Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- Salvation - 2. Come back to God with all Your Heart
This page in: Albanian -- Armenian -- Baoule -- Cebuano -- English -- French -- German? -- Greek -- Hausa -- Igbo -- Indonesian -- Somali -- Spanish -- Telugu -- TWI -- Ukrainian -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

Wonim Sɛ? Onyankopɔn Nkwagyeɛ Ayɛ Krado Ama wo!
Nhomawa a Ebetumi Aboa Wo

2. Bra Onyankopɔn Nkyen Bio Wɔ Woakoma Nyinaa Mu


Nnipa bebree wɔ akyirikyiri afrii Onyankopɔn ho. Na wodidi, wɔnom, wɔware na wodi wiase nnoɔma hunu nyinaa akyi, na wɔyɛ won ho sɛ nnipa a wonni nhunumu. Na wɔde won sum mu bɔne hinta won akoma mu, na wontumi nnhunu sɛ won nneyɛɛ bɔne no de wɔn rekɔ amanehunu gya mu. Na mpo ɛdu mbrɛ bi a wɔyɛ won ho sɛ wɔyɛ Onyamesomfoɔ- atreneefoɔ, nanso wɔne Onyankopɔn ntam ware yiye. Na won apirim won akoma wɔ atutrasɛmdie mu. Na won nsɛmhunudie no de won kɔ bɔne mu toa bɔne so kodu akyiri yiye, sɛnea Kristo kaeɛ sɛ:

Monnue, mo atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ,
nyaatwomfoɔ Sɛ mote sɛ ɛda a wɔaka ho,
a ɛho a wɔhunu no yɛ fɛ,
nanso emu deɛ efunu nnompe ne efi nyinaa ayɛ ma.
Meteo 23:27

Ɔdɔfoɔ Kenkanfoɔ: yɛhyɛ wo nkuran, sɛ san bra ɔteasefoɔ Onyankopɔn nkyen! Ɛfisɛ woambɔ wo kwa. Na ɔdɔ wo wɔ daa a ɛnni ɛwieɛ dɔ no mu na woama nadɔeɛ anim so ahwɛ wo. Na sɛ wode wobɔfoɔ no si nkyen na wopo no, wɔ woabrabɔ mu a, na woayera koraa, na ɛfei ɛba saa a na wonam abrabɔ mu a botaeɛ biara nni mu. Na wokra bɛda mpan na adwendwen bɛtɔ no so, ɛfisɛ woayera ahintasɛm a ɛwɔ Onyankopɔn adiyi mu:

Na ONYANKOPƆN bɔɔ ONIPA wɔ ne suban so.
NYANKOPƆN suban so na ɔbɔɔ no, ɔbarima ne ɔbaa na ɔbɔɔ wɔn.
Genesis 1:27

Daadaa, ɔkronkroni Onyankopɔn no pɛ sɛ ɔde nadɔeɛ ne ne dɔ kɛseɛ no ma wo, na ɔhome ne honhom pa no gu wo mu na ama woatumi anya abrabɔpa a annuoyam ahyɛ no ma a ɛno na wɔfrɛ no abrabɔ! Hwɛ Awurade, ɛfisɛ ɔrefrɛ wo, senea ne nokwarɛ bɔhyɛ no teɛ no,

Na mobɛhwehwɛ me AHU me,
ɛfiri sɛ mode mo AKOMA NYINAA BƐHWEHWE M'AKYIRI KWAN.
Jeremia 29:13

Abranteɛ bi tenaa ase wɔ abosomsomfoɔ mu, na kenkan nnwoma faa Jewfoɔ nyamesom ho, ne Kristofoɔ ne Muslimfoɔ ho. Na woannya nteaseɛ biara wɔ nsonsonoeɛ a ɛwɔ mu ne won ntam nti obisaa ne ho mpen bebree sɛ: "So Onyankopɔn yɛ baako anaa miensa, anaa miensa a ɛwɔ ade koro mu? Ɛmu dea ɛwɔ hen na ɛyɛ papa? Na nokwarɛ paa no nso wɔ hen?" Na nadwene mu yɛɛ no kesenee na ɔtiemu wɔ nadwendwen ahometeɛ mu, na ɔbɔɔ mpaeɛ srɛɛ ɔsoro sɛ: "O Onyankopɔn! sɛ wowɔ hɔ a, mesrɛ wo yi wo ho adi kyerɛ me! Mepɛsɛ mehunu wo yiye na mene wo tena na wode me asie wo tumi no mu. Mentumi mbɔ mebra wɔ mbre a wonka me ho bio!"

