Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- The Ten Commandments -- 08 Sixth Commandment: Do Not Murder

Previous Lesson -- Next Lesson

ASɛM TIRIE 6: MMRA NSƐM DU - Onyankopɔn Banbɔ Fasuo A Ɛkora Onipa So Firii Ahweasee Mu
Mmra Nsɛm Du a ɛwo Exodos 20 no mu Kanea a Ɛda Ɛdi Wɔ Asɛmpa Nwoma no mu

08 - Mmra Nsɛm A Ɛtɔso Nsia: Nni Awu



EKSODOS 20:13
Nni awu.


08.1 - Awawadeɛ A Ɛyɛ Nokwarɛ

Onipa a Ɔbaa di kan woo no wɔ assase so, na N'agya dɔɔ no paa no, kum ne nua. Na Kyerewsɛm no yi na mumuyɛ no adi, ne onipa akoma aporɔeɛ ne sɛe a agye hini. Na Nnipa nyinaa wɔ amumuyɛ suban bi wɔ won mu wɔ abrabɔ yi mu. Na ɛfiri Adam mbrɛ so, na Onipa ne Onyankopɔn ntam teteeɛ, na Onipa faa ɔnoaa ankasa akondɔ kwanso firii Onyabkopɔn ho. Na Onipa dwene wɔ nakoma mu sɛ ɔnoaa de ne ho, wɔ nabrabɔ mu. Sɛ obi wɔ annuoyam, anaasɛ obi ho yɛden, anaa ɔyɛ Onyansafo, anaa sɛ ɔwɔ ahoɔfe sene ne nua a, na Onipa ɛnya anibere ne ɔtan kɛse ama saa Onipa ko no. Na obiara pɛ sɛ ɔyɛ kɛse boro ne nuanom so, na ne nuanom som no. Nanso ahantan ne ahomasoɔ di ɔseɛ anim.

Yesu frɛ ɔbonsam sɛ "owudifoɔ firi ahyeaseɛ" ɛfisɛ ɔno na ɔtetee Onipa ne Onyankopɔn ntam. Na firii saa mbrɛ no bɛsi nnɛ, owuo dii hene wɔ Onipa so, ɛfisɛ "bɔne akatua yɛ owuo" Nanso Onyankopɔn nam ne dɔ ne nokwaredie so abue kwan foforo ama. Na obi a ɔbɛfa saa akwanya yi so, bɛya ne nkwagyeɛ no, na woaya adwene foforoyɛ, na ɔde Onyankopɔn bɛsi nani so wɔ nabrabɔ mu no, bɛya daa nkwa a ɛnni ɛwieɛ. Na saa anamon tuo yi nso bɛma no bɔtaeɛ ne anidasoɔ wɔ nabrabɔ nyinaa mu.

Onipa wɔ adwene ne nsusuyeɛ bebree a ɔde kum Nnipa. Na Yesu kae sɛ awudie nyinaa firi Onipa adwene ne ne nsusuiyɛ a ɛfiri nkoma mu na ɛba. (Mateo 15:19). Nanso wɔ ne Kronkronyɛ mu no, Onyankopɔn sii Onipa adwene ne ne nsusuiyɛ ho kwan, sɛ obɛtumi ayɛ nea woasusu no, na ɔhyɛɛ Onipa sɛ, "Nni Awu". Ɛno nti awudie nyinaa, mpo sɛ obi sen ne ho akonfo a, ne nyinaa tia Onayankopɔn bɛ, na ohu no sɛ asoɔden atuateɛ a ɛtia Onyankopɔn. Ne saa nti sɛ obi ne ne nua andi no yiye a, na woahwɛ nea ɔkɔm de no, na bio, sɛ woambɔ ne nua kɔkɔ anfiri ahaw kɛse bi a ɔbɛtom anaa ɛda nanim ho a, saa bɔne yi nyinaa te sɛ awudie. Na sɛ obi pira ne nua, anaa sɛ, ɔde awuduro gu nenua aduane mu, anaa ɔbɔ awudifoɔ paa sɛ wonkum obi a, ɔno ara nso ne awudifoɔ nyinaa bɛgyina Onyankopɔn atɛnmuo akondwa anim wɔ atɛnmu da. Na mpo sɛ obi anhyɛda na opira ne nua kum no a, ɔyɛ owudifoɔ sɛ nea Kyerew Kronkron no ka no, (Romanfo 13:1-18). Onyankopɔn bɛbisa onua biara ɛfiri onua nkyen, a yɛntumi anka sɛnea Kain kaeɛ no sɛ, me ne menua hyesofo?


