Previous Lesson -- Next Lesson
4. Paemu Ka Wo Bɔne Kyerɛ Onyankopɔn Na Nni Atorɔ!
Nnipa baanu kɔɔ asɔrefie mpaebɔ; ɔbaako yɛɛ ne ho sɛ ɔtreneeni, na ɔbaako yɛ ɔtogyeni. Nea ɔyɛɛ ɔyɛɛ ne ho sɛ treneeni no gyinae, na ɔbɔɔ mpaeɛ ne tirim sɛ: "Onyankopɔn, meda wo ase sɛ mente sɛdeɛ nnipa a aka no teɛ: Amimfoɔ, nkontompofoɔ, ayerefafoɔ anaa ɔtogyeni yi mpo. Medi mmuada dapɛn mu mprenu, mede deɛ menya nyinaa so ntotosoɔ du du mema". Luka 18: 11,12)
Na ɔtogyeni no gyinaa akyirikyiri, na wampɛ sɛ ɔma n'ani so kyerɛ soro mpo, na mmom ɔbɔɔ ne koko so kaa sɛ:
Yesu kaeɛ pɛfee sɛ obiara a oyi ne nyamesom adi wɔ nnipa aniso keke no yɛ onipa a ɔyɛ pɛsɛmenkominya ne nyaatwomni. Na wontie ne mpaebɔ koraa. Na mmom ɔkorɔfoɔ no mmom kɔɔ fie wɔ bembuo mu ne asomdwee wɔ nakoma mu. ɛfisɛ na woaka ne bɔne nyinaa akyerɛ na woasakyera nadwen afiri nakoma mu.
Ɔdɔfoɔ Kenkanfoɔ: yɛtu wo fo sɛ bɔ wo ho mmɔden na paemu ka woasumasɛm bɔne nyinaa kyerɛ Awurade. Nanso sɛ wosusu sɛ mfomsoɔ biara nni wo ho a, ɛndeɛ bisa ɔkronkronni Onyankopɔn wɔ ahobreaaseɛ, ne ahofama honhom mu:
"Onyankopɔn, mesrɛ wo yi makwan bɔne biara ne me bɔne biara a ahinta kyerɛ me. Ma wo kanea no nyi makoma mu amumuyɛ adi na kyetɛ me ɔtan biaraa ɛwɔ madwene mu. Boa me ma mienkae nsɛm bɔne biara mede mano aka, ne nneyɛɛ bɔne biara nso a mayɛ atia. Amen."
Nya akokoduro na bisa Onyankopɔn sɛ onyi nkatasoɔ biara a akata woahonim soɔ no mma wo. Na ombubu nkatanim nso a akata wokra mu ahintasɛm so no. Eno mu ma wotumi ahu sɛ bɔne yɛ ɔtanfoɔ kɛseɛ. Onipa biara nni asaase so a onnyɛ bɔne. Onyanopɔn nkoaa na mfomsoɔ nni ne ho. Eno nti hwehwɛ nyansa ne nimdieɛ a ɛteaase fri mmɔborohunufoɔ Onyankopɔn nkyen. Bɔ mmɔden na hunu nokwarɛ biara fa wo ho. Na Onyankopɔn bɛkyeɛkyerɛ wo ne mmra nsɛm du no yiye. ɛfirisɛ ɛyɛ Onyankopɔn ahwehwɛ ma ɔkra debɔneyɛfoɔ no. ɛnam ONYANKOPɔN MMRA NO SO bɛma woasua sɛ wonyɛ papa nsene afoforo anaa onipa biara.
Mpen sen na yɛnpoo nea ɔyɛ mmere anaa ɔyare? So yɛtumi hwɛ ahohoɔ yiye? Na mpen sen na yɛatumi adwen sɛ ahiafoɔ wɔ hɔ ne won mpo a wonni suahunu biara wɔ won abrabɔ mu? Na yɛnni mmɔborohunu biara wɔ yɛn akoma mu; pɛsɛmenkominya ne ahomasoɔ na ayɛ ma. Na ɛno nti, Onyankopɔn hyee Paulo ma kyerɛɛ sɛnea yɛn wiase yi teɛ paa:
Adamfopa: so wodaso gye woho di sɛ woyɛ papa, anaa sɛ woagye atɛnbuo a woahonim bu wo no atum? so woahunu nsonsonoeɛ kɛseɛ a ɛwɔ mu no, a ɛtete yɛn ne ɔkronkronni Onyankopɔn ntam no? Na woahunu bɔne sɛ yɛn tanfo kɛse no ne yɛn amumuyɛ bebree no?
Na sɛ wodi nokwarɛ ma wo ho a wobɛpaemu aka wo bɔne nyinaa akyerɛ Onyankopɔn na woasu agu no so afiri wo kra mu tɔnn:
"Hu me mmɔbɔ, O Onyankopɔn, ɛfirisɛ me bɔne atete me ne wo ntam. Ma tia wo, ɛyɛ wo nkoaa, na mayɛ bɔne atia wo, na ma mumuyɛ nyinaa da woanim. Na medi fɔ na meho nso agu fi. Menyɛ nipa papa. Gye makoma a ɛbubu yi na ɛnto me nkyene mfiri woanim. Hohoro me na yɛ me fitaa. Fa wo nkwagyeɛ no kata me ho. Medawoase Awurade sɛ woatie makoma mu mpaebɔ. Amen.