Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- Tracts -- Tract 04 (Peace to You!)
This page in: -- Armenian -- Baoule -- Burmese -- Chinese -- Dagbani? -- Dioula -- English -- French -- German? -- Greek -- Hausa -- Hebrew -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Japanese -- Korean -- Lingala -- Maranao -- Nepali? -- Peul? -- Somali -- Spanish -- Sundanese -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Uzbek -- Yoruba

Previous Tract -- Next Tract

TRACTS - Short biblical messages for distribution

TRACT 04 -- Asomdwee nka wo!


Yɛte amanneɛ ne ɔhaw mbre mu; ɛtuo a ɛhye aman; ɔko ne akosɛm wɔ amanaman bebree mu; ndurobɔne fra a wode seɛ aman; asetrasɛm ayɛden; ɔkɔm ne ahokyere ne osuro redi hene ndɛ. na asomdwee ho anidasoɔ afiri kɔ.

Na Kristo Yesu boo yɛn kɔkɔ wo saa neoma nyinaa ho. "Na mobɛte ɔko ne akosɛm. Monhwɛ na mo akoma antu, ɛfiri sɛ ɛtwa sɛ ɛba,nanso na awieeɛ no nnya nnurui …" (Mateo 24:6).

Wo Adiyisɛm nhoma no mu no; yɛ kaanee wo mu sɛ; hwɛ na woyii asomdwee frii asase so(Adiyisɛm 6:4). Na mfeɛ 2,700 atwam ni; Onyankopɔn nam ne diyifo Yesaia so kaa s: "Asomdwoeɛ nni hɔ mma abɔnefoɔ, AWURADE na ɔse" (Yesaia 48:22; 57:21).


Hwan ne nbɔnefo no?

Nnipa bebree susu sɛ wo tene, anaa wodi mu sene afoforofo; ɛfisɛ wotwen sɛ wondi bɔne bi. wo kwan bi so no; obi bɛtumi akɔ nkan asene obi; wɔ sukuul kɔ mu anaa yiyedie mu, asene nnipa pii a atwa neho ahyia. Nnipa bi nso twen sɛ wɔn papayɛ bɛtumi akata won bɔne so; ama won anya Ewurade anim adom wɔ attemmuda mu. Nanso ɛyɛ okwa; ɛfisɛ onipa ntumi mfa ne ndwuma ntoto Onyankopɔn trenee ho; ɛfisɛ onipa tɔ sinn koraa wo Onyankopɔn anim; Obiara a ɔde ne ho toto Onyankopɔn trenee, ne, ne krɔnkrɔnyɛ ho no; bɛhyease wo ahantan ne ahomasoɔ mu. hwan na wode wo ho to no?

Dodoo no ara na wobubu Onyankopɔn mmra na wondi so wo yɛmbre yi mu; nnipa ndwuma nyinaa ayɛ bɔne.

"Na AWURADE hunuu sɛ nnipa bɔne dɔɔso pii wɔ asase so, na wɔn akoma mu nsusuiɛ nyinaa yɛ bɔne nko daa nyinaa" (Genesis 6:5).

Na odiyifo David nso s: "Wɔn nyinaa amane, wɔn nyinaa aporɔ, obi nni hɔ a ɔyɛ papa, ɔbaako mpo nni hɔ" (Nwom 14:3; Romanfo 3:10-12).

Ndɛ; nnipa pii di bɔne wo batwam a won ani nwu ho; na wɔn mfre nso; na atwen sahyera biara nso nni hɔ ma wɔn. na wiase yi ayɛ te sɛ Sodom ne Gomorrah na yɛwom. Yɛgye bɔne tum. nso yɛnim pɛfeei sɛ Onyankopɔn abufuw bɛba adebɔneyɛfo nyinaa so.Nanso ɔma adom bebree mmom. Enti na atwerɛ no se: "Onyankopɔn si ahantanfoɔ kwan, na ɔdom ahobrɛasefoɔ." ( Yakobo 4:6)


