Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- Salvation - 14. Test Yourself
This page in: Albanian -- Armenian -- Baoule -- Cebuano -- English -- French -- German? -- Greek -- Hausa -- Igbo -- Indonesian -- Somali -- Spanish -- Telugu -- TWI -- Ukrainian -- Yoruba

Previous Lesson

Wonim Sɛ? Onyankopɔn Nkwagyeɛ Ayɛ Krado Ama wo!
Nhomawa a Ebetumi Aboa Wo

14. Sɔ Wo Ho Hwɛ


Woanya nteaseɛ paa anaa woanya nhunumu wɔ nkwagyeɛ no mu? Sua nsɛmbisa a ɛdidi soɔ yi, na yi ano yiye paa, na fa wo nsɛmbisa mbuaɛ a woatwerɛ no brɛ yɛn. Na yɛbɛberɛ wo nnwoma foforo, a ɛbɛtumi ama woahunu Kristo nkwagyeɛ wawasoɔ a wo wɔ.

01. Dɛn na mbabunu puemu ka fa nkwagyeɛ ho nna yi mu?
02. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛba Onyankopɔn nkyen?
03. Dɛn ne susudua papa a ɛda hɔ ma yɛabrabɔ?
04. Adɛn nti na ɛho hia sɛ yɛka yɛn bɔne kyerɛ?
05. Onyankopɔn faa kwan bɛnso na owie wiase nkwagyeɛ ho adwuma no?
06. Ɛbɛyɛ dɛn na wo bɛhunu sɛ wo nkwagyeɛ asi pi?
07. Yɛbɛyɛ dɛn na ama yɛn nkwagyeɛ asipi asita?
08. Yɛbɛyɛ dɛn na yɛagye yɛn mpaebɔ adi?
09. Yɛbɛyɛ dɛn na yɛanya honhom mu abodoo, a ɛho hia yiye paa ma yɛn nkwa foforo no?
10. Dɛn ne nhyehyeɛ a ɛda hɔ ma agyindifoɔ nyinaa wɔ wone afoforo ntam ayɔnkofa ho?
11. Ɛsɛ sɛ wodɔ wo tanfo na adɛn nti na ɛyɛ nsɔhwɛ ma wo nkwagyeɛ?
12. Dɛn nti na Kristo mbaeɛ a ɛtɔso miennu no ne yɛn gyeɛ da?
13. Dɛn nti na yɛdɔ Yesu? na dɛn ne nsenkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ yɛdɔ no?
14. So wode woho nyinaa ama ɔteasefoɔ Agyenkwa no? na dɛn woahunu afri ne nkyen?

Adamfopa: Sɛ yɛn nkyerɛkerɛmu yi nyinaa ntumi mma wo nsɛmbisa nyinaa mbuaɛ pɛpɛɛpɛ a anaa mpo sɛ wohunu no sɛ wo nkwagyeɛ nsi pi a, mmma no nnyɛ wo den sɛ wobɛtwerew yɛn. Na yɛbɛbua wo nsɛmbisa no nyinaa ano nkwarɛ mu. Fa wo mbuaeɛ no brɛ yɛn wɔ nkratoɔ yi a ɛwɔ aseɛ yi so na mmma wowere mfi sɛ wode wo nso wo din ne wo nkrato a yɛbɛtumi atwerɛ wo wɔ so aka wo mbuaeɛ no ho.

Na Ɔdɔfo woakan nsɛmfua a yɛyi firii Twerɛ kronkron no mu, a yɛatwerɛ no akɛseɛ wɔ nnwoma yi mu? Bɔ mmɔden fahyɛ woadwene mu. Na sua no da biara ɛfirisɛ ɛbɛyɛ ade kɛseɛ wɔ wo mu akɔ daa nkwa mu.

yɛrebɔ mpaeɛ ama wo na yɛhwɛ kwan sɛ yɛbɛte wo nka ntɛm:

WATERS OF LIFE
P.O.Box 60 05 13
70305 Stuttgart
GERMANY

Internet: www.waters-of-life.net

E-Mail: info@waters-of-life.net

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on September 21, 2021, at 05:27 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)