Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":

Home -- Twi -- John - 087 (The Holy Trinity descends on believers)

This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 3 - KANEA NO HYERENEE WƆ ASOMAFOƆ NO ABRABƆ MU (Yohanne 11:55 - 17:26)
C - Nkradie A Ɔde Maa Won Wɔ Abansoro No So (Yohanne 14:1-31)

2. Honhom Kronkron no sane baa agyidifoɔ so a ɔyɛ awerɛkyekyefoɔ (Yohanne 14:12–25)


YOHANNE 14:15
15 Sɛ modɔ me a, monni m'ahyɛdeɛ so.

Nea ɔmmɔ asɛmpa no ho dawuro no nnim Kristo fahodie no. Ɛfiri sɛ asɛmpakadwuma no da Kristo ase wɔ ne nkunimdie wɔ asɛnnua no so. Sɛ wohunhu sɛ mpaebɔ ne Kristo ho adansedie nnso aba a, ɛndeɛ na sɔ ho hwɛ sɛ wote Kristo dɔ mu anaa wo bɔne asi saa nhyira yi ho kan. Sɛ wohunu no saa a, ka wobɔne kyerɛ Yesu na nhyira dodoɔ no annfiri wo nkyɛn annkɔ. Yɛn Awurade ama yɛn mmra sonoko: Sɛ, Yɛnnɔ y'antanfoɔ, na yɛn wɛn mmɔ mpae daa na y'annkɔ nsɔhwɛ mu. Na yɛnni mu sɛdeɛ Agya no di mu no. Afei mommra me nkyɛn mo a mosaoa mo nnesoa abrɛ na mɛma mo ahome. Saa mfantoho yi yɛ nsɔhwɛ ne boɔ yɛ den; Sɛ momnnɔ mohomoho sɛdeɛ madɔ mo no. Ɛfiri sɛ n'antanbuo mu nnyɛ nnduru, mmom ɛboa asetena mu gyidie ne ɔdɔ nngyinasoɔ.

Obiara ara a ɔte Kristo nka sonoko no nntumi nntena ase mma ne ho, na mmom Ɔbɛsom Agyenkwa no daa.

YOHANNE 14:16-17
16 Na me deɛ, mɛbisa Agya no, na wama mo Okyigyinafoɔ foforɔ, na ɔne mo abɛtena daa, 17 nokorɛ Honhom a wiase ntumi nnye no no, ɛfiri sɛ ɛnhu no, nanso ɛnnim no; na mo deɛ, monim no, ɛfiri sɛ ɔte mo nkyɛn, na ɔbɛtena mo mu.

Obiara a ɔne Yesu nante wɔ berɛ a ɔpɛ mu no di nguguo, ne saa nti, Yesu ama N'agya de ɔtamgyinafoɔ a ɔne Honhom Kronkron no ama yɛn. Na dwumadie yɛ bebree. Ɔno ne nokorɛ Honhom a ɔkyerɛ yɛn yɛn bɔne nyinaa. Na ɔsan kyrɛkyerɛ yɛn sɛ, Yesu ne Onyankopɔn ba korɔ a ɔnam ne wuo so de yɛn bɔne nyinaa akyɛ yɛn. Na ɔnam adom so te yɛn ho wɔ Onyankopɔn anim. Saa nhyira Honhom yi ma yɛnya awofoforɔ wɔ Kristo mu. Na ɔbue yɛn ano ma yɛtumi frɛ yɛn Agya a ɔwɔ soro no. Na yɛnam saa Honhom Kronkron yi so ma yɛte nka sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma ampa. Ne korakora no, Ɔbɔ yɛn ho ban firi ɔbonsam ne ne nnaannaa nyinaa mu, kyerɛ yɛn sɛ yɛnnkwagyeɛ asi pi. Nnipa ntumi nni mu ne nsɔwhɛ mu sɛ ɔnni saa ɔtamgyinafoɔ a ɔno ne Honhom Kronkrona Yesu de no abrɛ yɛn no.

Honhom Kronkron no yɛ tumi kɛseɛ a ɛwɔ hɔ, na ɛmma obiara so kɛkɛ na mmom dodoɔ a wɔgye Awurade Yesu die no na ɛnya saa Honhom Kronkron yi. Deɛ ɔnnɔ Kristo na ɔnngye no nndie no nni saa Honhom yi wɔ ne mu. Na deɛ ɔdɔ Kristo nkwagyeɛ no wɔ anigyeɛ sonoko. Na sɛ Honhom Kronkron no te yɛn mu a, yɛhunu Onyankopɔn tumi mpo wɔ yɛn mmerɛwyɛ mu. Ɛnti, Yesu hyɛ wo bɔ sɛ saa ɔtamgyinafoɔ yi rempo wo wɔ atanmmuo mu ɛfiri sɛ ɔyɛ daa nkwa.

