Previous Lesson -- Next Lesson
6. So Woagye Onyankopɔn Nkwagyeɛ A Osiesie Maa Wo No Atumu?
Wobisaa maame bi a onni suahunu biara wɔ sukuul adesua mu a ofri India sɛ ne gyedie a ɔwɔ wɔ Kristo mu ne sen. Na obueɛ sɛ, ne mogya no hohoro makoma mu firi bɔne nyinaa ho. Na saa maame yi ahunu ahintasɛm a ɛmu dɔ kɛseɛ a ɛwɔ nkwagyeɛ mu. Obiara a ɔne Kristo bɔ mpu ne mpu na ɔte naforebɔ no ase no, ɔbɛgye no atum ntɛmso wɔ gyidie mu na ɔde ne mfomsoɔ fi no nyinaa ne namumuyɛ abrabɔ no nyinaa bɛto no so koraa. Ɛno mu na nkwagyeɛ tumi bɛba nakoma mu na Onyankopɔn bembuo nso asɔ nadwene ano.
Kae daa sɛ ɛho nhia sɛ Kristo bɛwu bio ama wo bɔne nyinaa bio. Na woabu yɛn prekopɛ kosi daa. Gye saa nokwasɛm yi di. Nya nkuranhye na da otumfoɔ Onyankopɔn ase sɛ woabu wo bem kwa na ɔde akyɛ wo. Ɔdɔ wo ankasa, ɛfisɛ ɔde ne ba koro no bɔɔ aforeɛ maa wo ne wiase nyinaa. Na woawie nkwagyeɛ ho adwuma no. So wogye tumu paa yiye? Ɛno mu na wobɛnya nteaseɛ foforo wɔ Onyankopɔn ho sɛ ɔyɛ mmɔbprohunufoɔ a ɔgye adeɛ na ɔdɔ asuten nso sene pramso wɔ ne mu.
Wonim kwan a wɔbɛfa so agye saa nkwagyeɛ yi atumu wɔ woabrabɔ mu anaa? Ɛnyɛ den koraa. Bɔ mmɔden na kɔhye wo dan mu anaa baabia ɛbɛyɛ wo nkoaa anaa ogyedini adamfo bi, nea ɛhɔ yɛ dinn na bu nkototwe na bɔ mpaeɛ firi woakoma nyinaa mu sɛ:
Toaso bɔ mpaeɛ,
Adamfopa: gye mpaebɔ a woabɔ no di, ɛfirisɛ Onyankopɔn atie wo mpaebɔ no. Na yɛ den wɔ gyidie mu, na wone mmɔborohunufoɔ Onyankopɔn nkasa sɛnea wakoma bɛkyerɛ wo no. Ɛfirisɛ woawie nkwagyeɛ ho adwuma no ama wo ne wiase nyinaa dadaada. Na hunu sɛ ɔde Yesu Kristo mogya no asɔ wo bembuo no ano, ɛno ne wo ngyinasoɔ fapem nnwom a wokura mu. Onyankopɔn adwammaa no ama wo fahodie afri wo bɔne mu na woatew wo ho nso wɔ wabrabɔ mu. Fa wowere hye Onyankopɔn bɔhye akɛseɛ no mu, na wobɛte Honhom Kronkron nne sɛ ɔrehyɛ wo nkuran wɔ wogyidie mu,
Na ɛba saa a Onyankopɔn asomdwee bɛhyɛ wo kra ma. Na wobɛyɛ onipa foforo. Na ɛyɛ ade a ɛsombo sɛ wode aseda bɛgye wo nkwageɛ no atumu. Na mentu nhyɛda, ɛfirisɛ Kristo agye wo nkwa. Na woama wo akwanya wɔ woabrabɔ mu. Honhom Kronkron bɔ wo kɔkɔ sɛ: