Home
Links
Bible Versions
Contact
About us
Impressum
Site Map


WoL AUDIO
WoL CHILDREN


Bible Treasures
Doctrines of Bible
Key Bible Verses


Afrikaans
አማርኛ
عربي
Azərbaycanca
Bahasa Indones.
Basa Jawa
Basa Sunda
Baoulé
বাংলা
Български
Cebuano
Dagbani
Dan
Dioula
Deutsch
Ελληνικά
English
Ewe
Español
فارسی
Français
Gjuha shqipe
հայերեն
한국어
Hausa/هَوُسَا
עברית
हिन्दी
Igbo
ქართული
Kirundi
Kiswahili
Кыргызча
Lingála
മലയാളം
Mëranaw
မြန်မာဘာသာ
नेपाली
日本語
O‘zbek
Peul
Polski
Português
Русский
Srpski/Српски
Soomaaliga
தமிழ்
తెలుగు
ไทย
Tiếng Việt
Türkçe
Twi
Українська
اردو
Uyghur/ئۇيغۇرچه
Wolof
ייִדיש
Yorùbá
中文


ગુજરાતી
Latina
Magyar
Norsk

Home -- Twi -- Salvation - 4. Confess Your Sins to God and Don’t Lie!
This page in: Albanian -- Armenian -- Baoule -- Cebuano -- English -- French -- German? -- Greek -- Hausa -- Igbo -- Indonesian -- Somali -- Spanish -- Telugu -- TWI -- Ukrainian -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

Wonim Sɛ? Onyankopɔn Nkwagyeɛ Ayɛ Krado Ama wo!
Nhomawa a Ebetumi Aboa Wo

4. Paemu Ka Wo Bɔne Kyerɛ Onyankopɔn Na Nni Atorɔ!


Nnipa baanu kɔɔ asɔrefie mpaebɔ; ɔbaako yɛɛ ne ho sɛ ɔtreneeni, na ɔbaako yɛ ɔtogyeni. Nea ɔyɛɛ ɔyɛɛ ne ho sɛ treneeni no gyinae, na ɔbɔɔ mpaeɛ ne tirim sɛ: "Onyankopɔn, meda wo ase sɛ mente sɛdeɛ nnipa a aka no teɛ: Amimfoɔ, nkontompofoɔ, ayerefafoɔ anaa ɔtogyeni yi mpo. Medi mmuada dapɛn mu mprenu, mede deɛ menya nyinaa so ntotosoɔ du du mema". Luka 18: 11,12)

Na ɔtogyeni no gyinaa akyirikyiri, na wampɛ sɛ ɔma n'ani so kyerɛ soro mpo, na mmom ɔbɔɔ ne koko so kaa sɛ:

ONYANKOPƆN, hu me ƆDEBƆNEYƐNI mmɔbɔ!
Luka 18:13

Yesu kaeɛ pɛfee sɛ obiara a oyi ne nyamesom adi wɔ nnipa aniso keke no yɛ onipa a ɔyɛ pɛsɛmenkominya ne nyaatwomni. Na wontie ne mpaebɔ koraa. Na mmom ɔkorɔfoɔ no mmom kɔɔ fie wɔ bembuo mu ne asomdwee wɔ nakoma mu. ɛfisɛ na woaka ne bɔne nyinaa akyerɛ na woasakyera nadwen afiri nakoma mu.

Ɔdɔfoɔ Kenkanfoɔ: yɛtu wo fo sɛ bɔ wo ho mmɔden na paemu ka woasumasɛm bɔne nyinaa kyerɛ Awurade. Nanso sɛ wosusu sɛ mfomsoɔ biara nni wo ho a, ɛndeɛ bisa ɔkronkronni Onyankopɔn wɔ ahobreaaseɛ, ne ahofama honhom mu:

"Onyankopɔn, mesrɛ wo yi makwan bɔne biara ne me bɔne biara a ahinta kyerɛ me. Ma wo kanea no nyi makoma mu amumuyɛ adi na kyetɛ me ɔtan biaraa ɛwɔ madwene mu. Boa me ma mienkae nsɛm bɔne biara mede mano aka, ne nneyɛɛ bɔne biara nso a mayɛ atia. Amen."

Nya akokoduro na bisa Onyankopɔn sɛ onyi nkatasoɔ biara a akata woahonim soɔ no mma wo. Na ombubu nkatanim nso a akata wokra mu ahintasɛm so no. Eno mu ma wotumi ahu sɛ bɔne yɛ ɔtanfoɔ kɛseɛ. Onipa biara nni asaase so a onnyɛ bɔne. Onyanopɔn nkoaa na mfomsoɔ nni ne ho. Eno nti hwehwɛ nyansa ne nimdieɛ a ɛteaase fri mmɔborohunufoɔ Onyankopɔn nkyen. Bɔ mmɔden na hunu nokwarɛ biara fa wo ho. Na Onyankopɔn bɛkyeɛkyerɛ wo ne mmra nsɛm du no yiye. ɛfirisɛ ɛyɛ Onyankopɔn ahwehwɛ ma ɔkra debɔneyɛfoɔ no. ɛnam ONYANKOPɔN MMRA NO SO bɛma woasua sɛ wonyɛ papa nsene afoforo anaa onipa biara.

