Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 050 (Disparate views on Jesus)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 2 - KANEA NO HYEREN WƆ SUM MU (Yohanne 5:1 - 11:54)
C - Yesu Akwantuo A Ɛtwatoɔ A Ɔkɔɔ Yerusalem (Yohanne 7:1 - 11:54) Ɛsum No Firii Hyan No Mu Kɔɔeɛ
1. Yesu anom nsɛm a ɔkaaeɛ wɔ ntɔmadan afahyɛ no mu (Yohanne 7:1 – 8:59)

b) Deɛ nkurɔfokuo no ne bɛdwakuo no ka ne won adwenkyerɛ a ɛfa Yesu ho (Yohanne 7:14-53)


YOHANNE 7:21-24
21 Yesu bua see wɔn sɛ, "Mayɛ adwuma baako, na yei na ɛyɛ monyinaa nwanwa. 22 Mose maa mo twetiatwa (ɛnyɛ sɛ ɛfiri Mose, na ɛfiri agyanom) nanso homeda motwa onipa twetia. 23 Sɛ onipa nya twetiatwa homeda na wɔanto Mose mmara no a, adɛn nti na mo bo afu me sɛ mama onipa mu ho ayɛ no den homeda? 24 Mommmu atɛn sɛdeɛ mohunu kwa, na mommu atɛn a ɛtene"

Yesu amma Jewfoɔ no mbuaeɛ biara wɔ asɛm a wɔka kyerɛɛ no sɛ ɔwɔ ahonhom fi no ho, na mmom ɔmaa nnipakuo no hunuu sɛ owuo afɔbuo a won de ato no soɔ no yɛ nitan nti. Na ɛfei nso ɔka kyerɛɛ won sɛ won mpaninfoɔ no abu no atɛn ɛfirisɛ woasa obubuafoɔ yareɛ wɔ Besada a na ɛyɛ homeda mu. Ɛfirisɛ Yesu san nso ka kyerɛɛ ɔyarefoɔ no sɛ fa wo ketɛ na kɔ fie. Na ɛyi yɛ awawadeɛ kɛseɛ, a anka ɛnsɛ sɛ wogyina ɛyinom so de bu no fɔ koraa.

Na Yesu sii so dua bio sɛ Mmra animdifoɔ no nyinaa mmfa mmra no mu nsɛm nnyɛ adwuma na wonni so wɔ pɛyɛ mu. Na saa mmra nsɛm yi wɔ ɛho nhyehyɛeɛ: Twatiatwa yɛ nsɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ wone Onyankopɔn wɔ Apam, Na Homeda no nso gyina hɔ ma da a Ɔkronkronni no homeeɛ wɔ nabɔdeɛ nyinaa mu a wɔde som no. Ɛno nti na ɛsɛ sɛ obiara twa ne Ba barima twatia wɔ da ɛtɔsoɔ awotwe mu, nanso ɛda binom wɔ hɔ a ɛtumi si wɔ Homeda mu. Na ɛba no saa a, so Twatiatwa no nnyɛ adwumayɛ anaa?

Sɛdeɛ yareɛ yɛ bɔne so nsunsuansoɔ no, ayaresa nso gyina hɔ ma nkwagyeɛ, ma nipadua, ɔkra, ne honhom. Ɛno nti Yesu kyerɛɛ won sɛ wonsusu ho nhunu nsonsonoeɛ a ɛda mmɔborohunu ne Twatiatwa ntam wɔ Homeda mu, deɛ ɛwɔ hene na ɛho hia paa? Ɛno nti obuee won adwene mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ na obɛkenyan won ama won ahunu Ne nkwagyeɛ mu ɔdɔ ne tumi a ɛyɛ adwuma. Nanso ɛyɛɛ kwa; ɛfirisɛ won aso ɛsisi na won akoma nso apirim na ayɛ den - na wonntumi nnhunu adeɛ a ɛyɛ papa ne deɛ ɛyɛ bɔne nso.

YOHANNE 7:25-27
25 ɛnna Yerusalemfoɔ no mu bi kaa sɛ, "ɛnyɛ oyi ne deɛ wɔrehwehwɛ no aku no no? 26 Na hwɛ ɔkasa pefee, na wɔnka no hwee. Sɛsɛɛ mpanimfoɔ ahunu ampa sɛ oyi ne Kristo no anaa? 27 Nanso oyi deɛ, yɛnim deɛ ɔfire; na Kristo no deɛ, sɛ ɔba a, obi renhunu deɛ ɔfire."

Yerusalemfoɔ baa Hyiadan no mu no wobɛhunuu nkurɔfokuo bebree a ɛtwa ahyia hɔ. Na wohunuu sɛ Yesu gyina won ntam rekyerɛkyerɛ won no won bufuiɛ yiye, ɛfirisɛ wonntumi nkyere no, nanso na won ahyɛ sɛ wonkyere no. Na obiara nim saa.

Na temanmufoɔ no dii Bɛdwakuo no ho few sɛ won nntumi nndi saa asɛm no. Ɛfei nso na Romanfoɔ no nso agye akwanya a Jewfoɔ mpaninfoɔ no wɔ sɛ wobɛbu obi atɛn abua no kumfɔ no ɛfri won nsam. ɛno nti ɛmaa nnipa de awiiwii kaa sɛ, "Wɔpɛsɛ saa ɔbarima yi nante kurom no mu wɔ ahofadie mu, a ɔka asɛmpa wɔ asɔrefie hɔ a osuro biara nni mu. So mpaninfoɔ no nni tumi biara a wɔde bɛsi no kwan. Ɛfei asɔfoɔ no nso nntumi nngyina nanim ne no nyiyi asɛm biara ano mmfa no nto fam."