YOHANNE 14:18-20
18 Merennya mo nnyanka, mɛba mo nkyɛn. 19 Aka kakra na wiase nhu me bio; na mo deɛ, mohume, ɛfiri sɛ mete ase, na mo nso mobɛtena ase. 20 Da no ara mobɛhunu sɛ mewɔ m'Agya no mu, na mowɔ me mu, na mewɔ mo mu.

Afei deɛ ɔrebɛyi Yesu ama no kɔeɛ no, Yesu kakyerɛɛ wɔn sɛ, ɛberɛ aso sɛ ɔgya wɔn hɔ na obiara ntumi nni akyi. Nanso ɔkakyerɛɛ wɔn sɛ ɔbɛsan aba wɔn kyɛn bio wɔ nnipa fam. Na ɔnim sɛdeɛ wɔsuro fa, nanso na ne nsɛm no wɔ nkyeraseɛ mmienu. Deɛ ɛdi kan no yɛ HonhomKronkron no ba a ɛbɛba no ɛfiri Kristo no ara yɛ Honhom. Mmienu yɛ ne baeɛ a ɛtɔ so mmienu awieɛ mmerɛ mu. Ne saa nti na ɛsɛ sɛ ɔsan kɔ N'agya nkyɛn. Ɛfiri sɛ sɛ woankɔ a anka Honhom Krokron no ntumi mma yɛn so

Saa Honhom yi na ɔbue ani ne akomu. Ɛwom sɛ Yesu anwdo N'ahome wɔ adaka mona mu sɛdeɛ ɛbinom yɛɛeɛ no nanso ɛnnɛ yi ɔte ase na Ɔwɔ Agya no ninfa so a ɔredi ma yɛn. Na ne nkwa ne yɛnnkwagyeɛ farebae. Ɛfiri sɛ, woadi owuo so nkunim, na woam yɛn daa nkwa a sɛdeɛ yɛn nso bɛdi owuo nkunim wɔ gyidie mu na Y'atumi atena Kristo tenenee mu. Na yɛn gyidie ma yɛn anidasoɔ sonoko.

Saa ɔkyigyinafoɔ yi yɛ Honhom Kronkron a ɛfiri Onyankopɔn nkyɛn abɛtena yɛn mu a ɛrekyerɛkyerɛ yɛn sɛ, Ɔba no wɔ Agya no muna Agya no nso wɔ Ɔba no mu na wɔyɛ baako. Saa nimdeɛ yi a ɛfa Honhomyi ho nnte sɛ deɛ woresua nkontaabuo, na mmom ɛbɛyɛ Onyame su wɔ ɔgyidi ni biara mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛtumi ayɛ pɛ Onyankopɔn mu sɛdeɛ Yesu nso teɛ no.

Yesu anka sɛ ɔpɛ sɛ ɔbɛtena wo mu baako baako, "mmom mu nyinaa mu". Ɔkristoni a ɔde ne ho ntumi nnyɛ Honhom no asɔredan; ɛfiri sɛ ɔbɛyɛ te sɛ ɛboɔ a ɛsi abansoro so. Nans agyidfoɔ nyinaa bɛnya saa Honhom yi. Saa bɔhyɛ yiwɔ hɔ ma obiara. "Me wɔ wo mu na me nso me wɔ wo mu". Yesu yi ne ho adi wɔ ahoteefoɔ nhyiamu ase. Na wonim sɛ Yesu maa saa bɔhyɛ yi wɔ nhyehyɛeɛ mu. Sɛ "Dɔ wo yɔnko sɛdeɛ me nso madɔ mo no." Ɛfiri sɛ ɛnyɛ me nkoa ara na me wɔ Kristo no na mmom yɛn nyinaa bɛhyɛ ma wɔ Oyankopɔn mu.

MPAEBƆ: Yɛkoto wo Oyankopɔn Adwamaa, wowuo mu na yɛanya daa nkwa. Fa kyɛ yɛn sɛ yɛnni gyide, ne yɛn bɔne, akwansideɛ biiara amma yɛne wo ntam. Ma yɛnhu wo wɔ yɛn sɔhwɛ nyinaa mu, na ywani aba yɛn ho so. Yɛda wo ase sɛ ɔkyigyinafoɔ no aba, nokorɛ Honhom a ɛbɛka yɛn abɔ mu daa.

NSƐMBISA:

  1. Abodin ahorroɔ bɛn na Yesu ka faa Honhom Kronkron no ho?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 03, 2022, at 08:33 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)