Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 068 (Our security in the union of Father and Son)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 2 - KANEA NO HYEREN WƆ SUM MU (Yohanne 5:1 - 11:54)
C - Yesu Akwantuo A Ɛtwatoɔ A Ɔkɔɔ Yerusalem (Yohanne 7:1 - 11:54) Ɛsum No Firii Hyan No Mu Kɔɔeɛ
3. Yesu yɛ Odwanhwefoɔpa (Yohanne 10:1–39)

d) Yɛn banbɔ wɔ Agya no ne Ɔba ayɔnkofa nkabom mu (Yohanne 10:22-30)


YOHANNE 10:22-26
22 Na Asɔrefiedwira afahyɛ adu wɔ Yerusalem, na awɔ berɛ aba. 23 Na Yesu nenam asɔrefie Salomo abrannaa so. 24 ɛnna Yudafoɔ bɛtwaa ne ho hyiaeɛ, na wɔsee no sɛ, "Wobɛma yɛatwɛn akɔsi da bɛn? Sɛ wone Kristo no a, pae mu ka kyerɛ yɛn pefee?" 25 Yesu buaa wɔn sɛ, "Maka makyerɛ mo, na monnye nni; nnwuma a meyɛ no m'agya din mu no, ɛno na ɛdi me ho adanseɛ. 26 Na mo deɛ, monnye nni; ɛfiri sɛ momfiri me ndwan no mu."

Asɔrefiedwira afahyɛ no yɛ mberɛ a ɛyɛ anigyie mberɛ ma won paa, na saa mberɛ no yɛ nkaeɛ da ma won wɔ asɔredan no nsiesiemu wɔ berɛ a wofrii nkoasom mu baaeɛ frii Babylon wɔ afeɛ 515 BC mu no. Na ɛyɛ Makabitefoɔ na ɛsii asɔredan no wɔ afeɛ 165 BC mu. Na wɔdi saa afahyɛ no wɔ bosome ɔpɛninbaa nawotwe a ɛdikan mu, a ɛyɛ ɛwɔ mberɛ ne osutɔ mberɛ mu, ɛfirisɛ Yerusalem da kokoɔso a awɔ no anoden duru 750 wɔ nsusuiɛ mu.

Wɔ saa afahyɛ yi mu no, Yesu a, wɔtaa No no, baa asɔredan no mu bio, na ɔkaa asɛmpa wɔ Solomon abrannaa no so, wɔ bea a ahohoɔ no bɛtumi atie Ne nsɛm no. Na saa abrannaa a ɛda ɛpue fam no wɔbɔɔ din bio wɔ Asomafo 3:11 ne 5:12 no mu.

Na ɛyi mu no, Jewfoɔ no yɛɛ won adwene sɛ wɔbɛko atia Yesu. Na wɔhyɛ no sɛ ɔnka nkyerɛ won pɛfee wɔ bɛdwa mu sɛ Ɔno ne Mesaia no anaasɛ ɛnnyɛ ɔnoa. Na obuaa won wɔ kasakoa mu a obiara nntumi anya ɛmu nteaseɛ sɛ Mesaia no bɛkasa saa. Na deɛ wɔhwehwɛɛ sɛ wobɛhunu wɔ ne ho no amba no saa nti ɛtoo won sintidua. Nanso ɛbinom nso gye diiɛ sɛ Yesu ne Mesaia no ankasa, ɛfirisɛ Ne nipasu, ne Ne tumideyɛ, ne Ne ndwuma nyinaa yɛ awawadeɛ.

