Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 033 (Healing of the paralytic)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 2 - KANEA NO HYEREN WƆ SUM MU (Yohanne 5:1 - 11:54)
A - Nsrahywe A Ɛtɔ So Mmienu Wɔ Yerusalem (Yohanne 5:1-47) -- Nnoɔma A Esisii Wo Yesu Ne Jewfo No Ntam

1. Obubuani bi ayaresa wɔ baseda nsubura no ho (Yohanne 5:1-16)


YOHANNE 5:1-9
1 Yei akyiri no, Yudafoɔ afahyɛ duruiɛ, na Yesu kɔɔ Yerusalem. 2 Nso ɔtadeɛ bi wɔ Yerusalem nnwanten pono kɛseɛ no ho a wɔfrɛ no Hebri mu sɛ Betesda a ɛwɔ ntwonoo nnum. 3 Na yeinom mu na nnipa pii, ayarefoɔ, anifirafoɔ, mpakye ne wɔn a wɔn fa awuwuo deda (retwɛn nsuo no wosoɔ. 4 Na ɛduru berɛ bi mu a, ɔbɔfoɔ siane ba tadeɛ no mu bɛhono nsuo no, na deɛ nsuo no hono akyiri no, ɔdikan kɔ mu no, yadeɛ biara a ɔyareɛ no, na ne ho ayɛ no den.) 5 Na onipa bi wɔ hɔ a wadi mfirinhyia aduasa nwɔtwe n'ahoɔmmerɛ mu. 6 ɔno na Yesu hunuu no sɛ ɔda hɔ, na ɔtee sɛ wakyɛre hɔ no, ɔbisaa no sɛ, "Wopɛ sɛ wo ho yɛ wo den anaa?" 7 ɔyarefoɔ no buaa no sɛ, "Owura, menni onipa bi a sɛ nsuo no hono a, ɔde me kɔto tadeɛ no mu; na sɛ merekɔ a, na obi adi m'anim kan kɔ mu." 8 Yesu see no sɛ, "Sɔre, yi wo kɛtɛ, na nante" 9 Na ntɛm ara onipa no ho yɛɛ no den, na ɔyii ne kɛtɛ, na ɔnanteeɛ. Nso na da no yɛ homeda.

Yesu dii nna mmiensa wɔ Gallelia. Na ɔkɔɔ Yerusalem Apontoɔ afahyɛ. Na ɔnim sɛ gyidie ho apreapre wɔ Kuro no mu. Na one mmrakyerefo no benya ano booboodie na ɔbekɔ mmra nimfoɔ anim, ɛnti Ɔdii mmra no so pɛɛpɛ. Mprensa so a ɔkɔɔ Yerusalem asɔrefie wc afe biara mu, bere a eho hia mu (Deuteronomy 16:16).

Wɔ kuro no mfinfini no na asubora bi da hɔ, wɔ Greekfoɔ mu no abɔfoɔ bɛsra nsuo no bere ano bere ano. Herodi de ban agye nsuo no ho nyinaa ahyia. Na saa beaɛ yi din de "mmoborohunufie", a ayarefoɔ bebree bɛkyen sɛ nsuo no bɛwosow no ho. Na wɔdwene sɛ nea ɔbɛdi kan atɔ nsuo no mu bere a nsuo no bɛhinim no bɛnya ayeresa.

Yesu kɔɔ asubura yi ho bere a na ayarefoɔ bebree wɔ hɔ. Ɔhunuu abranteɛ bi woabubu nfrinhyia aduasa nwontwe, wɔ yawo mu. Nanso na saa ɔbubuafoɔ yi wɔ atɛnfoɔ bebree. Wɔ saa asubura yei ho no obiara deɛ noka ara; obiara nnhunu mmom. Nanso na ɔda so wɔ anidasoɔ, ɛnti na ɔd so rekyen sɛ ɔbɛnya ahunmmomɔro sonoko bi. Mpofirim ara Yesu yii noahunumomomorɔ adi na ɔyɛɛ sɛ ɔbɛsa abranteɛ no yadeɛ. Yesu maa no kwan sɛ ɔnka deɛ ɛha no, hwan na asu, "Obiara ndwene me ho! Mpɛn pii na meapre ayaresa, nanso m'ahoɔden saeɛ: Obiara mmɛhwewhɛ me. Ebia obɛkyɛn na nsuo no ahono na wo de me ato mu a?

Obiara ndwene me ho! ha ne wotenabea? nnipa apo wo anaa? Ɛdeɛ yɛreka akyerɛ wo sɛ Yesu gyina woanim; Ɔbisaa wo na woahunu wo. Ɔbɛtumi agye wo. Yei yɛ atenka afoforɔ nyaeɛ. Nabisabisa no de no nani too Kristo so, deɛ Ɔma nkwa no na Ɔyi ne dɔ ad nnipa nyinaa mu no.

Yesu hunuu abranteɛ yi a ɔrepɛ n'ayaresa ntɛm soɔ yi, ne gyidie kyerɛɛ no sɛ Yesu bɛtumi asa no yadeɛ, nti Ɔhyɛɛ sɛ, " Sɔre fa wontoma na nante". Yei yɛ ɔgyeɛ sonoko, a ɛtumi ma deɛ ɛnni hɔ tumi yɛ hɔ. Dodoɔ no ara gyee Yesu nsɛm no diieɛ ɛnne tumi sonoko a ɔde yɛ adwuma no nso, wɔ tee tumia na ɛnam ne nnipa dua mu ne ne nnompe a ɛma no ahoɔden bio no. Ɔnyaa ahoɔden ne n'ayaresa nso.

Mpofiri hɔ ara Ɔfiri aseɛ gyee n'ani, na ɔfaa ne kɛtɛ soaeɛ na ɔde anigyeɛ sonoko kɔɔ fie. Ne gyidie gyee Yesu anom assɛm no too mu ma no nyaa ayaresa.

MPAEBƆ: Awurade Yesu, yɛda woase, sɛ woapa saa ɔyarefoɔ yi ho akɔ, mmom woyii wo dɔ kyerɛɛ no. Ɔnni oiara gye sɛ wo nko ara Ahunu mmomɔrɔ Wura boa yɛn na yɛntumi nkora yɛnmudie mu wɔ wo mu, mmom ɛnyɛ nnipa mmoa. Ma yɛntumi nnɔ sɛdeɛ wodɔ teɛ no, na y'atumi adɔ afoforɔ nso, nnna yɛ ne wɔn wonhyira.

NSƐMBISA:

  1. Kwan bɛn so na Yesu faa so saa obubuafoɔ no yareɛ wɔ Basada asubura no ho?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on January 29, 2022, at 10:11 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)