Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 126 (Miraculous catch of fishes)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 4 - KANEA HYAN NO DII ƐSUM NO SO NKUNIM (Yohanne 18:1 – 21:25)
B - Kristo Wusɔreɛ Ne Nahoyie A Oyi Kyerɛɛeɛ (Yohanne 20:1 - 21:25)
5. Yesu daa Ne ho ɛdi wɔ nsutareɛ no ho (Yohanne 21:1-25)

a) Mpataa bebree yie nsɛnkyerɛnne (Yohanne 21:1-14)


YOHANNE 21:1-3
1 Yeinom akyiri no, Yesu yii ne ho kyerɛɛ n'asuafoɔ no bio Tiberia po ho. Na sɛdeɛ ɔyii ne ho kyerɛeɛ nie: 2 Na Simon Petro ne Toma a wɔfrɛ no Ata ne Natanael a ɔfiri Kana a ɛwɔ Galilea ne Sebedeo mma ne n'asuafoɔ no mu baanu nso wɔ hɔ. 3 Simon Petro see wɔn sɛ: Merekɔ po. Wɔsee no sɛ, “Yɛn nso, yɛne wo bɛkɔ” Wɔfirii adi kɔɔ kodoɔ mu, na anadwo no, wɔannyi hwee.

Yesu sɔreɛ akyi no, ɔne N'asuafoɔ no boo mu kɔɔ Gallelea, a na ɛbɛn Tebɛrias asubɔntene no. Na ɛsane sɛ ɔye Ɔdwanwhɛfoɔ pa nti, ɔdii wɔn anim kɔhyiaa wɔn. Na ɛsane ɔdɔ a ɔwɔ ma wɔn nti, ɔyii ne ho adi kyerɛɛ wɔn ntam pa ara ɛberɛ na wɔsuro wɔ Yerusalem no. Na Kwasiada anummere adidieɛ no akyi no, ɔde asomdwoeɛ soronko gyaa wɔn, na ɔsomaa wɔn sɛ wɔnkɔ ka asɛmpa no nkyerɛ wiase nyinaa (Marko 16:7; Mateo 28:10).

So Asomafoɔ no dii ahyɛdeɛ a Yesu de hyɛɛ wɔn so sɛ wɔnyɛ nnipayifoɔ no so anaa? so ne wusɔreɛ ho nsɛnkyerɛnne no maa wɔn adwene foforɔ bi a wɔtumi de kaa asɛmpa no kyerɛɛ wiase a ɛfa daa nkwa ho anaa? Nanso awerɛhosɛm ne daabi. Mmom wɔsane kɔɔ tebea dada na wɔwɔ mu no ara, ɛbinom nante boo mu, ɛbi mo nso kɔkaa apofoɔ ho.

Na nwummere bi mu, Petro sii mu sɛ ɔrekɔ yi nam, na ɔkakyerɛɛ ne nnamfonom no sɛ, “Merekɔ p” na wɔdii n'akyi ne no kɔeɛ. Na wɔn nyinaa foroo kodoɔ no fi aseɛ sɛ wɔrehwehwɛ nam no bi, na wɔkɔɔ ara kɔduu nsuo no mfimfini. Na wɔtoo wɔn asɛw no mpɛn bebree so yɛɛ adwuma anodwo mu no nyinaa nanso woannya hwee. Ɛfiri sɛ, wɔn werɛ firii nsɛm a Yesu kaeɛ, “Sɛ mokoti me a, morentumi nnyɛ whee.”

YOHANNE 21:4-6
4 Na adeɛ reyɛ akye no, Yesu bɛgyinaa mpoano, nanso na asuafoɔ no nnim sɛ ɛyɛ Yesu. 5 ɛnna Yesu bisaa wɔn sɛ, “Yaanom, moanya nam anaa?” Wɔbuaa no sɛ, “Dabi.” 6 Na ɔsee wɔn sɛ, “Momfa asau no ngu kodoɔ no nifa, na mobɛnya bi” ɛnna wɔguiɛ, na mpataa no dodoɔ nti, na wɔntumi ntwe asau no bio.