08.2 - Asotwe Ne Aweretɔ

Akatua a ɛda hɔ wɔ Apam dada no mu ma Obiara a okum Onipa ne owuo. (Eksodos 21:12,14,18). Na ɛndɛ Nnipa bebree de wɔn ho kɔhyɛ apomuden asiakyibaa mu. Abusua mu ntawantwa ne mogya hwiegu nti; ɛma Nnipa pii kɔ bɔ wɔn ho ban wɔ nsiakyibaa mu. Na Mmra no a ɛka sɛ; Sɛ obi tu obi ani a, ɔno nso wontu nani bi no; saa Mmra yi gyina amumuyɛ no kɛseyɛ sɛnea ɛteɛ. Na sɛ ɛba sɛ obi kum ɔhene anaa Abusua panin bi a; ne bɔne akatua yɛ kɛseɛ yiye paa. Lamech hyɛɛ sɛ wonkum Nnipa kuo 77 bi ɛfisɛ won na wokum no. (Genesis 4:23-24). Na Abusua kuo ahorow bi de Lamech ahwɛdeɛ yi ayɛ amanmmere; nti obiara a obɛkum ɔkandifoɔ bi anaa panin biara no; na katua ne owuo.

Wɔ Aman ahorrow bi so no, awudie yɛ bɔne kɛseɛ bi a nakatua no wɔmfa nkyɛ obiara; gyesɛ wokum onipa ko a ɔyɛɛ saa bɔne o nso bi. Na wɔgyedi sɛ wɔde gye a na ɛyɛ atɛn kyea. Nnipa pii nya akwanya bɔne wɔ Nnipa a won afom ayɛ bɔne na afɔbuo da won so; de yɛ won ayakayadeɛ. Na amumuyɛ ne awudie ahorrow bebree nso wɔ hɔ a; ɛde ɔtan kɛseɛ to awoɔ ntoantoasoɔ mu; na saa ɔtan yi tumi tena kyɛ yiye. Nanso nea ɛwom ne sɛ; Kristofoɔ nni saa adwenpo yi wɔ won abrabɔ mu wɔ wiase baabiara. Kristo ahwie ne mogya agu agye yɛn afiri awudie bɔne afɔbua mu deɛ; nanso wiase yi mu no; obiaa ne namammere.

Owudini biara abrabɔ nyɛ no pɛpɛɛpɛ; afisɛ da biara no, ne bɔne afɔbuo no di no nya wo nadwene mu. Na mpen bebree no; nea okum no no nso tumi yɛ adwendwen kɛseɛ wɔ owudini yi adwene mu daa; anaa mpo owufoɔ no honhom tumi tetee no wɔ adaeɛso mu. Mbrɛ bi mu; wɔ tete ɔko a ɛtɔsoɔ miennu mu no; ɔkofoni bi soo daeɛ sɛ Nnipa pii a ɔbɔɔ won tuo kum won no; nyinaa di nakyi a worepɛ no nso akum no. Na ɛbinom nso gyedie ne sɛ; sɛ wokum obi a ɛsɛ sɛ obi nso kum won bi; wɔ Muslim gyidie mu no; sɛ obi kum obi a na ɛkyɛ sɛ den mpo a ne ba panin nso bɛtumi aku no bi; anaa obiara bɛtumi aku no. Owudini ntua ka. Na ɛyɛ adekewa sɛ obi bɛtumi de ani poopoo anaa ɛhu bi ama Onipa bɔnefoɔ Owudini agyae awudie. Esɛ sɛ adwenbɔne ne nsusui bɔne nyinaa firi Nnipa akoma mu na yɛya adwenpa ne nsusuipa wɔ abrabɔ mu. Yesu nim Nnipa akoma mu nsusuiɛ nyinaa; na ɛno nti ɔde obiara bɛkɔ atɛnmuo; sɛnea ɔkaeɛ sɛ; "Obiara nyɛ papa gyesɛ obaakopɛ, ɔne Onankopɔn". Mateo 19:17: Marko 10;18; Luka 18:19). Nanso ɔsoaa yɛn bɔne nyinaa yɛn bɔne awudie nyinaa; na ɔde ne Honhom pa ahyɛ yɛn akoma mu; a ɛbɛtumi ɛyi yɛn adwen bɔne na ama yɛn adwene foforoyɛ ma. Yesu ma yɛn akoma foforo ne Honhom pa; na woama yayɛ agyidifoɔ a yɛtumi di nahyɛdeɛ nyinaa so; na yɛadɔ yɛn atanfoɔ.


