Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- The Ten Commandments -- 03 First Commandment: You Shall Have no Other Gods Before Me

Previous Lesson -- Next Lesson

ASɛM TIRIE 6: MMRA NSƐM DU - Onyankopɔn Banbɔ Fasuo A Ɛkora Onipa So Firii Ahweasee Mu
Mmra Nsɛm Du a ɛwo Exodos 20 no mu Kanea a Ɛda Ɛdi Wɔ Asɛmpa Nwoma no mu

03 - Mmra Asɛm A Ɛdi Kan: Nnya anyame foforo nka me ho



EKSODOS 20:3
Nnya anyame foforo nka me ho.


03.1 - Abosomsom wɔ Ɛnnɛ yi mu

Sɛ yɛte ɔman a atu mpon wɔ ne dwumadie nyinaa mu a, ɛdu mmere bi a, ɛyɛ den sɛ wobɛhu obi sɛ ɔresom abosom wɔ abɔnten, sɛ aboɔ bosom anaa mpo sika kɔkɔɔ bosom. Nanso nnɛ yi, sɛ wokɔ mbeaɛ bi te sɛ Asia ne Africa a, wobɛtumi ɛhu ahoni ahorow bebree wɔ abɔnten, a nnipa bebree nso resom won wɔ osuro mu.

Wɔ "India wieɛmuhyɛn mu no" nwoma abakɔsɛm mu no, wobɛhunu, Durga mfoni ne ɔbosom kɛse ɔbaa a odi ako a ɔwɔ ntaban nsia, na okum akofoɔ bebree. Wɔde Nnipa tikwankora bebree atwa Durga bosom no ho ahyia. Na odi ako wɔ atirimmɔden so, na obiara a ɔban no, anaa ohyia no, no, ogya firi nenom hye no ku no. Na ɔsere wɔ mmere a okum natanfo nyinaa.

Na wobɛhu ɔsono ahoni bebree wɔ India a wogyina hɔ ma ɔbosom Ganahati. na ɛdu mmere bi a Hindufoɔ de nhyeren bebree ko gu no nenim. wɔ afahyɛ mu no, wɔhyehyɛ nhyeren wɔ ɔsono honi kɛse a ne tenten kɔ soro paa yiye. Na ɔman no nyinaa di ohoni yi akyi de kɔ to nsu ten kɛseɛ bi mu, anaa ɛpo mu, wɔ won gyidie mu sɛ ɛnam ɛmbra bebree, na musuo ne ɛsanne nnkɔ akyirikyiri, na nsu yirie nso mfiri won so.

Na sɛ worehyɛ fa a, wɔde nnantwie mpem bebree kɔ won abosomdan mu, na wɔde nsuo bi apete won so, sɛ worema won ho ayɛ den. na wɔde kahoduro ahosuo ahorow bɛkeka nnantwie no abɛbɛn ho nyinaa, a ɛyɛ nsenkyerene sɛ wode nnantwie ne nyinaa ama won abosom no.

Sɛ wokɔ beae bi a wɔfrɛ hɔ Ladakh a ɛwɔ Himalayan mmepɔw no mu, anaa wotu kwan kɔ Buddhist foɔ aman mu a, wo bɛ hu sika kɔɔbre honi kɛse, ne Buddha ahoni a ɔresere, na nnipa pii ɛdeda fam kotoo sɔre no, wɔ ahoni no anim. Wiase nnipa nkyem miensa mu baako da so som abosom, na wobubu Onyankopɔn Mmra asɛm a ɛdi kan no. Saa abosomsomfoɔ yi gye ahoni ne abosom tumi di, na wɔgye di sɛ onipa wu a, wɔ sanba nnipa nkyen wɔ tumi mu. Nnipa bebree wɔ Africa ne Indonesia a saa ammerɛ yi honhom nkobdua akyekyere won. Na ɛbinom nso som won Agyanom awufoɔ. Na sɛ Krist Yesu ho asɛmpa no rekɔ won nkyen a, anka wobɛde won ho afiri osuro, ne abosomsom honhom nkyekereɛ tumi no mu. Na anka worendi ntafowayifo ne ahonhom fi nneoma akyi, na anka wobɛgyae abosomsom ne awufoɔ frɛ, ɛfisɛ asɛmpa no bɛyi won afiri ahonhom fi tumi ase.