-- Na Awurade nam ne mmra nsɛm du no so akyerɛ yɛn sɛ yɛn nndɔ no wɔ yɛakoma nyinaa mu, ne yɛkra nyinaa mu, ne yɛn yɛadwen nyinaa mu. Na mmom sika akyi na yɛn nyinaa yɛdi, ne wiase afefedeɛ ne nnoɔma ahorrow a yɛsom won sene Onyakopɔn.
-- So wommɔɔ Onyankopɔn din no kwa wɔ woabrabɔ mu da mpen bebree, sɛ mpo wohyeeda anaa woanhyeda mpen bebree, anaa mpo sɛ wo de ne din no domee obi?
-- So wodi woawofoɔ ni wɔ nneyɛɛ nyinaa mu anaa, wowɔ ahofama aforebɔ ne daa ɔdɔ ne boasetɔ, sɛnea Onyankopɔn hwehwɛ firi wo hɔ no?
-- Yɛn wiase yi mu deɛ ɔtan ahye mu ma. Na obiara po ne nua. Obiara di nakoma akyi de bɔne tua ne nua bɔne so ka. Na awudisɛm nso afra yɛn mogya mu ma.
-- Adwamanbɔ yɛ bɔne, na ɛde ɛfi keka yɛn kra ho paa. Na nnipa bebree adwene ne won ahonim ho agu fi wɔ nsɛm fi mu, adaeso mu, nsɛm ne nneyɛɛ mu! Na sɛ yɛtumi kan bɔne dodoɔ a yɛyɛ wɔ anadwo koro mpo mu a, ne yɛn nkuro baako pɛ mu mpo a, anka yɛn ho bɛdwiri yɛn na yɛɛdwane ɛfirisɛ adwamanbɔ no dodoɔ ne aniwudieɛ no bebrebe nti.
-- Wɔ eyinom nyinaa akyi no, ndaadaa ne nsisie bebree nso wɔ hɔ a yɛyɛ tia afoforo. Hwan na obɛtumi agye obi adi nnɛ? Nantin twitwa ne ɔtan asɛe yɛn man. Na ɛsɛ sɛ yɛhunu sɛ Onyankopɔn tan atorɔ die, obi ho nsɛm keka bɔne, ne ntwantosoɔ. Na ɔdɔ yɛn na ɔpɛ sɛ yɛyɛ anokwafoɔ. Kristo kaeɛ sɛ:
Na ɔka kyerɛɛ n'asuafoɔ no sɛ ɛdane sɛ deɛn ara a,
suntiduatoɔ bɛba deɛ,
nanso deɛ ɛnam ne so bɛba no nnue!
Anka ɛyɛ ma no sɛ wɔde ayuyammoɔ
kyekyere ne kɔn mu kɔto no twene ɛpo mu sene
sɛ ɔbɛto nketewa yi mu baako suntidua.
Luka 17:1+2
-- Bɔne nso tumi de ahodeɛ ne ahoyadeɛ wura yɛn mu, ahomasoɔ ne akokorokosɛm. Na ɛma akoma pirim yɛ denden ne aniberɛ a ahoɔyaa ahyema, nanso wɔyɛ won anim sɛ nnipa papa.

Mpen sen na yɛnpoo nea ɔyɛ mmere anaa ɔyare? So yɛtumi hwɛ ahohoɔ yiye? Na mpen sen na yɛatumi adwen sɛ ahiafoɔ wɔ hɔ ne won mpo a wonni suahunu biara wɔ won abrabɔ mu? Na yɛnni mmɔborohunu biara wɔ yɛn akoma mu; pɛsɛmenkominya ne ahomasoɔ na ayɛ ma. Na ɛno nti, Onyankopɔn hyee Paulo ma kyerɛɛ sɛnea yɛn wiase yi teɛ paa:

sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ ɔteneneeni biara nni hɔ,
ɔbaako mpo nni hɔ.
Obiara nni hɔ a ɔyɛ ɔbadwemma,
obiara nni hɔ a ɔhwehwɛ Nyankopɔn akyiri kwan.
Wɔn nyinaa amane, wɔn nyinaa aporɔ,
obiara nni hɔ a ɔyɛ papa, ɔbaako mpo nni hɔ.
Wɔn mene yɛ ɛda a abue,
wɔde wɔn tɛkyerɛma daadaa;
nhuritia borɔ wɔ wɔn anofafa ase.
Nnome ne ade nwononwono ahyɛ wɔn anomu ma.
Wɔn nan yɛ hare mogya hwieguo ho,
pasaayɛ ne amanehunu wɔ wɔn akwan mu, na asomdwoeɛ kwan deɛ, wɔnnim.
NYANKOPƆN SURO BIARA nni wɔn ani so.
Romanfo 3:10-18

Adamfopa: so wodaso gye woho di sɛ woyɛ papa, anaa sɛ woagye atɛnbuo a woahonim bu wo no atum? so woahunu nsonsonoeɛ kɛseɛ a ɛwɔ mu no, a ɛtete yɛn ne ɔkronkronni Onyankopɔn ntam no? Na woahunu bɔne sɛ yɛn tanfo kɛse no ne yɛn amumuyɛ bebree no?

Na sɛ wodi nokwarɛ ma wo ho a wobɛpaemu aka wo bɔne nyinaa akyerɛ Onyankopɔn na woasu agu no so afiri wo kra mu tɔnn:

"Hu me mmɔbɔ, O Onyankopɔn, ɛfirisɛ me bɔne atete me ne wo ntam. Ma tia wo, ɛyɛ wo nkoaa, na mayɛ bɔne atia wo, na ma mumuyɛ nyinaa da woanim. Na medi fɔ na meho nso agu fi. Menyɛ nipa papa. Gye makoma a ɛbubu yi na ɛnto me nkyene mfiri woanim. Hohoro me na yɛ me fitaa. Fa wo nkwagyeɛ no kata me ho. Medawoase Awurade sɛ woatie makoma mu mpaebɔ. Amen.

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on September 20, 2021, at 10:05 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)