wo fɔ," Yesu see no sq, "kɔ na nkɔyɛ bɔne bio."

Na ɔbaa dwamanfoɔ no de ahopopoɔ sɔreeɛ. Na Yesu hwɛɛ no wɔ ahunumoborɔ ne akoma pa mu na ɔbisaa no sɛ, w'anototofoɔ no wɔ henefa? Wɔn mu biara nni ha sɛ wɔrebebu wo fɔ na w'abu wo atɛn nso? Na ɔnyaa atinka sɛ Yesu, a ɔyɛ Krokron no renntwe n'aso, nanso anka ɔno ne onipa a ɔwɔ wo kwan sɛ ɔbɛbu no fɔ.

Yesu dɔ adebɔneyɛfoɔ; ɔbaeɛ sɛ ɔrebɛhwehwɛ wɔn a ayera nyinaa na w'agye wɔn. wɔantwe ɔbaa debɔneyɛni no aso, na mmom ɔmaa no nyaa ne mu adom, ɛfisɛ ɔsoaa yɛn bɔne, na ɔyɛɛ krado sɛ ɔbɛwu ama wiase. Ɔsoaa saa ɔbaa no atɛmmuo.

Na ɛsane sɛ ɔwu maa wo nti, woanya bɔne afiri. Gye Ne dɔ no di na ɔbɛgye wo afiri atɛmmuo mu. Gye ne Honhom mu bɔne fakyɛ no tomu na afoforɔ ambu wo fɔ. Ɛmma worɛ mfiri sɛ wo nso wo yɛ ɔdebɔneyɛni, na wonyɛ pɛ ɛnsene afoforo nso. Sɛ obi bɔ adwaman a, na ɔntee ne ho anaa? Sɛ w'abɔ korɔno a na, na w'adi nokorɛ? Mommu atɛm na w'abu mo nso atɛn. Na susukruwa a wobɛsusuo no, saa na wɔbɛsusu ama wo nso. Adɛn na wo hunu mpuna a ɛda wo nua anisoɔ na woankasa wo deɛ no wonhunu yi?

Na Yesu hyɛɛ no sɛ mmma no nkɔyɔ saa mfomsoɔ no biom. Onyankopɔn mmra nsɛm a ɔkyerɛ krokronyɛ no tim hɔ daa na ɛnni sɛ ɛbrɛ ase nso. Ɔdii saa ɔbaa no anim na ɔnyaa ɔdɔ wɔ Onyankopɔn mu na ɔpae mu kaa ne bɔne a w'ayɛ. Ne ama woanya Honhom Krokron afiri odwamaa no mogya mu. Ɔbisaa ne hɔ biribi a ɔntumi nyɛ, nanso ɔmaa no tumi a ɛbubu akoma, na w'atena ase wɔ krokronyɛ mu. Ne saa ɛreka akyerɛ wo sɛ gyae bɔne yɛ, na w'ayɛ krado sɛ ɛbɛtie w'akoma mu bɔneka.

MPAEBƆ: Oh Awurade Yesu, mani awu wɔ woanim, ɛfirisɛ menyɛ pɛ sene saa odwamanbɔni yi. Fakyɛ me sɛ mebu afoforo atɛn. Hohoro me ho firi me bɔne nyinaa ho. Meda wo ase sɛ wode me mfomsoɔ nyinaa akyɛ me. Meda wo ase wɔ wo boasetɔ ne wo mmɔborohunu a wowɔ ma me. Boa me na mannyɛ bɔne anntia wo bio. Hyɛ me den na ma meho ntew. Di manim kɔ abrabɔ kronkronyɛ mu.

NSƐMBISA:

  1. Adɛn nti na won wɔtotoo ɔbaa adwamanbɔfoɔ no ano no nyinaa dwanee frii Yesu anim?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 02, 2022, at 07:16 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)