Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 069 (The Son of God in the Father and the Father in him)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 2 - KANEA NO HYEREN WƆ SUM MU (Yohanne 5:1 - 11:54)
C - Yesu Akwantuo A Ɛtwatoɔ A Ɔkɔɔ Yerusalem (Yohanne 7:1 - 11:54) Ɛsum No Firii Hyan No Mu Kɔɔeɛ
3. Yesu yɛ Odwanhwefoɔpa (Yohanne 10:1–39)

e) Onyankopɔn Ba no wɔ Agya no mu ɛna Agya no nso wɔ wɔ Ne mu (Yohanne 10:31-36)


YOHANNE 10:31-36
31 ɛnna Yudafoɔ no tasee aboɔ bio sɛ wɔde rebɛsi no. 32 Yesu buaa wɔn sɛ, "Nnwuma pa pii na mayɛ makyerɛ mo a ɛfiri Agya no nkyɛn; emu deɛ ɛwɔ he nti na morebɛsi me aboɔ yi?" 33 Yudafoɔ no buaa no sɛ, "ɛnyɛ adwuma pa nti na yɛrebɛsi wo aboɔ, na abususɛm ntira,ɛfiri sɛ wo a woyɛ onipa no yɛ wo ho sɛ Onyankopɔn." 34 Yesu buaa wɔn sɛ, "Wɔntwerɛɛ no mo mmara mu sɛ: Mekaa sɛ: Moyɛ anyame?" 35 Sɛ ɔfrɛɛ wɔn a Nyankopɔn asɛm baa wɔn nkyɛn no (anyame na wɔntumi nsɛe atwerɛ no a), 36 adɛn nti na moka deɛ Agya ayɛ no kronkron, na wasoma no wiase no ho sɛ: Woka abususɛm, ɛnam sɛ mekaa sɛ, "Nyankopɔn Ba ne me?"

Jewfoɔ no nyaa ɔtan maa Yesu wɔ asɛm a ɔkaeɛ sɛ, "Me ne Agya no yɛ baako no." Na wobuu N'adansedie a ɛfa no ho no sɛ abusudeɛ, ɛno nti wɔpɛɛsɛ wosiw no aboɔ sɛdeɛ mmra no kyerɛ no, anyɛ saa a Yehowah abufuohyeɛ bɛba ɔman no so. Ɛno nti wotuu mirika kɔfaa aboɔ sɛ wɔde rebɛsiw no.

Na Yesu bisaa won sɛ, "Bɔne bɛn na mayɛ nti a morebɛsiw me aboɔ yi? masom mo, na masa nyarewa nso, na matutu ahonhommɔne, na mabue anifuraeɛfoɔ aniwa. Memaa akwatafoɔ ho fiiɛ na maka Asɛmpa nso makyerɛ ahiafoɔ. Na saa nnoɔma yi mu deɛ ɛwɔ hene nti na morebɛsiw me aboɔ akum me yi? Na wɔse woyɛ wo ho sɛ wone Agya no yɛ pɛ ntia. Na ɔka kyerɛɛ won sɛ Me deɛ mennhwehwɛ annuoyam anaasɛ sika wɔ madwumayɛ mu, ɛfirisɛ ɛyɛ m'Agya no adwuma. ɛfirisɛ mewɔ ha sɛ nakoa."

Na Jewfoɔ no tieemu sɛ " Ɛnnyɛ adwuma bi a woayɛ nti na yɛrebɛsiw wo aboɔ, na mmom sɛ woreka abususɛn nti. ɛfirsɛ woama wo ho so ayɛ sɛ wone Onyankopɔn yɛ pɛ, a wone yɛn nyinaa wɔ ha sɛ onipa. Adɛn nti na woka sɛ woyɛ Onyankopɔn, a ɔne Ɔkronkronni no wɔhɔ? Ahonhomfi ahyɛ wo ma, na ɛsɛ sɛ yɛkum wo ntɛmso.

Na Yesu de akokoduro buaa won sɛ, "Monnkanee wɔ mo mmra nsɛm no mu sɛ Onyankopɔn ne won a ɔfrɛɛ won no kasaeɛ kaa sɛ, moyɛ annyame anaa, na mo nyinaa moyɛ Ɔsorosoroni no mma" (Nnwom 82:6), nanso mo nyinaa moreyera na mohwe bɔne ahorroɔ bebree mu. Na mo nyinaa moyɛ adebɔneyɛfoɔ, na moayera wɔ mfomsoɔ pii mu. Nanso ne nyinaa mu no Onyankopɔn frɛɛ won "nyame ne mma" wɔ Ne din Kronkron no nti. Na ɛnnyɛ napɛdeɛ ne sɛ mo mu biara bɛyera, na mmom sɛ mo bɛnya nkwa daa. Monsan nkɔ mo Onyankopɔn no nkyen na monyɛ kronkron sɛdeɛ Ɔno ara teɛ no."

"Ɛno nti adɛn nti na mopɛsɛ mosiw me aboɔ? Onyankopɔn ankasa frɛ mo "nyame ne mma." Na Mennyɛɛ bɔne biara te sɛ mo. Na mmom meyɛ kronkron wɔ mɛ nsɛm ne me ndwuma nyinaa mu; na mewɔ ho kwan sɛ metena ase daa, sɛ Onyankopɔn Ba nokwafoɔ. Monkenkan nsɛm a woatwerɛ wɔ mo mmra nsɛm no mu na mobɛhunu me yiye, nanso munni gyidie wɔ mo Twerɛ Nsɛm no mu, na munntumi nnhunu Me Nyamesu tumi no nso."

