Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 005 (The Baptist prepares the way of Christ)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 1 - ONYANKOPƆN KANEA A ƐHYEREN NO (Yohanne 1:1 - 4:54)
A - Onyankopɔn Asɛm A Ɛdaa Ɛdi Wɔ Yesu Kristo Nipasu Mu (Yohanne 1:1-18)

2. Osuboni no siesie kwan mu maa Kristo no (Yohanne 1:6-13)


YOHANNE 1:6-8
6 Onipa bi wɔ hɔ a Onyankopɔn somaa no a ne din de Yohane. 7 ɔno na ɔbaa adansedie sɛ ɔrebɛdi hann no ho adanseɛ, na nnipa nyinaa nam ne so agye adi. 8 ɛnyɛ ɔno ne hann no, na mmom ɔbaa sɛ ɔrebɛdi hann no ho adanseɛ.

Onyankopɔn somaa Yohanne Osuboni no baa wiase sum kabii yi mu sɛ ɔmbɛfrɛ nnipa nkɔ Onyankopɔn kanea a ɛrehyern no ho. Na obiara nim sɛ bɔne dodoɔ no ara no wɔyɛ no wɔ ɛsum mu. Nanso obiara a ɔpaemu ka ne mfomsoɔ kyerɛ Onyankopɔn no, na ɔsakyera wɔ akoma -mu foforoyɛ mu no, woatwam ɛfiri ɛsum mu aba hyann mu. Na wo nsoɛɛ? So woatumi aba hyann no mu anaa sɛ wodaso asie wo ho wɔ ɛsum no mu?

Osuboni no kyerɛkyerɛɛ nnipa no nyinaa sɛdeɛ won nyinaa akoma teɛ. Wɔ wone Onyankopɔn ntam nkutahodie mu, sɛ won nyinaa yɛ amumuyɛfoɔ. Na wohia adwene sakyera ne abrabɔ ngyinasoɔ papa a ɛfata nnuho na amma won annyera wɔ Awurade abufoɔ da no. Na saa adwene sakyera nsɛm yi kenyan nnipa no nyinaa na ɛmaa odwanee kɔɔ osuboni no nkyen wɔ serɛ no so. Na wɔpaemu kaa won bɔne nyinaa wɔ bɛtwa mu na ɛno nti ɔbɔɔ won nyinaa asu wɔ asuo Yordan mu, sɛ ahoteɛ ahyensodeɛ afri won bɔne mu, sɛ adwene sakyera fri won pɛsɛmenkomenya mu, akɔ nipa foforoyɛ mu wɔ nsuo mu asubɔ mu.

Onyankopɔn yii Osuoni Yohanne sii hɔ soronko, na obuee na'ni na ɔsomaa no sɛ ɔnkɔ danne nnipa akoma na ɔmma won ani mbra won ho so, na won nsesa won adwene na won nsiesie won ho mma Kristo no. Na Apam Dada no mu nkorɔfoɔ no nim nnoɔma bebree fa onipa a ɔreba wɔ Awurade din mu no ho asɛm. Ɛfirisɛ Odiyifoɔ Yesaia aka ne ho asɛm ato hɔ dada, "Sɛ nnipa a wɔte ɛsum kabii mu no hunuu kanea kɛseɛ bi; kanea ahyeren wɔ won so; wɔn a wɔte sum kabii asaase soɔ no wɔ owuo sunsunma mu no, hann kɛseɛ bi ahyeren won so" (Yesaia 9:2). Na ɔkaeɛ nso sɛ wɔ Awurade din mu, "Sɔre, hyerɛn; na wo hann aba, na Awurade animuonyam apue wo so" (Yesaia 60:1). Osuboni no dwen sɛ kanea a na ɛreba ɛsum mu no yɛ deɛ ɛfa Apam Dada no mu nkorɔfoɔ no nko ho, na mmom no na ɛyɛ obiara dea. Na Osuboni no asɛmpa no kɔɔ wiase afanan nyinaa, ɛno nti nnipa firi Asia ne nkuro nkewaa ne nkuro kɛseɛ mu ne nkuro a ɛtwa ɛhyia ho nyinaa dii na'kyi mpo wɔ ne wuo akyiri.

