Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- Salvation - 12. Our Savior Is Coming Soon!
This page in: Albanian -- Armenian -- Baoule -- Cebuano -- English -- French -- German? -- Greek -- Hausa -- Igbo -- Indonesian -- Somali -- Spanish -- Telugu -- TWI -- Ukrainian -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

Wonim Sɛ? Onyankopɔn Nkwagyeɛ Ayɛ Krado Ama wo!
Nhomawa a Ebetumi Aboa Wo

12. Yɛn Agyenkwa No Reba Ntɛm!


Mpen dodoo a yɛben Onyankopɔn na yɛhunu ne dɔ no, ɛno mu na yɛn mmereyɛ nso da ɛdi pɛfee ma yɛhunu, yɛn sintɔ ne adehunu. Na yɛn mmereyɛ ne yɛn sintɔ no nyɛ ade a yɛbɛtumi de ayiyi yɛn ho ano wɔ nda a ɛdi ɛkyirie no mu. Yɛn daadaa mfomsoɔ no, ɛsɛ sɛ ɛma yɛn ani ba yɛn ho so na ɛkeyan yɛn wɔ daa mpaebɔ mu a ɛbɛma yɛn gyidie ayɛ den paa kosi sɛ yɛn suban bɔne no nyinaa bɛfiri yɛn so. Honhom Kronkron no bɛkyerɛkyerɛ yɛn saa nsɛm yi ase,

M'ADOM dɔɔso ma wo,
na ME TUMI ɛwie pɛyɛ wɔ mmerɛyɛ mu.
2 Korintofo 12:9

Na sesiaa deɛ yɛretwen sɛ yɛn Awurade Yesu Kristo bɛsan aba bio na ɔno na obɛyi ne nkwageɛ tumi no nyina adi ama yɛn wɔ ne mbaeɛ a ɛtɔso miennu no mu. Wɔ nannuoyaw ahoyi no mu a ɛyɛ yɛn anidasoɔ botaeɛ no. Ogyidini papa biara no ɔretwen yɛn Awurade a ɔreba ntɛm no.

Mpaboa yɛfoɔ bi te nadwuma mu reyɛ ne mpaboa na ne- nua- bi wɔ- Awurade mu baa ne nkyen na obisaa no sɛ: "Wo ho te sen? na woreyɛ dɛn?" Na mpaboa yɛfoɔ no see no sɛ: "Meretwen Kristo mbaeɛ a ɛtɔso miennu no, na mprenpren yi deɛ mereyɛ menpaboa". Na woanka no sɛ mereyɛ madwuma na matwen Yesu sɛ ɔbɛba! Agyidifoɔ mapa no woretwen won agyenkwa no sɛ ɔbɛba ntɛmso. Na saa anidasoɔ yi akɔyɛ abrabɔ tiri asɛm.

Na sɛ Yesu ba wɔ nannuoyam mu a obɛyi Ne daa nkwa tumi no ɛdi akyerɛ, nea ɛhyeaaseɛ wɔ nakyidifoɔ mu no, won a wɔgyee no diiɛ no mu. Na yɛn nkwagyeɛ no de yɛn wuraa Awurade Yesu Kristo nkwa mu, ɛno nti yɛrenwu, na mmom yɛbɛnya nkwa. Na yɛn gyidie no mmfa yɛn nnkɔ ɛsum botaeɛ mu anaa nea ɛbɔ hu mu a ɛma yɛn ho bɛpopo. Na mmom yɛnim sɛ agyidifoɔ nyinaa bɛsɔre afiri awufoɔ mu wɔ Kristo mu anya nkwa wɔ Onyankopɔn mu a ɛbɛba nso. Yesu ne dɔ, a woahwie agu yɛn akoma mu no ntwamu da. Na yɛn Awurade nkwagyeɛ no nnyɛ deɛ ɛwɔ hɔ nnɛ na ɔkyena na ɛtwam no, na mmom no ɛtim hɔ daa afebɔɔ a ɛnni ɛwieɛ. Eno nti Onyankopɔn ayi ne tumi ɛdi wɔ yɛn mu sɛ yɛn mfa nni bɔne so, owuo ne nsɔhwɛ nyinaa so.

