Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 004 (The word before incarnation)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 1 - ONYANKOPƆN KANEA A ƐHYEREN NO (Yohanne 1:1 - 4:54)
A - Onyankopɔn Asɛm A Ɛdaa Ɛdi Wɔ Yesu Kristo Nipasu Mu (Yohanne 1:1-18)

1. Asɛm no dwumadie ne botaeɛ annsa na ɛbɛyɛɛ nipasu (Yohanne 1:1-5)


YOHANNE 1:5
5 Na hann no hyerɛn esum mu, na esum no anni no so.

Adeɛ biara a ɛwɔ Onyankopɔn mu no, kanea ahyɛ no ma na ɛyɛ kronkron nso. Na ɛmu da hɔ fann na ɛyɛ fɛ nso. Na Ne mu no biribiara nni hɔ a ɛyɛ ɛsum koraa. Na biribiara ho da hɔ trodoo, na ɛtene, na ɛyɛ nokorɛ, ne kronkron. Na adeɛ a ɛyɛ fi biara nntumi nngyina naim. Honhom Kronkron no yɛ Fitaa na Awurade kanea no nnhyeren wɔ ahantan mu na mmom ahobrɛaaseɛ mu. Na ɛma awerekyekyerɛ ne ayaresa.

Kristo kanea no hyeren no nnhyeren wɔ soro nko. Na mmom ɛbɔ wura ɛsum mu na ɛde ɔgyeɛ aba. Ɛyɛ adom wawasoɔ na ama nnɛ Kristo ahyeren wɔ yɛn sum kabii mu. Na ɔmpoo obiara a woayera no da, na mmom ɔgye won na woabue won ani.

Ɛsɛ sɛ yɛhunu sɛ wiase yi mu yɛ sum kabii na ɛkotia wiase hyann no nso. Na yɛnim ɔkwan a ɛfaa so maa ɛsum baa wiase yi mu. Ɔsɛmpakani Yohanne annkyerɛ yɛn saa ahintasɛm yi mu. Ɛfirisɛ ɔpɛɛsɛ ɔma yɛhunu kanea no yiye na mmom no nnyɛ ɛsum no mu nsɛm. Ɛsum duruu abɔdeɛ ne nnipa nyinaa na ama wiase nyinaa akɔtɔ ɔsɛeɛfoɔ no nsam.

Ɛyɛ bi a wobɛbisa sɛ: Sɛ ampa sɛ Kristo bɔɔ wiase wɔ ahotɔsoɔ mu wɔ Onyankopɔn mu ne adeɛ a ɛyɛ papa mu a, adɛn nti na ɛsum tumi bɔɔ wuraa wiase yi mu? Onyankopɔn bɔɔ onipa sɛ ne sɛso, na a dɛn nti na na'nnuoyam abɔ yɛn nnɛ?

Yohanne ammfa ɔbonsam din amfrɛ no, saa ɔbonsam no a ɔyɛɛ asoɔden tiaa Awurade na oyi ne ho firii ne hyann no mu no. Na da biara ɔkotia Kristo no. Ɛno nti oyeraa ne kanea a wɔde maa no no. Ɔbonsan yɛɛ ahantan na ɔpɛɛsɛ ɔkwati Onyankopɔn na ɔyɛ kɛseɛ. Na ɔpɛɛsɛ ɔma ne ho na ɔkoron sene Onyankopɔn na odi no so nkunim. Na ɛno mu na ɔbɛyɛɛ ɛsum nyinaa wura.

Onua barima, woabrabɔ botaeɛ ne sɛn? So worehwehwɛ sɛ wobɛyɛ kɛseɛ, na wogye din anaa na woanya wo ho a Onyankopɔn nnka ho anaa? Sɛ saa na ɛteɛ deɛ a, ɛdeɛ na woka won a wɔwɔ ɛsum mu no ho. Te sɛ ɔbɔnefoɔ no. Ɛfirisɛ na ɛnnyɛ ɔno nkoaa, na mmom no ɔtwee nnipa mpemmpem kɔɔ ne sum no mu bi. Hwɛ nnipa a wosane won ho wɔ mmonten so no anim. So wotumi hunu kanea anaa ɛsum wɔ won anim anaa? so won akoma kyerɛ sɛ wɔwɔ anigyie wɔ Onyankopɔn mu anaa sɛ ɔbonsam mu awerehow die?

