Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 041 (Jesus withdraws from the clamor for his crowning; Jesus comes to his disciples in distress)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 2 - KANEA NO HYEREN WƆ SUM MU (Yohanne 5:1 - 11:54)
B - Yesu Ne Nkwa Aboodoo No (Yohanne 6:1-71)

2. Yesu sii nkurɔfokuo no ho kwan sɛ wobɛsi No hene (Yohanne 6:14-15)


YOHANNE 6:14-15
14 Afei nnipa no hunuu nsɛnkyerɛnneɛ a Yesu yɛeɛ no, wɔkaa sɛ, "Ampa, odiyifoɔ a ɔreba wiase no nie" 15 ɛnna Yesu hunuu sɛ wɔreba abɛfa no, ahyɛ no de no akɔsi hene nti, ɔtwee ne ho, na ɔno nko ara kɔɔ bepɔ no so bio. Yesu nante po so.

Yesu baa wiase bɛgyee nnipa nyinaa nkwa. Na ɔmaa nnipa mpem num aduane di weiɛ no, nnipa de ahokeka bɛtwaa Ne ho hyiaaeɛ. Na wodii ahurusi wɔ agyie ne nnwom toɔ ne asa mu wɔ N'anim te sɛ Ɔhene. Na wohunuu sɛ saa Galileeni barima yi yɛ deɛ Onyankopɔn asoma no no; Na Onyankopɔn fa ne mu kasa, na ɔsorosoroni no ahoɔden wɔ no so. Na ɔbɔdeɛ nyinaa yɛ osetie ma no. Na woama won paanoo sɛdeɛ Moses maa won wɔ serɛ no soɔ no. Na ɔno ne odiyifoɔ a wɔhyɛɛ Ne ho nkɔm sɛ obɛdi ne manfoɔ anim akɔ nokorɛ mu no (Deuteronomium 18:15). Na wɔdwenee nso sɛ, sɛ Yesu bɛyɛ won Hene a, wɔrennhia sɛ wɔbɛyɛ adwuma den ne ɔbrɛ wɔ daakyɛ mu. Na wɔkaa sɛ "Yɛbɛnya mberɛ asua Twerɛ Kronkron no na yɛabɔ mpaeɛ nso, na ɔbɛma yɛn aduane nso ɛdi kwa. Na saa Ɔhene yi bɛyɛ Ɔhene a ɔwɔ tumi a obɛtumi ɛdi Roman asraafoɔ no so nkunim. Na obɛtumi ama ogya ɛfiri soro abɛhyew won nyinaa. Ɛno nti mmomma yɛnhyɛ no Ahenkyɛ na yɛnsi no Hene." Na wɔbɔɔ yuu kɔɔ no so sɛ wɔrekɔsoa no wɔ won mmatinso. Sɛ wɔbɛboa no, wɔ anidasoɔ mu sɛ ɔno nso bɛboa won wɔ deɛ wohia nyinaa mu.

Na Yesu botaeɛ a ɛfa saa ɛgyinatuo yi ho ne sɛn? So nani gyeeɛ wɔ won agyinatuo no ho anaa sɛ ɔdaa won ase sɛ won anya Ne mu gyidie anaa? So ɔgyee won adwenkyerɛ a ɛyɛ nsɔhwɛ no toomu sɛ ɔne won a wonni gyidie no bɛbom akyekyere N'Ahennie anaa? anaa ɔfoaa won adwenpɔ no so? Daabida, woanka hwee ankyerɛ won, na mmom ofirii hɔ kɔɔ serɛ no so baabi. Na woampɛ nipa adwenkyerɛ ne won ɛgyinatuo, na mmom ɔde Ne ho too Onyankopɔn so. Ɛfirsɛ na Yesu nim won nneyɛɛ no nyinaa ɛwieɛ ne deɛ ɛfri; anigyie mmorosoɔ nti won antie nafutuo no. Na ɛyi yɛ amanyɔsɛm adwenpɔ a won nyinaa aka abom wɔ botaeɛ baako mu.

Yesu, nni ɔpɛpa biara sɛ ɔbɛkyekyere N'ahennie wɔ asaase yi so, na mmom Ne botaeɛ ne sɛ ɔbɛdi ankorɛ ankorɛ biara anim akɔ adwene sakyera ne awoɔ foforo mu. Ɛfirisɛ obiara nntumi nnkɔ ɔsoro Ahennie mu agyesɛ woanya awoɔ foforo. Na nkurɔfokuo no anntumi annhunu nsɛnkyerɛnne ne awawadeɛ no botaeɛ ase paa. Na mmom wɔdwenee asaase so paanoo ho; na ɔkasa faa Honhom Kronkron no ho sɛdeɛ ɛbɛyɛ na won a ɔkɔm de won kra no bɛmee. Nanso na won deɛ wɔdwene asaase so tumidie ne annuoyam a ɛnte hɔ daa ho; na ɔno deɛ ɔfaa asɛndua no mmom sɛ N'Ahennie fapem. Na sɛ obi ansakyera nadwene na woanwo no foforo a ɔrenntumi nnya Kristo mu nkwagyeɛ.