08.3 - Kristofoɔ Adwenkyerɛ Fa Awudie Ne Nkabom Ho

Wɔ Yesu nkyerekyere wɔ bepɔ no so no, amaa yɛhunuu sɛ, sɛ obi kum obi a, ɛnyɛ ɛno nko ara ne bɔne, na mmom sɛ obi twa nkontonmpo to obi so nso a, ɛno nso te sɛ honhom mu awudie. Na saa bɔne no tumi yɛ adwuma haw Onipa sene awuduro. Bɔne ahorrow bi te sɛ, nkontonmpo, atorɔ, atetee, akoma sɛeɛ, ndome ne nduabɔ, ɔtan ne pɛsɛmenkomiya, saa bɔne yi nyinaa yɛ bɔne a ɛkum Nnipa wɔ honhom mu. Na ɛdikan sɛe Nnipa a won ndwuma te saa no, na ɛfei nso ɛde akoma sɛeɛ nso brɛ Onipa a saa nsɛm yi tia no no. Na Yesu kaeɛ sɛ; Na me deɛ, mese mo sɛ, obiara a ne bo fu ne nua no bɛdi atemmuo mu fɔ; na obiara a ɔbɛse ne nua sɛ: Raka no bɛdi fɔ mpanimfoɔ atitire no asɛnniiɛ. Na obiara a ɔbɛka sɛ: ɔkwasea! no bɛdi fɔ akɔ ogya amanehunu kurom. (Mateo 5:22). Na Yesu nkyerekyerɛ yi, ma obiara di fɔ wɔ atɛnmuo mu, ɛfa adwene bɔne ne akoma mu awudisɛm honhom, a ne nyinaa ɛwieɛ ne atɛnmu gyamu.

Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa sakyera yɛn adwene, na yɛgye tum sɛ yɛn adwen ne yɛn nsusuiɛ nyinaa yɛ awudie wɔ adwene ne akoma nu. Abufoɔ, anibere, ne ɔtan ne amfa annkyɛ honhom, amumuyɛ ne atirimmɔdensɛm nyinaa yɛ adwene mu nneyɔeɛ a ɛyɛ adwuma wɔ Mpaninfoɔ ne mmofra nyinaa mu. Ɛno nti na Ɔsomafo Yohanne kae sɛ; Obiara a ɔtan ne nua no yɛ owudifoɔ (Yohanne 3:15). Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛakwan yiye, na yɛhwehwɛ yɛn mu nso yiye sɛ yɛwɔ ɔtan bi wɔ yɛn mu tia yɛn nua bi a, na yɛ srɛ Onyankopɔn adom de di yɛn tan akoma so koraa. Anyɛ saa a, saa adwen bɔne yi bɛnya nhini wɔ yɛn akoma mu na asɛe yɛn abrabɔ pa no. Yesu hwehwɛ sɛ, obiara a ɔbɔ Ewurade mpaebɔ no, de onua bɔne nyinaa bɛgye no koraa sɛnea Onyankopɔn nso de ne bɔne nyinaa agye no no. Onyankopɔn hwehwɛ sɛ yɛde obiara bɔne bɛkyɛ no. Sɛ yɛya ɔpɛpa sɛ yɛde bɔne bɛgye a, ɛbɛboa yɛn ama yɛatumi de bɔne biara akyɛ, ne yɛn atanfo nso. Wobɛtumi de woatanfoɔ bɔne nyinaa akyɛ wɔn nanso wowere remfi bɔne a wode yɛɛ wo no nyinaa da. Nanso hwɛ yiye! ɛfisɛ yɛn ankasa mpo dabiara no, yɛsrɛ sɛ Onyankopɔn mmfa yɛn bɔne nyinaa nkyɛ yɛn, na mmom mma ne were mmfi yɛn bɔne no. "Na yɛbɛtumi nso aka sɛ me de madamfo bɔne bɛkyɛ no na mewere nso afi nea ɔde ayɛ me nyinaa nso, nanso merenkɔ ne hɔ da, anaa mempɛ sɛ mehu no bio". So wopɛsɛ wo nso woba Onyankopɔn nkyen anaa, nanso wompɛ sɛ wobɛhu Onyankopɔn anaa wobɛhyia no koraa? So wopɛsɛ Onyankopɔn nso ne wo di te sɛnea wo ne wo tanfoɔ no di no no anaa?

