Previous Lesson -- Next Lesson
8. Nkwagyeɛ Ma Wo Nkanyan Wɔ Mpaebɔ Mu!
Won a woafa Kristo ayɛ won Agyenkwa na wɔde won were ahye ne mu da biaa no, wohu nsesaeɛ soronko bi wɔ won abrabɔ mu. Na saa nsesaeɛ yi da ɛdi wɔ won suban ne won nneyɛɛ mu. Na wonhye bɔne nkondua ase na mmom won anya abrabɔ foforo ɛfiri Onyankopɔn nkyen na won abɛyɛ Onyankopɔn mma. Sɛ saa nsesaeɛ yi si a, ɛnyɛ wawa bebree, sɛ woaya anigye bi. Mmom no nea ɛsombɔ paa ne sɛ wobɛgye ɛdi sɛ Kristo afa wabrabɔ nyinaa nnomum, na ɔde ne nokwaredie di wanim rekyerɛ wo kwan na okura wo mu wɔ wabrabɔ nyinaa mu.
Kristo nkwagyeɛ no de nkanyan kɛse brɛ wo wɔ wo mpaebɔ mu, ne ayɛyiye ne ɛseda a wode ma Onyankopɔn a woabɛyɛ waAgya wɔ Kristo Yesu mu. Na wo kanne bɔne a ɛtwam mu no nyinaa no nntete wone Onyankopɔn ntam bio. Na ɛfei wo ho atew wɔ Yesu Kristo mogya a ohwieguu hɔ maa wo no mu. Onyankopɔn Honhom di boa wo wɔ Awurade mpaebɔ mu:
Wo mpaebɔ renyɛ kasa hunu bebree kwa bio ne wiase som mu nneyɛɛ, na mmom ɛbɛyɛ nsɛm a ɛdu Onyankopɔn anim tɔnn. Na wɔbɛtumi aka wo haw nyinaa akyerɛ no, wo mfomsoɔ, ne nea wosuro nyinaa, na ɔbɛ wo mbueɛ wɔ na sɛmpa kronkron no mu. Na ɛnyɛ wo nkoaa na wonam, ɛfirisɛ Kristo ama wone Onyankopɔn kɛseɛ no anya ayɔnkofa nkutahodie. Na wone Ɔkronkronni no ntam nware bio, wonim no na ɔmbɔ wo hu nso. Ɔyɛ waAgya, a nani ku wo ho yiye, na ɔte wo aseɛ na ɔbɔ wo ho ban wɔ ne boasetɔ mu. Na nsesaeɛ kɛseɛ biara nni hɔ a ɛsene eyi wɔ nsusuiɛ mu: Sɛ Onyankopɔn a ɔbɔɔ adeɛ nyinaa no, na ɔyɛ daa atɛnbufoɔ no yɛ me Agya! Ɛno nti da biara da no ase na ma ɛdɛw nhye woakoma ma ne ayɛyiye mu, ɛfirisɛ ɔkronkronni Onyankopɔn ayi mmɔborohunu adi akyerɛ wo, ɔdebɔneyɛni, na ɔde wo bɔne nyinaa nso akyɛ wo na ɛfei nso woahohoro wo ho wɔ ne dɔ ba no adehye mogya no mu. Ɛno nti, woakoma ne wotɛkyerɛma ne David bɛbom ato nnwom sɛ:
Onyankopɔn nam nanimteɛ so de nnwom foforo ahyɛ wakoma mu ma. Wo de aseda rema no wɔ ne nkwagyeɛ kɛseɛ no nti. So ayɛyiye wɔ wakoma mu daa a wode ma Onyankopɔn?. So woda no ase wɔ nedɔ kɛse no ho, ne boasetɔ ho, ne nokwaredie, nayemyiye a woayi no adi akyerɛ wo wɔ Kristo mu no? Dwendwen honhom mu nhyira no ho, a Onyankopɔn de ama wo nyinaa no wɔ wagyenkwa Yesu mu no ho. Mmfa Onyankopɔn aseda ndi, ɛfirisɛ sɛ wogye nkwagyeɛ no tumu a ɛno na ɛde nsesaeɛ ba wabrabɔ mu na ɛma Twerɛ kronkron no mu nsɛm no bɛyɛ nokware pɛfee de ma wo, sɛnea woatwerɛ sɛ:
Yɛne agyidifoɔ ɔpepem bɛbom adi adanseɛ sɛ firi bere a wɔ hohoroo yɛn akoma mu wɔ Kristo mogya mu no, woahwie mpaebɔ honhom agu yɛn akoma mu ma. Na yɛgyedi sɛ yɛn soro Agya no tie ne mma mpaebɔ mu nsɛm nyinaa. Na ɔrenpo yɛn mpaebɔ mu nsɛm baako mpo da. Na yɛne Onyankopɔn wɔ nkutahodie prekopɛ.
Momma yɛnda no ase wɔ saa akwanya yi mu daa. Yɛbɔ mpaeɛ sɛ wobɛhunu saa nokwarɛ sɛm yi mu yiye, na woatumi anya nteaseɛ a ɛmu dɔ wɔ wo nkwagyeɛ mu, gyidie mu tumi mu, ne anigyie mu aseda.