Saa ara na yɛn Soro Agya no agye yɛn firii osuro ahorow bebree mu, mpo firii nhyɛsoɔ honhom a wɔfrɛ no jinn mu, na wagye yɛn koraa afiri ahonhom fi nyinaa mu. Yesu Kristo, Onyankopn ba no, mmogya no yɛ tumi kɛse a ɛbɔ yɛn ho ban frii ahonhom fi tumi nyinaa mu. Adeɛ biara wakyerew, anaa waka na ayɛ nnome, wɔ ahonhom fi tumi mu atia obiara a odi Yesu akyi no, bɛ bubu na ahyete apamsam wɔ Yesu Kristo din mu. na ɔyɛ abandenden ma obiara a ɔba ne nkyen.


03.2 - Ɛnnɛ mmafoɔ abosomsom

Yɛn mbrɛ yi mu no, abosomsom ahorow bebree ayi ne adi wɔ aman a atumpon mu bebree. na wode ahoni som asesa ayɛ no ɛhyɛn, kasafoni, ne ɛdin gyeɛ. Nnipa de won ho to abɛɛfo nneoma so sene ɔteasefoɔ Onyankopɔn. wo tena won hyɛn mu, na wokɔ ntɛntɛm wɔ won ahyɛn kwan a ɛda so yɔɔ. Ɛhyɛn abɛyɛ bosom ama nnɛ wiase yi mu nnipa. Na wɔde won ho to ɛhyɛn ne ɛmu tumi so. Sɛnea Isrealfoɔ no dii ahurusi wɔ won bosom honi no anim no, saa ara na ɛnnɛ wiase yi mu nnipa nso di ahurusi wɔ won ahyɛn foforo abɛɛfo ho. Ɛhyɛn wura boaboa sika ano, de bɔ aforeɛ ma ne hyɛn. ɔpopa ho daa, yɛ no hyɛmm, na da biara otie ɛhyɛn no engine no nne sene senea mpo otie nnipa atwa ne ho ahyia no. Na ɔde ne sika nyinaa hyɛ ɛhyɛn no mu, sene senea ɔde ne sika bɛma ahiafoɔ. So onipa ayɛ akoa ama abɛɛfo nneoma? Dɔm bɔ yuu kɔ akensie akoropramaso sɛ worekɔhwe akensie ahoroɔ. Nanso nnipa kakraabi na ɛnante kɔ asɔrefie, sɛ worekɔsom Awurade.

Yesu bɔɔ yɛn kɔkɔ faa yɛn dɔ ma sika, ne sika anibere ho. Na ɔkaa sɛ, obiara ntumi nsom Onyankopɔn ne sika, anyɛ saa a ɔbɛdɔ biako na woatan biako no. anaa sɛ ɔbɛpo Onyankopɔn na woabata sika ho. Sika ho dɔ, ne bɔne nyinaa nhini. Ankorɛ ankorɛ ne amanyɔfoɔ nyinaa wɔ saa botaɛ koro yi ara. Na mbre a amanyɔfoɔ ɛreya won ho no, na temanmufoɔ nso de nsisie ne ɛwukadeɛ repɛ ankorɛ ankorɛ sika de anya won ho bebree. Na nnipa pii sa, fa sika honi ho da biaa da. Momma wondaadaa mo, na Onyankopɔn wonsi no atwetwe. Na obiara ntumi nsom Onyankopɔn ne sika. Yesu yɛɛ ohiani nanso na ɔpeni nea ɔwɔ so. Na ɔbɔɔ nasuafoɔ no kɔkɔ faa wiase ahoya ho. Na won a wopɛ sɛ woya wɔn ho no, hye nsɔhyɛ ahorow pii, ne afirie mu. (1Timoteo 6:9, Mateo 6:24, 19:24).

Na mbrɛ yi, nhyɛsoɔ bosom na edi yɛn amanmbrɛ ne ɔsom so, ne yɛn ankasa ahopɛ kɛseɛ no. Obiara pɛ sɛ ɔkyerɛ sɛ ɔno nso wɔ hɔ paa, sɛ ono ne nea ne ho yɛ fɛ, na ne ho hia paa. Nea wondwene ho mpo no worepɛ. Obia pɛ sɛ odu wiase mpenpensoɔ bi. Wobisaa mfeɛ miensa abaayowa bi sɛ, den na woyini a wobɛyɛ? na ɔse "Ohoni" "Aden nti a?" na ɔse, "sɛ ɛbɛyɛ a obiara bɛba me kyen" Ahantan ne pɛsɛmenkomiya wɔ yɛn mmogya mu. Na ɛyi ne Kristo honhom bɔ abira koraa. Na Yesu kae sɛ, ɛbɛyɛden na wagye adi, mo a mohwehwɛ annuoyam firi nnipa nkyɛn, na monnhwehwɛ annuoyam a ɛfiri Onyankopɔn nkyen mmom. Munsua mfiri menkyen, sɛ me dwo, na mebrɛ me ho ase wɔ akoma mu, na mobɛya ɔhome ama mo kra. Na me kɔnnua yɛ mmerɛ, na m'adesoa yɛ hare. Na obiara a ɔpɛ sɛ ɔgye ne kra nkwa no, ɛbɛfiri ne nsa; na obiara a me nti ne kra bɛyera no deɛ, ne nsa bɛka. Ɔdɔfo, ɛnde na ɛsɛ yɛhwehwɛ nneoma akɛseɛ ma yɛn ho anaa? ɛnsɛ sɛ yɛhwehwɛ. (Yohanne 5:44, ; Mateo 11:29-30; 16:25-26; Yeremia 45:5).


