Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 040 (Feeding the five thousand)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 2 - KANEA NO HYEREN WƆ SUM MU (Yohanne 5:1 - 11:54)
B - Yesu Ne Nkwa Aboodoo No (Yohanne 6:1-71)

1. Nnipa mpem num no aduane ma (Yohanne 6:1-13)


Wɔ Yeruselem wɔ no Yesu yii Ne Nyameyɛ nipasu ɛdi kyerɛɛeɛ wɔ homeda bi wo ayaresa tumu mu, ɔkyerɛɛ nsonsoeɛ a ɛda Onyankopɔn dɔ ne mmrakyerɛfoɔ no abosomsom adwene ntam. Na nnipakuo no pɛɛ sɛ woku no wɔ otan nti. Na Honhom Krokron dii Yesu anim kɔɔ Galilee wɔ atifi fam, baabi a na n'atanfoɔ wɔ no. Na nnipakuo a wɔwɔ atifam no kɔɔ so ara dii n'akyi baabiara a ɔkɔe.

YOHANNE 6:1–4
1 Yeinom akyiri no, Yesu sii mu kɔɔ Galilea po a ɛne Tiberia po no agya. 2 Na nkurɔfokuo kɛseɛ dii n'akyi, ɛfiri sɛ na wɔahunu nsɛnkyerɛnneɛ a ɔyɛɛ no wɔn a wɔyareɛ ho. 3 Na Yesu kɔɔ bepɔ no so, na ɔne n'asuafoɔ no kɔtenaa hɔ. 4 Nso na Twam da, Yudafoɔ afahyɛ no, abɛn.

Na Kristo kaa Mmrakyerɛfoɔ no anim wɔ Yerusalem nti no, won nso bɔɔ pɔ tiaa no na wɔde won ani dii n'akyi. Nanso na Ne dɔn no nnya nnduruuiɛ. Ɛno nti ɔno nso twee ne ho firii Sanhedrinfoɔ no mpɔtamu hɔ san kɔɔ Galilee. Sɛdeɛ yɛkenkan wɔ asɛmpa nwoma miensa a ɛdikan no mu no sɛ ɔyɛɛ nsɛnkyerɛne akɛseɛ ahorroɔ wɔ hɔ. Na basabasayɛ pii siiɛ wɔ hɔ wɔ mberɛ a wɔtee sɛ woaba hɔ no, nanso anha Yesu na won anntumi amfa no ankɔ mu nso. Ɛfirisɛ na onim sɛ ɔtaa a woafa mu wɔ kuro kɛseɛ no mu no bɛtrɛ akɔ nkuraaseɛ nyinaa nso, na wɔbɛteetee no wɔ hɔ nso. Ɛno nti ɔtwee Ne ho wɔ hɔ nso kɔɔ Golan, a ɛwɔ Yordan apueɛ fam, sɛ ɛbɛka ɔno ne n'asuafoɔ no nko. Nanso, nkurɔfokuo no a asɛmpa no ho nsukɔm de won no dii n'akyi kɔɔeɛ, ɛfirisɛ na wɔpɛsɛ wohunu N'awawadeɛ no bi. Wɔ saa afeɛ no mu no Yesu ankɔ Yerusalem afahyɛ no ase koraa. ɛfirisɛ na Ne wuo mberɛ no nnya nduruuiɛ. Na ɔno ne nnipakuo a ɛtwa Ne ho ahyia no dii afahyɛ no, a ɛyɛ Twam Afahyɛ dwan no; ɛno na ɛkyerɛ ɔsoro abontoɔ no, a Agyenkwa no ne n'ahoteefoɔ nyinaa bɛbom adi dɛ kɛseɛ.

