Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- The Ten Commandments -- 07 Fifth Commandment: Honor Your Father and Your Mother

Previous Lesson -- Next Lesson

ASɛM TIRIE 6: MMRA NSƐM DU - Onyankopɔn Banbɔ Fasuo A Ɛkora Onipa So Firii Ahweasee Mu
Mmra Nsɛm Du a ɛwo Exodos 20 no mu Kanea a Ɛda Ɛdi Wɔ Asɛmpa Nwoma no mu

07 - Mmra Nsɛm Anum: Di Wagya Ne Wo Nna Ni



EKSODOS 20:12
"Di w'agya ne wo nna ni, nawo nda aware asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema woɔ no so."


07.1 - Abusua ye Onyankopon Akyede

Abusua yɛ adehye fapem kɛseɛ a aboaboa Nnipa ano akɔ Paradise. Na Onyankopɔn Onipa, Ɔbarima ne Ɔbaa, sɛ wonsɛ nannuoyam ne ne dɔ, na wonwo nhyɛ asaase so ma, na wonni asaase so. Ne saa nti, abusua ne adeɛ nyinaa nkwa tiri ne abɔdeɛ nyinaa fapem. Na ɔma banbɔ, nhwɛsopa ne ahodasoɔ, na abusua yɛ de a ɛyɛden sene nnoɔma nyinaa ne nsusuiɛ nyinaa.

Ɔsom ahorow nyinaa kyerekyerɛ sɛ yɛbɛdi yɛn awofoɔ nyinaa nni. Na ɛyɛ amanmere sɛ abofra biara de obuo ma nawofoɔ. Wɔ ɛndɛ wiase nsusuɛ ne adwen a ɛnyɛ Onyanyakopɔn kwan so, redi hene yi, na mpo ɛka awofoɔ nteteɛ hyɛ, ma awofoɔ bebree nso ntumi mmɔ won mma so, saa nnoɔma yi nyinaa tia Ɔboadeɛ no, ne Abɔdeɛ nso, na saa abrabɔ hunu yi ne adwene nsusuiɛ yi ama Nnipa bebree brabɔ asɛe. Onyankopɔn de Mmra Asɛm a ɛtɔso num no bɔ Abusua ho ban. Na ɛyɛ sɛ yɛbɛda Onyankopɔn ase wɔ Abusua nhyehyeɛ a ɔde sii hɔ, maa Nnipa, ɛmu ahintasɛm ne ɔdɔ nkyekyereeɛ ne ahodasoɔ a ɛwɔ mu.

Wɔ Mmra Asɛm a ɛtɔso num no, Onyankopɔn annhye yɛn sɛ yɛamfa obuo mma yɛn Agya nkoaa sɛ abusua ne ti, ne ɔhwefoɔ, na mmom yɛn nnanom nso, ne mmaa nyinaa. Te sɛ Agya noa no, saa ara na ɛnna nso Onyankopɔn afrɛ no sɛ ɔnsɛ nannuoyam no bi wɔ nabrabɔ mu, na wayɛ ɔboafoɔ wɔ Abusua no abrabɔ dwumadie nyinaa mu, aka Ɔbarima no ho. Nti ɛnyɛ wawa sɛ Apam dada ne Apam foforo no nyinaa, hyɛ sɛ yɛamfa obuo ne nidie mma yɛn awofoɔ, Agya ne ɛnna.

Ahyedeɛ a ɛhyɛ yɛn sɛ yɛn nkora Abusua so yiye, na ɛnsom yɛn bo, no yɛ abɔsuo nhyehyeɛ. Na mpo wɔ ɛmboa mu no, nketewa no di wɔn maame nom akyi daa, na nnomaa nyinaa nso hwɛ wɔn mmofra so yiye. Na wɔma wɔn aduane kosi sɛ nnomaa nketewaa no bɛtumi ɛyini ahwɛ wɔn ho. Na Ɔbɔadeɛ no de awosuo nkutahodie nhyehyeɛ atɔtɔ nakwan mu pɛpɛɛpɛ a ɛkyekyere obiara, na obiara ntumi mbɔ ntra na ɔnkɔ kwa a asotwe nni mu. Nanso ɛndɛ, asoɔden ne atua tew, ama mmofra akoma ayɛ den. na wɔ ka sɛ, "Ɛntie wawofoɔ, na ɛmbre wo ho ase mma won. na mmom dwene wo ho, yɛ nea wo pɛ, na ma wani nyɛ den, atutrasɛm mu firi wo mmofrase" Saa mmofra no ani tra wɔn ntɔn, na wɔn ɛso yɛ den yiye, na anigyie a ɛwɔ wɔn mu no mpo kyerɛ. na wɔn akoma asɛe koraa.