03.3 - Abosomsom so Nkunimdie

Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛnya nyame foforo biara ka Onyankopɔn ho no yɛ Mmra nsɛm du no, nea ɛdi kann? ɛfisɛ Onyankopɔn yɛ baakopɛ. Na ɛkununi biara a wɔwo wiase nyinaa twam kɔ. Na Onyankopɔn deɛ, ontwam da, na otim hɔ daa. Ɔno na ɔbɔɔ yɛn, na ɔno na annuoyam nyinaa yɛ ne deɛ. Ɔno na wiase nyinaa kura no. Ɛsɛ sɛ yɛgyae yɛ pɛ mu to hɔ daa ne daa nyinaa na yɛsakyera yadwene som Onyankopɔn wɔ anigye mu. Na ɛsɛ sɛ yɛde yɛho nyinaa hwɛ Onyankopɔn apɛdeɛ ase.

Abraham dɔ Isaac yiye, ne bɔhyɛ ba, ne nea obɛdi na deɛ. Na ɔde nakoma nyinaa dɔɔ ne ba no yiye paa, na ɛkame ɛyɛ sɛ na ɔyɛ adɔ, ne ba no paa mpo sene Onyankopɔn. Na Awurade sɔɔ nakoa Abraham hwɛe. Ɔhyɛɛ no sɛ ɔnfa ne ba koropɛ no nkobɔ ɔhyew aforeɛ amma no. Abraham tuu ananmon sɛ ɔbɛyɛ ade a ɛyɛ den sɛɛ no, na ɔde ne ba koro no, bɛkɔ akobɔ afore ama Onyankopɔn ayɛyiye. Na Onyankopɔn amma kwan sɛ Abraham bɛkum ne bɔhyɛ ba no abɔ aforeɛ ama no, na mmom ɔmaa no aguamma sɛ ɔnfa no mbɔ no aforeɛ mma no. Wɔ nsɔhwɛ kɛse yi mu no, Onyankopɔn annuoyam daa adi, wɔ mbre a Abraham yɛɛ krado sɛ ɔde ba koro no bɛma Awurade no. Ɔde ɛyi, kyerɛɛ sɛ ɔdɔ Onyankopɔn sene ne ba koro no.

Na ɛsɛ sɛ yɛn nso, yɛhyehwɛ yɛn mu yiye, mbre ne mbre nyinaa mu, sɛ adeɛ bi wɔ yɛn mu a, abɛyɛ bɔsom ketewa anaa bɔsom kɛseɛ bi a osi yɛn ne Onyankopɔn ntam kwan. ɛbɛtumi ayɛ nwoma, sika nwenneɛ, anigyedeɛ, akɔnnɔdeɛ, sika, ne agyapadeɛ, ne nea ɛtete saa. Mpo ɛdu baabi a, nnipa tumi wia yɛkoma.

Abosomsom mu nsɔhwɛ no bi a ayi ne ho adi ne sɛ, nnipa pii ma won ahenfo so yɛ won sɛ nyame. Nneoma ahorow ne abakɔsɛm bi te sɛ nea wofrɛ no Napoleon, Ataturk, Hitler, Nasser, Khomeine ne ahorow bi pii, afa Nnipaa bebree nso ndomum. Na saa ɛkikanfo yi, mu bebree no, abakɔsɛm nwoma ne won nkae nwoma no, wɔ hye no wɔ won wu akyi. Ɛno nti Odiyifo Yeremia bɔɔ nnipa kɔkɔ faa sɛɛ nnadaa yi ho, ne mbre ntiaa nsenkyerenne a nnipa yɛ, na ɛma onipa de ne ho to onipa so. Wɔadome onii ko a ɔde ne ho to onipa soɔ, na ɔde honam yɛ ne basa, na n'akoma atwe afiri AWURADE ho. (Yeremia 17:5).