Na ɛho nnhia Yesu sɛ ɔde nidie bɛma nkurɔfokuo no anom nsɛm no. Na woanngye annuoyam biara mfiri nipa nkyen, na mmom otie N'Agya no anom nsɛm nko. Na osiisii naso frii ɔbonsam nsɔhwɛ nyinaa ho. Na ofirii ɛdi kɔbɔɔ mpae, kɔdaa Agya no ase srɛɛ Ne hɔ ahoɔden ne tumi a ɛbɛma anifuraeɛfoɔ ani bɛbue wɔ Honhom no tumi mu. Na woamfa nipasɛm annyɛ adwuma, ɛfirisɛ na onim sɛ wɔbɛteamu sɛ 'Hosana' da koro bi, na won ara nso abɔ no asɛndua mu da a ɛtɔsoɔ no mu. Kristo nim deɛ ɛwɔ yɛn akoma mu, na ɔnyeraa kwan ara da.


3. Yesu baa asuafoɔ no nkyen wɔ won ɔhaw ne nsɔhwɛ mu (Yohanne 6:16-21)


YOHANNE 6:16-21
16 Na ɛduruu anwummerɛ no, n'asuafoɔ no kɔɔ mpoano, 17 na wɔkɔɔ kodoɔ mu twaa po no sɛ wɔrekɔ Kapernaum. Na esum aduru dada, na Yesu nnya mmaa wɔn nkyɛn, 18 na mframa kɛseɛ bɔeɛ nti, ɛpo no sɔreeɛ. 19 Na wɔharee bɛyɛ akwansin mmiɛnsa anaa nnan no, wɔhunuu Yesu sɛ ɔnam po no soɔ, na ɔretwe pini kodoɔ no; na wɔsuroeɛ. 20 Na ɔsee wɔn sɛ, "ɛyɛ me, monnsuro" 21 ɛnna wɔde anigyeɛ maa no baa kodoɔ no mu, na ntɛm ara na kodoɔ no duruu asase a wɔrekɔ hɔ no so.

Na Yesu twee Ne ho kɔɔ Golan bepɔ no soɔ no, ohunuu wɔ akyirikyiri sɛ N'asuafoɔ no rebrɛ na wɔrehunu amane wɔ po asɔrekye mframa anim. Na mberɛ a owinu redwo no ɔnantee anadwo no wɔ nsuo no ani po no so kɔɔ N'asuafoɔ no nkyen. na woanngya won nko wɔ amanehunu berɛ no mu, nanso won deɛ wɔkaa sɛ ɛyɛ ɔsaman, na wosuroo pii. Won a wɔkɔ po so no taa kasɛ wohunu ɔsaman, ɛfirisɛ wodi mberɛ ne nna bebree wɔ po so wɔ nsuo no ani anadwo nyinaa. Na Yesu ne won kasaeɛ kaa sɛ, "Ɛyɛ Me." Na saa asɛm yi anaa kasa yi bɛyɛɛ gyidie fapem kɛseɛ maa asomafoɔ no. Na yɛhunu asɛm saa ara wɔ Apam Dada no mu sɛ, "ME NE NO" a ɛkyerɛ sɛ Awurade ne agyidifoɔ na ɛwɔ hɔ. Na asuafoɔ no hunuu sɛ Yesu wɔ tumi wɔ abɔdeɛ nyinaa so; sɛdeɛ aboodoo anaa sɛ paanoo no yɛɛ bebree wɔ Ne nsam, na mframa nso yɛɛ dinn wɔ nanim, na po asɔrɔkye nso taa din wɔ ne kasa mu. Na wohunuu ɛyinom nyinaa no wɔbɔɔ hu kɛseɛ. Ɛno nti ɔka kyerɛɛ won sɛ mma won nsuro koraa. Saa mmra asɛm yi a ɛka sɛ, "MENSURO" no wɔ hɔ ma Nakyidifoɔ nyinaa mberɛ biara mu, na ɛda ɛdi mpren 365 wɔ Twerɛ Kronkron no mu, na baako biara gyina hɔ ma da koro wɔ afe no mu. Sɛ yɛgye di sɛ Kristo ne yɛn na ɛwɔ hɔ a ɛma yɛdi osuro biara so nkunim. Sɛdeɛ woteɛ biara anaa sɛdeɛ wo haw teɛ biara no, Yesu ka kyerɛ wo sɛ, "Ɛyɛ Me, nti mensuro koraa."

Na asuafoɔ no hunuu Yesu no ɛyɛɛ won wawa yiye paa, na wɔgyee no baa kodoɔ no mu. Na ntɛm ara woduruu po no ano. Ɛyi yɛ nsɛnkyerɛnne a ɛtɔsoɔ miensa a Yesu yɛɛeɛ wɔ da no ara mu. Yesu ne Awurade wɔ soro ne asaase so ne ɛwiemu nyinaa na obɛtumi ɛdi asɔre no anim wɔ asɔrɔkye ne ɛhum a ɛbɔ denden no mu de no akoduru ne hyɛberɛ mu. Na ɔdɔ asuafoɔ no nti ɔbaa won nkyen, na mmom na ɔpɛsɛ wonya ne mu awerɛhyem soronko. Na ɔmaa won anidasoɔ ne awerɛhyem a wɔwɔ wɔ Ne mu no yɛɛ den, wɔ ɛsum mberɛ mu ne nsɔhwɛ mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na won suro nyinaa bɛfri hɔ koraa, na ama wɔde won ho ato No so daa.

NSƐMBISA:

  1. Botaeɛ bɛn nti na Yesu amma ho kwan sɛ nkurɔfokuo no de No bɛsi Hene no?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on January 31, 2022, at 07:04 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)