Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- The Ten Commandments -- 02 Introduction To the Ten Commandments: God Reveals Himself

Previous Lesson -- Next Lesson

ASɛM TIRIE 6: MMRA NSƐM DU - Onyankopɔn Banbɔ Fasuo A Ɛkora Onipa So Firii Ahweasee Mu
Mmra Nsɛm Du a ɛwo Exodos 20 no mu Kanea a Ɛda Ɛdi Wɔ Asɛmpa Nwoma no mu

02 - Mmra Ndɛm No Nkyeremu: Onyankopɔn Yii Ne Ho Adi Kyereɛ.



EKSODOS 20:2
Mene AWURADE wo Nyankopɔn a meyii wo Misraim asase so nkoafie mu no.

Mmra nsɛm du no mmfa ɔhyɛ nto nnipa so nkyekyere won, wɔ nhyɛsoɔ mu, wɔ nea ɔbɔfoɔ no yi kyerɛɛ won no mu. Na mmom nsɛm no mu na Onyankopɔn kasa kyerɛ won. Ɔbɔadeɛ no ba nabɔdeɛ nkyen, na ɔkrokroni no twiben ne nkrofoɔ nnebɔneyɛfoɔ.


02.1 - Onyankopɔn Nipa su

Asɛm a ɛdikan wɔ Mmrasɛm no mu ne "ME". Ɔteasefo Onyankopɔn ne yɛn kasa sɛ onipa, na ɛnnyɛ sɛ honhom bi a ne ho yɛhu anaa apranaa kɛse bi a ɛwɔ akyiri bi ɛnne. Na ɔne yɛn kasa wɔ onipa nteaseɛ mu. Onyankopɔn pɛ sɛ ɔne onipa nya ayɔnkofa fapem a ɔne yɛn bɛya nkutahodie wɔ gyidie ne awerɛhyɛmu kɛseɛ mu. Ɔnam nadom so, na ɔne yɛn kasa, na mmom ɛnyɛ Mmra anaa abufuo so na ɔne yɛn kasa. Akwanya kɛse paa a onipa wɔ, wo Awurade anim sɛ ɔba yɛn nkyen wɔ ɔdɔ, ne mmɔbrohunu mu.

Nanso nnipa bebree pirim wɔn akoma, na wotwane firi Otumfoɔ Onyankopɔn anim, na wodwane kɔ akirikyiri firi nadɔeɛ ho. Nanso Ɔkronkronni Onyankopɔn hu yɛn wɔ baabiara a yɛwɔ. na yɛwɔ nanim daa baabiara. Ɛyi nti na ɛsɛ sɛ Onyansani biara no, wobɔ wo ho mmɔden sɛ wobɛtie nenum asɛm, na wogye ne frɛ no so. Sɛnea, osee sɛ " ME " no, ɔde kyerɛɛ yɛn sɛ, wasane aba yɛn tebea mu, sɛnea yɛbɛtumi ne no akasa sɛ onipa a ɔbɔɔ yɛn wɔ nesɛso.

Na wayɛ nneoma yi nyinaa de akyerɛ yɛn pɛfee a akyingye biara nni mu sɛ daa Onyankopɔn no, nea ɔma honam nyinaa nkwa no, daa ɔtemmufoɔ no, ankasa ne yɛn kasa. Ɛno nti momma yɛntie yiye, na yɛnkora nasɛm so wɔ anigye ne ɛdɛw mu daa.


02.2 - Onyankopɔn wɔ hɔ

Onyanyankopɔn yi ne ho kyerɛ onipa, se no sɛ, "ME NE NO". Na adɛn nti na nnipa tumi kasɛ Onyankopɔn nni hɔ?. Na won a wɔngye Onyankopɔn nni no mpo nyinaa ho popo wɔ Onyankopɔn anim, ne na adansedie nne a ɛsee sɛ, "ME NE NO" aa ne mu na ɔbɔdeɛ nyinaa wɔ hɔ ɛnnɛ. Onyankopɔn wɔ hɔ, na nneoma nyinaa bɛtwam ako, na ɔno nkoa ne nea ɔte hɔ daa a ɛnni ɛwieɛ. Ɛmbrɛ ne ɛnda nyinaa Onipa yɛ asoɔden tia ne bɔfoɔ, ne no di asi te sɛ obi a ɔne ɔbotan kɛse bi repre. Nanso nokware no nngyina nea Onipa aka fa Onyankopɔn ho, anaa nea abɔdeɛ mu nhwehwɛmufoɔ akyerɛ afa no ho. Onyankopɔn ne nokware no, na ɔno na ɔhyɛ wiase nyinaa ma. Nnipa binom apoo saa nyansa yi, mfeɛ mpem miensa 3,000 rekɔ ni. wɔ David mbrɛ mu, na wɔkaa sɛ, Onyankopɔn biara nni hɔ (Nnwom 14). Ɛno nti onwomtoni no frɛɛ won sɛ agyɛgyɛntwi a won adwen aprɔ, ɛfisɛ won apo nea ɔma won ɔhome no, na won ayi won ani afiri nea ɔma wiase nyinaa kwa no mu. na won a wonngye no ndi nso no, da so te wɔn bɔne mu a won adwen mbu wɔn fɔ biara.