Yesu kyerɛɛ yɛn kwan baako a ɛbɛtumi de asomdwee abrɛ yɛn, na ɔkae sɛ: "Na me deɛ, mese mo sɛ monnɔ mo atamfoɔ, na mommɔ mpaeɛ mma wɔn a wɔtaa mo no; na moayɛ mo Agya a ɔwɔ soro no mma; ɛfiri sɛ ɔma ne wia pue nnipa bɔne ne nnipa pa so, na ɔtɔ nsuo gu wɔn a wɔtene ne wɔn a wɔntene so". (Mateo 5:44-45). Yɛn tumi nndi ɔtan so agyesɛ Onyankopɔn tumi dɔ no fa yɛn akoma domum wɔ agyedifoɔ mu. Ɛno nti na Yesu bɔɔ yɛn kɔkɔ sɛ: Na sɛ moamfa nnipa mfomsoɔ ankyɛ wɔn a, mo Agya no nso remfa mo mfomsoɔ nkyɛ mo. (Mateo 6: 15).

Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristofoɔ de won atanfo bɔne nyinaa kyɛ wɔn, a anka ɛsɛ sɛ bɔne biara nya nakatua sɛnea ɛsɛ? Na anka saa asɛntrenee yi rendu Ɔsoro anaa? Nanso ɛyɛ nokware, Onyankopɔn tua bɔne biara so ka, sɛnea woakyerew sɛ: "sɛ mogya anhwie angu a, bɔne fafiri nni hɔ". Ɛno nti na Yesu faa yɛn bɔne nyinaa soaa yɛ no, na yɛn bɔne so asotwe nyinaa nso kɔdaa no so. Onyankopɔn asɛm sɛ: Na ɔno deɛ, yɛn mmarato nti nawɔpiraa no, yɛn amumuyɛ nti na wɔdwerɛɛ no;yɛn asomdwoeɛ ho asotwe daa ne so,na ne mmaa ntampeɛ na wɔde asa yɛn yadeɛ. (Yesaia 53:5). Yesu Onyankopɔn Ba no, faa yɛn ankorɛ ankorɛ ne fewdifoɔ, ɛne awudifoɔ nyinaa bɔne soaaɛ. Ɛno nti na yɛn nso, yɛ wɔ ho kwan sɛ yɛde obiara bɔne bɛkyɛ no, a anoyie biara nni mu. Na yɛni ho kwan sɛ yɛde atɛnmuo tua obiara bɔne so ka de hyɛ no ananmu. Na mmom wɔ Yesu amanehunu ne ne wuo mu no, woahyɛ nnoɔma nyinaa ma, ama Ɔsoro atɛn trenee. Ɔno ne yɛn asomdwee. Na obiara a ɔde ɔno ankasa ahoɔden ne ne pɛ ɛko gye natɛn trenee no, ɔno ankasa sɛe ne ho wɔ atɛnmuo mu. Ɔdɔ nkoaa ne Mmra no mahyɛ. Sɛ obi firi ɔdɔ ho a, na ɔresan akohyɛ atɛnmuo mu bio. Na ɛyɛ Yesu nkoa nso na otumi ma yɛn adwene foforo ne ɔpɛpa wɔ nakyidifoɔ mu, na yɛatumi de obiara bɔne akyɛ no sɛnea Onyankopɔn nso de yɛn bɔne gye yɛn no.


08.4 - Ɔsom A Nkranteɛ Wɔ Mu

Obiara a ɔhwehwɛ na onya Yesu mu bɔne fakyɛ adom no bi no; bɛtumi ahu nea ɛbɔ abira koraa wɔ Islam som mu; ɛfisɛ saa ɔsom yi mu deɛ wɔkyerɛkyerɛ sɛ; sɛ obi yɛwo biribi a yɛ no bi; sɛ obi hwie womogya gu a wonso hwie ne deɛ gu bi. Na wonkyerɛkyerɛ a ɛfa biribia a wɔfrɛ no ɔko kronkron; no ma wohu sɛ okum ne mogya hwiegu yɛ won honhom mu nhyehyeɛ wɔ Islamic som nhyehyeɛ kwanso. Muslim som no nhyehyeɛ ntia Nnipa kum wɔ ɔsom no kwanso. Na Muhammad kyerew wɔ Quran no mu sɛ; "momfa wɔn na munkum won wɔ baabiara a mobɛhu won no" na "ma momfa admfoɔ anaa ɔboafoɔ biara wɔ won mu". (Suras al-Nisa 4:89;91 ne al-Baqara 2:191). Na Kristo Honhom retumi nka saa nsɛm yi mfa Nipa so sɛ ɔnkyerɛkyerɛ Nnipa kwan a ɛte sɛ ɛyi; na mmom owudini a ɔwɔ hɔ firi nfiteaseɛ no honhom na ɔkasa saa nsɛm kyerɛ Onipa.

Na Muhammad kum ɔno akasa atanfoɔ nyinaa; na ɔsan kɔdom atutrafoɔ kuo bi a won dodoɔ yɛ 27. Na otuu amona kɛseɛ donkudonku bi; na obuu Jewfoɔ bi fɔ wɔ Medina wɔ ɔko kɛseɛ a wɔfrɛ Khandaq.

Na ɛfiri ɔko bi a wɔfrɛ no Badr no; Nkrammofoɔ a wokum won atanfoɔ wɔ won ɔko kronkron mu no; Muhammad de ne nsɛm yii won ayɛ sɛ; "ɛnyɛ mo na mokum won na mmom Allah na akum won. Moanto motuo wɔ bre a motooɛ no; na mmom Allah na ɛtooɛ" (Suras -al Anfal 8:17). Nanso Nkrammofoɔ wɔwɔ nimdeɛ kɛse no ngye saa nkyerɛmu yi ntum; na mmom atuatewfoɔ kuo gye tum de yɛ adwuma; na wogyina so de bu won ho bem wɔ asɛmdi bea. Muhammad adiyisɛm no ma kwan wɔ Nnipa ne mogya hwiegu biara wɔ ɔko kronkron biara mu. Na obiara ɔbɛhyere ne nkwa wɔ ɔko kronkron no mu no won gyidie ne sɛ ɔrekɔ Paradise; nanso onnim sɛ ɛyɛ osu ne asetwerɛ na ɛretwen no. Na ɛnsɛ sɛ Nkrammoni kum ne nua Nkrammoni; ɛfisɛ saa bɔne no nni bɔne fakyɛ biara wɔ Islamic Mmra mu. Na abosomsomfoɔ ne won a wonni Muslimsom mu no; woni banbɔ biara. Na Muslimfoɔ gyedie ne sɛ Nnipa kum yɛ ndwumapa a ɛwɔ akatuapa Heaven.