Ɔbɔnefoɔ no tanne Onyankopɔn ɛfirisɛ ne kanea kronkron no bu no atɛn. Na ɔmpɛ sɛ kanea no bɛpa ne'tirimɔɔden no ho ntɔma. Na ɛfei ɔde ne ho ohinta na ɔkata ne ho, na ɔbɔ mmɔden sɛ anka obɛtumi ɛdi Kristo ne na'kyidifoɔ a wodi Ne'kanea no akyi nyinaa so nkunim. Na saa omumuyɛfoɔ yi nntumi ngyina Awurade kanea no anim na ɛyɛ no akyiwadeɛ. Na ɔbɔɔ mmɔden kataa nanim sɛdeɛ ɛbɛyɛ na obɛsi kanea no kwan. Na deɛ ɛyɛ hu ne sɛ nnipa mpem mpem bebree nntumi nnhunu Kristo kanea a ɛhyeren anadwo wɔ won bɔne so no. Na yɛnim sɛdeɛ ɛwia teɛ. Na ɛnnhia nkyerɛkyerɛmu biara. Ɛno ankasa wɔ hɔ, na ɛhyeren, na ɛpae, na ɛyɛ hye nso. Na abofra mpo nim sɛ ɛyɛ nkwa farebae.

Nanso nnipa dodoɔ no ara nntumi nhunu Kristo tumi ne na'nnuoyam no, Ɛfirisɛ wɔmmpɛ sɛ wɔbɛhyɛ aseɛ. Na nkontompo ne ndaadaa ɛfira won ani sɛ nkataanim a ɛmu yɛ duru, ɛno nti wɔpo Kristo Onyanmesu ho asɛmpa no. Na ɛfei nso, wɔmmpɛ sɛ wobɛhunu sɛ wɔyɛ adebɔneyɛfoɔ nso. Na wɔmmpɛ sɛ wɔbɛba kanea no ho na mmom ɛsum no mu tena yɛ won de mmom. Na wontumi mmpa won ho akyi na ɛfei nso won mmpaemu nnka won bɔne nso. Na ahantan ne ahomasoɔ ahyɛ won ma. Wɔyɛ ani firaeɛfoɔ wɔ Kristo adom kanea no mu. Na ɛsum ne kanea no di ɛsie na ɛko tia no. nanso kanea no de ɔdɔ di no so nkunim. Ɛno nti hwan ne wo? Kanea a wofiri Awurade anaa ɛsum a wofiri Ɔbɔnefoɔ no?

MPAEBƆ: Oh Awurade wone wiase hyann. Yɛbɛdi woakyi wɔ gyidie ne wɔ dɔ mu. Yɛrennante wɔ ɛsum mu, na mmom yɛagye wo nkwa hyann no atomu. Yɛda woase ɛfirisɛ woanngye yɛn mu sɛ yɛnsɛe, wɔ Onyankopɔn abufuwhyeɛ sum no mu, na mmom woafrɛ yɛn aba wo hyann no mu. Na woabue nnipa mpem mpem a na wonnim wo no aniwa. Hu yɛn mmɔmmɔ na fa wo hyann no ma yɛn daa, o deɛ obue aniwa!

NSƐMBISA:

  1. Nsonsonoeɛ bɛn na ɛda kanea ne ɛsum ntam wɔ honhom wiase mu wɔ asɛm no nsusuiɛ mu?

ɔman a na wɔnam sum mu no, ahunu hyann kɛseɛ,
wɔn a na wɔte sum kabii asase soɔ no,
hyann ahyerɛn wɔn so.
(Yesaia 9:2)

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on January 29, 2022, at 10:07 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)