Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- Salvation - 9. Continuous Reading of the New Testament Confirms Us in Salvation
This page in: Albanian -- Armenian -- Baoule -- Cebuano -- English -- French -- German? -- Greek -- Hausa -- Igbo -- Indonesian -- Somali -- Spanish -- Telugu -- TWI -- Ukrainian -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

Wonim Sɛ? Onyankopɔn Nkwagyeɛ Ayɛ Krado Ama wo!
Nhomawa a Ebetumi Aboa Wo

9. Apam Foforo No Daadaa Akenkan No Ma Yɛn Nkwagyeɛ Sipi


Ensɛ sɛ obiara dwen sɛ ogyedini biara ade ne ho ɛfiri nsɔhwɛ ne bɔne mu koraa. Daabida! Na mmom okura yɛn wɔ nabasa nsa denden no mu na ɔsoa yɛn wɔ Onyankopɔ nsa yem. Na nsɔhwɛ bre mu no yɛya yɛahoɔden wɔ Awurade asɛm mu, na ɛno mu na yɛdi nkunim. Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ wɔ Honhom Kronkron mu, a ɔboa yɛn ma yɛdi nsɔhwɛ nkunim no. Ogyidini sua boasetɔ ne awerehyem wɔ Awurade mu wɔ ɔhaw ahoroɔ nyinaa mu wɔ nabrabɔ nyinaa mu.

Sɛ wo pɛ sɛ wohunu wo nkwagyeɛ denhye paa a, ɛndeɛ sua Onyankopɔn asɛm daadaa. Na yɛ osetie ma Honhom Kronkron akwankyerɛ na ɔbɛkyerɛ wo nea ɛsɛ woyɛ adwuma a ɔpɛsɛ woyɛ agyidifoɔ mu. ɔsomafo Paulo kaeɛ sɛ:

Na m'ani nwu ASɛMPA no ho, ɛfiri sɛ,
ɛyɛ ONYANKOPɔN TUMI a ɛde kɔ nkwagyeɛ mu ma wɔn a wɔgye die nyinaa,
Yudafoɔ kane ne Helafoɔ nso.
Romanfo 1:16

Yɛntumi ntena ase a Onyankopɔn asɛm nni mu. Twerɛ Kronkron no yɛ yɛn Honhom mu aduane. Na honam fam no yɛnndidi baako wɔ nawɔtwe no mu, na mmom mpo mprensa wɔ dakoro mu, sɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛtumi ayɛ yɛn ndwuma nyinaa wɔ ahoɔden mu da biara. Fa no sɛ sɛ wodidi baako wɔ nawɔtwe mu a! Bia na worenwu ntɛmso deɛ, na mmom wo nipadua bɛyɛ mmere ne mmere, na ɛde wo bɛgyina owuo ne nkwa ntam. Na worentumi nyɛ adwuma den biara na mmom ɛde bɛto mpaso wɔ mmeryɛ mu. Na saa na ɛteɛ wɔ yɛn honhom mu abrabɔ mu. Na Kistofoɔ rentumi nyini wɔ ɔdɔ mu, gyidie mu, ne anidasoɔ mu, agyesɛ da biaa odi ne honhom mu aduane wɔ aseda mu. Na ɛsɛ sɛ yɛsua aɛmpa no daadaa na yɛsua Onyankopɔn wɔ yɛakoma mu bebree. Yesu Kristo kaa saa ahintasɛm yi sɛ:

Wɔatwerɛ sɛ: ɛnyɛ paanoo nko so na onipa nam bɛtena aseɛ.
Na mmom ASɛM BIARA ɛFIRI ONYANKOPƆN ANOM.
Luka 4: 4

Sɛ wowɔ Twerɛ Kronkron a, ɛmfa nhyɛ woadaka mu. Na ɛmma mfuturo nso mmbɔ ho. Tene wo nsa na fa wo Twerɛ Kronkron no, buemu na ma no nyɛ wadesuadeɛ na dwendwen ho daa. Kenkan ɛmu nsɛmfua no bi da biara. Fa Onyankopɔn asɛm hyɛ wakoma ma ɛfirisɛ osoro ne asaase so difoɔ no ne wo rekasa prekopɛ wɔ nasɛm mu.

Na Onyankopɔn akoa bi kɔɔ ayaresabea sɛ ɔrekɔsa ne ho yareɛ a wɔde sekan bɛpae no. Na ɔne nabusuafoɔ ne nadwumayɛfoɔ bɔɔ mpae no, wɔde no kɔeɛ sɛ wɔrekɔyɛ ne ho adwuma wɔ ayaresa mu. Na sɛ ɛdu mmere bi a nfidie no a wɔde yɛ adwuma wɔ ayaresa bea hɔ no di won hyeambɔ a, wontumi mpaemu nka pɛfee. Na Onyankopɔn akoa no bue nano kasaeɛ mpo wɔ mbere a nfidie no nsisi soɔ no, na ɔde Twerɛ kronkron mu nsɛmfua bi na ɛkasaeɛ. Na Onyankopɔn asɛm ahye no ma. Na biribi foforo biara anpue amfiri nanom.

Sɛ ɛyɛ wo na wokɔɔ saa tebea yi mu a anka den na wobɛyɛ? Anka den nsɛm na ɛbɛfri wanom ɛpue? So Asɛmpa no ahyɛ wadwene ne wonsusuiɛ mu ma anaa? Na nea abuso wɔ wakoma mu no na wano paemu ka. Na sɛ wopɛsɛ woyini wɔ honhom mu a ɛndeɛ ɛsɛ sɛ wosua Twerɛ kronkron no daa. Efisɛ Onyankopɔn ne wo kasa prekopɛ wɔ nasɛm no mu.

Sɛ wopɛsɛ Honhom Kronkron kyerɛ wo kwan wɔ Kristo mu a ɛndeɛ ɛmma wowere mfiri ne nhyehyeɛ no: Kenkan Twerɛ kronkron no dabiara na bɔ mpaeɛ sɛ wobɛya nteaseɛ na woadi so nso. Na ɛnyɛ mmra a ɛmu yɛ duru anaa ɛyɛ den sɛ wontumi ndwendwen Onyankopɔn asɛm ho daa, na mmom no ɛyɛ akwanya kɛseɛ a ɛsombɔ yiye. Abranteɛ tumi twen krataa a ɛfiri ne kankyema hɔ wɔ boasetɔ mu na sɛ ne nsa ka krataa no a, ɔbɛbue mu na woakan no ntɛmso kosi sɛ ɔbɛte nsɛm a ɛwɔ mu nyinaa ase yiye. Saa ara na ɛteɛ nso wɔ honhom wiase mu, sɛ obiara a ɔdɔ Kristo no nso ɛsɛ sɛ osua asɛmpa no. Na ɛsɛ sɛ osua, na ɔde hye nadwene mu, fa yɛ adwuma na fabɔ wo bra kosi sɛ wobɛwu afri asaase so. Obiara a ogye yɛn agyenkwa no di no rentumi nkwati asɛmpa no mma nabrabɔ nsi yiye da. Eno nti ɛnsɛ yɛgyae sɛ yɛbɛkenkan Onyankopɔn asɛm, anyɛ saa a yɛn honhom mu abrabɔ bɛsan nakyi na ɛbɛwu.

Nti sɛ wopɛsɛ woyini wɔ honhom mu a ɛndeɛ bɔ mmɔden na sua Apam dada no ne Nsɛmpa nnwoma no nyinaa daadaa. Onyankopɔn ne wo kasa daa nyinaa wɔ nasɛm mu.

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on September 21, 2021, at 04:57 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)