Wɔ Islamic Mmra mu no; won nhyehyeɛ ne won atɛnmuo nyinaa ne yɛn deɛ bɔ abira. Na mogya hwieguo so akatua ma won ne nea wɔfrɛ no al-dyia; ase ne nhyɛaananmu. Na mpo sɛ wo ne won hyɛn nya akwanhyia anaa sɛ ɔkosɛm mu mpo a; wom mmra no se; ani bɔ a; won nso bɛbɔ wani; sɛ ɛse tu a; won nso bɛtu wo se_ na saa mmra no da so yɛ adwuma wɔ aman bebree a woyɛ Islam man mu. Na wonsosɔ nnoɔma so; Islamic atɛn trenee gyina won akasa nhyehyeɛ bi so a ɛkyerɛ won sɛ; nokware ne atɛn trenee bɛyɛ adwuma a ɛrenngyina mmɔborohunu biara so. Muslimfoɔ nni ɔtam gyinafoɔ biara a ɔtesɛ Onyankopɔn aguammaa a ɔne won daa nkwa mu ɔgyeɛ apam ma won. Na wonnim biribiara a wɔfrɛ Onyankopɔn adom a ɛdi nokware so hene. Eno nti na wobu atɛn a ɛngyina adom ne mmɔborohunu so no.


08.5 - Bepɔ So Asɛmka Ne Jihad

Abrabɔ a ɛwɔ Apam dada no mu no gyina atɛn trenee so. Na Moses Mmra no fa abrabɔ mu nnoɔma nyinaa ne ade nyinaa ho, wiase nhyehyeɛ ne Ɔsom mu nhyehyeɛ. Ɛno nti na Ɔman no mpanifoɔ ahyehyɛ mmra sɛ, sɛ obi yɛ bɔne a obɛtua mpata deɛ anaa sika senea mmra no ahyɛ no. Na Ɔsom mu ɔkosɛm nso wɔ apam dada no mu, na saa ara nso na Islamic nteaseɛ ne won Amanbuo nhyehyeɛ teɛ ara no no. Na firi brɛ a Yesu kaa Asɛmpa, na ɔkyerekyereɛ sɛ, yɛn ndɔ yɛn atanfoɔ mmom no, na ɔno akasa de ne nkyerɛkyerɛ no yɛɛ adwuma no, ɛfiri saa brɛ no na Ɔsom mu akosɛm ne mogyasɛm anngyina Onyankopɔn anim bio. Saa kasa kyerɛ yi bɛyɛɛ bɔne na ɛtwe ɔsom kɔ akyiri ma no bɛyɛ sɛ amanyɔsɛm tumi. Yesu annsoma nasuafoɔ no sɛ wonkɔka Asɛmpa no wɔ nkranteɛ ne akodeɛ mu. Na mmom no ɔka kyerɛɛ Petro sɛ, kyerɛɛ no sɛ: Fa wo nkrantɛ sane hyɛ deɛ ɛhyɛ, na wɔn a wɔtwe nkrantɛ nyinaa, nkrantɛ ano na wɔbɛwuo. (Mateo 26:52). Na Yesu firii ne pɛ mu kɔɔ asɛndua no so wuiɛ, ne trenee nyinaa my no, woamfa nabɔfo dɔm no ansɛe natanfoɔ no. Kristo Honhom ne Muhammad honhom bɔ abira koraa. Yesu kaa Asɛmpa wɔ bepɔ no so sɛ: Moate sɛ wɔkaa sɛ: Ani nsi ani ananmu, na ɛse nsi ɛse ananmu. Na me deɛ, mese mo sɛ, mo ne ɔbɔnefoɔ no nnni asie, na deɛ ɔbɛpae w'aso nifa mu no, dane baako no nso ma no. (Mateo 5:38-39). Ɛno nti Yesu dii mmra dada no a ɛma Onipa kwan sɛ ɔmbɔ ne ban mfiri na atanfoɔ ho no so nkunim. Yesu mmereyɛ wo asɛndua no so wuo mu no, ne ne Honhom mu tumi a ɛno ne dɔ, gyidie, ne anidasoɔ no, yɛ nakodeɛ kɛseɛ a ɔde dii ɔbonsam so nkunim, na ɛyɛ kwan nso a ɔfaa so de hyɛɛ Onyankopɔn Mmra apɛdeɛ nyinaa nso ma.