Onyankopɔn adansedie a afa ne ho no da adi pɛfee, na ɛma Buddha nkyerɛkyerɛ fapem no, yɛ hunu ne ndaadaa. Nirvana, nso nkyerɛkyerɛ sɛ onipa mpa ne nneoma nyinaa na ɔmpre owuo na ɔma ne kra ɛnonom ntɛmntɛm nkɔ tumi a hwee nni mu, saa nkyerɛkyerɛ yi yɛ atrɔ. Onyankopɔn pɛ se, nnipa nyinaa tena ase. Ɔno ankasa tease, na odi adanse sɛ; "me ne no". Na ɛsanesɛ ɔwɔ hɔ nti, ɔma yen anidasoɔ ne botaeɛ wɔ abrabɔ mu, na ɔpɛ se yɛnnya nkwa sɛnea ono wɔ kwa no. Onyankopɔn pɛ ne ne bɔtaeɛ a ɔwɔ ma yɛn no nnyɛ ɔhaw.

Onyankopɔn adansedie nso ma wiase ahoyadeɛ ne na afɛfɛdeɛ a ɛwɔ mu nyinaa yɛ owuo. Nti onipa a onni anisoadehunu no, na ɔpo, na ɔngyedie sɛ wiase foforo bi wɔ hɔ a yɛnfa yɛni nhu. na saa nipa no te se, aboɔ a ɛgu asaase so faako, na anomaa tu fa no so wɔ wieɛm. Onyankipɔn tease, na ɔne wɔ yen kasa. Ɔne won a wiase ahoyadeɛ afa won nommum, ne won a wonngye no ndi nyinaa ne obiara nso kasa, sɛ obiara bɛdanne aba ne nkyen, na wayɛ onyansafo. Na obiara a wanyɛ aso ɛntie na asɛm, na opirim nakoma no, ɔbɛyɛ te sɛ onifuraɛni ɔse ne ho sɛ owia biara nni hɔ, ɛfisɛ onnhu awia.


02.3 - Hwan ne Yahweh?

Onyankopɔn ka kyerɛɛ Moses sɛ; "ME NE AWURADE". "ME NE NEA ME NE" na ne nkyerase wɔ Hebrew kasa mu, wɔ Eksodos 3:14. na ɛyi Onyankopɔ daa Onyamesu, ne dɔ kɛseɛ no, ne ne tumi kɛseɛ a ɛde ne ho wɔ wiase edi. Na Onyankopɔn wɔ hɔ wo kwan kɛse bi a abɔdeɛ biara ntumi nhu mu da. Ɔnsesa da, na ɛyi ne yɛn gyidie fapem ne ɔbotan kɛse a yɛn nkwagyeɛ nyinaa gyinaso. Yɛn bɔne ne yɛn sintɔ nyinaa mu no, Onyankopɔn a ɔnsesa da no, nokware die tim hɔ daa ma yɛn. ɛno nti ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa san ba ne nkyen, ɛsanne se, ne nokwaredie kɛse no nti, mpo sɛ wiase yi ba nawieɛ a, Onyankopɔn hyɛ yɛn nkuran sɛ; ɔsoro ne asase bɛtwam akɔ, na me nsɛm deɛ,ɛrentwam da. (Mateo 24:35)

Onyankopɔn tumiyɛ mu no, watwa nneoma nyinaa ho ahyia, onim adeɛ nyinaa, na ohunu adeɛ nyinaa, ɔwɔ baabiara bre nyinaa mu, na ɔyɛ onyansafo kɛse adeɛ nyinaa mu. Sɛ apono nyinaa mu to mpo a, ɔkyerɛ yɛn kwan foforo a yɛbɛfa so. Ɔte yɛn kasa ne yɛn adwendwen nyinaa ase. na ɔmpɛ sɛ yɛ de osuro ne ɛhu ba nenim wɔ nabangua so. na daa mmom no, ɔma yɛn anidasoɔ ne awerehyemu wɔ yɛn mu. Ɔne yɛn kasa sɛ yɛbɛma yɛn aniso ahwɛ no wɔ gyidie ne anidasoɔ mu. Na ɔpɛ sɛ ɔyɛ yɛn Awurade wɔ yɛ daa abrabɔ mu. Oh sɛ anka ma obiara mfa ne ho nkame Onyankopɔn boasetɔ kɛse yi, ɛfisɛ ɔtwen yɛn sɛ ɔbɛgye yɛn so. na obiara a ɔbɛsan aba ne bɔfoɔ nkyen no, ɔbɛgye no so wɔ nahunu mmɔbro ne ne dɔ kɛse mu. Sɛ Onyankopɔn ka sɛ "ME NE AWURADE" a, na asekyerɛ ne sɛ obiara nni nakyi anaa nanim, na honhom ahorow nyinaa yɛ nabɔdeɛ.

Yɛn mbre yi mu a ahonhom fi, ne ahonhombɔne nkyerɛkyerɛ adanne som yi, nea ɔde ne werɛ bɛhyɛ Onyankopɔn mu no, sɛ ahonhom fi ahyɛ ma mpo a ɛbɛtutu afiri ne mu. Ɛnnɛ yi suahunu atraso, na ama nnipa bebree de won ho akɔhyehyɛ ahonhombɔne nkyerɛkyerɛ ase, na dodow no ara akowura occult som ahonhom fi ase. Na won atro nkyerɛkyerɛ no ɛredi ahim wɔ abɛɛfo kasa fideɛ so te sɛ radio, kasa fonni, ɛne nkrataa mu.