Asomdwee fi Onyankopɔn na ɛba

Onyankopɔn mmɔbrohunufoɔ no; yi ahintasɛm kyerɛɛ Odiyifo Yesaia sɛ; wo bɛwo akokoa wawaso bi ama yɛn. Na ɔbɛyɛ ofutufo wawaso ne asomdwee hene. na nahendie to retwa da (Yesaia 9:6-7). Na bre a wɔwoo Yesu; Mary ba; no wɔ Bethlehem no; Abɔfo too nwom dii ahurusi. "Animuonyam wɔ sorosoro ma Onyankopɔn, na asomdwoeɛ wɔ asase so, nnipa a wɔsɔ n'ani mu!" (Luka 2:14)

Adom kɛse yi nyinaa mu no; nnipa kakeraa na ɛtumi agyae wonho mu ahyɛ Onyankopɔn asomdwee adom no mu; nanso Onyankopɔn daa daa asomdwee no tena obiara a ɔgye ne bɔhyɛ no na ɔgye no di so. Na Yesu Kristo sɔree firii awufoɔ mu no; oyii neho adi kyerɛɛ nasuafoɔ no; na ɔka kyerɛɛ wɔn s: "Asomdwee nka mo." (Johanne 20:19; 21;26)

Na Yesu Mary ba no; kaa saa de yii ne daa asomdwee a ɛnni ewieɛ no kyerɛɛ wɔn; na ɔbɔɔ won atraseɛ wɔ ne daa asomdwee apam wɔ ne mogya a ohwei gui no mu sɛneɛ odiyifoɔ no aka ato hɔ no: "Ampa, yɛn nyarewa no, ɔno na wafa,na yɛn ayayadeɛ nso, wasoa; na yɛn deɛ, yɛbuu no sɛ deɛ wɔahwe no, deɛ Onyankopɔn aka no de no ahyɛ amaneɛ mu.Na ɔno deɛ, yɛn mmarato nti nawɔpiraa no, yɛn amumuyɛ nti na wɔdwerɛɛ no;yɛn asomdwoeɛ ho asotwe daa ne so,na ne mmaa ntampeɛ na wɔde asa yɛn yadeɛ.Yɛn nyinaa wowɔɔ ntwɛtwɛdɛ sɛ nnwan, yɛdanedanee fefaa yɛn akwan so,na AWURADE maa yɛn nyinaa amumuyɛ kɔhwee ne so." (Yesaia 53:4-6)

Kristo nam ne wu yaw no mu; yɛɛ ntamgyinafo maa yɛn wɔ Onyankopɔn anim; tɔɔ yɛn aboɔden wo ne mmogya mu; maa yɛyaa Onyankopɔn anim adom ne asomdwee.

Yesu; Mary ba no; nnhyɛ obiara so sɛ ongye nasomdwee no; na mmom ɔkyerɛ wo kwan fa nasomdwee nsɛm no mu; na sɛ wogyedi, na wofiri wakomu gyetum a; na wama wo kwan aba nayeyie ne aseda mmoro no


Gye Asomdwee No

Kristo hyɛɛ nakyidifoɔ nyinaa nkuran s: "Asomdwoeɛ na mede megya mo, m'asomdwoeɛ na mede mema mo; ɛnyɛ sɛdeɛ wiase ma na mema mo. Mommma mo akoma nntutu, nso mommma no mmbɔ tu" (Johanne 14:27).

Asomdwee hene no de nasomdwee no maa yɛn; nea ɛwo ɔnoa ne mu no, na ɔde maa nakyidifoɔ nyinaa; wɔn a wɔgye ne nsɛm di nyinaa. Na ‘’obiara a nsomdwee’’ honhom no ba no so no; ‘’danne asomdwee’’ ba no bi. ɔsomfo Paulo kaa saa ahintasɛm yi ho nsɛm nso s: "Afei ɛfiri gyidie mu na wɔabu yɛn bem nti, yɛnam yɛn Awurade Yesu Kristo so wɔ Nyankopɔn fam asomdwoe" (Romanfo 5:1).

Nnipa pii a wɔhwehwɛɛ Ewurade na wɔgye no di no; anya asomdwe honhom a ɛredi hene wo wɔn akoma mu daa. Ɔdɔfo; yɛhyɛ wo nkuran sɛ; daa nyinaa wone Onyankopɔn bɛdi nkutaho wɔ oguammaa Kristo Yesu din mu; ɔno a ɔde ne kra too hɔ; bɔɔ asomdwee ho afore sɛ obiara a ɔgye no di no anya bɔhyɛ no bi.

