Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- Salvation - 10. Christ Will Free You from Selfishness to Serve Others
This page in: Albanian -- Armenian -- Baoule -- Cebuano -- English -- French -- German? -- Greek -- Hausa -- Igbo -- Indonesian -- Somali -- Spanish -- Telugu -- TWI -- Ukrainian -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

Wonim Sɛ? Onyankopɔn Nkwagyeɛ Ayɛ Krado Ama wo!
Nhomawa a Ebetumi Aboa Wo

10. Kristo Bɛgye Wo Afri Pɛsɛmenkominya Mu Ama Woatumi Asom Afoforo


Yɛ de wɔ Awurade ne nahoɔden tumi mu! Fa Awurade Yesu abrabɔ yɛ nhwɛsoɔ na som afoforo yiye wɔ ne dɔ akwankyerɛ mu. Bɔ mmɔden na wone nnipa a ɛtwa wo ho ahyia ntena yiye. Ɛfirisɛ wohia wo mmoa. Na fa Awurade mu anigyie som won. Ogyidini biara a woayini wɔ honhom mu no de ne ho si hɔ sɛ nhwɛsoɔ de som afoforo wɔ yɛn Wura ne yɛn Awurade ne din mu. Kristo kae sɛ:

Sɛdeɛ ONIPA BA
no amma sɛ wɔnsom no, na mmom ɔbɛsomee,
na ɔde ne kra bɛyɛɛ agyedeɛ maa nnipa pii ne no.
Mateo 20:28

Na yɛahunu wawa a ɛyɛ sɛ Kristo ambue nano dabiarada ambisa obiara nkyen sika wɔ nadwumayɛ mu? Na mmom ɔsom nnipa adekyee ne adesaeɛ dabiara na ɔde ne kra bɔɔ aforeɛ maa nnebɔneyɛfoɔ gyee won nkwa. Na ne daadaa som a ɔsom won a anka wonsɛ mfata no ne nsoɔno ma nakyidifoɔ nyinaa. Wontwen sɛ wobɛnya mmoa bi ansa, na mmom wodi ne nhwɛsoɔ anamon akyi de won ho si hɔ ka nasɛmpa no, nneyɛɛ ne mpaebɔ mu. Ɛyɛ Kristo ho dɔ na ɛkyerɛ won kwan.

Na Yesu ba bɛkasa kyerɛɛ wɔn sɛ:

Wɔde ɔsoro ne asase so tumi nyinaa ama me.
Enti MONKƆ nkɔyɛ amanaman nyinaa M'ASUAFOƆ,
na mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya ne Ɔba ne Honhom Kronkron din mu,
na MONKYERƐKYERƐ wɔn sɛ wɔnni deɛ mahyɛ mo nyinaa so.
Na hwɛ, me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de kɔsi wiase awieeɛ.
Mateo 28:18-20

Na Honhom Kronkron no hyɛɛ Kristo akyidifoɔ ma na wotumi wie Awurade ahyɛdeɛ no nyinaa. Akwanya kɛseɛ paa ni sɛ yɛbɛka asɛmpa no akyerɛ won a woayera no! Na akoma a anigyie ne ɛseda ahye no ma no ntumi nnyɛ dinn, wɔ mbere a ɔnkasa na ondi adanseɛ mfa deɛ Kristo ayɛ ama no ho. Petro Ɔsomafoɔ a odikan no, dii adanseɛ wɔ asɔfo mpaninfoɔ no anim bere a wɔhyɛɛ Kristo akyidifoɔ no sɛ wommɔ Kristo din na wonnkyerɛ saa din Yesu no mu bio no:

Na yɛn deɛ, YƐNTUMI,
gye sɛ yɛka deɛ yɛahunu na yɛateɛ.
Asomafo 4:20

Ɛbɛba sen na wobɛtumi ada yiye na woahom, na wonim sɛ woabusuafoɔ ne wo ndamfonom atɔ Onyankopɔn abufuhyeɛ mu?. Ɛyɛ biaa na won awuwu wɔ honhom mu wɔ won bɔne mu! Dɛn nti na wonka Kristo ho asɛmpa nkyerɛ won na wonya nkwa?. Onyankopɔn kanea a ɛredɛw wɔ wo mu no ne Kristo ne dɔ tumi a ahyɛ woakoma ma no, ɛsɛ sɛ ɛkeyan wo na ɛma wotumi di agyenkwa Kristo ho adanseɛ kyerɛ adɔfoɔ a woayera no nso nya nkwagyeɛ no bi.