Yesu de nsɛm a woatwerɛ wɔ won ankasa Twerɛ Nsɛm no mu na ɛdii won so nkunim, na ɔsɛe won akyingyɛgyeɛ no nyinaa. Nanso ɔtan kɔɔ so tenaa won akoma mu, na won abaw mu buuɛ kakra, ɛfirisɛ Yesu de won ankasa Twerɛ Nsɛm no kyerɛkyerɛɛ won sɛ Onyankopɔn wɔ mma wɔ Apam Dada no mu na saa ara nso na Ɔno nso yɛ Ɔba.

Jesus overcame the Jews with texts from their own Scriptures, and demolished their arguments. But their eyes remained malignant with hatred, but they lowered their arms, since Jesus had proved from their Book the possibility of divine Sonship in the Old Testament generally and in particular applied to him.

YOHANNE 10:37-39
37 "Sɛ menyɛ m'agya nnwuma a, ɛnneɛ monnnye me nnni; 38 na sɛ meyɛ, na me deɛ, monnye me nni a, monnye nnwuma no nni, na moahwɛ ahunu sɛ Agya no wɔ me mu, na me nso mewɔ ne mu." 39 ɛnna wɔhwehwɛɛ bio sɛ wɔkye no, na ɔfiri wɔn nsa kɔe.

"Na ɛyi kyerɛ sɛ" Yesu maa won nteaseɛ sɛ, "Ɛsɛ sɛ mogye me die, sɛdeɛ meyɛ Agya no apɛdeɛ no, a ɛyɛ mmɔborohunu ndwuma no. Sɛ Menni nayemhyehyeɛ a anka tumideyɛ ne ahoɔden renntumi nnyɛ me dea. nanso mene Ne dɔ no nipasu, ɛno nti Mewɔ tumi sɛ mawie Onyankopɔn ndwuma nyinaa wɔ mudie mu, ɛfirisɛ ɛyɛ Onyankopɔn adwuma ankasa."

"Na munntumi nnhunu sɛ Nyankopɔn aba mo nkyen wɔ nipasu mu. Nanso monhwe me ndwuma no, deɛ oyane awufoɔ wɔ nasɛm mu no, na obue anifurafoɔ aniwa, na ɔma po asorɔkye yɛ dinn, na ɔde aboodoo num ne mpataa miennu maa nnipa mpem num no? So mohwehwɛ sɛ Honhom Kronkron no bɛbue mo adwene mu na moate ne nne, na ama moatumi ahunu sɛ Onyankopɔn Ankasa na ɔte me mu? Sɛ Honhom Kronkron no hyɛ mo ma a mobɛnya nimdie, na ama moatumi ahunu sɛ Onyankopɔn mayɛ nyinaa te me nipadua mu."

Na wɔ nkurɔfokuo no anim no, Yesu kaa nsɛm binom a ɛmu dɔ kyerɛɛ won, na ɔka kyerɛɛ won sɛ ɔwɔ Agya no mu, na sɛdeɛ abaa tena dua mu no, na ɛnya nahoɔden fri dua no hini mu no, saa ara na Kristo nso firii Agya no mu baeɛ na ɔte Ne mu daa. Na won miennu nyinaa yɛ Sunsum, a wɔwɔ nkabom kɛseɛ. Ɛno mu na yɛbɛtumi aka sɛ, Ɔba no ahinta wɔ Agya no mu, sɛ obɛyi n'Agya no ɛdi akyerɛ na wahyɛ No annuoyam. Ɛyi mu na yɛbɔ mpaeɛ sɛ, "Yɛn Agya, a wowɔ soro, wo din ho ntew."

Obiara ɔyɛ nhwehwɛmu kɔ akyirie wɔ Yesu adansedie a ɛfa Ne Nyameyɛsu no ho no, wɔ mpaebɔ ne ayɛyiye mu no, bɛtumi ahunu nokorɛ adansedie ne nteaseɛ wɔ Honhom Kronkron no ho. Sɛ ɛnnyɛ nyame miensa, na mmom baako wɔ nkabom a ɛdimu' na ɛyɛ pɛ wɔ Honhom Kronkron no mu, ɛno nti wɔ anigyie kɛseɛ mu no yɛpaemu di adanseɛ sɛ Onyankopɔn yɛ baako.

Na Jewfoɔ no tee Yesu adansedie a ɛfa ɔne Agya no nkabom a ɛdimu' no mprennu soɔ no, woagyaaeɛ sɛ wobɛsiw no aboɔ no. Nanso na wɔdaso pɛsɛ wɔkyere no na wɔde no kɔ Bɛdwakuo asɛnnii no anim, na won ɛtumi ahunu deɛ ɔreka no mu yiye. Nanso Yesu yeraa frii won mu. Ɛfirisɛ onipa biara nntumi nsɛe Onyankopɔn ba, a won Agya no bɔ won ho ban daa no. Na Yesu kaa sɛ, "Obiara nntumi nhwim won mfiri Agya no nsam."

MPAEBƆ: Agya ne Onyankopɔn Adwammaa, yɛhunu nkabom a ayɛ ma wɔ ɔdɔ mu wɔ mo mu. Yɛn nntumi nnhunu Onyameyɛ tumi wɔ honam mu. Na mmom wo Honhom no na ɛbue yɛn aniwa, ama yɛatumi ahunu wo dɔ kɛseɛ ne wo nkwagyeɛ ndwuma no. Woayɛ yɛn mma. Yɛsrɛ wo boa yɛn ma yɛntumi nyɛ wo din no kronkron, wɔ ndwuma ne nneyɛɛ mu. Na tew yɛn ho sɛdeɛ woyɛ Kronkron no.

NSƐMBISA:

  1. Kwan bɛn so na Yesu yii Ne Nyameyɛ tumi ɛdi kyerɛɛeɛ?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 03, 2022, at 03:21 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)