Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 055 (Jesus the light of the world)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 2 - KANEA NO HYEREN WƆ SUM MU (Yohanne 5:1 - 11:54)
C - Yesu Akwantuo A Ɛtwatoɔ A Ɔkɔɔ Yerusalem (Yohanne 7:1 - 11:54) Ɛsum No Firii Hyan No Mu Kɔɔeɛ
1. Yesu anom nsɛm a ɔkaaeɛ wɔ ntɔmadan afahyɛ no mu (Yohanne 7:1 – 8:59)

d) Yesu ne wiase kanea (Yohanne 8:12-29)


YOHANNE 8:12
12 ɛnna Yesu kasa kyerɛɛ wɔn bio sɛ, "Mene wiase hann; deɛ ɔdi m'akyire no rennante sum mu, na ɔbɛnya nkwa hann."

Yesu yɛ Onyankopɔn kanea a ɛhyerɛn. Na obiara a ɔbɛn no no ho da hɔ, ɛbu no atɛn, ɛbue aniwa na ɛma ayaresa nso, afei nso ɛma onipa bɛyɛ Kristo mu kanea. Na kanea foforɔ biara nni hɔ a ɛbetumi akyerɛ yɔn nyansa na ɛbɛsa yɛn akoma mu yareɛ, agyesɛ Yesu. Wiase nyansa ne ɔsom ahorroɔ nyinaa yɛ mmerɛ ɛfisɛ wɔhyehyɛ bɔ firi wɔn adwene mu nsusueɛ wɔ ɔgyeɛ a ɔwɔ paradise. Nokorɛ sɛm ne sɛ wɔ yɛ nnipa bɔnefoɔ a wɔfura nkorɔfoɔ ani na wɔkyekye wɔn. Ne kanea no hyerɛn te sɛ awia na ɛkanyan ɔkra. Na saa ɔkra mu ayaresa yi ho wɔ nhyehyɛe, ɛne sɛ wode gyidie bɛbɛn Yesu na wobɛpaw woho akyi na w'abɛdi n'akyi. Na sɛ Yɛkɔ so so ara di Yesu akyi a yɛbe firi ɛsum mu aba ɛhan mu. Na yɛbehunu kwan wɔ hann no mu na yɛaduru yɛn tenabea hɔ a ɛyɛ anuoyam a ɛfiri Agya no ne Ɔba nkyɛn wɔ ɛhann abrabɔ mu

YOHANNE 8:13-16
13 ɛnna Farisifoɔ no see no sɛ, "Wo deɛ, wodi wo ara wo ho adanseɛ; w'adanseɛ no nyɛ nokorɛ. 14 Yesu bua see wɔn sɛ, "Sɛ medi me ara me ho adanseɛ mpo a, m'adanseɛ no yɛ nokorɛ ɛfiri sɛ, menim faako a mefire ne faako a merekorɔ; na mo deɛ, monnim deɛ mefire ne deɛ merekorɔ. 15 Mo deɛ, mobu ɔhonam ani atɛn; me deɛ, memmu obiara atɛn. 16 Na sɛ mebu atɛn mpo a, m'atemmuo no yɛ nokorɛ; ɛfiri sɛ ɛnyɛ me nko ara, na mene deɛ ɔsomaa me no."

Na jewfoɔ no ho teetee won wɔ nsɛm a Yesu kaa sɛ "Me ne", na wɔdwene sɛ ɛyɛ ahohoahoa ne ahomasoɔ, ɛfei nso ɔyɛ ne ho sɛ ɔno ne wiase nyinaa kanea. Na wobuu ne nsɛm no sɛ ɛyɛ mfomsoɔ ne atorɔ, na ɔde ɛhu dadaa akra.

Na Yesu buaa wɔn sɛ, " adanseɛ a ɛfa me ho nyinaa yɛ nokorɛ, na memmema me ho so, nanso ɛyɛ Onyankopɔn mu nokorɛdie na ɛne me wɔ hɔ abre biara wɔ nkabom mu. Mo nnim sɛ me firi Agya no mu na me baeɛ na Ne mu ara na mɛsan makorɔ. Menkasa mmfiri me ara me pɛ mu, na me nnsɛm firi Onyankoropɔn nokorɛdie mu. Me nnsɛm yɛ nokorɛ, na tumi ne nhyira ayɛ mu ma."

Mo ankasa nsɛm yɛ animhwɛ, na onipa hu adeɛ a ɛyɛ ntɛtɛ nko. Mo bu mo ho sɛ atɛmmufoɔ na mogyina mo ankasa ahoɔden so na ɛbu atɛn. Nanso moyɛ mfomsoɔ, ɛfirisɛ monim nnoɔma nyiaa farebae ne deɛ ɛfri ba, saa nso na monnim n'awieyɛ. Na deɛ ɛdi adanseɛ ne sɛ monnim me. Mobu me atɛm kwa firi me nipasuo mu, nanso Me wɔ Onyankopɔn mu mbrɛ biara. Na sɛ motumi hunu ɛyi a, mobɛ hunu wiase yi mu nokorɛdie titirie no

Kristo yɛ wiase nyinaa ɔtɛmmuafoɔ, ɔno ne mbrɛ nyinaa nokorɛ botan no. Woamba sɛ ɔrebɛbu yɛn fɔ na w'asɛe yɛn nso, na mmom ɔbaeɛ sɛ ɔbɛgye yɛn. Woampo mmɔborɔfoɔ, krɔnobɔfoɔ anaa mpapahwekwaa, nanso ɛpɛsɛ ɔbɛgye obiara na w'atwe wɔn abɛn no mu dɔ no ho. Ɛnti ɛmbu obiara animtia, na mmom bɔ mmɔden na hunu adepa a ɛwɔ afoforo mu sɛ Yesu su sɛso.