07.2 - Awofoɔ afɔrebɔ

Agya ne Nna nso wo akwanya sɛ wobɛya awo ntoatoasoɔ foforo. Na abofra biara a wobɛwo no no nso yɛ awawadeɛ wɔ abɔdeɛ mu. Ɛbi koraa na Agya ne Nna anhyehyɛ ho yiye sɛ wopɛsɛ wɔwoɔ nanso na yinsen aba, na woawo abofra no. Na ne nyinaa yɛ Onyankopɔn nhyehyeɛ ma Agya ne Nna a ɛda ɛdi wɔ abɔdeɛ mu. Na Awurade nam Ɛna so, de abofra no ma won de hyɛ won annuoyam, na abofra no abɛka abusua awo ntoatoasoɔ adedie no ho bi. Nti ɛsɛ Onipa yɛ koom na ɔda Onyankopɔn anim, na ɔsom no, na ɔda no ase wɔ abofra biara a ɔbɛwo no.

Yɛn Maame nom yinsen yɛn bɔsome akron, bɛyɛ nda 275 anadwo ne awia wɔ won awodeɛ mu. Na yɛho dwoo yɛn, na ydidii nso wɔ hɔ. yɛ ne no anigyee na yɛ ne no bo fuiɛ nso, na werehow ne ne haw mu nso. Na wɔbɔ mpae mpo ma yɛn ansa na woawo yɛn. Na yɛawoɔ mu no, wɔfa osuro ne ɔyaw bebree mu.

Agya ne Maame anaa sɛ Ɛna, di yɛn akyi, ka yɛn ho daa mfeɛ bebree. Na wɔhwɛ yɛn so ma yɛyin, na wonim yɛn anigyie ne yɛn awerehoɔ mbrɛ mu. Wɔda Onyankopɔn ase sɛ ɔde yɛn maa wɔn na yɛreyini nso. Na sɛ, yɛn Awofoɔ nso te Yesu nan ase a, wɔ de yɛn hyɛ Osoro Agya no nsa, na woakyerɛkyerɛ yɛn ne Mmra Nsɛm, na won ahyɛ yɛn nkuran sɛ yɛngye Ɔbɔadeɛ no ndi wɔ yɛn akoma mu, na woayɛ yɛn guanhwɛfopa. Saa na wɔde tete yɛn, wɔ ɔdɔ mu, na daa no woahyira yɛn sene sɛnea yɛdwene mpo. Na wɔhwɛ yɛnso aeia ne anadwo. wɔma yɛn aduane ne ntadeɛ hyɛ. Na wɔde yɛn kɔ sukuul nso, na wɔwowaw yɛn wɔ yɛn nnamfo fa mu. Na sɛ yɛyare atridii a, wɔde ahopopo hwɛ yɛn ma yɛn ɛduro. Wɔ ne yɛn ani bom gye na wɔ yɛn nso, su wɔ yɛn awerehow mu.


07.3 - Abusua mu ɔhaw ahoroɔ

Ɔdɔ kɛseɛ bi da Awofoɔ ne mba ntam a ɛmu yɛ du yiye a ɛda ɛdi pɛfee. Nanso yɛnte ahodwoɔ bebree mu bio te sɛ tete no. Abofra biara nni hɔ nnɛ a ne dwo bebree saa wɔ mbrɛ yi mu, na Awofoɔ di ho fɔ bi wɔ Onyankopɔn anim. Ɛno nti Mpanin ne mbranteɛ nyinaa tease wɔ Onyankopɔn adom bi nti ara kwa, na nahunummɔboro no, na daa nyinaa ɔde yɛn bɔne kye yɛn. Asomdwee rentumi ntra abusua mu wɔ mbrɛ a bɔne fakye boasetɔ nni mu. Na nkabom ne asomdwee nso retumi ngyina wɔ Abusua mu, wɔ mbrɛ a obi nnhuu ne mfomsoɔ na ɔnsrɛɛ bɔne fakye na onnuu ne ho. Nti Nhyira ne mmofra a wɔn Awofoɔ tete won na wɔkyere won ɔdɔ ne bɔne fakye.