Wɔ asɛmpa no mu no, Yesu kaa sɛ; "Me ne No" na ɔde rekyerɛ kasakoa wɔ Mmra nsɛm du no mu. Na Yesu kaa saa de kyerɛɛ sɛ ɔno ne Awurade no, na ɔno ara nso ne asɛmpa a abɔfoɔ no de brɛɛ ndwuanhyɛfoɔ no, wɔ Bethlehem no. Na Yesu kɔɔ so, kaeɛ sɛ; ‘’me nkwa aboodoo no’’, ‘’me ne wiase hann’’, ‘’me pono no’’, ‘’me ne kwan no, nokware ne nkwa’’. Na Yesu kae bio sɛ, ‘’me yɛ ɔhene’’. ‘’me ne ahyɛase ne ɛwieɛ’’. Na ɛfiri hɔ rekɔ no nasuafoɔ no nyinaa gyee no diɛ, ‘’na wɔpaemu kaa sɛ ɔno ne AWURADE no’’. Ɔnsesa da, na ɔgye yɛn firi yɛn bɔne nyinaa mu. Na ɔdaa ne Nyameyɛ tumi adi kyerɛɛ wiase, wɔ mbre a ɔsoree firii awuofoɔ mu no. Mmra nsɛm du no nyinaa ahyɛ ma na ɛwie mudie, wo ne wuo ne ne wusɔre no mu. Me ne AWURADE.

Na Moses anhu nawurade no nipa su ko a ɛbɛyɛ. Na mfeɛ apem ne aha miensa aduonum 1,350 akyiri ansa na worewo Yesu no, woyii ne ho hintasɛm a ɛda ne ho ɛdi kyerɛɛ no sɛ, Me ne AWURADE wo nyankopɔn.


02.4 - Hwan ne AWURADE?

Wɔ Hebrew mu no, Onyankopɔn frɛ ne ho sɛ "Elohim" a ne nkyereaseɛ wɔ Arabic mu sɛ "Allah". "Elohim" nso ne "Eloh-im" na Allah nso ne " Al-el-hu". "Al". nkyeremu ne no. Na "El" nso yɛ din a wɔfrɛ Onyankopɔn wɔ Semitic amanmbrɛ mu, a ne nkyereaseɛ ne tumi kɛseɛ. Yesu kasa mu wɔ asɛm di bea no ɔkaa asɛm bi, de kyerɛɛ ɛdin "El" ase, de sii so sɛ; ɛfiri nnɛ mobɛhunu Onipa ba no sɛ ɔte tumi no nifa, na ɔreba mununkum soɔ. (Mateo 26:64). Na kasa fua, - "im" ne "hu" no nyinaa yɛ kasa nsiakyiri. kasa "im" wɔ Hebrew mu no, ne nkyereaseɛ, ne bebree, ɛna kasa, "hu" nso wɔ Arabic mu no, ne nkyerease ne, baako. Na ɛma Onyame baasa koro no, nkabom no, yi, firi ɛdin ‘’Allah’’ mu, na ɛdin Elohim no tumi kyerɛ baasa koro.

Na daa Awurade no, nnyɛ nea onim bibiaa nkoaa, anaa onyansafoɔ nkoaa, anaa ɔwɔ baabiaa nkoaa, na mmom ɔyɛ adeɛ nyinaa so tumfoɔ kɛse nso. Ɔno nkoaa ne tumi kɛseɛ wɔ wiase nyinaa a ɔnam nenum asɛm tumi so bɔɔ adeɛ nyinaa wɔ wiase, Na ɔbɔɔ osoro ne asaase ne ɛmu neoma nyinaa. Ɔwɔ boasetɔ ma nnipa nyinaa. Awurade nnyɛ ɔsɛeɛ ne nhyɛsoɔ anaa atirimmɔden Nyankopɔn a ɔkyerɛ nnipa kwan na ɔma no yera anaa ɔsɛe no. (Suras al- Fatir 35:8, ne al- Muddathir 74:31). Na mmom Onyankopɔn pɛ sɛ nnipa nyinaa nya nkwa, na wohu nokware no, na woya ɛho nimdeɛ (1 Timothy 2:4).

Wɔ apam dada no mu no, nnipa bi wɔ hɔ a, won din ne won mann fam ɛdin "El" ho. Na won mma din din bi ne Samuel, Elijah, Eliezar ne Daniel. Na wɔtoo won koro din sɛ, Bethel, Jezreel, ne Isreal. wɔ yɛɛ saa de won ho bataa tumi kɛse a ɛkura wiase nyinaa mu no ho. Wɔ apam foro no mu nso nnipa bebree firi akoma mu de won ho bataa Onyankopɔn yiye paa. na ɔhyɛɛ wɔn bɔ sɛ, Honhom Kronkron no nya ba mo so a, mobɛnya ahoɔden, (Asomafo 1:8). Onyankopɔn mmpo adebɔneyɛfoɔ na mmom ɔhohoro won ho, na watew won ho, na watena won mu.

Yɛn Awurade Yesu Kristo, na Ɔsoro ne Asaase so tumi nyinaa yɛ ne dea, Ɔhye aman topaeɛ, ne wiase yi mu tumi biara ntumi ntoto Awurade daa ɛni ɛwieɛ tumi ho. na ne tumi to ntwa da.


02.5 - Hwan ne Onyankopɔn wɔ Islam mu?

Nnipa ahobreaseɛ ma adeɛ nyinaa so tumifoɔ no, nso kyerɛɛ Muslimfoɔ anaa sɛ Nkrammofoɔ, kwan ma wohuui, de frɛɛ ɛdin, "Allahu akbar" Allah yɛ kɛse! saa na Muslimfoɔ yi Allah tumiyɛ ahoɔfɛ adi. nea ɔwɔ adwenpa sene obiara. Nti Allah, wɔ Islam mu no, yɛ kɛse, wo tumi, na onni nhwehwɛmu, na ɔsene ne nkoa nyinaa. Onipa biara adwen ntumi ntoto ne ho. na ɔsene yɛn. Allah wɔ Islam mu no, ɔwɔ akyirikyiri paa, a obiara nnim no. Na onipa adwenpɔ, anaa suahu, biara a ɛfa ne ho no nni ngyinasoɔ papa. wɔ nnipa mbooboodi mu no, wontumi nhu otumfoɔ no ase nwie da. Nkrammofoɔ anaa Muslimfoɔ, de osuro ne ɔsom da fam wɔ nanim wɔ won som mu.