Obi bisaa Kristoni bi asɛm hia bi a, sɛ dɛn na menyɛ, sɛ mɛdwuma ne sɛ, meyɛ Ɔsraani banbɔni a mekura ɛtuo ne abɛɛfo akodeɛ, na ɛbia makɔ ɔko? sɛ Ogyidini a meyɛ Ɔsraani wɔ me man kɛseɛ mu, na makɔ ɔko wɔ Ɔman a ɛnyɛ Kristofoɔ man mu?. Na mpen pii no Agyidifoɔ bebree nso wɔ mbuayɛe ahorrow ma saa asɛm bisa kɛseɛ sɛ eyi. Wode anuanom mbranteɛ bebree to afiase, wɔ won asomdwee adwene ne asɛmpa a wokura mu wɔ Kristo mu nti, na woku won, sɛ woyɛ Kristo Asomafoɔ nti. Na ɛbinom yɛ osetie ma won wɔ Onyankopɔn tumi a ɔde ama wɔn nti no. Na wobu Mmra a ɛtia Nnipa kum no sɛ ɛyɛ ankorɛ ankorɛ ho asɛm a ɛwɔ abrabɔ mu. Na woka sɛ wontan obiara, na mmom won botaeɛ ne sɛ wobɛbɔ won man ho ban. Na wɔbɔ won ho mmɔden sɛ wobɛdɔ won atanfoɔ nso, na won ayɛ anokwafoɔ ama won man ne won mpaninfoɔ nso. Na wobu Onyankopɔn Ahendie a ɛreba no sɛ, Honhom mu Ahendie a ɛnni ɛwieɛ, na wiase Ahendie yi deɛ ɛyɛ nea ɛbɛtwa mu ntɛmso daakye. Na obiara a ɔrehwehwɛ mbuaɛ ama saa asɛm bisa koro yi ara no, na ne nteaseɛ yɛ den no, yɛtu no fo sɛ fa mpaebɔ nhwehwɛ Onyankopɔn akwankyerɛ, na wobɛya mbuaeɛ papa. Na ma saa gyidini no nhwe ne ho yiye wɔ mbuaeɛ a ɛfiri afoforo nkyen ansa na woafa nadwen wɔ asɛm yi ho. Yɛn asɛdeɛ ma yɛn man ne yɛn Abusua ne yɛn fie ɛfie mu no nyinaa yɛ Onyankopɔn Mmra ahyɛdeɛ ma yɛn, te sɛ nea wobɛdɔ woatanfo no nso.


08.6 - Abɛɛfo Awudifoɔ

Kristo Asɛmpa wɔ bepɔ no so a ɔdaa Ɔsoro Ahendie mu ahintasɛm ɛdi, wo Apam foforo no mu no, ɛyɛ Onipa biara na ɛsɛ sɛ ɔbɔ ne ho mmɔden sɛ ɔde bɛyɛ adwuma wɔ nabrabɔ mu. Na ɛyɛ te sɛ mbrɛ nduruu yɛ Nnipa de saa nsɛm yi bɛyɛ adwuma. Sɛ obi di atutrasɛm sɛ ɔde repre asomdwee a, na ɛkyerɛ sɛ wonte bepɔ so Asɛmpa no ase koraa, na wote sɛ Nnipa a wokura Nnipa adwen na wogye yinsen tu guo nso di. na ɛyɛ akyiwadeɛ kɛseɛ Nnipa yɛ wɔ wiase. Yinsen tu guo ne awotwaamu mmofra mpem mpem na Nipa kum won da biaa wɔ wiase nyinaa. Awofoɔ bebree di fɔ wɔ awudie mu wɔ won adwene mu daa. Na ɛndɛ yi mu, yɛte awudifoɔ wiase, na mpo yɛnim sɛ nnoɔma bebree ma yɛn nso yɛbɛka won ho.

Nnipa mpen mpem bebree nya hyɛn mu akwanhyia a bebree no ɛnam nsa nom so, ne mirika tuo mboroso so ne ɔhaw ahorrow mu. Na sɛ yɛpɛ sɛ yɛdi Mmra nsɛm a ɛtɔso nsia no so deɛ a, na ɛsɛ sɛ yɛhwe yɛn ho yiye wɔ hyɛn akwanhyia ho, na yɛhwɛ sɛnea yɛdanedane yɛn hyɛn nso wɔ kwan so akwantuo mu. Ɛsɛ sɛ yɛde ahohyɛsoɔ ne ahobraaseɛ ɛtwi yɛn hyɛn wɔ kwanso, na yɛsrɛ Onyankopɔn banbɔ, na yɛhwehwɛ ne mu ntoboaseɛ nso.

