Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- Tracts -- Tract 06 (Rejoice in the LORD Always!)
This page in: -- Armenian -- Baoule -- Burmese -- Chinese -- Dagbani? -- Dioula -- English -- French -- German? -- Greek -- Hausa -- Hebrew -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Japanese -- Korean? -- Lingala -- Maranao -- Nepali? -- Peul? -- Somali -- Spanish -- Sundanese -- Telugu -- Thai -- Turkish? -- TWI -- Uzbek -- Yoruba

Previous Tract -- Next Tract

NWOMA - Asɛmpatrɛw ho nsɛm tiaa, no Nkyekyeɛ

NWOMA 06 -- Momma Mo Ani Ngye Wɔ Ewurade Mu Daa! (Philippians 4:4)


Obiars a ɔtaa hwe kasafoni ndɛ no; bɛ hu mmaranteɛ ne mmabaawa bebree a wowɔ mbeaɛ mbeaɛ ahorow na wodi asa ne neoma pii a woyɛ sɛ woregye won ani. Bebree no ara tumi tutu akwan kɔɔ wiase mbeaɛ ahorow bi mpo a ɛhɔ yɛ hu; ɛsanesɛ wosusu sɛ sɛ ɛno na ɛma won kra anigye wiepɛy; na wɔde won asoɔden nyinaa yɛ saa neomayi.

Ebinom nso de won sika bɔ abrabɔ ahorow ne wiase yi mu anigyede bɔne; ɛne bɔne su ahorow bebree no ara. Na wosusu sɛ; sɛ wobɔ saa bra no a ɛbɛtumi ama wɔn haw ne amaneɛ ahorow bi aba fɛm ma wowere afi. Na atɛn tree nso nni wiase nti ama ɛbinom nso de osu ne awerehow na ɛbɔ bra. Na ɛma ɛbinom ka ntɛm sɛ; ansanna wobefi wiase no wɔde ɔseɛ ne awukadeɛ bɛtua nnipa bebree ka aku won ansa won ɛfi wiase. Sɛ wode reboa wɔn man.

Nnipa kakeraabi na wotumi danne ba Ewurade nkyen na wobisa s:ɛ"Yɛnyɛ den na yɛya daa nkwa? Ewurade wopɛ sɛ yɛyɛ den? Yɛ bɛyɛ den?" Onyankopɔn adom ne ne mmoborohunu boa nea nakoma abubu; na ɔma nani so hwe soro srɛ ogyeɛ ne mboa firi ɔsoro ne asaase yɛfo no hɔ.

Nnipa dodoɔ mpem mpem no ara na wiase yi mu ɔhaw ne amaneɛ ɛne abɛbrɛnnsɛ de won rekɔ famm na wɔreseɛ koraa. Na wɔn anidaso nyinaa asa wɔ abrabɔ yi mu. So anidasoɔ ne awerekyekye bi bɛtumi aba ama won anaa? Wiase nyinaa rehaehae wɔ akoduro hyeaman a ɛbɛtumi akum wiase nnipa abupen miensa mu biako?


Nkuranhyɛ Adiyisɛm

Wo ɔhaw; amanneɛ ne awerehow mu no; Odiyifo Nehemia nyaa soro anisoadehu maa ne mpaebɔ mbue: "Na mommma mo werɛ nnho mo ho, na AWURADE mu anigye ne mo ahoɔden" (Nehemia 8:10).

Momma yɛmma yɛniso nhwe EWURADE; ɛfisɛ ɔno nko ara na obɛtumi ama yɛn ɔhome; anidasoɔ ne asomdwee.

Ahodaso ne anidaso kesɛ ben; na Odiyifo Nehemia nyaa fiirii EWURADE hɔ? Onyankopɔn kakyerɛɛ no s; wa"dom no anigye ne abotɔyam kes. Na ɔnte sɛ Budha a da biara ɔhwe nnipa haw ne ɔyaw na ɔntumi mmma wɔn anidaso biara no. Anigye ne ahotɔ; ne abrabɔpa mu dɛwdi; ne nkwagyeɛ ahyɛ Onyankopɔn mu ma. Ono na ɔde nkwagye kwan abrɛ adasamma nyinaa. Otumfo wawani no; nim sɛ obiara nni asaase so a ɔyɛ papa; na wɔn nyinaa aporɔ; na wone asomdwee ne anigye ntam aware. Eno nti Onyankopɔn yem hyehyee no ma nnipa sɛ ɔbɛgye won afi wɔn bɔne mu; na wama wɔn anidasoɔ wo won asetra mu. Nti mmma woweremfi daa s; EWURADE mu anigye ne wahoɔden. Na nea ɔsahera natwen biara no; nya ne mu tumi; ne ahoɔden. EWURADE p; na ɔma ɔhome; na nahennie no nso abɛn.