Na ɛnyɛ Awofoɔ nkoaa na ɛbɛtumi atete mmofra wɔ ɔkwan pa ne gyidie so, ɛfisɛ Onyankopɔn Ba Yesu hyɛɛ sɛ, wonfa mmofra no nyinaa mbra ne nkyen na onhyira won. Ɛno nti ɛyɛ Awofo asɛdeɛ sɛ wɔ kyerekyerɛ mmofra no Awurade kwan ne nahobreaseɛ wura mmofra no mu, na wɔ kyerekyerɛ won Awurade Mmra, ne ne bɔhyɛ akɛseɛ a ɔwɔ ma won wɔ brabɔ mu de hyɛ won akoma mu. Agyanom ne Ɛnnanom wɔ asodie sɛ wɔ ma mmofra nya no Honhom mu nimdeɛ, na mmom ɛsɛ sɛ Awofoɔ wo hunu sɛ wontumi mfa wɔn gyidie nhye mmofra no so sɛ wɔgye ntum ɔhyeso sɛ mmofra no woyini a. Ɛsɛ sɛ abofra biara fa ni gyidie pɛ kwanso, sɛ ɔwɔ Onyankopɔn afa anaa onni, na mmo Awofoɔ nkyerɛ won kwan. Nanso nyinaa mu no, ɛyɛ sɛ abofra no bɛhunu sɛ nawofoɔ nhyira wɔ hɔ ma no awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.

Ɛnsɛ Awofoɔ tete won mba sɛe won na wɔbɛyɛ anihafoɔ. Nanso ɛnsɛ sɛ Awofoɔ nso de nnoɔma a ɛyɛ den ma mmofra sɛ wɔnyɛ a ɛboro won ahofden so. Ɛyɛ sɛ wɔne abofra bɛdi no sɛ abofra! na woama no sukuul nteteɛ nyinaa a ɛhohia nso wɔ abofra no nteteɛ mu. Na ɛho hia yiye paa sɛ wɔde Onyankopɔn suro ne ɔdɔ ma ne bɔfoɔ bɛ wura nakoma mu, na nadwene mu ayɛ duru, na woaya subanpa, nokwaredie, nsiyɔ ne ahoteɛ. Na ɛho hia nso sɛ Awofoɔ bɛya mbrɛ ama won mba, na woatie wɔn haw ne nnoɔma a wonteaseɛ. Ma Awofoɔ mbɔ mpaeɛ daa ne daa mma won mba sɛ wobɛya Awurade mu Awofoforo, na wɔ ne Yesu bɛtena daa.

Mmofra bɛtumi ne won Awofoɔ anya ano yiyi, sɛ woduruu wɔn mpanin mfeɛ so a. Saa gyinabea yi, wode won ho wɔ abrabɔ mu a ɛnsɛ sɛ Awofoɔ hye wɔn so bebree. Na sɛ Awofoɔ no de abofra no hyɛɛ Onyankopɔn baasa koro no nsa mmofrabre mu a, saa brɛ a woayin no, wɔ ne wo bɛnante wɔ boasetɔ mu wɔ mbre bɔne mu mfeɛ bebree a wompaaba. Na mbranteɛ nso, ɛsɛ sɛ wosua adeɛ bebree abɛɛfo kwanso, na wɔfa nnamfo papa, na wɔhwɛ oyikyerɛ foni papa, na wɔde won ho bata Kristo mu mbranteɛ kuo, ne Kyerew Kronkron akenkan ne ne sua. Awofoɔ nhwɛ na woamfa wɔn atetesɛm anhyɛ mmofra abrabɔ so, ɛfisɛ ɛde akoma pirim ne atua teɛ ba mmofra akoma mu, na ɛma won akoma yɛ den.