Nnipa mpem mpem dii na'kyi wɔ bere mpo a ɔka kyerɛɛ won sɛ ɛnnyɛ ɔno ne hyann no, na mmom no wɔsomaa no dii hyann no anim. Na woannyi onipa biara sɛ ɔnsom no. na mmom ɔdannee won nyinaa kɔɔ Kristo nkyen. Na ɛyi ne nsɛnkyerɛnne a ɛdi adanseɛ fa Onyankopɔn asomafoɔ papa biara ho, sɛ wonnkyekyere won akyidifoɔ mma won ho, na mmom wɔde won ma Kristo nkoaa.

Botaeɛ potee nti a Yohanne baeɛ wɔ ne dwumadie mu no, nnyɛ adwene sakyera ne asubɔ nko mu na mmom sɛ nnipa bɛnya Kristo no mu gyidie. Na onim sɛ nnipa wɔ ne mu awerehyem sɛ ɔbɛpaemu aka sɛ ɔno ankasa ne Kristo no. Nanso woanntɔ saa nsɔhwɛ no mu na mmom osisie Awurade kwan no. Ɛfei nso na onim sɛ Kristo a ɔreba no na ɔbɛbɔ nnipa asu wɔ Honhom Kronkron mu. Na Yohanne nim sɛ honam fam adwene sakyera kɛkɛ no rentumi nnyɛ onipa hwee, sɛ mpo ɔbɔ won asu firi won bɔne mu mpo a ɛno nko rentumi mboa won. Na mmom no onim sɛ yɛnhia ɔkra mu foforoyɛ ne nkenyan wɔ yɛn mu. Na Onyankopɔn ammfa saa tumi no ammma no sɛ ɔnsesa akoma, te sɛ tete adiyifoɔ no nso a wɔwɔ Apam Dada no mu no a wonnni saa tumi no. Na saa akwanya yi wɔde too hɔ maa deɛ ɔyɛ kanea a ɔbɔadeɛ no nko, deɛ ɔma nkwa wɔ na'sɛm mu no, ɔno na otumi ma onipa nkenyan wɔ Ne tumi mu sɛ wogye Ne din no di na wobue won akoma mu ma Ne hyann no a. Wɔ saa kwan yi mu no, Yohanne dannee nnipa dɔm no nyinaa kɔɔ Kristo mu gyidie mu, na onim sɛ gyidie nkoaa bɛtumi de won akɔ abrabɔ foforo mu.

Apollos wɔ nimdieɛ na ɔyɛ nyansapɛni, a na odi Yohanne Osuboni nkyerɛkyerɛ akyi. Na ɔkaa asɛmpa wɔ Kristo din mu wɔ bere mpo a na onyaa kanea no mu suahunu yiye wɔ Apam Foforo mu. Nanso ɔde ne ho maa Kristo no, kanea no bɔ wuraa na'koma mu ma no bɛyɛɛ kanea wɔ Kristo mu na odii ɛsum so. Na obue nnipa bebree ani (Asomafo 18:24-28).

MPAEBƆ: Oh Awurade Kristo, yɛhyɛ wo annuoyam na yɛda wo ase ɛfirisɛ wo ne wiase hyann ne mmɔborofoɔ nyinaa awerekyekye Wura. Ɛyɛ wo na wobuee yɛn sum akoma no ani, fa yɛn bɔne nyinaa si wanim na fa ne nyinaa kyɛ yɛn. Yɛda wo ase ɛfirisɛ woyɛɛ yɛn hyann mba na woama yɛn fahodie akɔ daa nkwa mu. Yɛbɔ mpaeɛ bisa wo sɛ ma wo hyann no hyeren no bi nkɔ yɛn nnamfonom ne yɛn abusuafoɔ so na ama won atumi anya adwene sakyera a ɛfiri nokorɛ mu na won anya gyidie atumi ɛwura wo kanea kɛseɛ no mu bi.

NSƐMBISA:

  1. Yohanne Osuboni no dwumadie botaeɛ potee paa ne sɛn?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on January 29, 2022, at 10:07 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)