Nhwehwɛmufo ɛtumi abɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ ɛtwereɛ tenten akɔ ɛwieɛm paa, nanso wontumi nduru Allah hɔ, Na Quran no mpo mmma kwan saa sɛ nnipa nsɔ Allah nhwɛ wɔ saa kwan yi so.

Wɔ Islam mu no, Obiara ntumi nhu Allah da, na ɛfei nso, ɔne won nni apam biara wɔ Muslim som mu. Na Muhammad nnyɛ ntam gyinafoɔ ma Allah ne Muslimfoɔ a obɛtumi atwe won abata Allah ho wɔ Islam apam mu. na mmom ɔhyɛɛ won nyinaa sɛ wommrɛ won ho ase ɛmma won wura, a nkyekyereɛ biara nni ho.

Nkrammofoɔ ntumi nte Onyankopɔn adwenpɔ ase yiye. Na ne saa nti, wontumi nhu won bɔne mu ahintasɛm ne nteaseɛ yiye, ne adom ne mmɔbrohunu ho nimdeɛ a ɛmu dɔ. Islam Som no nnyɛ ayɛyiye som bi a wɔde rema won agyenkwa bi sɛ, wagye won afiri won bɔne mu nti, anaa sɛ wɔrema ntontom ne ayɛyiye nne so, ɛfisɛ won anya ɔgyeɛ afiri ɔtanfoɔ no nsam ne atemmuda no mu. Na mmom ntontom na wɔde ma Otumfoɔ Allah a ɔwɔ akyirikyiri, te sɛ nkoa bi a wotwa hwe won wura bi anim wɔ akoma mu akyinngyeɛ. Ɛyɛ won anigyeɛ ne ahohoahoa sɛ wodi Muhammad akyi, ɛfisɛ Islam yi Allah ayɛ, nea oyi won ɛhu daa no, na ɔnntew won ho da no. Ɛnyɛ won agyenkwa bi na wɔda no ase, sɛ wagye won nkwa, ɛfisɛ Islam nni agyenkwa biara. Na ɛno nti na Nkrammofoɔ anaa Muslimfoɔ da so te abosomsɛm ne ahonhom frɛ som mu no.

Na nokware Onyankopɔn a oyii ne ho adi kyereɛɛ wɔ kyerew kronkron no mu no, nnyɛ Onyankopɔn a ɔwɔ akyirikyiri frii nabɔdeɛ ho, na mmom ɔbɛn nabɔdeɛ. Ɔbaa yɛn nkyen pɛɛh, na ɔne yɛn, adam asefoɔ bɛyaa apam, na ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ, ME NE AWURADE wo NYANKOPƆN.


02.6 - Yɛne Onyankopɔn Ntam Apam

Ɛdin nsiannanmu te sɛ, "WO" a ɛka sɛ; "WO NYANKOPƆN" no asekyerɛ ne sɛ, wɔ deɛ, anaa ɛwɔ wo. Na ɛdi adanse sɛ Onyankopɔn ma yɛn ho kwan sɛ yɛnfa no ndommum koraa. Yɛ gye no di, na yɛ de yɛn werɛ nyinaa ahyɛ ne mu, senea ɔba de ne werɛ nyinaa hyɛ nagya mu na ɔgye no di no. Otumfoɔ Onyanyankopɔn ba yɛn nkyen bɛhwɛ yɛn, mpo yɛn bɔne nyinaa akyi no, na ɔka kyerɛ yɛn daa sɛ, me yɛ mo dea. Worensakyera woadwen, na womba me nkyen, na wo mfa wo ho nyinaa nto me so daa ne daa ɛni ɛwieɛ?

Asɛmpa dɛ nie, sɛ Mmra nsɛm du no hyeaseɛ wo apam mu, na ɛtim hɔ wɔ Onyankopɔn ne nnipa ntam. Na ɛyɛ apam a na ɛwɔ Oynankopɔn nkyen, na ɛfei deɛ, wayi no adi ama ɔne ne nkorɔfoɔ ntam. Na saa apam yi mu na oyi ne ho adi kyerɛ yɛn, na ɔda ne kɛse adi kyerɛ yɛn. Na ɔhwɛ yɛn kwan nso sɛ, yɛnam gyedie so bɛgye no so, na yɛahu ne tumi honhom kɛseɛ no a ɛwɔ baabiaa no mu ahoɔden wɔ anidasoɔ ne ɔdɔ mu.

Wo napam, ne nnebɔneyɛfoɔ mu no, Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ɔde won bɔne nyinaa bɛkye wɔn, na woama wɔn nkwagyeɛ, banbɔ, ne nhyira. Sɛ Onyankopɔn wɔ yɛn afa a, hwan na ɔne yɛn bɛdi ɛsie. (Romanfo 8:31)? Ɔhyɛ yɛn nkuran daa, si so gyinayɛ sɛ ɔne yɛn wɔ hɔ daa, na ɔbɛboa yɛn wɔ yɛn mmereyɛ mu nso. Onipa bɔne ntumi mmma Onyankopɔn adɔeɛ to ntwa. ɛno nti na Onyankopɔn bɛbɔ bɔne biara atɛn, sɛ kɛse oo, anaa ketewaa oo. Na natɛnmmuo trenee no bu bɔne nyinaa atɛn, nanso ne dɔ a ɛnni ɛwieɛ wo Kristo Yesu mu no, yi bɔne hɔ, na ɔpopa yɛn bɔne na otware won a wɔne no wɔ apam no bɔne nyinaa. Na owui wɔ asɛndua no so maa yɛn, Kristo yii Onyankopɔn apam no adi pɛfee ma yɛn, de kyerɛɛ yɛn sɛ bɔhyɛ apam no ayɛ adwuma wɔ yɛn ho wɔ wuo mu. Na asɛndua no ayɛ nsɛnkyerenne wɔ daa adom mu.