Sɛ Awofoɔ, ɛsɛ sɛ yɛkae Yesu kɔkɔbɔ; na obiara a ɔbɛto nkumaa a wɔgye me die yi mu baako suntidua no, ɛyɛ ma no sɛ wɔde awiyammoɔ sɛne ne kɔn, na wɔkɔtɔ no asukɔ wɔ ɛpo bunu mu. (Mateo 18:6). "Sɛ worema obi ayɛ bɔne" no, nkyerɛ sɛ wone ne Nnipa no nyɛ adwene anaa worehyɛ no abufuo nkoa o, na mmo sɛ wokyerɛ wɔn atoro, korɔno, anaa ade biara ɛkɔ bɔne mu, na wombɔ abofrab no kɔkɔ no, yɛ bɔne. Nteteɛpa a ɛkura nhyira ma abofra ne sɛ, wɔbɛkyerɛ no sɛnea ɔbɛdɔ Awurade na woasuro no.

Wɔ Ɛndɛ yɛ Wiase bɔne yiye, abɛɛfo ne abɔdeɛ mu nhwehwɛmu adɔɔso bebree yi, ɛbɛkame ayɛ Awofoɔ "Akeakyi" wɔ abɛɛfo nimdiɛ mu wɔ ndɛ mba mu. wɔ aman bebree mu no Agya ne Nna nyinaa ntumi nkenkan na wontumi nkyerew nso. Na ɛnsɛ sɛ ɛno nso ma abofra kwan sɛ ɔnyɛ ahomasoɔ wɔ na wofoɔ so. Sɛ obi tumi kenkan na otumi kyerew nso a, ɛno nkyere sɛ ɔyɛ onyansafoɔ anaa sɛ osombɔ sene obiara. Adesua mmoroso ntumi ma obi nndi mu anaa Kronkron suani nko. Na Awofoɔ tumi ngyina adesua mmoroso anaa sikaa dodoɔ a wɔwo so. Na mmom Awofoɔ tumi no gyina Onyankopɔn pɛ so, ne senea wode mpaebɔ di ma won mba wɔ Adom Ahengua no anim daa. Na Onyankopɔn Agyayɛ tumi no nso de ayemhyehye ne ɔdɔ nso awura Awofoɔ akoma mu, ama aba teteɛ. Kristo aforebɔ Honhom no abɔ awura Awofoɔ ne won mba nyinaa ma wotumi de ɔpɛpa som, de won ho bɔ aforeɛ ma won mba, na saa ara nso na mmofra no, nso de won ho bɔ aforeɛ ma won Awofoɔ.


07.4 - Sɛ yɛbɛdi Mmra Nsɛm a ɛtɔso num no so

Mmofra bɛyɛden na woadi won Awofoɔ ni? Yɛn adwen ne yɛn nyansa ma yɛn ho kwan sɛ yɛ bɛdɔ yɛn Awofoɔ, na yɛde obuo nyinaa bɛma won ɛfisɛ won ne adeɛ a ɛsombɔ kɛseɛ ne nea yɛwɔ nyinaa wɔ asaase so. Na yɛwɔ awerehyɛm ne osetie, na yɛpa yɛn ho akyi, na yɛya adwenemu tew nso. Ɛnsɛ sɛ abofra tene nsa wɔ ne Papa anaa ne Maame so, wo biara mu. Na ɛnsɛ abofra nso nani anaa ne ho, to abusua so nkoaa, na mmom ɛsɛ sɛ ɔde ne nyinaa to Awurade nkoaa so. Yesu kyerɛɛ senea Abusua yɛ nhyira, na ɔkae sɛ: Sɛdeɛ Onipa Ba no amma sɛ wɔnsom no, na mmom ɔbɛsomee, na ɔde ne kra bɛyɛɛ agyedeɛ maa nnipa pii ne no. (Mateo 20:28). Na Onyankopɔn Ba hyɛɛ Awofoɔ ne won mmofra sɛ wobɛhwe saa nhyehyeɛ yi wɔ won abrabɔ mu daa wɔ abusua no mu.

So mba asɛdeɛ ma Awofoɔ to twa, sɛ won nso nya abusua pɛ a? daabida! Sɛ Awofoɔ yini bɔ nkwakora ne mmerewa a won ayɛ mmere wɔ adwen ne nipadua mu, na ɛsɛ sɛ won mba no yem hyehye won ma won Awofoɔ, na wɔhwɛ won yiye paa. Mba barima ne Mba baa nso wo asodie sɛ wode won adaagyeɛ bɛma won Awofoɔ ahwɛ won yiye senea Awofoɔ nso bɔɔ aforeɛ hwɛɛ won mmofra bre mu no ara. Na obiara ntumi nhwɛ woawofoɔ yiye paa sɛ mba, sɛ wode sika bɛtua obi ka, anaa aban mu ahomegye fie a wohwɛ mpanin.

