Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- Salvation - 7. Are You Sure of Your Salvation?
This page in: Albanian -- Armenian -- Baoule -- Cebuano -- English -- French -- German? -- Greek -- Hausa -- Igbo -- Indonesian -- Somali -- Spanish -- Telugu -- TWI -- Ukrainian -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

Wonim Sɛ? Onyankopɔn Nkwagyeɛ Ayɛ Krado Ama wo!
Nhomawa a Ebetumi Aboa Wo

7. So Wo Nkwagyeɛ Sipi Sita Anaa?


Abranteɛ bi a ɔyɛ sɔfoɔ kɔɔ nhyiamudi bi a ɛyɛ ɔsom mu adesuafoɔ akununi nhyiam wɔ India, nanso woampene sɛ ɔde ne ho bɛhyɛ anobooboo nsɛm bi a ɛkɔɔ so mu. Na na deɛ onim yɛ ɔno ankasa ne som a ɔwɔ mu no mmra ne won nhyehyeɛ nkoaa na onim. Na wɔhyee no bebree no ɛfei too mu e won nyaa anobooboo no. Na ɔbɔɔ mpaeɛ sɛ Awurade Honhom bɛkyerɛ no nea ɔbɛyɛ. Eno nti ɔkɔɔ nhyiamudi no ase wɔ asomdwee mu wɔ nakoma mu.

Na yɛ duu nhyiamu no ase no, ne ho dwirii no sɛ ohunu nnipa atitiriw bebree akuokuo wɔ hɔ a wɔbɛyɛ sɛ nnipa mpem miennu a wɔyɛ adesuafoɔ atitiriw a won nyinaa hyehye won ntareɛ yuu, na wɔretwen no. Na wobisaa nadwenkyerɛ a ɛfa won nkyerɛkyerɛ ho, won amanmmere ho, won mmra ne won som ho. Nanso won nsɛm bisa bebree no kakraa bi na otumi yii ano. Na wobisaa no korakora sɛ: "Dɛn na wotumi ne yɛn akyɛ a ɛfa wo som no ho na yɛn nyinaa nso abooboo ho?" Na ɔde anigyie buaeɛ sɛ: ɔkronkronni Onyankopɔn nam Awurade Yesu Kristo ne wuo so de me bɔne nyinaa akyɛ me. Na ɛnam no so ama mabɛyɛ ɔtreneeni na ma de meho afiri me bɔne nyinaa mu. Na miensuro atɛnmu da a ɛbɛba wiase bio ɛfirisɛ woawie me nkwagyeɛ ho adwuma nyinaa". Na adesuafoɔ no tee saa no wɔpoo nadansdie no na wɔteamu. Na wɔkae sɛ eyi ntumi nyɛ adwuma saa! Na obiara nni hɔ a obɛtumi ahunu nea ɛbɛsi daakye wɔ atɛnmu da mu. Na obiara nnim nea ɛbɛto no wɔ naeieɛ mu, nea Onyankopɔn de bɛma no nnɛ a ɛdi kyiri mu. Yɛbu obiara a ɔka sɛ, Wɔde mebɔne akyɛ me no, obusufoɔ! Na abranteɛ ɔsɔfoɔ yi bua see won pɛfee sɛ: "Mobisaa me madwenkyerɛ a ɛfa mo som ho na memmbua bebree na mmom mekaa madwene kakra kyerɛɛ mo wɔ wiase nyansa kwanso. Nanso mekaa nea adwene kyerɛ me. Na ɛfei mahunu nsonsonoeɛ a ɛda mo som no ne me som no ntam yiye. Na meka mo nokwarɛ sɛ mo mmra bebree, mo amanmmere, ne mo daadaa mpaebɔ no rentumi mfa asomdwee mmere mo wɔ mo adwene mu da. Na mo nni bɔne fakyɛ ngyinasoɔ biara wɔ moakoma. Nanso metumi de akokoduro aka wɔ anigyie mu sɛ, okokoroko Onyankopɔn no ɔdɔ me yiye. Na ɔde me bɔne nyinaa akyɛ me wɔ Yesu mu. Onipa biara anaa ɔbɔnsam rentumi nnyi nadom wawasoɔ no mfiri me so. Na meyɛ ɔdefo wɔ senea mete yi ara, na modeɛ mo yɛ ahyiafoɔ wɔ mo aniso ahoya yi mu."

Adamfopa: So wogyedi paa wɔ woakoma mu sɛ Onyankopɔn woagye wo?. Woayɛ krado sɛ ɔbɛma wo ɔno ankasa ne Honhom Kronkron no. Na saa Honhom no ne wo honhom di adanseɛ sɛ woyɛ Onyankopɔn ba. Tete Onyankopɔn no woagye wo atumu sɛnea woteɛ biara. Na woahohoro wo ho, na woama wo so ama wo nkwa foforo, na woatew wo ho, ɛfei woama wo daa asomdwee a ɛnni ɛwieɛ. Na eyi na obiara a woafa agyenkwa Yesu Kristo ayɛ naAwurade ne nekra agyenkwa no bɛnya wɔ nabrabɔ mu. Na wosi pi wɔ Onyankopɔn dɔ a ɛnsesa da no mu. Sɛ wonyaa ngyee saa akwanya yi ntoomu a, ɛdeɛ fa ahobreaaseɛ bisa Onyankopɔn Honhom Kronkron no wɔ gyidie mu sɛ ɔmbɛhyɛ wakoma mu ma, na ɔntena wo mu daa nyinaa. Eno mu na wobɛhunu ne nkwagyeɛ no mu tumi na woahome wɔ Awurade Yesu adom ne nedɔ no mu. Obiara a a ɔdɔ Kristo no te sɛ onifuraeɛfoɔ, a efei na nani abue. Na ohunu Onyankopɔn pono a ɛbue kakeraa na ohu Kristo no, a ɔyɛ daa nkwa asuti no. Ne mu na yɛnya yɛn tumi wɔ nnipa foforo a ɛwɔ yɛn mu no a ɛsesa yɛn nipa dada no suban no. ɛnam yɛn nkwagyeɛ no so ama Honhom Kronkron no bɛtena yɛn akoma mu na wasesa yɛn suban dada no nyinaa. Gye wo agyenkwa Yesu Kristo no di, na ɛno mu na wabrabɔ nyinaa bɛdanne ayɛ annuoyam a ɛsɛ fata sɛ abrabɔ. Yesu kaeɛ sɛ:

Owifoɔ mma, gye sɛ ɔrebɛwia na wakum na wasɛe;
me deɛ, mebae, na wɔanya NKWA, na wɔanya no MMOROSO.
Yohanne 10:10

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on September 21, 2021, at 04:40 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)