Na wɔmaa no yɛɛ sɛ Kristo de basabasayɛ reba won mu ate Kristofoɔ kuo wɔ baabiaa. Na ne nyinaa mu no, na afahyɛ no yɛ nkaeɛ adeɛ ma Makabitefoɔ no nkɔsoɔ. Na wɔdwene sɛ ɔbɛpre sɛ ɔbɛyɛ Ɔhene wɔ saa asaase no so, na ɔde saa botaeɛ no ahyɛ ne manfoɔ no mu. Ɛno nti wɔyɛɛ krado sɛ wobɛdi nakyi akɔ ɔko ayi ahohora ne animguase ne nhyɛsoɔ a ɛda won so no ɛfri won so. Nanso na Yesu botaeɛ yɛ sonronko: na mmom ɔhwehwɛ ahobrɛaaseɛ, ɔdɔ, ne adwene sakyera ɛfri won nkyen. Na woanka ankyerɛ Jewfoɔ no sɛ ɔno ne Mesaia no, na saa ara na ɔyɛɛ Samariani ɔbaa no. Na ɛfei ɔkaa Ne nyamesu annuoyam ho asɛm kyerɛɛ ɔbarima a wɔwoo no anifuraeɛ mu no. Na Jewfoɔ no hwɛɛ kwan sɛ wobɛhunu Mesaia a amanyɔsɛm wɔ ne mu na ɔde won bɛkɔ ɔko; Nanso na Yesu deɛ ɔyɛ Honhom mu ɔgyefoɔ, ne oyemhyehyefoɔ. Na nnipa no hwɛɛ tumidie kwan, ahotɔ ne annuoyam. Na Yesu baaeɛ bɛhwehwɛɛ onipa ahopaa- akyi, adwenesakyera ne nkenyan foforoyɛ. Na ɔkaa Ne kɛseɛyɛ kyerɛɛ won, nanso won anntumi annte no aseɛ, ɛfirisɛ deɛ wɔde won ani sii soɔ sɛ wɔrehwehwɛ ɛfri Yesu nkyen no na ɛnnte saa. Won adwene nnduruu ho, na ɛfei nso wonni gyidie wɔ won akoma mu. Na won ambue won akoma mu ammma Yesu Honhom no. Nanso ɔyɛɛ N'wawadeɛ no nyinaa wɔ N'Agya no din mu, na osoo ne mu maa no nkunimdie.

Na Jewfoɔ no pree sɛ wɔbɛte nkutahodie pa a ɛda Ɔba no ne N'Agya no ntam sɛ won man no fapem. Na wɔhwehwɛɛ basabasayɛ ne atutrasɛmdie, ne sika ne tumideɛ, bɛsi nnɛ.

YOHANNE 10:27-28
27 "Me nnwan tie me nne, na me nso menim wɔn, na wɔdi m'akyi; 28 na mema wɔn daa nkwa, na wɔrenyera, na obi renhwim wɔn mfiri me nsam da."

Yesu yɛ Onyankopɔn Adwammaa a ɔbrɛ ne ho ase; na ɔfrɛ nakyidifoɔ nyinaa sɛ ndwan, won a won suban adone ayɛ te sɛ Ɔno ara no. Na deɛ ɛyɛ ahyɛnsodeɛ ma won ne sɛ wɔyɛ osetie, ɛfirisɛ Honhom Kronkron no bue won adwene ne won akoma mu, na ama Yesu nne ne napɛdeɛ ɛtumi ɛwura won kra mu, na adane won abɛyɛ abɔdeɛ foforo. Na ɔpɛpa a wɔde tie no ne deɛ ɛdikan a wɔde bɛyɛ asuafoɔ.

Kristo nim dodoɔ a wotie nasɛm na wɔde yɛ adwuma nyinaa; na ɔdɔ won, na onim won ahintasɛm nyinaa, na onim kwan a ɔde won bɛfa soɔ ama won asɛ afa No. Kristofoɔ a wodimu' nyinaa mmbɔ won bra a botaeɛ biara nni mu. Na ɔsoro nim won nyinaa na woatwerɛ won din wɔ soro. Na won mu biara abrabɔ yɛ nsɛnkyerɛnne daa, na wɔyɛ Onyankopɔn abɔdeɛ foforo.

Yesu ne Odwanhwɛfoɔpa no; na Ne ndwan nyinaa nim ne nne, na ɛfei wɔde anigyie di nakyi na wɔbrɛ won ho ase ma Ne mpanindie kandie. Na won kɔn dɔ sɛ wɔde won Odwanhwɛfoɔ no apɛdeɛ nyinaa bɛyɛ adwuma. Na adwene bɔne ne nsusuiɛ hunu biara nni won akoma mu; na mmom wɔyɛ ndwan a wɔbrɛ won ho ase.

Saa nsesaeɛ yi daa ɛdi wɔ won mu ɛfirisɛ Kristo ayɛ won mu adwuma. Na ɔmaa won Onyankopɔn dɔ, ne tumi a wɔde bɛdi bɔne ne owuo so. Na wɔrennwu na mmom wobɛnya nkwa daa, ɛfirisɛ wɔwɔ Ne nkwa no bi, a ɛyɛ akyɛdeɛ wɔ won mu. Na ɛyi ama won ade won ho koraa ɛfri atɛnbuo mu, ne owuo a ɛnni ɛwieɛ mu; ɛfirisɛ Yesu mogya no abu won bem koraa.