Mmra Nsɛm a ɛtɔso num no, yɛ Mmra a ɛkuta bɔhyɛ nhyira kɛseɛ a ɛdikan, a ɔkaa ho nhyirasɛm fa Agyanom ho, ma mba. Obiara a ɔde si nani so sɛ ɔbɛhwɛ nawofoɔ yiye no, Onyankopɔn de NKWA TENTEN ahyɛ no bɔ, ne nhyira a asomdwee won ama no. Sɛ yɛ de yɛn Awofoɔ nidie ma wɔn a, baabiara a Awofoɔ ne won mba bɛtenena wɔ Onyankopɔn Kwanso no, wobɛhunu Onyankopɔn bɔhyɛ mu Nhyira bebree a abamu wɔ Abusua no abrabɔ mu.

Ɛyɛ Onyankopɔn akyideɛ sɛ yɛbɛte yɛn Awofoɔ ne Ɔman mpaninfoɔ so atua. Na ndeyeɛ bi te sɛ: ɛdwoodwoo, atɛnkyea, nyatwemyɛ, ne nnaadaa nso yɛ akyiwadeɛ. Na Yesu kaa sɛ: "sɛ moyɛ maa me nuanom nketewa yi mu baako yi, moyɛ maa me". (Mateo 25:40) Wokae Absalom awerehow asɛm no, bre a ɔtew ne Papa David so atua no? ɛdannee no owuo wɔ natuatew no mu. 1Samuel 15:1-12, 18: 1-18).

Eksodos 21:15-17 "kaeɛ sɛ, Deɛ ɔbɔ n'agya anaa ne nna no, kum na wɔnku no. Deɛ ɔwia onipa tɔn no anaasɛ wɔhu no ne nsam no, kum na wɔnku no. Deɛ ɔdome n'agya anaa ne na no, kum na wɔnku no". Na (Mmebusɛm 20:20) nso kaeɛ sɛ: "Deɛ ɔdome n'agya ne ne nna no, ne kanea bɛdum esum kabii mu". Deuteronomium 21:18-21 se: "Sɛ obi wɔ ɔba ɔsoɔdenfoɔ ne otuatefoɔ a ɔntie n'agya ne ne na asɛm, na wɔtea no na ɔntie wɔn a, ɛnneɛ n'agya ne ne nna nkye no mfa no mfiri adi nkɔ ne kurom mpanimfoɔ nkyɛn wɔ kuro no pono ano, na wɔnka nkyerɛ ne kuro no mu mpanimfoɔ no sɛ: Yɛn ba yi yɛ ɔsoɔdenfoɔ ne otuatefoɔ, ɔntie yɛn asɛm, ɔyɛ ohohwini ne nsabofoɔ. Na kuro hɔ Nnipa nyinaa nsi no aboɔ nkum no..." Na obiara a ɔtew atua na ɔyɛ asoɔden tia nawofoɔ no, bɛyɛ adesoa ma ɔman mu no nyinaa. Ɔman nkɔsoɔ ne na somdwee no bebree no bɛgyina mmofra ositie ne won asoɔmmere so wɔ ɔman mu bɛsi ndɛ!

