Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- Salvation - 1. What Is the Aim of Your Life?
This page in: Albanian -- Armenian -- Baoule -- Cebuano -- English -- French -- German? -- Greek -- Hausa -- Igbo -- Indonesian -- Somali -- Spanish -- Telugu -- TWI -- Ukrainian -- Yoruba

Next Lesson

Wonim Sɛ? Onyankopɔn Nkwagyeɛ Ayɛ Krado Ama wo!
Nhomawa a Ebetumi Aboa Wo

1. Wo Botaeɛ Wɔ Abrabɔ Mu Ne Sen?


Ɛndɛ yi, mmabunu bebree di wone Onyankopɔn ayɔnkofa ho adanseɛ wɔ won abrabɔ mu, na wodi adanseɛ paemu ka sɛ nsesaeɛ kɛseɛ aba won abrabɔ ne won asetra mu. Na saa adansedie yi nyinaa bɔ won mpaemuka no nyinaa tɔfa sɛ:

"Na mebɔɔ bra a botaeɛ biara nni mu na me bɔɔ me ho mmɔden biara wɔ abrabɔ mu nso ansi aga. Na mehwehwɛɛ kwan horrow a ɛfa ɔsom ho mu ne abɔdeɛ mu nhwehwɛmu yiye nanso ne nyinaa ansi me hwee. Honam akondɔ faa madwene ne manisoadehunu nyinaa nnomum, na ɛde me nipadua too afiase na ɛbubuu mepɛ nso. Na mabrabɔ yɛɛ basaa. Mabrabɔ kɔdaa sum kabii mu. Na mebɔɔ meho mmɔden sɛ mefa kwan bɔne so ne nnoɔma a ɛyɛ hu so afiri saa ɔbrabɔ yi mu, nanso mentumi amfiri saa abrabɔ yi mu.
Na ɛfei, Onyankopɔn ayemhyehye ne nadom no nti, ɔteasefoɔ Kristo hyiaa me na ɔsaa me kra yareɛ. Na ɔhohoroo makoma mu na ɔmaa me so gyinaa fapem papa so.
Na ɛfiri saa nkutahodie ne mpu ne mpu no akyiri yi no menya anidasoɔ ne botaeɛ wo mabrabɔ mu. Adwendwen, awerehoɔ ne nkuguo nyinaa afiri me so kɔ. Anidasoɔ ne awerehyem asan aba makoma mu bio. Na mesua sɛ metie Onyankopɔn asɛm na me ne no akasa nso wo mpaeɛbɔ mu. Na ɛfei menim sɛ ɔde me bɔne nyinaa akyɛ me, na mabrabɔ nyinaa nso asesa koraa, na mekra nso ɛnya nkeyan foforo. Na Onyankopɔn tumi no reyɛ adwuma wɔ me mmerɛyɛ mu. Na meto ayɛyi nnwom wɔ makoma mu na meyi Awurade ayɛ wo me nkwagyeɛ ho"

Ɔdɔfoɔ Kenkanfoɔ: Ɛnne bebree wɔ hɔ ɛndɛ a ɛredi adanseɛ te sɛ abranteɛ yi a ɛkyerɛ sɛ wɔne ɔteasefoɔ Kristo no abɔ mpu ne mpu wɔ won abrabɔ mu. Na wɔpaemu kae nawawadeɛ nsenkyerenne a ɛwɔ ne nkwagyeɛ mu. So wobɛpɛsɛ wobɛhunu kwan akɔ saa nkwa foforo yi mu anaa?. Wopɛsɛ wonya angyie wɔ woabrabɔ mu, a ɛsie wɔ Onyankopɔn dɔ mu?. Wo pɛsɛ wonya akoma a ɛmu teɛ ne annuoyam wɔ Onyankopɔn ne nnipa anim?. Ɛndeɛ bɔ wo ho mmɔden na toaso kenkan saa nsɛm yi na dwendwen Onyankopɔn asɛm ho wɔ honhom ne ayɛyiye mu. Ɛyɛ Onyankopɔn na ɔfrɛɛ wo. Na woayɛ krado sɛ ɔbɛma woabrabɔ nyinaa ayɛ foforo koraa.

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on September 20, 2021, at 04:35 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)