02.7 - Onyankopɔn, Yɛn Agya

Onyankopɔn ne nnipa ntam teteɛ no, to twaayɛ wɔ Kristo awoɔ mu. Na Onyankopɔn yii ne ho adi wɔ ɔhonam fam, senea ɛbɛyɛ a nakyidifoɔ renyɛ nkoa bio, nti Yesu Kristo gyee yɛn frii bɔne nkondua mu, ne ɔbonsam nkyekyereɛ ahoma mu, owuo ne Onyankopɔn atenmmuo mu. Yesu mogya no hweii guu hɔ sɛ aforebɔdeɛ maa yɛn faahodi. Na obiara ogye Kristo di no, ɔhohoro ne ho, na ɔtew ne ho, na wagye no sɛ ɔba barima ne ɔba baa ama Onyankopɔn. Ɛnam Kristo so ama Otumfoɔ Onyankopɔn abɛyɛ yɛn Agya, wɔ mmra ne honhom mu. na wahyɛ yɛn bɔ sɛ, mpo sɛ yɛyɛ bɔne bi a, ɔyɛ yɛn Awurade ne yɛn Agya, yɛsrɛ a ɔde bɛkyɛ yɛn.

Onyankopɔn, yɛn Awurade Yesu Kristo, Agya, no, maa obiara a ɔdɔ no, na odi yɛn Awurade Yesu wuo ne ne wusɔreɛ akyi no Honhom Kronkron ahoɔden tumi no bi. Na agyidifoɔ a woaya Kristo Yesu mu awo foforo no nyinaa soo nkwa aba wɔ Osoro Agya no suban mu. Na wonni wiase yi mu mpokyerɛ ne nkondua ɛne honhom mu wuo nkyereɛɛ mu bio. Na mmom wɔ Kristo mu no, Ɔkronkronni Onyanlopɔn akyekyere yɛn afam ne ho. Na ɔde yɛn ayɛ nasɔredan a ɔye yɛn mu daa. Ɔyɛ yɛn Agya, na yɛn nso yɛyɛ ne mba. yɛyɛ ne dea, na ɔno nso yɛ yɛn dea. Saa apam foforo yi ahyɛ ma, wɔ Kristo Yesu ne wuo ne ne wusɔreɛ aforebɔ no a ɔbɔ maa yɛn no mu. Fi ɛno akyi no, Kristo mu, ogyidi biara anya nkutahodie wɔ Onyankopɔn anim. Sɛ ɔbɔ mpae a ɔnnkasa ngu wieɛmu kwa, na mmom ne mpaebɔ ayɛ te sɛ tetephone frɛ a ɔrefrɛ Onyankopɔn. Wɔ ayɛyiye, aseda, ne bɔne ka mu, na ɔma ne nkotosrɛ duruu Onyabkopɔn anim. Na yɛn Soro Agya no tie yɛn nokware mu. na ne Agyayɛ no mu na yɛnya yɛn ahintabea. Na ɔde ne ntakra ne trenee nkataso no twa yɛn ho hyia. na eyi nte sɛ Nkrammofoɔ, na mmom Kristofoɔ paa no nni akyirikyiri fri wɔn Onyankopɔn ho. Na wonnsom abosom nyame te sɛ Hindufoɔ, na wonntwen onyame bi a ɔnnyɛ hwee te sɛ Buddhafoɔ.

Otumfoɔ Onyankopɔn atwe Kristo akyidifoɔ nyinaa abata ne ho wɔ ne dɔ kɛseɛ no mu, na woama won atena nanim daa hyeren no mu, na won asesa ayɛ tesɛ ne suban no bi. Yɛn soro Agya no ampɛsɛ obɛgyae kwa wɔ yɛn haw ne yɛn nkondua mu, na onyaa ɔpɛpa sɛ ɔbɛgye yɛn afri yɛn haw mu, na woayɛ yɛn foforo daa. Na ɔhyɛɛ yɛn den, ka sɛ, "monyɛ kronkron, sɛ me, meyɛ kronkron no". (Lewtikos 11:45). Onyankopɔn som no, nnyɛ adwene mu gyedie nkoa, na mmom ɛyɛ ahofama soronko a adwen sakyera ayɛ no ma. Sɛ yɛ ne Onyankopɔn bɛtena a, yɛn nneoma nyinaa bɛsesa, ɛfisɛ ɔteasefo Onyankopɔn bɛso yɛn nsa aboa yɛn ma yɛayin aba ne suban mu. Yɛn Agya no, pɛ sɛ yɛyɛ te sɛ ɔno ara, Senea Yesu kaa sɛ; Enti monyɛ pɛ, sɛdeɛ mo Agya a ɔwɔ soro no yɛ pɛ. (Mateo 5:48) Mmra nsɛm du no, yɛ gyinayɛ a ɛsiesie Nnipa ma wɔ sesa frii ɔyera mba mu bɛyɛ Onyankopɔn mba. na ɛyɛ abrabɔ me ahyeɛ ne ahweyie a aboa onipa frii ahweaseɛ mu wɔ nadom no mu.