Yesu ammpo N'asuafoɔ no, mpo wɔ berɛ a na wɔrepa wɔn ho akyi afiri ne ho no. Na mmom ɔkɔɔ so twɛnnee won sɛ wɔbɛsan aba ne nkyɛn. Anka obɛtumi ato mpataa agu wɔn kodoɔ no mu, nanso na ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ wɔn sɛ, wɔnntumi nkɔ so nnyɛ saa wɔ ne nkunimdie nyinaa akyi, anaa deɛ wɔn ankasa pɛ. Wɔgye too mu ne no nyaa apam sonoko; nanso wɔ werɛ firriiɛ no, mmom de wɔn asetena mu haw de too wɔn ho so bɔɔ bra sɛdeɛ wɔfiri akyirikyiri.

Yesu amfrɛ N'akyidifoɔ no sɛ asomafoɔ na mmom mma ne mmabunu. Nanso na wɔn werɛ afiri nsɛm a Yesu aka kyerɛɛ wɔn pii. Nanso wɔn suban bɔne nyinaa akyiri no, Yesu brɛɛ ne ho ase na w'ampo wɔn, na mmom ɔbisaa wɔn nkyɛn aduane. Ne saa nti, wɔkaa nokorɛ kyerɛɛ no sɛ, wɔnnyaa hwee, ɛfiri sɛ Onyankopɔn nni wɔn nkyɛn. Na ntam paa ara wɔgyee wɔn mfomsoɔ too mu.

Anummere reyɛ abɛn no, Yesu baa wɔn nkyɛn; ne saa nti, wɔhunuu sɛ, woanya anidasoɔ foforɔ bi. Yesu annka sɛ, “Ɛmmfa ho sɛ moadi ntwo.” Anaa sɛ, “momyɛ bio na mobɛdi nkunim.” Ɔmaa wɔn ahyɛdeɛ sonoko bi sɛ, “Wɔnto asɛw no nkɔ deɛ ɛdɔ na wɔbɛnyɛ nam.” Ɛwom mu sɛ na ɛnnkɔ nsuo no mu paa mmom ano hɔ ara na ɛnam akɛseɛ no wɔ. Ɛnti wɔtie no too asɛw no na wɔnyaa mpataa berbree.

Yesu hunuu mpataa no wɔ nsuo no mu, sɛdeɛ ɛnnɛ yi Yesu nim faako a wɔn a woayera nyinaa wɔ no. Na ɔbɛsoma mo akɔ hɔ nso. Yesu annka sɛ, “Fa woasɛw no kye oibara” na mmom fa asɛmpa asew no ma obiara ara ɔpɛ wɔ baabiara a wɔwɔ na mobɛhunu M'asɛm no mu nsɛnkyerɛne.

Na asuafoɔ no yee osetie maa saa ahyɛdeɛ yi, nanso woanntumi annhyɛ Yesu nsoe ɛfiri sɛ na wɔhunu no sɛ onipa foforɔ. Ɛbi a na ɔreyi ne ho akyerɛ wɔn kɛkɛ, nanso na ahokeka wɔ mu. Ɛnti wɔde ahokeka sonoko too asew no, na wɔnyaa mpataa bebree. Yei yɛ honhom mu akwankyerɛ a Awurade soma baa apofoɔ no so sɛ, wɔnyaa mpataa pii a wɔnntumi nsoa a wɔhia nnipa a wɔde ɔdɔ bɛboa wɔn.

MPAEƐBƆ: Awurade Yesu Kristo, fa kyɛ yɛn sɛ yɛn abrabɔ mu nsɛm afa yɛn domum, sene sɛ yɛbɛtumi de afoforo aba wo nkyen. Yɛda wo ase sɛ wobaa yɛn nkyen, mpo wɔ mberɛ a na yɛayera no. wo boaa yɛn ma yɛpaemu kaa yɛn mfomsoɔ nyinaa. Kyerɛkyerɛ yɛn ma yɛnyɛ osetie ma nsɛm na di yɛnim ma yɛn hwehwɛ won a wɔrehwehwɛ wo, na ama won atumi ahunu asɛmpa no mu, na won atumi wo dea daa a ɛnni ɛwieɛ.

NSƐMBISA:

  1. Adɛn nti na asuafoɔ no koyii mpataa bebree no mmom bɛyɛɛ animguaseɛ maa won?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 05, 2022, at 10:29 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)