Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- Salvation - 11. Love Your Enemies!
This page in: Albanian -- Armenian -- Baoule -- Cebuano -- English -- French -- German? -- Greek -- Hausa -- Igbo -- Indonesian -- Somali -- Spanish -- Telugu -- TWI -- Ukrainian -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

Wonim Sɛ? Onyankopɔn Nkwagyeɛ Ayɛ Krado Ama wo!
Nhomawa a Ebetumi Aboa Wo

11. Dɔ Woatanfo!


Wo gyidie mu nsɔhwɛ ne wo nkwageɛ mu ɔhaw ne amaneɛ bɛbɛ wɔ mmere a ɛmu ayɛ den ama wo mu, wɔ atuatewfoɔ ne amumuyɛfoɔ ntam. Na wɔpɛteeteewo, na woato wo sintidua, wɔ won fewdie mu, na wɔbɛtumi de won som mu atutrasɛmdie abɔ wo hu. Na ɛba saa aa kae Kristo, a ɔde wo bɔne nyinaa akyɛ wo kwa no, na wo nso fa woatanfo bɔne nyinaa kyɛ won fri woakoma mu. Onyankopɔn dɔ no bɛboa wo ama woatumi adɔ won bi. Na eyi yɛ adeɛ anka ɛntumi nyɛ yiye, nanso ɛyɛ nea ɛsɛ sɛ ɛBA saa a ɛyɛ ahoɔden a ɛfiri soro a ɛte wo mu no. Yɛn mpae ne sɛ Honhom Kronkron no bɛboa wo ahyɛ wo den daa ama woatumi ayɛ Kristo mmra nsɛm no nyinaa:

Na me deɛ,
mese mo sɛ MONNɔ mo atamfoɔ,
na mommɔ MPAEɛ mma wɔn a wɔtaa mo no;
monyɛ won a wɔtan mo no PAPA,
na moayɛ mo Agya a ɔwɔ soro no mma;
ɛfiri sɛ ɔma ne wia pue nnipa bɔne ne nnipa pa so,
na ɔtɔ nsuo gu wɔn a wɔtene ne wɔn a wɔntene so.
Mateo 5:44-45

Na mbere bi na Onyankopɔn akoa bi retukwan wɔ afidie dade ponkɔ so asaase trɛa bi so. Na ohunuu obi a ogyina kwan no kyen resrɛ no sɛ ɔmma no ntena ne dade ponkɔ no akyi mfa no kɔ bi. Eno nti ogyinaeɛ na ɔfaa no tenaa so de no kɔe. Na ɔfaa no no bere tiaa bi mu no ohunuu sɛ nea ɔfaa no no atwe tuo asi no so sɛ "gyina hɔ, si fam, fa wosika ne nkrataa nyinaa bra!" Onyankopɔn nipa no sii fam frii afidie dade ponkɔ no so na oyii ne sika frii ne botɔ mu. Na ɔkorɔnfoɔ no hwɛɛ sika no na ohyiem frii ne nsam. Na ntɛmso no hyɛn kani no bɔɔ ɔkorɔnfoɔ no nsa ma ne tuo no tɔɔ fam. Na ɔyɛɛ ntɛm faa tuo no, na ɔne ɔkorɔnfoɔ no dii apere kaa no too fam, na otintim no so, na ɔde tuo no kyerɛɛ no so na ɔbɔɔ no hu kaa sɛ: "bɔ mpaeɛ na ka wo bɔne siesiaa, ɛfirisɛ wo wuo mbere ɛdu. Na sɛnea woyɛɛ me no saa ara na mɛyɛ wo nso! ani ne ani na ɛse ne ɛse." Na ɔkorɔnfoɔ no hyɛ nase tiemu sɛ: " hu me mmɔbɔ! na meyɛ ohiani, " na Kristoni no buae no sɛ: woyɛ korɔnfoɔ ne owudini. Na Onyankopɔn abufuo aba wo so ɛnnɛ.