Na ndwan a Kristo de Ne mogya atɔ won no mu biara rennyera ara da. Ɛfirisɛ Ogyaa n'annuoyam wɔ soro hɔ na osanee bɛwu maa nnipa, na ɔbɔɔ afɔreɛ de maa yɛn daa nkwa. Na ɔhyɛɛ won bɔ sɛ ɔrenngyae won dabiarada. So wowɔ awerɛhyem wɔ w'Awurade no mu? Na woafa Kristo ahoɔden no ne Ne tumi no anaa? So wobɛtena wiase yi ne ne bɔne nyinaa mu na woayera, anaasɛ wobɛde wo ho wɔ Onyankopɔn abagyeɛ tumi a ɛwɔ Kristo mu a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no mu anaa. Yɛn Awurade no banbɔ yɛ den sene yɛn ankasa ahoɔden, ɛfirisɛ ɛmu dɔ te sɛ ɔsoro ne asaase ntam a ɛboro adwene ne nteaseɛ so, na yɛn deɛ yɛwɔ nkunimdifoɔ no afa.

YOHANNE 10:29-30
29 "M'Agya a ɔde wɔn maa me no yɛ kɛseɛ sene nnoɔma nyinaa; na obi rentumi nhwim wɔn m'agya nsam. 30 Me ne Agya no yɛ baako."

Na agyidifoɔ binom bɛgye akyingyɛ sɛ ɛbɛyɛ den na Yesu bɛtumi agye won ɛfiri owuo mu, ne ɔbonsam tumi mu, ne Onyankopɔn abufuohyeɛ mu. Saa nnoɔma yinom boro onipa ahoɔden so. Ɛno nti na Yesu yii Agya no kyerɛɛ nasuafoɔ no ne Ne tumi adwumayɛ no. Ɛfirisɛ ɛyɛ Agya no na ɔfrɛɛ ankorɛ ankorɛ sɛ wombɛdi Yesu akyi. Obiara nni hɔ a ɔno ankasa de ne pɛ mu na ɛbɛdii Yesu akyi na mmom ɛyɛ Onyankopɔn apɛdeɛ ne Ne frɛ.

Onyankopɔn Agya no na ɔma nnipa kɔ ne Ba no nkyen. Ɛfirisɛ Agya no ne Otumfoɔ kɛseɛ no, a Ne tumi wɔ baabiaa. Na Yesu nnyɛ deɛ ɛsɔ Ɔno ankasa ani, na mmom ɔbrɛ Ne ho ase ma Agya no.

Wɔ saa ahopaakyi kɛseɛ yi mu nti, Onyankopɔn mayɛ nyinaa te Ne mu. Ɛbinom nso ka sɛ Kristo yɛ ketewaa sene N'Agya no. Nanso Honhom Kronkron kyerɛkyerɛ yɛn sɛ obiara a ɔma ne ho so no wɔbrɛ no ase, na mmom obiara ɔbrɛ ne ho ase no wɔma no so. Ɛno nti ɛsanesɛ Yesu de annuoyam nyinaa maa N'Agya no nti, Ɔwɔ ho kwan sɛ ɔka sɛ, "Me ne Agya no yɛ baako." Na kasa yi dwiri asɛm a ɛbinom ka sɛ yɛde Onyame foforo aka Onyankopɔn ho no. Na yɛnnsom onyame miensa, na mmom yɛsom Onyankopɔn baakopɛ. Na won a wɔpo Ne pɛyɛ nkabom a ɛyɛ Agya no ne Ɔba no, nyinaa yɛ ahantan, na wonim sɛ ahobrɛaaseɛ na ɛde kɛseyɛ ba.

MPAEBƆ: Awurade Yesu, wone Odwanhwɛfoɔpa no. Na wode wokra too hɔ maa wo ndwan no. Na womaa yɛn daa nkwa, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛrennwu. Yɛda wo ase; ɛfirisɛ wogyee yɛn frii owuo mu, ne ɔbonsam nsam, ne bɔne mu, ne Onyankopɔn abufuohyeɛ mu. Ɛno nti obiara nni hɔ a obɛtumi ahwim yɛn ɛfri wo nsam arada. Yɛsrɛ wo sɛ kyerɛkyerɛ yɛn woahobrɛaaseɛ no, na ama yɛatumi ahunu Agya no wɔ wo mu, na ama yɛapa yɛn ho akyi, na ama wo tumi no ada ɛdi wɔ yɛn mmerɛyɛ mu. Amen.

NSƐMBISA:

  1. Kwan bɛn so na Kristo fa so di Ne ndwankuo no anim?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 03, 2022, at 03:15 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)