Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- Salvation - 13. Do You Truly Love Our Savior Jesus?
This page in: Albanian -- Armenian -- Baoule -- Cebuano -- English -- French -- German? -- Greek -- Hausa -- Igbo -- Indonesian -- Somali -- Spanish -- Telugu -- TWI -- Ukrainian -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

Wonim Sɛ? Onyankopɔn Nkwagyeɛ Ayɛ Krado Ama wo!
Nhomawa a Ebetumi Aboa Wo

13. So Wo Wɔ Ɔdɔ Kann Ma Yɛn Agyenkwa Yesu?


Adamfopa: Sɛ woatumi asua adeɛ yiye paa afa Onyankopɔn nkwagyeɛ ho ho a, wo bɛhunu no sɛ wiase nyinaa nkwagyeɛ no woawie ho adwuma koraa. Na obiara wɔ saa akwanya yi ho kwan sɛ obɛnya saa nkwagyeɛ wawasoɔ yi mu kyɛfa bi na woanya Honhom Kronkron no mu tumi bi de abɔ ne bra da biara.

Ɛyɛbiaa na woahunu sɛ saa nnwoma yi tiri asɛm ne ne botaeɛ nnyɛ nkwagyeɛ nkoaa. Nsɛm biara a ɛfa gyidie ho ne honhom mu abrabɔ no nyinaa fapem papa paa no gyina Yesu Kristo ankasa so. Na yɛpɛsɛ yɛhyɛ nea ɔde ne ho sii hɔ gyee nnipa nyinaa nkwa no.

So woahunu Yesu ne dɔ ne nahoɔden tumi anaa? Na woate ne mmɔborohunu ne nayenhyehye nne no wɔ Asɛmpa no mu?. Na ɛfei woahunu ne boasetɔ bebree no, ne tumi a ɔwɔ na ɔde wiase bɔne nyinaa kyɛ no? Onipa biara nni hɔ a obɛtumi de ne ho atoto ɔdɔ kɛseɛ a Kristo wɔ, a ahoteɛ ne kronkronyɛ ahyɛ no ma no. Na ɔfrɛ ne ho Onipa Ba, Nanso ɔyɛ Onyankopɔn Ba. Na ɔbrɛɛ ne ho ase, na ogyaa nannuoyam ne ne tumi na ɔbaa Onipa tebea mu maa wɔwoo no sɛ Onipa baakopɛ a bɔne biara nni ne ho. Ɛno nti na ɔsɛ fata sɛ ɔka wiase nyinaa bom na ɔde wiase bata Onyankopɔn ho. Na ɔmaa yɛn Onyankopɔn kanea abagyeɛ ne akyɛdeɛ a ɛne daa nkwa a ɛnni ɛwieɛ.

Otumfoɔ Onyankopɔn de tumi a ɛwɔ soro ne nea ɛwɔ asaase so nyinaa ahyɛ ɔteasefoɔ Yesu nsa, na onim sɛ ne Ba no brɛ ne ho ase na ɔdwo nti ɔrenfa saa tumi no mmma nehoso, na mmom ɔbɛgye obiara a ɔpɛsɛ onya ɔgyeɛ.

Adamfopa: sɛ wonyaa mmfaa Kristo sɛ wo kra agyenkwa a, yɛ to nsa frɛ wo SIESIAA sɛ bra Agyenkwa no nkyen. Na ɔretwen wo, wo ankasa, sene sɛ agya mpo twen ne ba a woayera no.

Sɛ woanya nkwa nso a, na wote Kristo tumi mu a, da no ase na fa asɛmpa trɛ adwuma no si waniso na wone anuonom mbom ndi nkwagyeɛ no ho adanseɛ wɔ baabibiaa, ɛfirisɛ saa adwumayɛ yi mu ahofama no yɛ aseda kɛseɛ a yɛde ma yɛn agyenkwa no.

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on September 21, 2021, at 05:23 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)