YOHANNE 8:17-18
17 "Na wɔatwerɛ no mo mmara nwoma no mu nso sɛ: Nnipa baanu adanseɛ yɛ nokorɛ. 18 Me na medi me ho adanseɛ, na Agya a ɔsomaa me no nso di me ho adanseɛ."

Ɛsane yɛn mmerɛyɛ nti Yesu brɛɛ Ne ho ase baa mmra no mpenpensoɔ mu na odii so. Na mmom ɔkaa sɛ ɛyɛ yɛn mmra, na ɛno ne gyinabea a yɛhia sɛ adebɔneyɛfoɔ. Na wɔ mmra no nhyehyɛeɛ mu no, sɛ obi pɛsɛ osi nokorɛ bi so dua a ɛsɛ sɛ onya adansefoɔ miennu a wonyan nyinaa bɛma duasi afa deɛ ɔreka no ho ɛyɛ nokorɛ. Ɛno mu na wobɛgyina soɔ ama atɛnmuo (Deuteronomium 17:6; 19:15). Yesu annkasa anntia saa nhyehyɛeɛ yi. Na mmom ɔkyerɛɛ sɛ saa mpaemuka yi yɛ adanseɛ a ɛdikan, na N'Agya no nso na osi nadansedie no so dua, na ɔma nkabom soronko a ɛda won ntam no da ɛdi. Na sɛ onnka Ɔba no ho a ɔrenntumi nnyɛ hwee. Na ɛyi ne ahintasɛm a ɛwɔ Onyankopɔn Baasa Koro no mu. Onyankopɔn dii Yesu ho adanseɛ, na Yesu nso dii Onyankopɔn ho adanseɛ.

YOHANNE 8:19-20
19 ɛnna wɔsee no sɛ "ɛhe na w'Agya wɔ?" Yesu buaa sɛ, "Monnim me, na monnim m'Agya nso; sɛ monim me a, anka monim m'agya no nso." 20 ɔrekyerɛkyerɛ asɔrefie no, na ɔkaa nsɛm yi sikakorabea hɔ; na obi ankye no, ɛfiri sɛ na ne dɔn nnya nnuruiɛ.

Jewfoɔ no annte Yesu anom nsɛm no ase yiye, na wonni ɔpɛpa nso sɛ wɔpɛsɛ wonya ɛmu nteaseɛ nso, na mmom wɔtetɛɛ no sɛ ɔbɛka abususɛm na won agyinasoɔ de akyere no, ɛno nti wobisaa no sɛ, "Hwan na wofrɛ no sɛ Agya no?" ɛfirisɛ Yosef awu dadaada, na wonim deɛ ɛwɔ Yesu adwene mu a ɔrebɛka akyerɛ won sɛ, "M'Agya." nanso wɔpɛɛ kwan bi a wɔde bɛsum no ɛfidie ama woaka sɛ Onyankopɔn ne N'Agya.

Yesu ammbua won yiye mu wɔ saa asɛm no ho, ɛfirisɛ Onyankopɔn ho nimdie nnyɛ sɛ obi nim Yesu nko mu. Ɔba no wɔ Agya no mu na Agya no nso wɔ ne mu. Ɛno nti obiara a ɔbɛpo Ɔba no, ɛbɛyɛ dɛn na obɛtumi ahunu Agya nokwafoɔ no? Nanso obiara a ɔgye Ɔba no die na ɔdɔ No no, saa onipa no na Onyankopɔn yi ne ho ɛdi kyerɛ no; ɛfirisɛ obiara a ohunu Ɔba no hunu Agya no nso.

Na ɔkaa saa nsɛm yinom wɔ sika korabea hɔnom. Na hyiadan no mu abanbɔfoɔ no nyinaa atwa ahyia wɔ hyiadan no mu. Nanso ne nyinaa mu no, obiara anntumi ammfa ne nsa annka no sɛ ɔrekyere Yesu akɔto afiase. Ɛfirisɛ Onyankopɔn basa na ɛbɔ ne ho ban. Na ɛfei na Ne dɔn a Onyankopɔ ahyehyɛ ato hɔ no nnya nduruuɛ. Ɛno nti saa ara nso na wo soro Agya no nko na obɛtumi akyerɛ sɛdeɛ wo hyɛbrɛ bɛkɔ afa.

MPAEBƆ: O Kristo, yɛdɔ wo na yɛtontom wo. Ɛfirisɛ wommu yɛn atɛn sɛdeɛ ɛfata yɛn, na mmom wogye yɛn daa. Wone wiase hyann, na wobue won a wɔba wo nkyen nyinaa aniwa. Yɛsrɛ wo sɛ ma yɛn nkenyan wɔ wo dɔ kanea no mu na boa yɛn ma yɛn akoma den no nyɛ mmerɛ ama yɛatumi ahunu wo yiye.

NSƐMBISA:

  1. Kwan bɛn so na Yesu adansedie a ɛfa Ɔno ankasa ho sɛ ɔyɛ wiase hyann no ne ɔsoro Agya no wɔ ayɔnkofa?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 02, 2022, at 07:24 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)