Ɛyɛ bia na ɛyɛ wo sɛ worentumi nndi Kristo ahyɛdeɛ so da. na ɛbɛyɛ dɛn na yaayɛ pɛ sɛ Onyankopɔn? so saa nsɛm yi nte sɛ nea ɛbaa Eve nkyen wɔ Ɛden Turom mu hɔ no, wɔ mbre a ɔtee sɛ ɔbonsam rebisa no sɛ, wobɛtumi ayɛ sɛ Onyankopɔn no?. Onipa ntumi nngye ne ho, na orentumi mmfa nahoɔden so nnyɛ kronkron. Onipa ankasa kronkronyɛ biara gyina Mmra so, na ɛde ahantan ne asoɔden na ɛba, na ɛtwe onipa kɔ atɛnmmuo mu.Na Onipa ahoteɛ ne Onipa kronkronyɛ ho adwuma no fri yɛn Soro Agya no nkyen na ɛba. Na otutu yɛn anamɔn kɔ nakwan trenee so. Ɔfrɛ yɛn daa ne daa sɛ yɛmpa yɛn ho akyi na ɔmma yɛn kra daa tumi, na yɛtumi adi yɛn bɔne a ɛwɔ yɛn mu no so. Na okeyan yɛn sɛ yɛnsua nasɛm daa, na yɛmfa mbɔ yɛn bra. Ɔma yɛn ne dɔ, a ɛma nea ɔnndɔ no no danne bɛyɛ nakoa Asɛmpakafo. Honhon mu agyedeɛ a ɛfiri Agya no, da ɛdi pɛfee a mpo Muslimfoɔ tumi hunu na wɔka sɛ, Yesu akyidifoɔ yɛ soronko, na wobre won ho ase, na wowɔ "akoma pa, mmɔborohunu ne ayemhyehye" (Sura al-Maida 5:82, al Hadid 57:22).


02.8 - Nkwagye ho adwuma no wawie

Onyankpɔn pɛ sɛ ɔgye yɛn fri bɔne nkondua nyinaa mu; wɔ asɛm a kaaɛ wo Mmra nsɛm no mu no. Na ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ onipa ntumi mfa nahoɔden ngye ne ho mfiri bɔne nkondua mu. Na ɛyɛ Onyankopɔn na ɔma yɛn ɔgyeɛ ne fahodie sɛ yɛyɛ osetie ma no wɔ gyidie mu a. Onyankopɔn nam Moses so gyee ne nkorofoɔ frii nkoasom yaya mu; na ɔne won nyaa apam a ɛtim hɔ daa. Na ɛnyɛ sɛ woyɛ atreneefo nti na ɔgyee won; na mmom ɔnam nadom so na ɔfaa won yɛɛ ne deɛ. Na ɔpaemu kaa sɛ ‘’Me ne AWURADE wo nyankopɔn a oyii wo frii Misrim asaase so; frii nkoa fie nkondua mu’’.

Na Jacob asefoɔ no senee frii apueɛ fam mmepɔ no mu a ɛwɔ Jordan bonshua mu; bɛyɛ mfe mpem miensa ahansia3,600 rekɔ ni; mbrɛ a ɔpɛ ne ɛkɔm baa asaase no so mu. Na ɔkɔm maa wotu frii asaase no baa asaase bereɛ bi a ɛwɔ Nile bonshua mu bɛyɛ kwansin 300 bi, fri won tenabea hɔ. Na ɛhɔ na wotenaa bɔɔ wɔn bra;Na afe biara no; nsua Nile yiri ma wɔn nnobaeɛ yɛ frɔmfrɔm. Jacob asefoɔ yi bɛyɛɛ bebree wɔ asaase no so; ɛno nti ɛbɔɔ Egyptfoɔ hu kɛse. Na ɛmaa ɔhene Pharaoh de nkoayɛ too Hebrewfoɔ ahɔhoɔ yi so na ɔde won yɛɛ adwumaden mmoroso wɔ asaase no so. Saa mbrɛ no ɛbinom kae won Agyanom Nyankopɔn wɔ nkoa som no mu na wosu frɛɛ no sɛ ɔmboa won. Na won were afi wɔn Onyankopɔn anigye ne won ahotɔ mbrɛ mu; nanso ohia ne ahohiahia ma wɔkaee wɔn bɔfoɔ ne wɔn gyefoɔ no. Na Onyankopɔn tee won sufrɛ; na ɔsomaa na koa Moses a osiesie no wɔ Pharaoh ahenfie hɔ ne ɛserɛ no so sɛ ne frɛ bɔtaeɛ no abɛm. Na Awurade yii ne ho adi kyerɛɛ Moses wɔ ogya a ɛredɛw mu nanso na ɛnwura no nnhyew. Na Onyankopɔn yii ne ho kyerɛɛ Moses sɛ "ME NE NO" a ɛkyerɛ sɛ "ME NE NEA ME NE". Na mensesa da na mmom meyɛ ɔkwafoɔ ma mo. ɛno nti mo bɛhwehwɛ me; na moahu me; sɛ mode moakoma nyinaa bɛhwehwɛ me a. (Yeremia 29:13).