Wawo ɔgyefo wawani no

Wɔ mbre a ɛwim asesa na ɛsum aba wɔ Bethlehem; Abɔfoɔ yii won ho adi wɔ annuoyam hann kɛse bi a ɛhyeren mu kyerɛɛ nguahwɛfo bi a wɔrehwe won nguan. Na wɔhwehwease suroe kɛse; ɛfisɛ kanea ɛfi soro twaa won ho hyiaaɛ. Na wosusu sɛ atemmu da no adu mpofirimso. Na wosuroe kɛse paa; na wɔn bɔne bɛsii wɔn anim prɛkopɛ. Nanso wontumi ntwane atemmuda; efisɛ kanea kɛse a efii soro baɛ no hyɛɛ won so kɛse. Na Abɔfo no hyɛɛ won den

Na ɔbɔfoɔ no anyi won hu, na mmom wohyee won nkuran see wɔn s: "Monnsuro, na hwɛ, mede asɛmpa a ɛyɛ anigyeɛ pii na ɛbɛyɛ aman nyinaa dea merebrɛ mo, sɛ nnɛ wɔawo Agyenkwa a ɔne Kristo, Awurade no, ama mo wɔ Dawid kurom" (Luka 2:8-11).

Wɔ nserahwe kɛse yi mu no; EWURADE Abɔfoɔ no de anidasoɔ foforo a adom ne anigye ayɛ no ma asɛmpa na ɛbaɛ. Onyankopɔn nkwagyeɛ ne ɔgyeɛ ho nhyehyeɛ no aba mu. Sɛ wiase nyinaa bɛgye nkwa nsuo ne asomdwee a ɛresene firii Onyankopɔn hɔ ama nnipa nyinaa no. EWURADE adom kɛse yi nyɛ atreefo anaa apapafo nko dea; na mmom abɔnefo ne won a woaporɔ nyinaa. Abɔfo no amfa asɛmpa yi ambrɛ animdefoɔ ne akununi; anaa anyansafo. Na mmom wode brɛɛ mpampahywekwaa ne wɔn a wonsua da. Na ama Onyankopɔn ho nimdeɛ abue wɔn ani. Na saa adom nsɛm kɛse yi; nnyɛ mbarima nko dea; na mmom; mbaa ne mmofra nyinaa. Nea wabre ne ayarefo nso; EWURADE mu anigye yɛ nnipa nyinaa dea. Dɛn nti na Abɔfo no hyɛɛ obiara sɛ nani ngye? Efiri sɛ wawo ɔgyefoɔ no ama yɛn; na nadom adwuma no ahyaaseɛ..

Nanso nnipa doodoo no ara a wɔyɛ ne deɛ no angye asomdee hene no antum. Na wonni atwen sahyera wɔ won mu. Na mmom wɔn botae ne sɛ wobɛya tumi; sika; ɛne abrabɔ mu ahoya. Na wopre sɛ wɔ de akodeɛ ne atuturasɛm bɛdi won atamfo so agye wɔn mann asi hɔ.


Kristo akyedeɛ kɛseɛ no

Kristo boaboaa won a wɔsaheraa wɔn atwen de won ho maa Onyankopɔn no nyinaa ano. Na ɔsaa ayarefo a wɔbaa ne nkyen nyinaa yare; na ɔde wɔn bɔne nyinaa nso kyɛɛ wɔn. Otutuu ahonhomfi firii nnipa a ahonhom hyɛ wɔn so no. ɔmaa po asorɔkye yɛɛ koom; na ɔmaa wɔn a wɔtie nasɛm no aduane dii wɔ mbra a ɔkɔm de wɔn no; Na ɔkaa s:

"Maka yeinom nyinaa makyerɛ mo, na m'anigyeɛ atena mo mu, na mo anigyeɛ awie pɛy" (Yohanne 15:11; 16:24).

Krist nam mpaebɔ mu yii ne Nyameyɛ mu tumi ahintasɛm kyerɛe; wo mbre a ɔbɔɔ mpaeɛ ma nadofo nyinaa (Yohanne 17:13).