Muslimni adesuani bi a ofri Casablanca, Morocco, hyeaseɛ sɛ ɔredɔ Kristo na onyaa ne mu gyidie wɔ ne nkwagyeɛ mu. Na adesuani no nyaa Yesu mu anika bebree na nawawadeɛ ne ne tumi no yɛɛ no ahodwiri pii na ɛnam saa nti ɔtɔɔ Apam foforo nnwom aduasa num na ɔkyekyɛɛ maa adesuafoɔ no bebree wɔ won suadan no mu. Na saa na Honhom Kronkron kyerɛ yɛn kwan na ɛkeyan yɛn na yɛtumi di adanseɛ kyerɛ nnipa bebree nso.

Yesu hyɛɛ asuafoɔ no bɔ sɛ:

Na mmom sɛ Honhom Kronkron no nya ba mo so a,
mobɛnya AHOƆDEN,
na moayɛ M'ADANSEFOƆ.
Asomafo 1:8

Nanso wobɛhunu sɛ ɛnyɛ obiara na woayɛ krado sɛ obɛtie Asɛmpa Kronkron no. Nnipa bebree nngye agyenkwa no a wɔbɔɔ no asendua mu no ntumu na wɔtan asendua no nso. Na wonim nea wɔreyɛ. Na wɔ saa tebea yi mu no, wowɔ kwan miennu pɛ a wobɛtumi afaso de Onyankopɔn asɛm aben won, sɛ wɔde daa mpaebɔ bɛdi ama won anaa wobɛsom won wɔ anisɔ mu ne koomyɛ mu. Wɔ mfeɛ bebree atwam no na ɛyɛ akyiwadeɛ sɛ wobɛka Onyankopɔn Asɛmpa wɔ China, ɔman a won dodoɔ dɔɔso sene aman nyinaa wɔ wiase nyinaa mu no. Nanso agyidifoɔ a ɛwɔ hɔ no tumi twee nnipa bebree akoma baa Kristo mu gyidie mu wɔ won koomyɛ som a wɔde som won no nti. Na wiasefoɔ no hunuu tumi soronko a ɛyɛɛ adwuma ne Onyankooɔn dɔ adwumayɛ wɔ Kristofoɔ no mu. Na ɛyi kyerɛ yɛn sɛ yɛn adansedie ma Kristo nnyɛ kasa hunu bi kwa, na mmom no Kristo Honhom no nso kasa fa akronkronfoɔ mu nso yiye.

Aduro mu adesuani bi a ofri Cairo twerɛɛ nnwoma bi kaeɛ sɛ, mentumi nkasa mmfa megyidie foforo a menya ho wɔ fie ɛfirisɛ meyɛ ababaawa. Ma busuafoɔ kuta tete amanmmere ne tete agyanom som mu dendenden wɔ fie hɔ. Nti mesrɛ mo sɛ monkae me wɔ mpaebɔ mu na matumi abɔ abrabɔ kronkron, na menya ahobreaaseɛ, na mankasakasa wɔ fie hɔ, sɛnea ɛbɛyɛ na mebuafoɔ anhunu akyi sɛ Honhom Kronkron de me reyɛ nadwuma wɔ me mmereyɛ mu. Na saa pɛpɛɛpɛ na Yesu kakyerɛɛ nasuafoɔ no,

MONE WIASE HANN.
Saa ara na momma mo kanea nhyerɛn nnipa anim,
na wɔahunu mo NNEYƐƐ PA,
na wɔahyɛ mo Agya a ɔwɔ soro no animuonyam.
Mateo 5: 14-16

So wonim sɛ Kristo Honhom ayɛ krado sɛ ɔbɛma woasow Onyankopɔn aba fefeefe? Ɔsomafo Paulo twerɛɛ kɔmaa Galatifoɔ no sɛ,

NA HONHOM ABA NO NE ɔdɔ,
anigyeɛ, asomdwoeɛ, abodwokyɛre,
ayamyɛ, papayɛ, gyidie,
ɔdwoɔ, anidahɔ. Mmara biara nni hɔ a ɛtia yeinom.
Galatifo 5: 22-23

Dwendwen saa asɛmpa a ɛsombɔ yi ho na srɛ Onyankopɔn sɛ ɔmma no nyɛ saa ara wɔ wabrabɔ mu. Bɔ mmɔden fa saa akwanya yi bi na woaya Honhom Kronkron aba soɔ no bi wɔ wabrabɔ mu. Ɛno mu na wobɛtena abrabɔ a anigyie ne asomdwee ahyɛ no ma.

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on September 21, 2021, at 05:05 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)