Nnipa tumi danne anigye mbea ahorow de won were nyinaa kɔ hyɛ mu ma ɛbɛyɛ abosom ma won. Akoprama so anigye ne wiase nwomto mbea ahorow tumi kyekere nnipa bebree na ɛwia won akoma. Na ɛsɛ yɛ hwɛ yɛn ho yiye paa. Ɛnyɛ nea yɛka ne sɛ, sɛ woresom nnipa a ɛyɛ bɔne, dɛɛbida. Na mmom ɛyɛ honhom mu akyiwadeɛ sɛ wode wowere ne dɔ, nyinaa bɛhyɛ, onipa mu senne Onyankopɔn. So Onyankopɔn ne yɛn nni daa apam anaa?. Ɛnyɛ wawa sɛ Yesu frɛɛ saa awoɔ ntoatoaso yi sɛ, "abɔnefo ne ɛwaresɛefoɔ asefoɔ" ɛfisɛ saa awoɔ ntoatoaso yi ndɔ Onyankopɔn wɔ won akoma nyinaa mu, nnipa pii nni nidieɛ a ɛmu dɔ, ne awerehyɛm mmma Onyankopɔn.

Ɛndɛ, abosomsom afa kwan ahorow bebree so agye hini, na ɛnam ɔtomfoɔ nsa ano adwuma so ɛyɛ nneoma pii a ama onipa ahyease afiri Onyankopɔn ho. Awurade yɛ ninkuntwefo Onyankopɔn, na ɔpɛsɛ ɔtena wakoma mu na ɔfa wo nnomum koraa. Onyankopɔn akoma ntɔɔ ne yɛm wɔ yɛn dɔ ne yɛn setie ma no no ho. na daa ɔpɛsɛ ɔfa yadeɛ nyinaa nnomum na ɔtena yɛn mu kɛse paa no ara. Ɛno nti, tete abosom ne ɛndɛ abosom no nyinaa, ɛsɛ sɛ ɛfiri yabrabɔ mu koraa, na yɛsakyera yɛn adwene ne yahofama nyinaa ma yɛn Soro Agya no bio. Ɔdɔfo, bisa wo ho sɛ, abosom bɛn na ahinta wɔ wɛbrabɔ mu, na dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ na wode sɛe wɔn daa?


03.4 - So, Kristo mu gyedie ne Mmra Nsɛm a ɛdi kan no, wɔ ahoɔden, anaa ade koro?

Jewfoɔ ne Nkrammofoɔ bɛtumi ne ɛkristofoɔ ayɛ adwene afa Mmra nsɛm no nkyerɛkyerɛmu ɛbɛdu mpɛnpɛnsoɔ bi. Nanso ɛyɛ a wotumi ka sɛ, Ɛkristofoɔ no de won anibrɛ bu Mmra Nsɛm a ɛdi kan no so. Na wotumi mpo ka sɛ, "Ɛkristofoɔ nnnye Onyankopɔn nndi yiye" wo ano booboo mu, ɛfisɛ, wosusu sɛ Ɛkristofoɔ bu Mmra Nsɛm a ɛsɔ na ɛdi kan wɔ Mmra no mu no. Na wɔka sɛ, yɛ ka abususɛm tia Onyankopɔn, ɛfisɛ yɛka sɛ, Onyankopɔn yɛ baasa koro, na ɛmu baako na owui wɔ asendua so maa yɛn. Jewfoɔ ne Nkrammofoɔ bɔ Ɛkristofoɔ sonboɔ sɛ wɔka abususɛm tia Onyankopɔn, ɛsanne sɛ wogye Onyankopɔn baasa koro no nkabom di.