Na ɛfei ɛnnɛ wobɛwu akɔ atɛnmu gyamu"! Na Kristoni no toaso sɛ: "Saa na woabɔ WO bra wo nnɛ nyinaa! Wɔ mbere bi a ɛtwamu no, na me te sɛ wo, nanso ɛnnɛ, mehyiaa Yesu no, ɔde me bɔne nyinaa akyɛ me na woayi nea mesuro nyinaa ɛfiri hɔ, nti me nso mede wo bɔne akyɛ wo. Kɔ wɔ asomdwee mu!

Na ɔkorɔnfoɔ no soree, na ɔhwee Kristoni no na ne ho popoe kae sɛ: "So wopɛsɛ wogyaa me na me kɔ ampa? Na wo renhyeda ntow me tua wɔ makyi sɛ merekɔ a?" Na Onyankopɔn akoa no bue see no sɛ: " Daabi, na mmom wobɛhunu, sɛ ɛnyɛ me na mede wo nkwa yi akyɛ wo, na mmom Kristo no. Na menyɛ papa nsene wo, na mmom Kristo a ɔgyee me nkwa no, pɛ sɛ ɔgye wo nso nkwa ɛnnɛ da yi. Nti gye no di na ɔngye wo nkwa ɛnnɛ na ɔnsesa wabrabɔ mma wo nnɛ na woamfa wo ankɔto daa atɛnmuo gya mu wɔ da a wobɛwu mu." Na ɔkorɔnfoɔ no kɔe wɔ adwene ntantamu, na ɔdanee nani hwɛɛ ɔbarima no haa kosii sɛ ɔkɔeɛ wo anadwo dasum no mu.

Na ɛnyɛ obiara na ohunu abrabɔ mu nsɛm a ɛte sɛ eyi, na ɛwɔ yɛn daadaa abrabɔ mu no Kristo kyerɛkyerɛ yɛn sɛ yɛamfa yɛn nuanom bɔne nkyɛ won na yɛmma yɛn were mfi nea wode ayɛ yɛn nyinaa. Na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae ma won, mpo sɛ woangye yɛn mpaebɔ anntumu mpo a. Yɛn agyenkwa no bɔɔ mpae maa natanfo no wɔ asendua no so:

AGYA FAKYɛ WON,
ɛfirisɛ wonim nea woreyɛ yi.
Luka 23: 34

Na saa kwan yi so na ɛsɛ sɛ Kristo akyidifoɔ dwen na wɔbɔ won bra nso,

Mma BɔNE nnni wo so nkunim,
na mmom fa PAPAYɛ DI SO NKUNIM!
Romanfo 12:21

Na saa kwan yi so na ɛsɛ sɛ Kristo akyidifoɔ dwen na wɔbɔ won bra nso, Efisɛ ɔdɔ yɛ den sene owuo na bɔne fakyɛ nso wɔ tumi sene ɔtan.

Odɔfo Kenkanfoɔ: Sɛ woate yɛn nkyerɛkyerɛmu a ɛfa Kristo mu nkwagyeɛ ase a wobɛhunu sɛ nnoɔma ahorrow miennu na ɛda ɛdi wɔ nkwagyeɛ yi mu. Nea ɛdi kan ne sɛ woagye yɛn afiri bɔne mu ne atɛnmuo a ɛdi ɛkyiri nda mu. Nea ɛtɔso miennu ne sɛ ɔkyerɛ yɛn kwan sɛ yɛde Kristo ne dɔ kɛseɛ no ho asɛmpa adwuma adansedie bɛkɔ baabiara. Efirisɛ nkwagyeɛ nso yɛ adwumayɛ. Agyidifoɔ a ɛyini wɔ honhom mu no nante wɔ ɔdɔ mu, papayɛ mu, boasetɔ, ɔdwoɔ, ahobreaaseɛ ne anigyie mu daa. So wo wɔ nkwagyeɛ paa?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on September 21, 2021, at 05:13 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)