Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 115 (Mary Magdalene at the graveside; Peter and John race to the tomb)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 4 - KANEA HYAN NO DII ƐSUM NO SO NKUNIM (Yohanne 18:1 – 21:25)
B - Kristo Wusɔreɛ Ne Nahoyie A Oyi Kyerɛɛeɛ (Yohanne 20:1 - 21:25)
1. Nnoɔma a ɛsisiiɛ wɔ (Twam Afahyɛ) no mu (Yohanne 20:1-10)

a) Mary Magdalene kɔɔ aboda no so (Yohanne 20:1-2)


YOHANNE 20:1-2
1 Na da a ɛdi nnawɔtwe kan anɔpatutuutu a esum da so wɔ mu no, Maria Magdalene baa ɔboda no ho, na ɔbɛhunuu sɛ wɔayi ɔboɔ no afiri ɛda no ano. 2 ɛnna ɔtuu mmirika baa Simon Petro ne osuani baako a Yesu dɔ no no nkyɛn, na ɔsee wɔn sɛ, “Wɔayi Awurade afiri ɛda no mu, na yɛnnim faako a wɔde no akɔtoɔ.”

Na asuafoɔ no ne mbaa no a wodii Yesu akyi no nyinaa yɛɛ basaa wɔ nnoɔma a na ɛrekɔsoɔ wɔ saa Fiada no mu. Na mbaa no, gyinaa akyirikyiri hweeɛ sɛ wɔde Yesu too abodan no mu. Mbaa no ne asuafoɔ no nyinaa yɛɛ ntɛm kɔɔ fie, na ammma obiara ammbɔ won somboɔ sɛ woabu Homeda no so, ɛfirisɛ na ɛhyɛaseɛ wɔ Fiada dɔn-nsia mu.

Wɔ saa Homeda kɛseɛ no na ɛsan nso yɛ Twam Afahyɛda no, obiara nntumi nnkɔ aboda no so. Mberɛ a nnipakuo no nyinaa redi ahurusie sɛ wɔnam Twam Afahyɛ Dwan a won akum no so anya nkabom wɔ wɔne Onyankopɔn ntam no, saa berɛ no ara mu nso na Kristofoɔ nyinaa aboaboa won ho ano wɔ osuro kɛseɛ mu ne awerɛhoɔdi mu. Na won anidasoɔ nyinaa asa na woasie won Awuade no nso.

Wɔ Homeda no mu no, mbaa no mu biara ɛmmpue ammfri kuro no apono mu koraa, anaasɛ wɔrekɔ akɔtoo nnduhuam sɛ wɔde rekɔsra ɛmu no ho. Na mmom wɔtwenee kosii Kwasiada ahomadakye mu. Na ɔsɛmpakafoɔ no ka kyerɛɛ yɛn sɛ ɛyɛ Magdalene na odiikan kɔɔ abodan no so, na mmom adwenkyerɛ bi nso sɛ mbaa ahorroɔ bi nso ka ne ho 'yɛn'. Salome, ne Yohane maame, ne mbaa afoforo binom nyinaa boomu kɔɔ aboda no so Kwasiada anopatutuutu no wɔ awerɛhoɔdie mu sɛ wɔrekɔsra no ngo.

Na ɛyɛ ahomedakye mu na wɔkɔɔ hɔ, wɔ awerɛhoɔdie mu, wɔ aboda no so, a na wɔde aboɔ kɛseɛ ato ano. Na won anidasoɔ nyinaa asa koraa, na abooboodie na ahyɛ won ma. Na won nnya nhunuu owusɔreɛ mu kanea tumi no, na daa nkwa nso nnyan mmbaa won adwene mu koraa.

Na woduruu hɔ no, won abawmu buuiɛ sɛ wohunuu aboɔ kɛseɛ paa a wɔde ato aboda no ano, na wɔdwenee kwan a wɔbɛfasoɔ ɛmuni aboɔ no afri aboda no ano.

