Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- Salvation - 3. God Is the Measure of Yourself!
This page in: Albanian -- Armenian -- Baoule -- Cebuano -- English -- French -- German? -- Greek -- Hausa -- Igbo -- Indonesian -- Somali -- Spanish -- Telugu -- TWI -- Ukrainian -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

Wonim Sɛ? Onyankopɔn Nkwagyeɛ Ayɛ Krado Ama wo!
Nhomawa a Ebetumi Aboa Wo

3. Onyankopɔn ne susudua ma wo ho!


Abranteɛ bi a ofiri Bahrain twerɛ berɛɛ yɛn sɛ: "Mennim onipa ko a ɛsɛ sɛ megye no di koraa. Me yɛ Muslimni, ɔbosomsomni anaa Kristoni? So mobɛtumi aboa me na moakyerɛ me nea ɛsɛ sɛ medi nakyi: Muhammad , Marx, Lenin anaa sɛ Kristo?" na ɔde nsoano sii ne nnwoma no so sɛ: "Nea neniso ayɛ no totɔtoɔ no"!

Saa abranteɛ yi, ne afoforo bebree nso, redi wiase yi mu akɔneaba a wonnim nea wonyɛ. Nanso nhira nka Awurade sɛ saa abranteɛ yi antɔ amona mu wɔ nadwendwen mu, anaa sɛ ɔpaa abaw wɔ abrabɔ mu. Na mmom ɔfrɛɛ hwehwɛɛ mboa sɛ ɔpɛsɛ ohunu onipa papa a ɛsɛ sɛ odi nakyi. Na nekoma antɔ neyem wɔ wiase amammere ho, ne atetesɛm ne nsamman frɛfoɔ nkyerɛkyerɛ ho. Na mmom onyaa atinka sɛ biribi papa bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ ohu no yiye bebree. Na ɔkwan pa bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ ɔfa so de hunu Onyankopɔn yiye!

Nokwasɛm ɔteasefoɔ Onyankopɔn wɔ hɔ. Na ɔno ne wiase nnipa nyinaa susudua awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu, ne akyerɛkyerɛ kwan ma nakyidifoɔ nyinaa. Na ɔyi won firi atɛkyɛ amona mu ne musuo ne bɔne nyinaa mu na ɔde won asi ɔno ankasa ne kronkronyɛ ne ne dɔ kɛseɛ mu. Na woayi ne nhyehyeɛ susudua a ɛda hɔ ma nnipa nyinaa no adi pɛfee akyerɛ obiara:

Na wɔatwerɛ sɛ: Monyɛ KRONKRON, ɛfiri sɛ ME, MEYɛ KRONKRON.
1 Petro 1:17

Wobɛtumi abɔ birim na woaka sɛ, Onyankopɔn mpa ngu! na ɛbɛyɛ den na mede meho atoto Onyankopɔn ho? Tie no yiye sɛnea twerɛ kronkron no ka. Saa ɔkronkronni Onyankopɔn yi, ɔnnsee wo sɛ gye wo ho nkwa. Entumi ɛnnyɛ saa ma no nnyɛ yiye. Na mmom ɔpɛsɛ ɔma wode woho firi wonipasu nsusuiɛ bɔne no mu na ɔgye wo nkwa firi wiase yi nhyesoɔ ne ne susudua nyinaa mu. Onyankopɔn bɔɔ onipa wɔ ɔno ankasa subanso. Eno nti, ɔpɛsɛ yɛnante wɔ ne kronkronyɛ mu daa nyinaa! Na ɔka kyerɛɛ Abraham, nadamfo no sɛ,

MENE ONYANKOPɔN, Tweaduampɔn,
nante m'anim, na yɛ pɛ!
Genesis 17:1

Na ɔdɔ Onyankopɔn no bɛgye wo afiri wo bɔne nkondua nyinaa mu. Na woayɛ krado sɛ ɔbɛgye wo nkwa, na woatew wo ho na woasa wo nyarewa afiri wo mmereyɛ a ɛwɔ woadwene ne wokra mu nyinaa. ɛsɛ sɛ wunya nteaseɛ sɛ ɛnyɛ wo papayɛ na ɛyɛ biribi anaa wo papayɛ na Onyankopɔn hwɛso de susu wo sɛ woyɛ ɔkronkronni. Wo nenim no obiara nni hɔ a ɔyɛ papa, na yɛn nyinaa nni ahoɔden bi a yɛbɛtumi de agye yɛn ho nkwa wɔ yɛn ankasa tumi mu. Papayɛ a, Onyankopɔn hwehwɛ firi yɛn nkyen no, yɛ ɔno ankasa ne kronkronyɛ ne nadɔeyɛ, a ɛwɔ ne mu no bi na ɛnyɛ hwee bio. Kristo yii ne nhyehyeɛ adi kae sɛ