Kwan bɛn so na Yesu de yii won a wɔbɔɔ no sonboɔ no?. Yesu hyiaa saa ɔko yi wɔ nnipa a wakoma yɛ den na ɛpirim daa wɔ nadwumayɛ mu. Na Yesu yii Ɔne Agya no koroyɛ kyereɛ pɛfee. Na ɔkae sɛ, "me ne magya no yɛ baako" (Yohanne 10:30) N woaka sɛ me ne magya no miennu, na mmo baako, na ɛno akyiri no, ɔkaa sɛ, me wo agya no mu, na agya no nso wɔ me mu. Ansa na wobɛyi no ama no, ɔbɔɔ mpaeɛ maa nakyidifoɔ no, sɛ ɛbɛyɛ na wɔbɛyɛ baako, senea ɔne Agya no yɛ baako no. (Yohanne 17:22). Na ne nsɛm yi di adanseɛ kyerɛ Onyankopɔn baasa koro no nkabom. nteaseɛ no di ɛdi pɛfee sɛ baasa no, yɛ baako. Yesu dii adanseɛ korɔgyee sɛ ɔne Agya no yɛ koro. Na saa nokware yi nnhia nndwendwenho biara. Ɛfisɛ obiara ntumi nkasɛ Yesu yɛ Awurade gyesɛ ofiri honhom Kronkron mu. (1Korintofo 12:3). Ɛyi yɛ nokware asɛm a ɛtim hɔ daa a ɛnni ɛwieɛ. Na sɛ yɛama yɛn ho kwan na Onyankopɔn honhom antra yɛn mu yiye a, yɛ rentumi nte honhom mu nsɛm ase.

Yesu kae sɛ, sɛ obi dɔ me a obɛdi me nsɛm so, na me Agya bɛdɔ no, na me nso mɛba ne nkyɛn, abɛyɛ me fie wɔ ne mu. (Yohanne 14:23). Yesu hyɛɛ nakyidifoɔ nyinaa bɔ sɛ Honhom Kronkron no bɛba ne won abɛtra. na ɔsan ka kyerɛɛ won sɛ ɔrekɔ Ɔsoro Agya no nkyen, na Ɔne Agya no nyinaa bɛba abɛtra nakyidifoɔ nyinaa akoma mu.

Kristofoɔ nngye nndi sɛ Onyankopɔn yɛ mpapaemu Nyankopɔn, na mmom Onyankopɔn baako pɛ, a oyii ne ho ɛdi kyerɛɛ sɛ, agya, ɔba, ne honhom kronkron. Na sɛ yɛ paemu bɔ Onyankopɔn baasa koro no din a, na yɛnsɛe Mmra nsɛm no, na mmom yɛ hyɛ no ma. Na wahwie Onyankopɔn honhom no agu yɛn akoma mu de adi adanseɛ sɛ ɔnam Kristo ne wuo, ne ne wusɔreɛ so afa yɛn ayɛ ne mba. Nokware honhom no hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛbɛfrɛ Onyankopɔn yɛn AGYA, na yɛde atew ne din kronkron no ho. Na yɛde yɛn akoma nyinaa dɔ yɛn Awurade Yesu Kristo nso, ɛfisɛ ɔnam honhom kronkron so ahwie Onyankopɔn dɔ agu yɛn akoma mu ma. (Romanfo 5:5). Ɛsɛ sɛ yɛhunu sɛ Onyankopɔn baasa koro no ayɔnkofa no, asɔ obiara a wɔnam Honhom kronkron so awɔ no foforo no ano, na ɛnhia sɛ ɔhwehwɛ saa nokware annuoyam yi mu bio.

Quran nso nnkasa ntia Oyankopɔn baasa koro no a Kristofoɔ gyedi no. Na mmom ɔkasa tia baasa koro bi, a Kristofoɔ nso kasa tia no, Quran ko tia baasa koro no a ɛne, agya, ɛnna, ne ɔba.(Sura al- Maida 5:116). Na Quran no nso kasa tia sɛ Onyankopɔn ne Yesu, Mary ba no, senea Kristofoɔ gyedi no.(Sura al- Maida 5:17,72) anaa nea ɛtɔso miensa no.( Sura al- Maida 5:73). Na nteaseɛ paa a ɛwɔ kyerew Kronkron ne mu, fa Onyankopɔn baasa koro no he nea ɛdi kan, WON NKABOM KƐSEƐ NO, ne WON DAA ƐNNI ƐWIEƐ BIAKOYƐ, Onyankopɔn baasa koro no a ɔnam nanum asɛm ne Honhom Kronkron so yɛɛ ne ndwuma nyinaa no. Nkyerɛkyerɛ bi a ɛka sɛ, Onyankopɔn Agya, Ɛnna ne Ɔba no, nnyɛ kyerɛkyerɛpa a yɛgye tum, ɛne nea ɛse sɛ Oyankopɔn Agya no, ɔno, ne Kristo Mary ba no, nso nnyɛ kyerɛpa. Na mmom nea yɛgye di, na yɛpaemu ka ne onyankopɔn agya, onyankopɔn ɔba, ne onyankopɔn honhom kronkron, sɛ Onyankopɔn biako pɛ.


03.5 - Dɛn na apam dada no ka fa Onyankopɔn baasa koro no ho?