Awurade somaa Moses kɔɔ ɔhene Pharaoh nkyen; nea wobu no sɛ Egypt nyame no; sɛ ɔnko ka nkyerɛ no sɛ ɔmma ne mba no kwan na wonkɔ mfiri nkoa som mu. Nanso ɔhene no ɛnntie na wampɛ sɛ obɛgyae won; ma won ade won ho afiri wɔn adwuma den mu. Na mom opirim nakoma denden paa. ɔhene Pharaoh kɔɔ so pirim nakoma denden paa ma Abraham asefoɔ yi; ampɛ sɛ ɔma wɔkɔ; kosii sɛ Awurade de atoyerenkyɛm; ɔhaw ne oyenniɛ baa ɔne ne manfoɔ so ansa. Na ɔman no firii nkoasom mu wɔ Egypt a ɛnnyɛ wɔn trenee na mmom ɛnam wɔn gyidie mu osetie so. Na wonni akodeɛ biara; na mmom wofrii adi wɔ nkatasoɔ tumi banbɔ mu; ne oguamma a wokum no anadwo no mmogya tumi ahoɔden banbɔ mu. Oguammaa baako ma mbusua biara mbiako mbiako. Na wodii oguamma no honam; na wɔde frii adi wɔ Onyankopɔn tumi mu. ɔman no twaa po kɔkɔɔ no; na won atanfo no dii wɔn akyi; nanso Awurade kaa won nyinaa guu bunu no; na wohuu Awurade nkwagyeɛ kɛse no. Na ayɛ adansedie sɛ Pharaoh ne ne dom nyinaa agu bunu no mu wɔ Egypt abakosɛm mu Cairo.

Nkramofoɔ anaa Muslimfoɔ kyerɛ won Onyankopɔn mu nkunimdie wɔ won atanfo so; wɔ ɔko ne akosɛm mu; Mohammad dii nkunim wɔ Mecca so wɔ ɔkom ne akosɛm mu wɔ Badr, na ɛnfiri Onyankopɔn banbɔ ne ne nsenkerenne so, na mmom ɛnam akodeɛ so. Na nakyidifoɔ de won ho ne nea wɔwo nyinaa bɔ afɔreɛ. ɛno nti wodii wɔn atanfo so nkunim. Nea Moses hu no, se nsenkyerenne ne ɔgyeɛ a (mmogya hwiegu biara nni mu no); Wɔ Islam som mu no ɛnte saa; na mmom wɔfrɛɛ no ɔko kronkron (jihad) a ɛsɛ sɛ obiara di mu akotene bi; na ɛho bembuo gyidie ne sɛ; sɛ wukum a na ɛyɛ Allah na ɛkum; na bio ɛnnyɛ wɔ na wotoo wɔ pɛyaa no; na sɛ wɔto a na Allah na ato' (Sura al-Anfal 8:17).

Na Awurade nam nsenkyerene ne awadeɛ so gyee Isreal frii nkoasom mu wɔ Egyt no; ɔde faa ɛsare pradadaa so; na osiesie aduane nso maa won. Awurade pɛɛ sɛ ɔma napam no wie pɛyɛ wɔ ɔne won ntam; na won ho atew afri bɔne fi nyinaa mu; na wasom no wɔ ahoteɛ mu. Na ɔmaa ɔman no bɛyɛɛ ahenne asofo kuo kronkron sɛ wonsom no. Na wafa won so ama bɔne fa fri ne nkabom aba ama nnipa ne Onyankopɔn ntam. Mmra nsɛm du no ne apam nwoma no akoma a ahyedeɛ ne nhyehyeɛ ngyinasoɔ nyinaa wɔ mu sɛ wonfa nsom Awurade. Onyankopɔn di hene wɔ napam a wakyerew wo boɔ mienu so no; na wɔkora wɔ apam adakano mu no.


02.9 - Nkwageɛ a ɛwo apam foforo mu, ne Mmra nsɛm du no botaeɛ

Sɛ yɛ sua na yɛ dwendwen nkunimdie wawasoɔ kɛse a Onyankopɔn de maa Jacob asefoɔ yi bɛyɛ mfeɛ mpem miensa aha miensa 3,300 rekɔ yi, na yɛde to Kristo nkwagyeɛ ho adwuma a owieɛ wɔ apam foforo no mu a, ɛma Mmra nsɛm du no wie pɛyɛ fri na ahyeaase senea ɔsee yɛn sɛ; ME NE AWURADE WO NYANKOPƆN ne WAGYA, na magye wo.

Sɛɛ Yesu baa yɛn wiase yi mu bɛfaa Nnipa nyinaa bɔne too ne ho so na owui wɔ asɛndua no so, sɛ Onyankopɔn aguammaa maa yɛn no, yɛ ka Onyankopɔn adom ho asɛm kyerɛ amanaman nyinaa, na yɛ paemu ka Kristo ho asɛmpa kyerɛ obiara sɛ ɔno ne Awurade ne yɛn agyenkwa a ɔyɛ nkwagyeɛ ma nnipa nyinaa. Yesu bubuu bɔne mpokyerɛ, na ɔnam asendua no wuo no so, adi owuo tumi, ne ɔbonsam ahoɔden nyinaa so nkunim. Na ɔnam asendua ne wuo so adum Onyankopɔn abufuoshyeɛ ne atɛmmuo a ɛda yɛn so no. Yɛn nkwagyeɛ ho adwuma nyinaa Kristo awie. ɛno nti na ɛsɛ sɛ yɛda no ase daa, na yɛde anigye so ne nkwagyeɛ no mu, wɔ gyidie kɛseɛ mu.

Onyankopɔn nkwagyeɛ ayɛ krado ama onipa biara wo wiase yi mu. Na adom wawasoɔ bi agye yɛn a akodeɛ biara nni mu. Nokware mogya no na ɛhwie guuɛ na ɛnnyɛ ɔtanfo bi mogya, na mmom ɛyɛ Onyankopɔn ba koro pɛ no mogya, na ɔde ne ho bɔɔ afɔreɛ maa yɛn.