Onyankopɔn nnkasa nkyerɛ mmofra nkoaa, na mmom ɔkasa kyerɛ Awofoɔ nso. Ɛnsɛ sɛ "woteetee mmofra" ɛfisɛ mmomfra yɛ Onyankopɔn akyedeɛ. Na aha Yesu bɔhyɛ no aba mu wɔ kwan ahorow so. "sɛ moyɛ maa me nuanom nketewa yi mu baako yi, moyɛ maa me" (Mateo 25:40). Na Ɔsomafo Paulo nso kaeɛ bɔɔ kɔkɔ sɛ ma yɛn teetee mmofra, na ɛmfa adwendwen adesoa nto won so. (Efesofo 6:4; Kolosefo 3:21). Ɛnsɛ sɛ Awofoɔ poopoo wɔn ani kyerɛ mmofra bebree, na ɛsɛ sɛ wɔn ani da hɔ. Na mma Awofoɔ nnyɛ atirimmɔdenfoɔ wɔ mmofra so. Na ɛsɛ sɛ wohunu sɛ won suban biara a woyi no adi kyerɛ mmofra no, wɔ nsunsuansoɔ wɔ mmofra no abrabɔ su mu. Nanso bɔne ne mmereyɛ nsunsuansoɔ wɔ abrabɔ mu no, mma yɛn ho kwan wɔ yɛn Awofoɔ bɔne ntena hɔ, na mmom ɛsɛ sɛ Awofoɔ sua subanpa. Saa Awofoɔ Subanpa yi, kyerɛ won mmofra kwan, na ɛsow ɔdwoɔ Honhom aba a ɛkyerɛ won mba kwan kɔ suban papa mu. Ɛno nti Awofoɔ ne won mba, mbɔ mpaeɛ na Yesu mfa adwen sakyera ne adwen foforoyɛ mbrɛ obiara wɔ abusua no mu.


07.5 - Won a woasakyera afiri Isam mu ne won Awofoɔ ntam

Kwan baako pɛ so na ɛsɛ sɛ mmofra gyina so de tew atua tia won Awofoɔ, Ɛne sɛ Awofoɔ bɛtu won fo sɛ wonko ntia Onyankopɔ apɛdeɛ. Kyerew Kronkron no ka no pɛfee sɛ; "Ɛsɛ sɛ yɛtie Onyankopɔn mmom sene Onipa" (Asomafo 5:29). Ɛndɛ Wiase yi, Islamic ne Jewfoɔ amanmu no, mmofra bebree ndi won Agyanom gyidie akyi bio, Ɛfisɛ bebree no ara ahyia Awurade Yesu Kristo no, afa no ayɛ won Awurade ne won agyenka. Na ɛma bebree no fa ɔyaw mu, sɛ wɔkae wɔn akyiri a, ɛfisɛ won ahu Honhon mu ne adwene mu ɔgyeɛ nsesaeɛ kɛseɛ, na Onyankopɔn ahwie ne dɔ agu wɔn akoma mu wɔ Honhom Kronkron tumi mu. Na eyi mmom boa won ma wɔdɔ won Awofoɔ yiye paa sene won kane no. Na ɛdu saa gyinabea yi a, wohia nyansa soronko, na won atumi ɛyi abrabɔ pa ɛdi akerɛ sene sɛ wɔde wɔn ano bɛka won gyidie ho asɛm kɛkɛ. Boasetɔ ho hia yiye, Na ɛsɛ sɛ mmofra nso bɔ mpaeɛ yiye ma won Awofoɔ a wongye Kristo nndi sɛɛ ɛbɛyɛ na Awurade nam nadom so bɛgye won nso. Na ɛsɛ sɛ wɔtaa kɔsra won nso mbrɛ biara wobɛtumi, na obiara nni hɔ a ɔdɔ yɛn sene yɛn Awofo.

Na sɛ Awɔfoɔ de ɔtaa ne ateetee resi Yesu Honhom kwan, na wɔ hyɛ won mba no sɛ won po Kristo nkwagyeɛ mu gyidie, na wɔtaa won sɛ wobɛkum won sɛnea Islamic nkyerɛkyerɛ Sharia teɛ no a, na ɛho hia wɔbɛte won ho afiri won Awofoɔ ho. Na honhom a ɛko tia Kristo no, yɛ honhom ɛsɛ sɛ yɛbu no atɛn na yɛ po no koraa. Nanso yɛn Awofoɔ no ankasa deɛ, ɛsɛ sɛ yɛ de ɔdɔ a ɛto ntwa da no dɔ wɔn. Na Yesu kae sɛ: "Deɛ ɔpɛ agya anaa ɛna kyɛne me no, ɔmfata me; na deɛ ɔpɛ ɔbabarima anaa ɔbabaa kyɛne me no, ɔmfata me" (Mateo 10:37). Na sɛ Awofoɔ nnyɛ atreneefo, na won tirim yɛ den, wɔ won mmofra so wɔ Ɔsom ho nti a, na efei wɔde adwendwen, amanmere nkyekyereɛ, ne sika tumi, adanne won mba anaa wɔde saa nnoɔma yi ayɛ afirie ama won mba no gyinaɛ. Ɛno nti na Yesu hyɛɛ yɛn sɛ yɛnfiri yɛn Abusuafoɔ nyinaa a wɔbɛyɛ akwansideɛ ama Asɛmpa no, anyɛ saa a wɔbɛyi yɛn afiri gyidie no ho. Na baabi deɛ, ɛho bɛhia paa sɛ ogyidini bɛtwe ne ho afiri Awofoɔ ho koraa kosi mbrɛbi, ɛsane Asɛmpa no ne ahofama de ma Yesu. Sɛ saa si a ɛhaa Awofoɔ ne mba nyinaa yiye, nanso Onyankopɔn dɔ so_ sene atenka a yɛwɔ ma adɔfoɔ nyinaa wɔ wiase.