Wɔ Apam dada no mu no, nkyerɛkyerɛmu kɛse wɔ mu a ɛfa Oyankopɔn baasa koro no nkabom kɛseɛ no ho. na mpo Quran no ntumi mmpo saa nokwasɛm yi.

Wɔ Nwom 2:7,12, ɛkyerɛ Onyankopɔn Adiyisɛm a afa Yesu ho, mpo mfeɛ apem akyi ansa na wɔrewo Yesu. Na ɔkaeɛ sɛ, Me ba ne wo, ɛnnɛ na mawo woɔ. Momfe ɔba no ano, na ne bo amfu, na moanyera ɔkwan mu.

Yesaia 7:14, nso kaeɛ mfe ahason akyi anso na worewo Kristo, Ɛnti AWURADE no ara bɛma mo nsɛnkyerɛnneɛ: Hwɛ, ababaa bi bɛnyinsɛn awo ɔbabanin, na wato no din Imanuel ( Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ).

Yesaia 9:6, nso hyɛɛ bɔ sɛ, Na wɔawo akɔkoaa ama yɛn, wɔama yɛn ɔbabanin; na n'ahennie bɛda ne mmatiri so, na wɔafrɛ ne din sɛ: ɔfotufoɔ Nwanwani, Onyankopɔn Tumfoɔ, Daa Agya, Asomdwoeɛ Hene. Nsɛm wawasoɔ yi a ɛwɔ apam dada no mu no nyinaa di adanseɛ fa Yesu ne na Agya no nkabom biakoyɛ.

Wɔ 2 Samuel 7:12-14, no, wɔhyɛɛ Ɔhene David bɔ bi sɛ, na sene mu ba biako a ɔbɛyɛ Onyankopɔn ba nso ase bɛtim, na ɛdin foforo nso a wɔde maa Agyenkwa no, a ɔyɛ David ba no, ne Onyankopɔn ba.

Wɔ Nwom 110:1 no se, AWURADE asɛm a ɔse me wura nie: Tena me nifa kɔsi sɛ mede w'atamfo bɛyɛ wo nan ase ntiasoɔ. so wɔyɛ awuranom miennu? dabida! Na saa kyerew nsɛm yi nyinaa nso kyerɛ nokware biakoyɛ a ɛwɔ onyankopɔn agya, ɔba, ne honhom kronkron no.

Firi adebɔ mfiteaseɛ no, na Oyankopɔn yii ne baasa koro no adi kyereɛ, momma yɛnbɔ onipa sɛ yɛnsuban ne yɛnseso, senea yɛteɛ no, (Genesis 1:26).

Na ɛyi kyerɛ yɛn pɛfee sɛ, Onyankopɔn baasa koro no ho adansedie no, nnyɛ Kristofoɔ na abɔ wɔn tirim ahyehyɛ biribiara, na mmom ɛyɛ nokwasɛm sɛ Onyankopɔn ayi ato hɔ mfe apem akyi koraa ansa na worewo Kristo no. Na hwan na obɛtumi ako atia Onyankopɔn Adiyisɛm?


03.6 - Quran kyerewsɛm no nkyerɛkyerɛmu a ɛfa Kristo Nyame su ho

Ɛfiri kyerew Kronkron nsɛm no, Genesis kosi Deuteronomium mu no, ɛnyɛ ɛno, mu nkoa na ɛka Kristo Nyame su ho asɛm, na mmom Nnwom nwoma no mu, ne Adiyifoɔ no nso, wɔn nyinaa dii adanseɛ faa onyankopɔn agya, ɔba, ne honhom kronkron no biɛkoyɛ ho. Na Quran kyerew no mu nso, mbiaɛ bi wɔ mu nso a ɛdi adandeɛ fa Kristo Nyame su ho. Na Muslimni anaa Nkrammoni biara bɛtumi ɛya honhom mu nteaseɛ de akan Quran no a, anka obɛtumi ahu ahintasɛm a ɛfa Yesu, ɔbabun Mary ba no, awoɔ ho yiye. Wɔwoo Yesu wɔ Allah anum asɛm ne ne tumi honhom mu. Allah homee ne honhom ahoɔden baa ɔbabun Mary so, na ɔwoo Yesu.( Suras al- Anbiya 21:91 ne al- Tahrim 66:12).