ENTI MONYɛ Pɛ,
sɛdeɛ mo Agya a ɔwɔ soro no Yɛ Pɛ NO.
Mateo 5:48

Obiara a ɔkenkan saa nsɛm yi firi Asɛmpa no mu no bɛhunu sɛ ɛmu nteaseɛ a ɛdɔ no bɛma adwendwen nyinaa ayera koraa, ɛfiri yɛbɛhunu sɛ obiara ntumi nyɛ pɛ te sɛ Onyankopɔn! Nanso eyinom nyinaa ma yɛte bɔne ase yiye paa, sɛ yɛn ho ntew na yɛnyɛ kronkron ne papa te senea Onyankopɔn teɛ no. Kristo kaa saa nsɛm yi mu nkyerɛkyerɛmu kyerɛɛ abranteɛ bi sɛ:

OBIARA nnyɛ papa, gye ɔbaako, ɔN NE ONYANKOPɔN.
Marko 10:18

ɔdɔfoɔ Kenkanfoɔ, tie nokwarɛ bi a ɛwɔ hɔ firi tete mbrɛ mu: Sɛ wohunu sɛ na wogyedi sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ a, ɛno mu na wbɛhunu sɛ ne kanea no ahyeren wɔ wabrabɔ mu yiye paa. Nnipa bebree wɔ hɔ a wohunu won ho sɛ wɔwo ayemyiye, na won asua adeɛ adu akyiri na wɔwo annuoyam nso. Na mmom wonim sɛ Onyankopɔn deɛ ɔhwɛ won wɔ adea ɛho teɛ na ɛyɛ kronkron mu. Na saa nnipa no mmfa Onyankopɔn susudua na ɛbɔ won bra. Na obiara wɔ Onyankopɔn anim sɛ ɔdebɔneyɛni a woabu no atɛn. Na Onyankopɔn mu nokwarɛ ho nimdieɛ paa no ɛyi ahomasoɔ fri hɔ koraa. Obiara nnyɛ papa gyesɛ Onyankopɔn nkoaa, na obiara nso nnyɛ papa nsene ne nua anaa afoforo. Obiara a ɔde ne toto Onyankopɔn ho no, paemu ka sɛ ɔno ne obiara yɛ amumuyɛfoɔ ne ɛfi nnebɔneyɛfoɔ. Na ntumi nwie pɛyɛ wɔ saa nsɔhwɛ yi mu. Na ɔsomafo Paulo kaeɛ wɔ ne nkware nsɛm nnwoma no mu sɛ:

ɛfiri sɛ WɔN NYINAA ayɛ bɔne,
na Onyankopɔn animuonyam ABɔ WɔN.
Romanfo 3:23

Wogye saa nokware nsɛm yi di anaa? So wodaso gyedi sɛ woyɛ papa na woyɛ trenee sene afoforo? Sɛ woyɛ ɔnokwafoɔ a, wobɛtie sɛnea woahonim rekasa kyerɛ wo, na ɛreyi wo ntɛn wɔ wo bɔne a ahinta nyinaa ho. Na wonim yiye paa wɔ baabiaa woyɛɛ bɔne ne sɛnea woyɛɛ no no nso. Mpem dodoo a worebɛn Onyankopɔn ne ne kanea ho no, saa ara nso na animguaseɛ bɔne no nyinaa nso yi ne ho adi pɛfee wɔ woabrabɔ mu. Bra Awurade nkyen siesiaa a wonsɛe brɛ koraa, ɛfisɛ woatwerɛ sɛ:

Na ɛberɛ a ɛsɛ mu na matie woɔ,
nkwagyeɛ da mu na maboa woɔ!
ƐNDƐ ne DA a ɛyɛ NKWAGYEƐ DA.
2 Korintofo 6:2

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on September 20, 2021, at 09:54 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)