Kristo Yesu; Mary ba no; annyi ne dɔ ankyerɛ nakyidifo nkoa; na mmo oyii ne dɔ kyerɛɛ natanfo nso. na ɔde ne mmogya no yii bɔne ne mmrato nyinaa kɔɛ. Na ɔnam ne wu a owui no so bɔɔ kwan maa nnipa nyinaa wɔ ɔkrɔkrɔn ni no amim. Eyi nti Kristo wo tumi sɛ ɔde bɔne ne amumuyɛ nyinaa kye won a wɔkye no di; na ɔde nadom no nso abu won bem; na wama wɔn ase atim wɔ ne daa nkwa a ɛni ɛwieɛ no mu.

Owusɔre wura; Mary ba no; foroo kɔɔ soro wo nkunimdie mu kɔɔ Onyankopɔn nkyen. Na ohwiee ne honhom krɔnkrɔn no agu honam nyinaa so (Asomafo 2:16-21). ɛno nti obiara a ɔbɛsahera afiri ne bɔne ho; na waya Kristo mu gyidie no; bɛya ɔdɔ honhom; anigye; asomdwee; abotwekyɛre ne ahohyɛso (Galatifo 5:22-23). nkeyan honhom hyɛaseɛ wɔ agyidifo abrabɔ mu; frii Onyankopɔn honhom a ɔsoma bɛtena yɛn mu no mu. Na won a woresu bɛya awerɛkyekye; nea nanidaso asah no bɛya anidaso; na abɔnefo nso abɛyɛ atreneefo; na nea owuo ahoma akyekyere no nso renwu na ɔbɛtena ase na waya daa nkwa. Firii mbre a Kristo begyee yɛn maa Onyankopɔn besi nnɛ; na yaresa ne nadom a ɛtɛw adasamma ho no ayɛ ma aboroso.

Ɔsomafo Paulo nam honhom mu kyerew s: "Mmoma moani ngye wɔ Ewurade mu daa; mese mo bio sɛ mmoma moani ngye!" (Filipofo 4:4).

Onyankopɔn mu anigye tena obiara a ɔte Ewurade dɔ mu; anaa Ewurade dɔ te ne mu. Nea osua nasɛm na odi so. Kristo hyɛɛ nakyifo nyinaa nkuran s: "na mmom momma mo ani nnye sɛ wɔatwerɛ mo din ɔsoro" (Luka 10:20).

Ɔdɔfo a worekan nhoma yi,
woyɛ ankonam; anaa nnipa ɛyi wo tɔtwene? Anaa wone ne Kristo na ɛnam; wote ne mu? Hu no sɛ obiara a ɔde noho bata Kristo no; nya ne mu tumi ne anigye. Fa wo ho hyɛ Ewurade nsa; na anigye a ɛni ɛwieɛ atena wakoma mu; wɔ ɛnnɛ wiase bɔne yi mu; ne ɛmu nsɔhyɛ ne ɔtaa.

So wase atim wɔ Ewurade mu Anigye anaa? Yayɛ krado sɛ yɛde Kristo asɛmpa no bɛbrɛ wo; na watumi asua na waya Onyankopɔn nkyen frɔmfrɔmyɛ ne tumi a ɛbetumi aboa wo. Taa kan kyerɔw krɔkrɔn no daa; na ama Ewurade akyerɛ wo ne trenee kwan no.

Ka Ewurade mu anigye no kyerɛ Nnamfo nom: Sɛ wopɛ sɛ wo nsa ka saa nhoma yi bi na wo nso wokyekyɛ ma nnipa a wayera wɔ wiase; nnim Ewurade a; yɛni bɛsɔ sɛ yɛbɛbrɛ wo nhoma yi bebree. Bɔ mpaɛ ma won a wɔgye nhoma yi kenkan.
Yɛtwen wo sɛ; wo bɛkyerɔw yɛn. Na ɔdɔfo mmma woweremfi sɛ wobɛkyerɔw wa address nso. Yɛ bɔ mpae sɛ Ewurade mu anigye bɛhyɛ wo ma.

WATERS OF LIFE (NKWA NSUO)
P.O. BOX 60 05 13
70305 STUTTGART
GERMANY

Internet: www.waters-of-life.net
Internet: www.waters-of-life.org
e-mail: info@waters-of-life.net

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on March 30, 2020, at 08:18 PM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)