Yɛwo mbrɛ a yɛn wiase mu atenaeɛ asɛe, mframa a yɛhome, nsuo a yɛnom, ne aduane bebree a yɛdie mu pii ayɛ awuduro. Na ɛsɛ sɛ yɛde ɔhaw ahorrow ne nnoɔma a ɛsisi no yɛ adesuadeɛ na yɛma yɛn ani so hwɛ Onyankopɔn na yɛsrɛ ne nkyen adom a yɛde bɛtena yiye, sɛ yɛdɔ yɛn wiase yi atenayɛ a. Ne saa yɛ mu na yɛbɛtumi ama yɛn wiase yi mu ayɛ asomdwee ama yɛn, na yɛn ankasa ansɛe no.

Ɛdidi mboroso nso yɛ kwan baako a ɛtumi nso kum Nnipa mpem pii wɔ aman a ɛtumpɔn mu, na wokum won ho nkakrankakra. Na ɛbinom nso de won ho wura mpaso agorodie mu mboroso de sɛe wɔn nipa dua, won kra ne won honhom. Obiara a ɔyɛ nunkunu twefoɔ anaa pɛsɛmenkominya no, de adwendwen ne ankinam ba ne ho so. na ɛtwa ne nkwa nnda so. ɛfei adwuma den mborosoɔ, a wonhome, ne mpo sɛ woankasa wɔde nsanom nso resɛe wo ho. apɛsirie ne baasi bra, nyinaa yɛ bɔne a ɛtia Nipa dua, ɛfisɛ yɛyɛ Onyankopɔn deɛ, na yɛnde yɛnho.

Yesu kyerekyerɛ yɛn sɛ, yɛnpa yɛn ho akyi, na ɛnyɛ sɛ yɛde yɛn ho bɛto yɛn ho so mmom, na ɔkaeɛ sɛ: "Na obiara a ɔpɛ sɛ ɔgye ne kra nkwa no, ɛbɛfiri ne nsa; na obiara a me nti ne kra bɛyera no deɛ, ne nsa bɛka". (Mateo 16:25). Na Ɔsomafo Paulo nso kae sɛ: "Na Nyankopɔn ahennie nyɛ adidie ne ɔnom, na mmom ɛyɛ tenenee ne asomdwoeɛ ne Honhom Kronkron mu anigyeɛ. Romanfo"( 14:16). Honhom mu adwen abrabɔ sow aba pa ma honam fa abrabɔ na ɛde asomdwee brɛ akoma ne adwen.

Mmra Nsɛm a ɛtɔso nsia no, tia awudie, na ɛhyɛ yɛn wɔ nkuran wɔ ndwuma pa nyinaa mu, ne ɔdɔ. Na ɛkeyan yɛn ma yɛya mmɔborohunu ma won a abrabɔ ne won redi asi nyinaa. Ɛnsɛ sɛ yɛ pa ohiani ho te sɛ obi a yɛn huu won, na mmom ɛsɛ sɛ yɛya mbrɛ kakra ma won na yɛboa won kakraa a yɛahoɔden bɛtumi. Yesu, Onyankopɔn dɔ suban no, kyerɛɛ yɛn sɛnea ɛsɛ sɛ yɛde saa Mmra yi yɛ adwuma wɔ yɛn abrabɔ mu. Ne Honhom no boa yɛn, ma yɛn akwankyerɛ sɛ yɛbisa no nyansa nso a. Ɛyɛ Yesu na obɛtumi ama awudifoɔ abɛyɛ Onyankopɔn mba adɔfoɔ, na wafa won so ama ayeraba nso aba ne kyen abɛya ayaresa. Saa bɛtumi asi, sɛ yɛka Yesu ho Asɛmpa kyerɛ won a, na yɛkyerɛ won Yesu a ɔyɛ Oduruyɛfoɔ kɛseɛ no hɔ kwan a, Yesu bɛma won adwen foforo na watew won ho ne won akoma mu, adanne won afiri awudie ɔkra mu abɛyɛ Onyankopɔn somfoɔ ne ɔdɔfoɔ.

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on January 31, 2022, at 06:51 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)