Agyidifoɔ a ɛwɔ Nsɔrensɔre nyinaa mu no, wɔafrɛ yɛn sɛ yɛn nsɔre mboa ahiafoɔ a woabɛgye Yesu adi no ntɛmso, na yɛamfa wɔn nyɛ anuanom barima ne mbaa, Agyanom ne Ɛnnanom. Na yɛbɛtumi aboa won wɔ kwan ahorow bi so te sɛ Adesua nteteɛ mu, na yɛaboa bi nso wɔ awareɛ kwanso. sɛnea Awofoɔ dɔ to nwa da no, saa ara na ɛsɛ sɛ Asɔre no nso nya ɔdɔ a ɛto ntwa da ma asafo mba no, mpo sɛ obi fom wɔ Asafoɔ no mu a. Ɛsɛ sɛ Kristo dɔ ne ne boasetɔ yɛ nhwesoɔ ma yɛn wɔ obiara a wɔabɛgye Kristo ɛdi, na woaba Asafo no mu no.


07.6 - Ewieɛ

ɔdɔ a ɛwɔ Abusua mu no; ɛsɛ sɛ ɛne Onyankopɔn dɔ no sɛ. Tete Onyankopɔn no; ɔyɛ yɛn Agya; na woafrɛ yen sɛ yɛambra nabusua mu daa ne daa a ɛnni ɛwieɛ wɔ Yesu Kristo mu. Na ɔde ne Ba Yesu mmogya no atew yɛn ho; na ɔne yɛn anya daa ayɔnkofa a ɔhyɛ yɛn den wɔ Honhon Kronkron tumi mu. Sɛ mpo yɛhwere yɛn Awofoɔ wɔ akwanhia mu anaa ahaw kɛseɛ bi mu a; ɛnsɛ sɛ yɛsuro; na mmom yɛne David bɛyɛ adwene sɛ; "Na me nna ne Ma'Agya paa me no, Awurade soo me mu" (Nnwom 27:10). Nnipa nyinaa dɔ wɔ ɛwieɛ, nanso yɛn Onyankopɔn de ɔdɔ a ɛnni kabea gye yɛn, na oso yɛn mu wɔ ne nsa a atene mu yɛ yɛn atuu. ɔyeraba no ho asɛm a wɔ kyerew Kronkron no mu no kyerɛ yɛn sɛnea Agya no gyee ɔy eraba a ɔsakyera ba ne kyen ne ɔkwan a nahunu mmɔboro ne ne dɔ yɛɛ adwuma ma nea woagye no no. Agya dɔɔ ne mba no nyinaa, na ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛka won nyinaa abom. Na yɛn nso sɛ yɛne Onyankopɔ Agya no nya ayɔnkofa a; ɛno ne yɛasomdwee ne yɛahodasoɔ fapem wɔ yɛn abrabɔ mu. Onyankopɔn ama yɛn akwanya sɛ yɛne ahotewfoɔ mbomu nsom wɔ ayɔnkofamu wɔ asaase yi so. Nti ɛsɛ sɛ yɛda yɛn Agya a ɔwɔ Soro no ase yiye sɛ woama yɛn Abusua wɔ asaase yi so; na woafrɛ yɛn nso sɛ yɛnbɛka Soro Abusuakuw dɔm no ho.

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on January 31, 2022, at 06:51 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)