Sɛ Yesu sanba bio a, yɛn nipadua yi bɛsesa afrɛso, na yɛbɛhyɛ yɛn Awurade annuoyam wɔ yɛn mmereyɛ so, na yɛbɛyɛ foforo na yɛayɛ pɛ wɔ ne mu. Na wɔ yɛn anigyie kɛseɛ mu no Kristo akyidifoɔ nyinaa ne no bɛbɔmu. Edidie, ɔnom ne awareɛ nnyɛ yɛn anidasoɔ no botaeɛ. Na nea yɛni da kwan ne sɛ yɛbɛhunu Onyankopɔn na yɛne no atena daa a ɛnni ɛwieɛ. Na ɛhɔ na yɛbɛhunu nawawadeɛ bebree, wɔ nadom mu, bere a obɛyi nabɔdeɛ foforo no akyerɛ yɛn no.

Na won a wotenaa won ahomasoɔ mu na woamfa Yesu sɛ won Awurade ne won kra agyenkwa, a wosiesie ama won no, wobɛsu na woatwa adwo ɛhu kɛseɛ mu. Na bɔne nyinaa bɛda adagya na wobɛnya won bɔne so akatua. Na yɛnyɛ papa sene saafoɔ yi, na mmom Onyankopɔn atɛnmuo firii yɛn so wɔ bere a yɛpaemu kaa yɛn bɔne na yɛgyee Yesu ne wuo no toomu no woafa yɛn atɛnmuo nyinaa asoa. Na woafa wiase bɔne ato ne ho so na yɛasotwe no nso ne nyinaa kɔdaa no so koraa. Eno nti woabu yɛn bem, na yɛade yɛn ho wɔ atɛnmu da mu wɔ nadom no mu. Na afɔbuo biara nni hɔ ma obiara a odi Kristo akyi wɔ nokware paa mu.

Na ɛnda a ɛdi akyiri no yɛbɛhunu nnipa dɔm bebree a wobɛpue Awurade anim wɔ nnwom toɔ mu, a woreda won agyenkwa no ase wɔ sono kɛseɛ a ɔyɛɛ wɔ asendua no maa won. Na wobɛyi no ayɛ sɛ ɔsomaa Honhom Kronkron no bɛtenaa won mu sɛ nsoɔno ne ahyensodeɛ sɛ ɔreba bio. Na nkaeɛ nodeɛ,

Ɛnna wɔbɛfiri aseɛ aka akyerɛ mmepɔ sɛ: 'MONHWE YɛN SO'!
ne nkokoɔ sɛ: 'MONKATA YɛN SO'!
Luka 23:30

Na ɔbaako mpo rentumi ngyina Awurade annuoyam no anim, ɔno na obɛbu won atɛn. Na won ndwuma bɔne no nyinaa bɛpue nanim hann no mu, na won ndwuma a wosusu sɛ ɛyɛ papa na ɛdi mu no bɛyɛ tesɛ ntama goo fi won anim. Efirisɛ Onyankopɔn siesie ne nkwagyeɛ maa won nso bi, nanso won pooɛ na woangye antumu nso. Na wobuu wiase agyenkwa koro no animtiaa na ɛno nti wobɛhunu amane wɔ daa atɛnmu gya mu. Babiaa won gya no ndum da na ɛnni ɛwieɛ. Na da a ɛbɛyɛ anigyie da kɛseɛ no ama won a woagye won no, saa da no ara ɛbɛyɛ osu ne asetwareɛ ne atɛnmuo da ama won a wɔpoo Onyankopɔn Ba koro no a wɔ bɔɔ no asendua mu no. ɛfirisɛ won anngye ne nkwagyeɛ no. Eno nti, wobɛhunu Twerɛ Kronkron nsɛm no mu tumi,

ONYANKOPɔN A ɔTEASE no
NSAM mu HWEɛ yɛ hu.
Hebrifo 10:31

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on September 21, 2021, at 05:18 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)