Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 101 (Jesus intercedes for his apostles)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 3 - KANEA NO HYERENEE WƆ ASOMAFOƆ NO ABRABƆ MU (Yohanne 11:55 - 17:26)
E - Yesu Bɔɔ Odima Mpaebɔ (Yohanne 17:1-26)

3. Yesu bɔɔ odima mpaebɔ maa n'asomafoɔ no (Yohanne 17:6-19)


YOHANNE 17:6
6 Mayi wo din adi makyerɛ nnipa a wode wɔn firi wiase ama me no. Wɔyɛ wo dea, na wode wɔn ama me; na wɔadi w'asɛm so.

Na Yesu hunuu sɛ n'Agya no bɛhyɛ no den ama woatumi awie nnipa nkwagyeɛ ho adwuma akyirie no, na onim sɛ n'Agya annuoyam bɛda ɛdi wɔɔ mma bebree a ɔbɛwo won ama won anya daa nkwa no, nadwene kɔɔ nasuafoɔ no so, won a woayi won afri wiase mu na ɔde won abata Onyankopɔn ho no.

Kristo daa Onyankopɔn din foforo ɛdi kyerɛɛeɛ, a ɛno ne Agya. Wɔ saa ɛdin yi mu no ɛmaa wɔbɛyɛɛ Ne mma, a woayi won afri wiase mu. Na ɛyi ne Asɔre no ahintasɛm. Na won a Onyankopɔn awo won nnde won ho koraa, na mmom Ɔno ankasa na woawo won, na ɔde won ahyɛ Ne Ba no nsa, a ɔde Ne mogya no atɔ won. Na sɛ wogye Kristo di a, wɔbɛyɛ nagyapadeɛ koraa.

Sɛdeɛ Onyankopɔn yɛ Agya na agyidifoɔ nso abɛyɛ Ne mma no hyɛɛ ma wɔ asuafoɔ no wɔ won gyidie a wonyaa wɔ Asɛmpa no mu, na wɔde nasɛm no nso yɛɛ adwuma. Na saa Asɛmpa yi nnyɛ sunsuma anaasɛ wisie kɛkɛ a ɛtu yera, a ɛte sɛ nnwoma bi woaterɛ no kɛkɛ. Na mmom ɛyɛ Onyankopɔn anom Asɛm a tumi ne ahoɔden ahyɛ no ma. Na obiara a ɔkora Agya no anom nsɛm wɔ nakoma mu no, tena nahoɔden mu.

YOHANNE 17:7-8
7 Afei wɔahunu sɛ nnoɔma a wode ama me no nyinaa firi wo nkyɛn; 8 ɛfiri sɛ nsɛm a wode ama me no, mede mama wɔn; na wɔn nso wɔagye, na wɔahunu ampa sɛ, mefiri wo nkyɛn na mebaeɛ, na wɔagye adi sɛ wo na wosomaa me.

Onyankopɔn asɛm a ɛwɔ Yesu anom no de nkwagyeɛ ho nimdieɛ ba na ɛdanne abrabɔ biara a aporɔ de ba nkwa mu. Yesu bɔɔ Ne bra wɔ nasɛmpa no ara mu na ɔyɛɛ nadwuma nyinaa wɔ ASƐMPA no tumi mu. Na nahoɔden ne Ne nhyira nyinaa baa yɛn nkyen frii Agya no anom Asɛm no mu. Na Ɔba no nnkasa mmfiri Ɔno ankasa nimdieɛ mu, na mmom ɔgye Ne tumi, ne ahoɔden, ne nyansa, ne ɔdɔ nyinaa frii Onyankopɔn nkyen na ɛba Ne so.

Kristo de nagyapadeɛ a ɛsombo maa yɛn: a ɛno ne nasɛm no. Na ɛyi fri n'Agya no nkyen, ɛno nti Ɔba no ne Onyankopɔn Asɛm a ɔbaaeɛ wɔ honam mu. Na asɛm no mu na yɛn tumi nyinaa wɔ. Na yɛnya asɛm no mu tumi na ɛno mu na yɛn aniwa nso bue. Na yɛde anigyie gye saa nsɛnkyerɛnne ne asɛm no. Na ɛfei nso Asɛm no mu na yɛtumi hunu sɛdeɛ Agya no teɛ ankasa ne Ɔba no, ne Honhom Kronkron no.

Na yɛhunu wɔ ha sɛ Kristo yii mpaebɔ mu ahintasɛm kyerɛɛ asuafoɔ no na ama won anya Ne nsɛm no mu nimdieɛ, ɛfirisɛ woadua gyidie aba wɔ won akoma mu. Na ɛfei wonyaa Ne nsɛm mu anigyie, ɛwom sɛ won anigyie no annyɛ ntɛmso deɛ. Na ohwiee Ne Honhom no guu won so; na ɛfei asɛm no yiniiɛ na ɛsow aba pa wɔ Onyankopɔn mberɛ pɛ mu. Kristo hyɛɛ ɛyi ho nkɔm kyerɛɛ won sɛ ɛbɛba mu saa.

Kristo anom nsɛm de gyidie ne nyansa brɛɛ asuafoɔ no. Na saa gyidie no ne deɛ ɛhɔ hene? Ɛno ne sɛ Ɔba no fri Agya no mu, deɛ ɔwɔ hɔ daa no a woaba wɔ yɛn mberɛ yi mu, a ɔyɛ Nyankopɔn nanso woaba wɔ nipa tebea mu, na woayi Ne dɔ ɛdi wɔ ɔtan mu, na woayi tumi ɛdi wɔ yɛn mmerɛyɛ mu, na woayi Ne Nyamesu ɛdi wɔ asɛndua no so mberɛ a yɛne Onyankopɔn ntam atete no, na ɔmaa yɛn nkwa dii owuo so nkunim. Na Honhom Kronkron no maa won ase timmiɛ wɔ won Agyenkwa no mu, na wɔbɛyɛɛ Ne nipadua no ho akwaa bi. Na won anntena wiase nimdieɛ ne suahunu mu, na mmom wɔde won akoma nyinaa maa no na wɔbataa Ne ho, na Ɔno nso tenaa won mu wɔ Honhom mu. Na won nso nyaa suahunu wɔ Honhom no adwumayɛ wɔ Kristo nyamesu wɔ nipadua mu.

Wɔ Kristo nipadua mu, na asuafoɔ no nyaa won awoɔ foforo, na wohunuu Yesu nyamesu yiye sɛ, “Deɛ wofiri Honhom mu awo no no yɛ Honhom.” Na saa Honhom tumi yi ne Onyankopɔn tumi a ɛbɛtenaa asuafoɔ no mu. Na ɔnam Yesu anom nsɛm so na ɔbɛtenaa won mu.

MPAEƐBƆ: Awurade Yesu, yɛda wo ase sɛ wode Agya no nsɛm maa yɛn - nsɛm a nkwagyeɛ ahyɛ no ma, ne tumi ne ahoɔden. Na woama yɛn gyidie ne nyansa wɔ yɛn mu. Na wone yɛn tumi, Yɛdɔ wo na yɛyi wo ayɛ wɔ Agya no a ɔde wo maa yɛn no mu.

NSƐMBISA:

  1. Mfasoɔ bɛn ne hia a ɛhia bɛn ne sɛ woyii Agya no din no wɔ Yesu mu?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 04, 2022, at 04:26 PM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)