Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- The Ten Commandments -- 13 Conclusion: The Law and the Gospel

Previous Lesson

ASɛM TIRIE 6: MMRA NSƐM DU - Onyankopɔn Banbɔ Fasuo A Ɛkora Onipa So Firii Ahweasee Mu
Mmra Nsɛm Du a ɛwo Exodos 20 no mu Kanea a Ɛda Ɛdi Wɔ Asɛmpa Nwoma no mu

13 - Ɛwieɛ: Mmra No Ne Asɛmpa No



Ɔsofo panin bi bisaa Yesu sɛ, "Mmra no mu deɛ ɛwɔ hene na ɛyɛ kɛseɛ wɔ ne nyinaa mu?". Na Yesu yii no ano wɔ nsɛmfua miennu bi a ɛwɔ Deuteromium 6:5 ne Lewiticos 19:18 na ɔkae se, "Dɔ Awurade wo Onyankopɔn wɔ woakoma nyinaa mu, wɔ wo kra nyinaa mu, ne woahoɔden nyinaa mu, na dɔ wo yɔnko sɛ wo ho".

Wɔ saa nsɛm yi mu no, Yesu bɔ mmra nsɛm no nyinaa pɔ koraa. Sɛnea Mmra asɛm a ɛdikan no ka asɛm fa yɛn ayɔnkofa ma Onyankopɔn ne yɛn nteaseɛ fa ne ho sɛ yɛn bɔfoɔ no, yɛn agyenkwa, ne yɛn were kyekyefoɔ, na nea ɛtɔso miennu no nso kyerɛ yɛn ayɔnkofa ma yɛn nua nipa ne nipa ntam dwumadie.

Yesu amfa mbuaɛ a endi mu amma Onyankopɔn akoa no na mmom ɔkyerɛɛ no kwan. Woankasa amfa nnoɔma a ɛnsɛ sɛ nipa yɛ ho. Na mmom ɔkyerɛɛ no kwan a ɛsɛ sɛ yɛfa so na yɛ di mmra no so. Na ɔkaa asɛm kyerɛɛ nea ɛsɛ sɛ obiara yɛ. Na mmra nsɛm no nyinaa kafua wɔ asɛm baako mu sɛ: Dɔ Onyankopɔn na dɔ Onipa wɔ ɔdɔ kronkron mu. Momma yɛn nhwehwɛ yɛn mu na yɛnhunu ɔdɔ paa a yɛdɔ Onyankopɔn ne sɛnea yɛdɔ yɛn ndamfoɔnom ne mpo yɛn atanfo. Na eyi mu paa na yɛbɛhunu sɛnea yɛdi Mmra Asɛm Du no so yiye.


13.1 - So Yɛdɔ Onyankopɔn?

