Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 038 (Four witnesses to Christ's deity)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 2 - KANEA NO HYEREN WƆ SUM MU (Yohanne 5:1 - 11:54)
A - Nsrahywe A Ɛtɔ So Mmienu Wɔ Yerusalem (Yohanne 5:1-47) -- Nnoɔma A Esisii Wo Yesu Ne Jewfo No Ntam

4. Adansedie ahorroɔ anan a ɛfa Kristo Nyameyɛ ho (Yohanne 5:31-40)


YOHANNE 5:31-40
31 "Sɛ me ara medi me ho adanseɛ a, m'adanseɛ no nyɛ nokorɛ. 32 Obi wɔ hɔ a ɔdi me ho adanseɛ, na menim sɛ adanseɛ a ɔdi me ho no yɛ nokorɛ. 33 Mo deɛ, moasoma akɔ Yohane nkyɛn, na wadi nokorɛ adanseɛ; 34 na me deɛ, mennye adanseɛ onipa bi nkyɛn, na meka yeinom, na moanya nkwa. 35 ɔno ne kanea a ɛdɛre na ɛhyerɛn; na mo deɛ, mopɛɛ sɛ mo ani gye kakra ne hann no mu. 36 Na me deɛ, mewɔ adanseɛ a ɛsene Yohane deɛ no; na nnwuma a Agya no de ama me sɛ menwie no, nnwuma no ara a meyɛ no di me ho adanseɛ sɛ Agya no na asoma me. 37 Na Agya no a ɔsomaa me no ara adi me ho adanseɛ. Moante ne nne ara da, nso moanhunu ne suban; 38 na monni n'asɛm no wɔ mo mu, ɛfiri sɛ deɛ ɔsomaa no no, monnye no nni! 39 Mohwehwɛ atwerɛsɛm no mu, ɛfiri sɛ mosusu sɛ mowɔ daa nkwa wɔ mu; na ɛno ne deɛ ɛdi me ho adanseɛ, 40 na mompɛ sɛ moba me nkyɛn, na moanya nkwa."

Yesu ka kyerɛɛ Na'tanfoɔ no sɛ ɔwɔ tumi sɛ ɔyɛ nsɛnkyerɛnne ne ndwuma a Mesaia a wɔhyɛɛ ne ho nkɔm no bɛyɛ nyinaa. Na wɔtanee sa onipa yi a ofiri won ankasa man mu no yiye. Na wobisaa no nnoɔma a ɛdi adanseɛ nti a ɔreyɛ saa. Na Yesu namnsɛnkyerɛnne so buaa won nsɛmbisa no ano. Yɛn nyinaa bu yɛn ho dwene sɛ yɛyɛ papa sene sɛdeɛ yɛteɛ no. Na Yesu deɛ oyii Ne ho ɛdi kyerɛeɛ a na ndaadaa ne nkontompo biara nni Ne mu. Na'dansedie no yɛ nokorɛ a atoro biara nni mu, ɛwom sɛ obi di adanseɛ fa ne ho a mmra no mfoa so deɛ nanso ɔno adansedie no yɛ pɛ. Na saa Kristo yi kaa sɛ, "Sɛ Medi adanseɛ fa Me ho a; Ma'dansedie no yɛ nokorɛ." Ɛno nti onhia sɛ ɔbɛma ne ho so koraa, ɛfirisɛ obi foforo nso adi Ne ho adanseɛ, a ɛyɛ Ne' soro Agya no, a ɔde nsɛnkyerɛnne ahorroɔ anan dii Ne ho adanseɛ.

Onyankopɔn somaa Osobɔni no sɛ ombɛyi Kristo nkyerɛ nipa. Saa ɔsɛmpakani yi dii adanseɛ faa Kristo ho ne Ne'dwumadie ho sɛ Ɔsɔfoɔ ne na'dwuma sɛ ɔtɛnmuafoɔ nso. Nanso, Afutufoɔ bɛdwakuo no anngye Yohanne adasedie no anni na wɔpoo adansedie a ɛfa Yesu ho no (Yohanne 1:19-28). Yohanne adansedie no nnyɛ Yesu ngyinasoɔ fapem, naasɛ na'nisoadeɛɛhunu, na mmom Yesu te sɛdeɛ ɔteɛ fri daa apem a ɛnni ɛwieɛ. Ɛsɛnesɛ nnipa no nni nimdieɛ nti, na Yesu gyee Yohanne adansedie no toomu sɛdeɛ ɛbɛyɛ na Ne nokorɛ no bɛda ɛdi wɔ won mu. Osobɔni no antwa atoro wɔ na'dansedie no mu sɛ ɔkaa sɛ Yesu ne Onyankopɔn adwammaa no, ne deɛ ɔma Honhom no.