Na ɔno; asomdwee honhom no na odi hene wɔ yɛn mu; na ɔtew yɛn akoma ne yatwen mu; na wahohoro yɛn ho afi ɛfi; atoro; ne nkekaɛ nyinaa mu. Na wama yɛn akokoduro wɔ Kristo Yesu wuo; ne ne sɔre mu; ɛno nti; yɛya bɔne fakyɛ prɛkopɛ. ɛsane sɛ wama ne honhom abɛtena yɛn mu nti; wama yɛya Onyankopɔn anim adom ne; ne daa asomdwee a ɛnni ɛwieɛ wo nemu.


Nyira ne wɔn a wopre Asomdwee

Na honhom krɔnkrɔn aba wɔ Kristo Yesu mu no ne; ɔdɔ kann; anigye; daa asomdwee; boasetɔ ne ɔtwenn; papayɛ; nokwaredie ne ɔdwo; ne ahohyɛsoɔ ( Galatifo 5:22-23). ɔdɔfo; wokra repre hwehwe honhom no aba yi bi anaa? Abrabɔ pa a ɛsɔ ani na ɛhotew ne sɛ onipa bɛpre bɛhwehwe honhom no aba no bi; na atena ne mu.

Ɔdɔfo; Asomdwee Onyankopɔn pɛ sɛ ɔsesa wo; na ɔfa wo; de wo yɛ asomdwee nkwa suti ma nnipa bebree a atwa wo ho ahia nyinaa. ɛfisɛ nea asomdwee honhom te ne mu; na ayɛ no ma no; nso ma afoforo bebree nya asomdwee. saa ara nso na; nea onim sɛ wɔde ne bɔne nyinaa akyɛ no kwa no; bɛtumi de obiara a ɔfom no; nso mfomsoɔ akyɛ no bi.Kristo Yesu ayɛ kradɔ sɛ obehwiee nasomdwee agu wo fie; wo sukuul; ne wadwuma mu. Da biara da no; ɔdɔfo; mammma wohoso; menhwe wo nkoaa wodeɛ nko; fa woho si hɔ ma Ewurade adwuma; na brɛ woho ase sɛnea Kristo; Mary ba no; brɛɛ neho ase wɔ yɛn mu no.

Kristo som abɔnefo ne atreneefo nyinaa. saa na ɛsɛ nea odi nakyi biara tiatia nanamɔn mu; na ɔyɛ akoa ɛde som obiara.Sɛnea ɔsomafo Paulo kaa Ewurade mu nhyira wɔ ɔsompa mu s: "Na Nyankopɔn asomdwoeɛ a ɛtra nteaseɛ nyinaa soɔ no bɛhwɛ mo akoma ne mo adwene Kristo Yesu mu." (Filipo 4:7)


Wo pɛ se, wo ne Onyankopɔn Asomdwee tra?

ɔdɔfo sɛ wo kyerew yɛn krataa anaa nwoma a; yɛbɛ brewo asɛmpa no nwoma na yakae wo wɔ mpaeɛbɔ mu nso. na ɛbetumi aboa wo ma watintim wɔ Onyankopɔn asomdwee mu.


Ka Onyankopɔn Asomdwee ho asɛmpa wɔ wo mpɔtam

Kristo Yesu kaa nsɛm yi de sɔɔ ne nkyerɛkyerɛ nyinaa ano: "De hyɛɛ yɛn nkuran. Yeinom na maka mo, na moanya me mu asomdweeɛ. Mo ho bɛhiahia mo wiase deɛ, nanso momma mo bo ntɔ mo yam! Madi wiase so nkonim." (Yohanne 16:33)

Ɔdɔfo; sɛ nhoma yi mu nsɛm ayɛ nhyira ama wo a; na wɔpɛ sɛ wobɛya bi na wakyekye ama anuanom; ndemfoɔ; ɛne afoforo nso a wonya nhui Onyankopɔn asomdwee no a; yabɛtumi abrewo bebree na wakyekye ama afoforofo a wonhui Onyankopɔn asomdwee no; na wɔhwehwɛ.

WATERS OF LIFE (NKWA NSUO)
P.O. BOX 60 05 13
70305 STUTTGART
GERMANY

Internet: www.waters-of-life.net
Internet: www.waters-of-life.org
e-mail: info@waters-of-life.net

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on March 28, 2020, at 07:34 PM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)