Wɔ Suras Al Imran 3:45, al-Nisa 4:171 ne Maryam 19:43, ne nyinaa kyerɛkyerɛ sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn asɛm a ɛfirii ne Honhom tumi mu baeɛ. Saa kyerew nsɛm yi ne Islamsom no asɛmpa ka no tieɛm ka, Senea Yohanne kaeɛ no, Na Asɛm no bɛyɛɛ honam, na ɔbɛtenaa yɛn mu, na yɛhunuu nannuonyam sɛ Agya no Ba a ɔwoo no korɔ no annuonyam, (Yohanne 1:14).

Wɔ Suras al- Baqara 2:87, 352 ne al-Maida 5:110, yɛhuu wɔ hɔ sɛ, wɔ de Honhom Kronkron ahyɛ Kristo ma, na Kristo de fam nnoteɛ nwenee anomaa bi, na ohuu mframa guu no mu, ma nkwa baa anomaa no mu ma otuiɛ. Na ɔmaa anifuraɛfoɔ hunuu adeɛ, na nkwatafpɔ nso ho fiiɛ, na ɔmaa awufoɔ nso sɔree firii awufoɔ mu wɔ Alla tumi ahoɔden a ɔde maa no nti. Dwumadieɛ kɛseɛ a ɛyɛɛ adwuma wɔ ɔne Allah ntam, Kristo ne Honhom Kronkron mu no, da ɛdi pɛfee wɔ Quran kyerew no mu. Na Aden nti na Muslim anaa Nkrammofoɔ yɛ asoɔden tia Onyankopɔn ne Kristo no?

Wɔ Sura Maryam 19:21, no ka sɛ, "Wɔ de no ayɛ nsenkyerɛnne ama nnipa, na wɔde no ayɛ adom nso ama yɛn". Ɛyɛ wawa sɛ wɔ Quran no mu no, Allah kasa fa Kristo ho wɔ nsɛm horow mu, na ɔfrɛ no Adom a ofirii Adom wura no nkyen. ase kyerɛ sɛ ɔnoaa mu na ofiri baeɛ.

Apam dada no, ne Quran nyinaa ka Onyankopɔn baasa koro no ho asɛm wɔ nkyereɔɛ no mu. Na woahyɛ yɛn nkuran sɛ yɛ ne Abɔfoɔ bɛbom ayi Onyankopɔn ayeɛ, aka sɛ, KRONKRON, KRONKRON, KRONKRON ne Asafo Awurade, na nannuoyam ahyɛ asaase nyinaa so ma,( Yesaia 6:3). Kronkron ntoaso miensa a ɛwɔ kyerewsɛm no mu no, kyerɛ sɛ Agya no yɛ Kronkron, na Ɔba no yɛ Kronkron, na Honhom Kronkron nso yɛ Kronkron. na wɔn biakoyɛ no yɛ Kronkron kɛse.


03.7 - Kristofoɔ gyidie a ɛfa Kristo Onyanmesu tumi ho

Ɛnyɛ ɔkwa, biara kɛkɛ sɛ Asomafo no pae mu dii Kristo Onyanme su tumi ho adanseɛ. Na ahohiahia ne owuo ahunahuna mu mpo no, Ɔsomafo Paulo pae mu mmorɔnoso dii adanseɛ sɛ, "Kristo no ne Onyankopɔn a wonhu no, no suban sɛso" (Colosefo 1:15). Na Yohanne nso kae sɛ, Na Asɛm no bɛyɛɛ honam, na ɔbɛtenaa yɛn mu, na yɛhunuu nannuonyam sɛ Agya no Ba a ɔwoo no korɔ annuonyam, na adom ne nokorɛ ayɛ no ma. (Yohanne 1:14). Ɔsomafo Petro kae sɛ, "Wone Kristo no, Onyankopɔn teasefoɔ no ba" (Mateo 16:16).

Ofutufoɔ Nicaea kaa no nsɛmfua mu wɔ Kristofoɔ gyidie yi mu sɛ, Kristo yɛ Onyankopɔn mu Onyankopɔn, Kanea mu Kanea, Onyankopɔn kɛseɛ mu Onyankopɔn, Ɔdɔba a ofiri Agya no mu tɔnn.