YOHANNE 6:5–13
5 Afei Yesu maa n'ani so, na ɔhunuu sɛ nkurɔfokuo kɛseɛ reba ne nkyɛn no, ɔsee Filipo sɛ, "ɛhe na yɛbɛtɔ paanoo ama yeinom adie?" 6 Na yei deɛ, ɔka de sɔɔ no hwɛe, ɛfiri sɛ na ɔno ara nim deɛ ɔrebɛyɛ. 7 Filipo buaa no sɛ, "Paanoo denare ahanu renso wɔn sɛ wɔn mu biara bɛnya kakra." 8 Na asuafoɔ no mu baako, Andrea, Simon Petro nua, ka kyerɛɛ no sɛ: 9 "Abarimaa bi wɔ ha a ɔwɔ atokoɔ paanoo nnum ne mpataa nketewa mmienu; na yei yɛ deɛn ma nnipa pii yi?" 10 Yesu kaa sɛ, "Momma nnipa no ntenatena ase." Nso na ɛserɛ pii wɔ hɔ. ɛnna mmarima a wɔn ano bɛyɛ mpemnum no tenatenaa aseɛ. 11 Na Yesu faa paanoo no, na ɔdaa ase no, ɔkyɛ maa wɔn a wɔtete hɔ no; ne mpataa no nso, dodoɔ a wɔpɛ. 12 Na wɔmeemeeɛ no, ɔsee n'asuafoɔ no sɛ, "Mommoaboa mporoporowa a aka no ano, na ebi anyera." 13 ɛnna wɔboaboaa ano, na wɔde atokoɔ paanoo nnum no mporoporowa a ɛka maa wɔn a wɔdiiɛ no hyehyɛɛnkɛntɛn dummienu mama.

Na Yesu hunuu sɛ nkurɔfokuo no reba ne nkyen no, ɔmaa nani so hwɛɛ Ne soro Agya no, na ɔde annuoyam ne nidie maa no, na ɔde won a ɔkɔm de won nyinaa hyɛɛ Agya no nsa. Na ɛno mu no nsɛnkyerɛnne no hyɛɛ aseɛ. Agya no de dwuamadie nyinaa hyɛɛ Ɔba no nsa na ama deɛ ɛwɔ Ne mu nyinaa ada ɛdi pɛfee.

Ɛdikan no Yesu sɔɔ asuafoɔ no hwɛɛeɛ, sɛ won gyidie reyini anaa, anaasɛ wɔdaso de wiase ahoyadeɛ ne wiase adwene akyekyere won ho anaa, na obisaa Filipo sɛ ɛhenefa na wobɛnya aboodoo ama nnipakuo no. Na sɛ ɛyɛ yɛn a anka yɛbɛka sɛ paanootofoɔ nkyen. Nanso Yesu hwɛɛ N'Agya no. Da biara yɛdwene sikasɛm ho ne abrabɔ mu asetra a ɛyɛ den ho. Nanso Yesu deɛ ɔdwene firii ɔsoro Nyankopɔn no mboa ho. Na asɛmbisa no mu no, ntɛmso Filipo dwenee sika dodoɔ a wobɛhia de atɔ ho, sene sɛ obɛnya gyidie. Obiara ɔhwɛ sika no, onntumi nnhunu deɛ Onyankopɔn bɛtumi ayɛ. Ɛwom sɛ asuafoɔ no akontaabuo no mu wɔ nteaseɛ bi deɛ: ɛfirisɛ na panootofoɔ anaa ɛsam biara nni hɔ, na ɛfei nso mberɛ biara nni hɔ a wɔde bɛtɔ aboodoo ntɛmso. Na nnipakuo no nyinaa nso atwa ɛhyia hɔ, na ɔkɔm nso de won nyinaa wɔ mberɛ santen a won atie asɛmpa no.

Na ɛfei Honhom no dii Andrea anim maa no hunuu abofra bi a okura aboodoo num ne mpataa miennu. Na ɔfrɛɛ abofra no ka kyerɛɛ no sɛ, "Fa aboodoo ne mpataa a ɛkura wo no ma me." Na Andrea nim deɛ ɛwɔ ne tirimu, nanso onim sɛ ɛduane ketewaa no nntumi mmee nnipakuo no. Ɛno nti Yesu maa asuafoɔ no hunuu sɛdeɛ won ahoɔden teɛ. Na won annhunu deɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ, anaa Onyankopɔn apɛdeɛ nso, ne deɛ Yesu rebɛyɛ nso.

Na Yesu hyɛɛ asuafoɔ no sɛ wɔmboaboa nnipakuo no a ɛhyia hɔ no ano, na wɔmaa nnipakuo no tenaa ase ɛkuo ɛkuo.

Na ɛhɔ nyinaa yɛ serɛ so, a ɛyɛ ahyɛnsodeɛ sɛ gyidie reyini wɔ nkurɔfokuo no mu. Na wɔyɛ mbarima mpem num na mbaa ne mmofra nso ka won ho a won dodoɔ dɔɔso yiye paa. Na won mu pii nnhunuu Yesu da, anaa sɛ Ne ndwuma awawadeɛ no. Na won nyinaa tenatena ase wɔ N'anom nsɛm mu.