Ɛbinom nso buae kaa sɛ, "Munni nteaseɛ, ɛyɛ bi a na yɛn mpaninfoɔ no mu binom agye no ɛdi sɛ Ɔno ne Mesaia no." Ɛyi ne deɛ wogyinaa soɔ sɛ wɔbɛkyere Yesu ato afiase. Na ɛmaa mpaapaemu baa nnipakuo no nyinaa mu.

Na won adwenkyerɛ a ɛtɔ so miensa ne sɛ: Sɛ Mesaia no da no so sɛ ɔreba a, ɔbɛba wɔ nsɛnkyerɛnne ne annuoyam kwan so, na mmom ɛnnyɛ sɛ onipa bi kɛkɛ. Ɛfirisɛ saa abranteɛ yi yɛ kapenta ni a ofiri akuraa bi a ɛda bepɔ bi so ase. Na Mesaia no ankasa deɛ ɔbɛba ɛfri soro tɔnn, na mmom ɛnnyɛ obi a ɔfrafra nnipa mu.

YOHANNE 7:28-30
28 ɛnna Yesu rekyerɛkyerɛ asɔrefie no, ɔteaa mu sɛ, "Monim me, na monim deɛ mefire. Na ɛnyɛ me ara na mehyɛɛ me ho mebaeɛ; na deɛ ɔsomaa me no yɛ ɔnokwafoɔ a monnim no. 29 Na me deɛ, menim no; ɛfiri sɛ mefiri ne nkyɛn, na ɔno na ɔsomaa me." 30 Enti anka wɔrehwehwɛ no akye no; nanso obiara amfa ne nsa anka no, ɛfiri sɛ na ne dɔn nnya nnuruiɛ.

Na Yesu tee saa nsɛm yi a wɔka faa ne ho nyinaa. Na ɔteaamu kaa sɛ, "So munnim Me? anaa babiaa mefiri baaeɛ anaa? na modwendwen nnoɔma a munim hwee fa ho wɔ mo nsusuiɛ mu ne mo atɛnmuo mu na mompɛsɛ mobɛhunu me yiye. Montie me, monhwehwɛ me Honhom mu na monhunu mu yiye. Na ɛno mu na mobɛtumi ahunu nipa ko a Me yɛ, ne baabi a Me fri baaeɛ."

Ɛnnyɛ Yesu ankasa na ɔsomaa Ne ho, na mmom Onyankopɔn na ɔsomaa no, na Ne nkyen na ofiri baaeɛ; N'Agya no na ɔsomaa no. Na Yesu ne N'Agya no na ɛwɔ hɔ firi mfiaseɛ no na Ɔne No nyinaa wɔ nkabom baako. Na ɔkaa bio nso sɛ, Momu biara nni hɔ a onim Onyankopɔn, na modwen sɛ ɔte asɔredan yi mu. Mo asɔfoɔ no nyinaa ani afura; na wonntumi nnhunu Onyankopɔn, na wonnte Ne nne nso ampa. Ɛno nti mo daadaa mo ho."

Na ɔkaeɛ sɛ, "Medeɛ Menim No." Na Asɛmpa no nyinaa ne sɛ, Yesu nim Onyankopɔn, na ɔkyerɛɛ yɛn Agya no din ne Ne dɔ kɛseɛ no. Nazaretni no annyɛ bɔne biara da, na Ɔno ne Agya no tenaaeɛ wɔ ayɔnkofapa a ɛdimu' na ɛyɛ pɛ mu. Nanso nnipa nnyinaa ne Ɔkronkronni no ntam atete ɛsane won bɔne nti.

Na won a wɔretie no mo binom hunuu sɛ nsɛm a ɔreka akyerɛ won no yɛ asɛm a ɛtia won no, na ɛfei nso Yesu abu won atɛn no, wɔteɛɛmu kaa sɛ, "Woabɔ mmusuo atia asɔredan no na ɛfei nso woabɔ yɛn ahohora." Na wɔde abufuo bɔɔ yuu kɔɔ No so sɛ wɔrekɔ kyere no. Nanso obiara anntumi ammbɛn Onyankopɔn Ba no ankyere no, a na ɛkame ayɛ sɛ abɔfoɔ atwa ne ho ahyia. Ɛfirisɛ na Ne dɔ nnyaa nduruuɛ. N'Agya no ahyɛ mberɛ ne dɔn a Kristo no de Ne kra bɛtɔ hɔ agyeɛ adasa mma nyinaa. Na onipa biara nntumi nsesa saa mberɛ no.

MPAEBƆ: Awurade Yesu, yɛyi wo ayɛ, ɛfirisɛ wonim Onyankopɔn, na woayi Agya no akyerɛ yɛn. Yɛde anigyie ne ɔdɔ bɛsom wo daa. Woanisoadeɛhunu ama yɛayɛ Onyankopɔn mma. Yɛne won a woawo won foforo nyinaa bom yi wo ayɛ kamfo wo din daa. Na yɛsrɛ wo nso sɛ yi Agya no ɛdi kyerɛ afoforo nso a ɛtwa yɛn ho ahyia nyinaa na ama won anya adwene sakyera nso.

NSƐMBISA:

  1. Adɛn nti na Yesu nkoaa na onim Onyankopɔn?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 02, 2022, at 03:24 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)