Osoboni no yɛɛ kanea a ɛdɛreeɛ wɔ anadwofa mu, na onyaa nipakuo bi a wodii na'kyi wɔ nkenyan mu. na mmom Yesu puee sɛ awia hyeren mu no, na kanea biara ho nhia bio. Yesu nko ne wiase nyinaa kanea, a na'hoɔden to ntwa da. Sɛdeɛ ɛwia de nkwa ne oyini ba asaase soɔ no, saa ara nso na Yesu de Honhom mu nkwa ne ɔdɔ baeɛ. Na'yaresa ne ɔgyeɛ a ɛwɔ Ne nsam no kyerɛ nkunimdie kanea a ɛdi ɛsum so. Na sɛdeɛ ɔkasaeɛ na ahum ne mframa tie no na ɔma awufoɔ yane firi awufoɔ mu no nso kyerɛ Ne Nyameyɛ tumi. Na ɔne Agya no na ɛbom yɛ adwuma. Na owie ne dwumadie nyinaa wɔ asɛndua no so, na ɔsɔree frii awufoɔ mu no woahwie Ne Honhom Kronkron no agu won a wɔbɔ mpaeɛ nyinaa so. Ɛyi nti Onyankopɔn ndwuma nyinaa bɛba awieɛ wɔ Yesu mbaeɛ mu, na obɛyane awufoɔ nyinaa na woabu wiase nyinaa nso atɛn. Ɛfirisɛ nsonsonoeɛ biara nni Agya no ne Ɔba no ntam wɔ won dwumadie mu; Sɛdeɛ Agya no yɛ bɛsi nnɛ no, saa ara nso na Ɔba no nso yɛ.

Onyankopɔn ankasa maa Ne nne so maa yɛn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbate Ne nne wɔ deɛ woasi so dua ama yɛn sɛ, "Oyi ne Me dɔ Ba, a ɔsɔ Meni." (Mateo 3:17). Obiara nni hɔ a woanya saa adansedie yi agyesɛ Yesu nko, na ɔno na ɔbɔɔ Ne bra pɛpɛɛpɛ sɛdeɛ ɛsɔ Onyankopɔn ani. Ɔdɔ ne ahoteɛ hyɛɛ Ne dɔ Ba no ma.

Yesu ka kyerɛɛ Jewfoɔ no sɛ wonnim Onyankopɔn. Na won nntumi nso nte Ne nne wɔ Mmra Nsɛm no ne Adiyifoɔ no nwoma mu. Na wonnyaa nhunuu Na'nim anaa wɔ adaeɛso mu nso. Na anisoadeɛhunu a ɛtwam nyinaa nntumi nnyɛ adwuma yiye, ɛfirisɛ won bɔne atete wɔne Ɔkronkronni no ntam. Te sɛdeɛ Yesaia teaamu kaa sɛ mɛhunu Onyankopɔn atareɛ mmuano wɔ asɔredan no mu no, "Mennue ɛfirisɛ mɛhunu Asafo Awurade no, na Meyɛ onipa a mano ho nte." Na deɛ ɛdi adanseɛ sɛ won ani afura na wonni nteaseɛ nso ne sɛ won apo Kristo no, a ɔyɛ Onyankopɔn asɛm wɔ nipadua mu, na ɛyi kyerɛ sɛ wonnyaa aisoadeɛhunu a ɛmu da hɔ pɛfee anaa mpo sɛ wonnyaa ɛmu nteaseɛ papa.

Apam Dada no mufoɔ no hwehwɛɛ Twerɛ Nsɛm no mu daa, na wonyaa ɛmu anidasoɔ sɛ wobɛnya ɛmu nkwagyeɛ. Nanso owuo nwowoeɛ mmom na wohunuu wɔ Mmra Nsɛm no mu. Na mmom bɔhyɛ a ɛfa Mesaia no ho deɛ wɔyera frii ho koraa, a na saa nkɔmhyɛ no dɔɔso yiye wɔ Apam Dada no mu. ɛfirisɛ wɔde won ho too won ankasa nimdeɛ so, na wɔmaa nkyerɛkyerɛmu foforo faa ho, na won anntumi annhunu sɛ Kristo no ne Onyankopɔn Asɛm a ɛtwatoɔ a woaba won mu.

Yesu kyerɛɛ deɛ nti a won nntumi nngye no ntom no - ɛfirisɛ wompɛ Onyankopn sɛdeɛ ɔteɛ ankasa nokorɛ mu no. Ɛno nti wɔtanee Kristo no na wɔ yeraa wɔ nkwagyeɛ mu koraa, na gyidie ne adom nso bɔɔ won koraa.

MPAEBƆ: Awurade Yesu, Yɛda wo ase sɛ wodɔ woatanfoɔ, na wo werɛ hooɛ wɔ won anngye ɛnni ho. Ɛfirisɛ wokyerɛɛ won nnoɔma ahorroɔ anan a ɛdi adanseɛ fa wo Nyameyɛ nipasu ho. Boa yɛn ma yɛntumi nhwehwɛ asɛmpa no mu na ama yɛatumi ahunu wo yiye, Na yɛatumi ahunu wo Nyameyɛ ankasa, na ama yɛagye wo ndwuma nyinaa ɛdi sɛdeɛ ɛbɛyɛ na yɛbɛnya daa nkwa a ɛnni ɛwieɛ. Na bue nnipa mpem mpem a won ani afura ara na won ɛtumi hunu wo yiye wɔ yɛn nna yi mu.

NSƐMBISA:

  1. Adansedifo ahorroɔ anan no ne hwn, na adanseɛ bɛn na wodie?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on January 29, 2022, at 10:30 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)