Na Yesu faa aboodoo no hwɛɛ soro yii Ne tumideyɛ awawadeɛ no ɛdi kyerɛɛ won saa da no. Na ɔde aboodoo num no maa N'Agya no, daa no ase sɛ woama no ayɛ bebree. Na ɔgye diiɛ sɛ Onyankopɔn bɛtumi ama kakraabi no ayɛ bebree aboroso koraa. Ne nsɛnkyerɛnne no ahintasɛm no ne sɛ ɔdaa Agya no ase hyɛɛ no annuoyam sɛ woama kakraa no ayɛ bebree. So wɔde aseda ne anigye gye kakraabi a Onyankopɔn de ma woɔ no tomu, anaasɛ wogye wie a wowiiwii anaa? So wotumi ne wo nnamfonom kyɛ kakraa a wowɔ no? Yesu nnyɛ pɛsɛmenkomenya koraa; na mmom Onyankopɔn dɔ ahyɛ no ma. Na Ɔhyɛɛ Agya no annuoyam na ɔkyekyɛɛ Onyankopɔn nhyira no ma won nyinaa.

Asɛmpa Nwoma anan no nyinaa kaa saa nsɛnkyerɛnne yi ho asɛm soronko. Na ɛyɛ nokorɛ sɛ won a wɔne Yesu nanteeɛ no na ɛdii ɛyinom ho adanseɛ: na wohunuu sɛ mberɛ a ɔrebubu aboodo no mu no na ɛreyɛma boroso bebree, na ɛfei ɛto ntwa da. Na wɔkɔɔso kyekyɛɛ maa nnipakuo no nyinaa. Na obiara gyee dodoɔ biara a obɛtumi na ɛhia no. Ɛyi yɛ nsɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ adom. Onyankopɔn de adom ne Honhom no ma a ɛnni nsusuusoɔ koraa. Fa deɛ wopɛ nyinaa; gyedi boroso bebree a wobɛtumi. Na ma nhyira dodoɔ a wobɛtumi ama afoforo nso. Hyira nipa boroso sɛdeɛ wo nso woahyira woɔ no, na ama woabɛyɛ nhyira ama nnipa bebree.

Wɔ Kana no Yesu danee nsuo nsa', na ɛfei wɔ Golan nso no ɔde aboodoo num ne mpataa miennu maa nnipa mpem num. Na deɛ ɛyɛ wawa ne sɛ aduane no bebree kaaeɛ sene deɛ nnipakuo no diiɛ no mpo! Na dodoɔ a ɛkaa ɛkyiri no yɛ nkentɛn dumiennu. Na Yesu hyɛɛ sɛ wɔnhwɛ na baako mpo anyera. Ɛyɛ aniwuo sɛ nnɛ nnipa pii to won aduane a ɛka ɛkyiri nyinaa gu nwira mu, nanso wonim sɛ nnipa mpem mpem bebree ɛrewuwu wɔ ɔkɔm ano. Ɛno nti nnsɛe nhyira a wɔde ama woɔ no a ɛmfa wo ho koraa. Na mmom bɔ mmɔden na boaboa adom mproprowa no nso ano. Na ɛbɛma woanya bebree asene deɛ wobɛtumi akura mpo wɔ Onyankopɔn nhyira mborosoɔ mu.

Abofra no nnyɛɛ bɛyɛ den, berɛ a Yesu gyee aboodoo no firii ne nsam no, na ɛfei ohunuu sɛ aboodoo no reyɛ bebree no. Nani bueɛ wɔ awawadeɛ kɛseɛ mu. Na ne werɛ remmfiri saa nsɛnkyerɛnne yi dabiarada wɔ nabrabɔ mu.

MPAEBƆ: Yɛda wo ase Awurade Yesu, wɔ wo boasetɔ ne wo dɔ kɛseɛ mu. Fa yɛn anngye anndi nyinaa kyɛ yɛn. Kyerɛkyerɛ yɛn ma yɛn ndane mbra wo nkyen wɔ akomabubuo mu, na yɛammfa yɛn ho annto yɛn ankasa ahoɔden so, na mmom yɛde yɛn ho ato wo so daa. Yɛda wo ase wɔ Honhom mu nhyira a wode ama yɛn, ne ahoyadeɛ kakra nso a wode ahyɛ yɛn nsa. Na yɛnim sɛ wobɛhyira yɛn wɔ yɛn ahobrɛaaseɛ mu, na woaboa yɛn amma yɛnsɛe biribiara ɛyɛ woakyɛdeɛ no.

NSƐMBISA:

  1. Adeɛn ne ahintasɛm a ɛwɔ nnipa mpem num no aduane ma no mu?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on January 31, 2022, at 06:59 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)