Na Onyankopɔn tiee nakoma mu sufrɛ. Na mbre tiaa bi akyiri no a abranteɛ no firii nadwuma mu rekɔ fie no, ohunuu nnwoma ketewaa bi a ɛda fam na ɔfaa nnwoma no kenkanee a ɛse: "Sɛ wopɛ sɛ wohunu Onyankopɔn yiye paa a, twerew kɔ nnwoma beaɛ yi ' Mbrante Kuo Bea'. na yɛbɛ berɛ wo Twere Kronkron nkyerɛkyerɛ mu a worentua hwee." Na abranteɛ yi twereɛ nnwoma kɔeɛ ntɛmso na won nso brɛɛ no twere kronkron mu sua nnwoma bebree. Na obuee nnoɔma no mu no, anigyie mmborosoɔ maa no suiɛ, ɛfirisɛ ɔtee aseɛ sɛ ɔteasefoɔ Onyankopɔn ɛtie ne mpaebɔ. Na osuaa Twerɛ Kronkron no yiye paa, na ankyɛ biara na ɔbɛhunuu nokwarɛ Onyankopɔn baako pɛ no. Na ɛnam so ma nabrabɔ yinii wɔ gyidie mu ɛno nti ne kane suban ne nabrabɔ bɔne no nyinaa sesaaeɛ. Na ɔnantee kwan trenee so na ɔbɛyɛɛ Awurade akoa nokwafoɔ.

Ɔdɔfoɔ Kenkanfoɔ: bra ɔteasefoɔ Onyankopɔn nkyɛn na ɔretwen wo. na sɛ wokɔso firi Onyankopɔn nkyen kɔ akyirikyiri a, wobɛyera wɔ sum kabii mu. Ɛno nti bra wobɔfoɔ nkyen na po wiase anyame ndaadaa no nyinaa. Na mennyɛ wo ho te sɛ won. mfeɛ mpem miensa rekɔ ni no odiyifoɔ David twereɛ sɛ,

Ogyegyentwie se n'akomam sɛ: "Onyankopɔn bi nni hɔ".
Wɔasɛe, wɔn nneyɛɛ ayɛ akyiwadeɛ;
obi nni hɔ a ɔyɛ papa!
Nnwom 14:1

Mannante wɔ wiase anyame kwan so. Bɔ woho mmɔden na firi won ndaadaa nyinaa mu. Bɔ wo nkoaa wobra na twiban Onyankopɔn kanea hann no. Wo Awurade refrɛ wo wɔ nayemhyehyeɛ nne no mu sɛ,

Mo a moayɛ adwuma
abrɛ na wɔasoa mo nnesoa nyinaa,
mommra me nkyɛn, na mɛma mo ahome.
Momfa me kɔnnua nto mo ho so, na monsua me,
ɛfiri sɛ medwo na mebrɛ me ho ase akoma mu;
na mobɛnya ɔhome ama mo kra.
Na me kɔnnua yɛ mmerɛ, na m'adesoa yɛ hare.
Mateo 11:28-30

Tie Onyankopɔn frɛ no na gye no so. Susuho yiye na fri wakoma ne wopɛ mu nyinaa na bra wo Awurade nkyen bio. Bisa woho sɛ: "So mepɛ sɛ mekɔ Onyankopɔn nkyen na mede makoma nyinaa hwehwɛ no anaa?" Ɛnyɛ sɛ wobɛnya adwen papa nkoa na ɛyɛ biribi; na mmom ɛsɛ sɛ wosi woadwene pi. Sɛ ɛyɛ nokware paa sɛ wobɛhwehwɛ Onyankopɔn a, ɔno nso bɛba wo nkyen, na ɔbɛsa wo yareɛ na woagye wo nkwa koraa.

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on September 20, 2021, at 04:42 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)