Nkrammofoɔ anaa Muslimfoɔ ne Jewfoɔ no, de won nkyerɛkyerɛ no yɛ Onyankopɔn krokroko no tetewa. Hwan na obɛtumi ako atia Onyankopɔn ɛdiyisɛm a ɛfa ne ho no, senea ɔteɛ no adi asi?. Hwan na ɔwɔ tumi sɛ, obɛsi Onyankopɔn kokroko no ho kwan sɛ obɛya ba, na ɔde no bɛbɔ afore agye wiase nkwa?, Onyankopɔn de neho, na Krosto no wɔ hɔ ansa na wiase rehyɛ aseɛ. Na ɔbɛyɛɛ Onipa, sɛ ɛbeyɛ na wagye wiase nyinaa abata Onyankopɔn ho, na woama Osoro asomdwee aba asaase so. Na bɔne biara nni ne ho, nti wayi wiase bɔne nyinaa kɔ. Yohanne Osuboni paemu frɛɛ no sɛ, Hwɛ Onyankopɔn aguamma a oyi wiase bɔne kɔ no nie. (Yohanne 1:29). Na ɛyi nti, woama yayɛ mba, na yɛtumi frɛ Onyankopɔn sɛ, yɛn Agya a ɔwɔ Soro, ɛfisɛ ɔde yɛn bɔne nyinaa agye yɛn. Kristo de nkwagyeɛ fapem kɛseɛ asi hɔ ama nnipa nyinaa, na ɛnnyɛ Kristofoɔ nko. Kristo nkwagyeɛ no wɔ hɔ ma Hindusfoɔ, Buddhistsfoɔ, Jewfoɔ, Muslimfoɔ, ne atheistsfoɔ. Na ɔde nkwagyeɛ ma obiara a ɔgye no di, na wafa no ayɛ nawurade ne ne kra agyenkwa. Ɔba no di yɛn anim, de yɛn kɔ Agya no nkyen, na Agya no nso twe yɛn bata Ɔba no ho. Onyankopɔn yii ne ho adi kyereɛ wɔ Kristo Asubɔ mu wɔ nsubɔnten Jordan mu, Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m'ani. (Mateo 3:17) Hwan na obɛtumi asi nne a ɛfi Soro no kwan?


03.8 - Mmra nsɛm a ɛdi kan no, botaeɛ ne sen?

Mmra nsɛm a ɛdi kan no botaeɛ nyinaa ne sɛ yɛ bɛ dɔ Onyankopɔn. Moses de saa akwanya nsɛmdɛ Mmra soronko yi sɛ; Na fa w'akoma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w'ahoɔden nyinaa dɔ AWURADE wo Nyankopɔn. (Deuteronomium 6:5). Nea aka ne sɛ, yɛ bɛ dɔ Onyankopɔn na yɛ ne Honhom Kronkron atena yiye, anaa sɛ, yɛbɛtan no, na yayɛ asoɔden atia ne pɛ. Sɛ yɛdɔ Onyankopɔn a, yɛdwen ne ho, na yɛtie no, na ɛfei, yɛyɛ nea ɛsɔ nani. Na yɛtena ase ma no, yɛni gyina no, hwɛ no kwan senea ayeforo hwɛ nekunu kwan na ɔkenkan ne krataa daa no. Na wɔn a wodi wɔn ahantan sɛm akyi na wohu wɔn ho sɛ wode won ho no, wɔdanne won akyi kyerɛ nokware Onyankopɔn no, wɔn were bɛfi nasɛm nso. Na wɔn akoma pirim mu no, wɔbɛhwease atɔ Onyankopɔn abufuo hyeɛ mu.

Na won a wɔdɔ Kristo no, Honhom Kronkron te won mu. Woya bɔne fakye firi wɔn bɔne nyinaa mu, na wɔnante wɔ Honhom Kronkron tumi mu wɔ won daa abrabɔ mu. Wode daa daa mpaebɔ ne nkotosrɛ kɔ Agya no anim, na wɔdanne nnipa foforo wɔ Agya no suban so, ɛfei wɔde nkotosrɛ mpaebɔ tew Agya no din ho wɔ won brabɔ mu, ne wonfie. Na sɛ yɛdɔ Onyankopɔn paa a, yɛbɛsan akɔ ne nkyen, na yɛaya adom abɔ adom so. Na ɔbɛtew yɛahonim ho daa, na yɛde fahodie ne asomdwee bɛtena ase sɛ Onyankopɔn mba, na yɛayɛ ne Honhom mu adwuma. Won a wofri wɔn akoma mu dɔ Onyankopɔn no, woyi abosomsom firi won abrabɔ mu, na wogyina pintinn wɔ apam foforo no mu. Saa nnipa no abrabɔ bɛyɛ nhwesoɔ ne adiyi ma ɛgyidifoɔ ne abrabɔ. Onyankopɔn yɛ ɔdɔ, Na obiara a ɔtena ɔdɔ mu no, tena Onyankopɔn mu. na Onyankopɔn nso tena ne mu. (1Yohanne 4:16).

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on January 31, 2022, at 06:51 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)