Na aboda no a ɛbueɛ no yɛ nsɛnkyerɛnne a ɛdikan, a ɛyɛ adansedie a ɛma yɛn awerɛhoɔdie ne anngye anndie sɛ Kristo no bɛtumi ayi aboɔ adesoa biara a ɛhyɛ yɛn akoma soɔ no afri hɔ. Na obiara a ɔgye die no bɛnya mmoa afri Onyankopɔn nkyen; gyedie wɔ anidasoɔ kɛseɛ wɔ daakye mu.

Yohane anntwerɛ biribiara ammfa abɔfoɔ a wɔbaeɛ no ho annkyerɛ yɛn. Na ɛkame ayɛ sɛ Maria Magdalene diikan duruu aboda no so gyaa ne nnamfonom no. Na oduruu hɔ no woannhunu obiara wɔ hɔ. Na ɔde osuro tuu mirika kɔɔ asuafoɔ no nkyen. Na ɔmaa asuafoɔ no nyinaa dikanfoɔ no tee saa nsɛnkyerɛnne no ne won a aka no nyinaa. Na Maria Magdalene duruu Petro ne asuafoɔ nkaeɛ no nkyen no, ɔteamu kaa sɛ, Yesu nipadua no ayera. Na ɛyi nso kyerɛɛ sɛ saa ɔbaa no ne asuafoɔ no nyinaa aniwa afura, ɛfirisɛ wɔdwenee sɛ obi na woawia Yesu nipadua no. Na won annhunu sɛ Awurade asɔre afri awufoɔ mu ɛfirisɛ ɔyɛ Awurade.


b) Petro ne Yohane kɔɔ aboda no mu (Yohanne 20:3-10)


YOHANNE 20:3-5
3 ɛnna Petro ne osuani baako no firii adi baa ɛda no ho. 4 Na wɔn baanu nyinaa tutuu mmirika, na osuani baako no yɛɛ ntɛm siane Petro ho, na ɔkɔduruu ɛda no ho kane. 5 Na ɔbrɛɛ ne mu ase hwɛɛ mu no, n'ani bɔɔ nwera no so sɛ ɛgu hɔ deɛ, nanso wankɔ mu.

Ɛyi yɛ ɔdɔ anamɔntuo. Na obiara pɛɛsɛ ɔyɛ deɛ odikan hunuu Yesu. Petro a ɔyɛ ɔpanin wɔ won mu no, tuu mirika kotwaa Yohane a ɔyɛ abranteɛ no ho, a woanntumi annto no bio. Na won nyinaa annkae mpo sɛ asraafoɔ awɛnfoɔ bi wɔ hɔ na wɔde mirika twaa kuro no pono no ano. Yohane duruu aboda no so, woannkɔ aboda no mu, wɔ nidie kɛseɛ mu nti ogyinaa aboda no ano. Na ɔbɔɔ ne mu ase hwɛɛ aboda no mu hunuu sɛ ntɔma a wɔde kyekyeree ne ho no da hɔ, wɔ baabiaa wɔde no tooeɛ no. Na ɛyi ne nsɛnkyerɛnne a ɛtɔso miensa a ɛsiiɛ wɔ owusɔreɛ no mu. Kristo anntete ntɔma no mu, na mmom ɔbobɔɔ too hɔ. Na abɔfoɔ no nso amuni aboda no ano aboɔ no amboa Yesu, na mmom wɔmaa mbaa no ne asuafoɔ no kwan sɛ wonkɔ mu. Na Awurade nso faa aboɔ no mu bueɛ.

MPAEƐBƆ: Awurade Yesu Kristo, yɛda wo ase sɛ wosɔre fririi awufoɔ mu. na woadi bɔne nyinaa so, na woabue kwan wɔ Onyankopɔn mu ama yɛn. Wone yɛn hɔ wɔ awuo amona mu na woangya yɛn nko. Wo nkwa yɛ yɛn dea; wo tumi na ɛma yɛdimu' wɔ yɛn mmerɛyɛ mu. yɛdɔ wo na yɛkoto sɔre wo, ɛfirisɛ woama agyidifoɔ nyinaa nkunimdie abotirie.

NSƐMBISA:

  1. Nsɛnkyerɛnne ahorroɔ miensa bɛn na ɛdi adanseɛ wɔ Yesu wusɔreɛ no mu?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 05, 2022, at 08:43 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)