Ɛnyɛ Onyankopɔn Mmra nsɛm du no a yɛdi so no na ama yagye yɛn ho nkwa, botaeɛ no nte saa, na ɛno deɛ, ɛkyerɛkyerɛ yɛn, won a woaya Awurade nkwagyeɛ no, na aboa yɛn ma yɛde aseda ama Awurade, wɔ nkwagye a yɛaya no kwa no ho. Obiara a ɔdwen sɛ obɛtumi agye ne ho afiri bɔne mu, anaa ɔbonsam nsam, owuo mu, ne Onyankopɔn abufuo atɛmmuo mu, wɔ ɔnoaa ahoɔden mu no, ɔdaa daa ne kra kɛse paa. na saa onipa no de ho hyɛ bɔne tumi ase, ne nkondua kɛse mmom bebree mu. Mmra nsɛm du no ntumi mfa yɛn nko yɛn ankasa yɛn ahoteɛ mu, na mmom ɛkyerɛ yɛn kwan kɔ adwensakyera mu, ne gyidie mu osetie. na ama yani agye yɛn nkwagye ho adwuma a Kristo awie no. Yɛbɛ wie Mmra no so die, na yahyɛ no ma, ɛne sɛ yɛbɛfa yɛn Awurade Yesu Kristo so ahyɛ Onyankopɔn annuoyam wɔ honhom kronkron tumi mu. Onyankopɔn mpɛ sɛ obɛbu yɛn fɔ, anaa sɛ ɔbɛdome yɛn, anaa ɔbɛmma Mmra nsɛm du, no ayɛ ɛdesoa duuduru a ɛde yɛn bɛkɔ fɛm. Daabida, na mmom Awurade hyehyeɛɛ yɛn nkwagyeɛ too hɔ nna santee ansa na Mmra no adiyisɛm baeɛ. Na ɔde Mmra nsɛm du no maaɛ sɛ ɛnkyerɛ won a wagye wɔn kwa no kwan nkɔ daa adwensakyera mu, na ɛmma won asoɔden ndanne asoɔmmere ne ahobraase wɔ honhom kronkron tumi mu. Ɛno nti Mmra nɛm no botaɛ no ne sɛ ɛbɛtwe yɛn abata Onyankopɔn, yɛn Agya no ho, na mmom amba ama yɛn atɛnmmuo.

Anka yɛn nso, yɛbɛte Mmra nsɛm du, no ase yiye paa, sɛ anka yayɛ nkoa da a. Akoa brɛ daa, na ɔte mfifirie, yɛ adwumaden daa a ɛmfa ho sɛ wabrɛ anaa ɔyareɛ, ɔpanin anaa wbofra. Saa tebea yi mu no, wɔhyɛ wo ma woyɛ adwuma a ɛyɛ den, a mpo wontumi no. Na akoa so te, hunu amane, nanso obiara mboa no.

Na Onyankopɔn gyee ne nkrɔfoɔ firii atantandeɛ ne ɔyaw mu. Ɛyi nti na yɛbu Mmra nsɛm no sɛ adesua nwoma wo yɛn sam a ɛkyerɛ Kristofoɔ kwan, sɛ ɛbɛyɛ na wobɛtumi abɔ won bra, wo ɔdwoɔ ne nyansa mu wɔ won fahodie wɔ Kristo mu. Nsɔhwɛ ahorow bebree na ɛko tia yɛn fahodie yi. Na sɛ yantra Onyankopɔn mu yiye a, na yasan akɔyɛ akoa bio ama yɛn honam ne nakɔnnɔ bɔne nyinaa mu. Nanso Onyankopɔn bɔɔ onipa wɔ ne sɛso. Na sɛ Onyankopɔn nnim a onipa biara ntumi bɔ abrabɔ kronkron. Onyankopɔn nnim a, ahofadie papa biara nni hɔ.

Na sɛ onipa tena ase wɔ bɔne mua, na ɔyɛ bɔne no akoa. Nduro bɔne, akɔnnɔ bɔne, korɔno, anihaw, ɛne nneoma a ɛte saa no, ɛde no to afiase. Ɛbinom nso, da mpokyerɛ kɛseɛ mu te sɛ, nsanom mpokyerɛ, ne won a wɔnom tawa wisie, nduro bɔne nom, won a wotwa ntorɔ, ne ahonhom bɔne frɛfoɔ. Ɔbonsam de won adwen yɛ nedwuma. Na Yesu Kristo ma obiara a ɔgye no di no fahodie firii saa nneoma yi nyinaa mu, na ɔde no aba Onyankopɔn mba akronkronfoɔ mu. Kristo ne nkunimdifoɔ no, yɛn nkwagyeɛ Awurade no, Onyansafo yaresafoɔ no, Oguanhwefopa ne adamfo nokwafoɔ. Obiara a ɔba nkyen no, onya ne nsam mmoa ne afutuo.

Mmra nsɛm du no yɛɛ banbɔ fɛsuo ma won a ɔnam nadom so agye won no. Onyankopɔn ayɛ won Agya, na Kristo ne won gyefoɔ, na Honhom Kronkron ne won dimafo. Na wɔwo ntease ma AGYA no, ƆBA no, ne Honhom Kronkron no sɛ Onyabkopɔn koro. Na Ɛgyedifoɔ yi ahu Awurade ɔgyeɛ kɛse ne ɛmu asomdwee. Na ɛnyɛ wawa sɛ Mmra nsɛm du no yɛɛ won Onyankopɔn akwankyerɛ kɛse nsɛnkyerɛnne a ɛkyerɛɛ won kwan, na ɛkeyan won kra honhom ma wɔde nnwom toɔ ne ayɛyi ahurisi maa Awurade wɔ won abrabɔ mu, wɔ sare no so. (Nwom 119:54).

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on January 31, 2022, at 06:51 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)