Ɔdɔ ma Onyankopɔ yɛ adeɛ bi a ɛmudɔ a ɛkura mmra nsɛm no mu ne yɛn mbrɛ, yɛn sika ne yɛn nsusuiyɛ nyinaa renyɛ yɛn deɛ bio sɛ yɛdɔ Oyankopɔn paa deɛ. Na ne hɔ na yɛnyaa yɛn honhom, ɔkra ne nipadua; Yɛn akondɔ, yɛn pɛ, ne yɛn anidasoɔ nyinaa ɔno na ɔyɛɛ ne nyinaa na ɔde ne dɔ hyɛɛ ne nyinaa ma. Momma ɔbɔadeɛ no, ne yɛn agyenkwa gyefoɔ no, nyɛ yɛn botaeɛ wɔ yɛn abrabɔ mu. Biribiara nni wiase a ɛho hia gyesɛ ɔno nkoaa. Na ɔyɛ Onyankopɔn nunkunutwefoɔ a ɔmpɛ sɛ biribiara bɛyi yɛn dɔ afiri no so. Na ɔne obiara nnkyɛ nannuoyam. Ɛno nti ɛsɛ sɛ yɛbisa yɛn ho sɛ: So yɛdɔ Onyankopɔn sɛnea ɔno nso dɔ yɛn no, na ɔkɔso dɔ yɛn daa no? So ɔdɔ ben paa na yɛwɔ ma no? So yɛdɔ no wɔyɛn adwene mu, wɔ yɛn nsusuiyɛ mu, na yɛtumi sua Nasɛm sɛ ɛbɛyɛ na yabɛhunu Ne Pɛ na yɛatumi de ayɛ adwuma wɔ ne mu?. Momma yɛnfiri yɛn mu adeɛ nyinaa nyi No ayɛ wɔ Nadom a ɔde ama yɛn nkwa foforo a yɛde te aseɛ yi. Momma yɛnhyɛ No annuoyam wɔ nea yɛyɛ nyinaa ho ne nea yɛagyae yɛ nyinaa nso ho, na yɛnda No ase wɔ bɔne fakye a ɔde akyɛ yɛn wɔ yɛn bɔne dodoɔ nyinaa ho wɔ Kristo Yesu mogya a ohwiegui maa yɛn no mu. Momma yɛnyi No ayɛ wɔ anigye, asomdwee ne awerekyekye honhom a woahwie agu yɛn akoma mu no mu. Yɛn dɔ no nsɔ ani. Ɛnnyɛ da biaa na yɛdɔ Oyankopɔn wɔ yɛakoma ne yɛn kra nyinaa mu. Ɛno nti yɛhia Awurade mboa na ama yɛatumi adɔ no yiye sɛnea ɛsɛ sɛ yɛdɔ no. Ɔsomafo Paulo kyerɛɛ yɛn sɛnea Onyankopɔn atie yɛn mpaebɔ, "Ɛfisɛ wɔnam Honhom Kronkron a wɔde ama yɛn no so ahwie Nyankopɔn dɔ agu yɛn akoma mu". (Romanfo 5:5b). Yɛn Agya a ɔwɔ soro no ama yɛn ne dɔ sɛ ɛbɛyɛ na yɛn nso yɛadɔ no. Ne dɔ ahyɛ yɛn akoma mu sɛnea Honhom Kronkron te yɛn mu no.


13.2 - So Yɛdɔ Yɛn Nuanom Sɛ Yɛankasa Yɛn Ho?

Ɔdɔ Honhom no boa yɛn ma yɛhu nipa dodoɔ a ɛtwa yɛn ho ɛhia no nipaban. Ɛno nti momma yɛmbɔ yɛn ho mmɔden na yɛnka Awurade Yesu mu adom ho asɛmpa nkyerɛ won, na yɛnkyerɛkyerɛ ne gyeɛ wawasoɔ a ɔde agye adebɔne yɛfoɔ wɔ ɔdɔ mu no nkyerɛ won. Na yɛne won mmɔ mpaeɛ na yɛnsom won sɛ yɛdɔ won paa te sɛnea yɛdɔ yɛn ho no. Sɛ ɔkɔm de yɛn a yɛbɔ yɛn ho mmɔden biara sɛ yɛbɛnya aduane. Na sɛ yɛsuro biribi a, yɛbɔ yɛn ho mmɔden sɛ yɛbɛfiri osuro no mu. Sɛ yɛyɛ adwuma berɛ a, yɛ da homee. Saa ara nso na Kristo dɔ kyerɛ yɛn kwan ma yɛ boa nea ɔkɔm ne no, na yɛgye nea woaberɛ na yɛaboa won ama won awerekyekye mpo nea nabaamu abu no. Yesu dɔɔ obiara na ɔbaa fam Ne yɛn bɛyɛɛ baako wɔ honam mu. Ɔbɛyɛɛ yɛn mu baako. Na woakyerɛ yɛn sɛnea Ɔno Ahene mu Hene no, bɛbisa nakyidifoɔ wɔ atɛnmu da no sɛ: "Ɛno na ɔhene no bɛse wɔn a wɔwɔ ne nifa no sɛ: Mo a m'Agya ahyira mo, mommra mmɛfa ahennie a wɔasiesie ama mo firi wiase mfitiaseɛ no nni! Na ɛkɔm dee me, na momaa me biribi diiɛ, na sukɔm dee me, na momaa me nsuo nomee, meyɛɛ ɔhɔhoɔ, na mofaa me kɔɔ mo fie; medaa adagya, na mofiraa me ntoma, meyaree, na mobɛhwɛɛ me, medaa afiase, na mobaa me nkyɛn. ɛnna nnipa tenenee no bɛbua no sɛ: Awurade, da bɛn na yɛhunuu wo sɛ ɛkɔm de woɔ, na yɛmaa wo aduane, anaasɛ sukɔm de woɔ, na yɛmaa wo nsuo nomeeɛ? Afei da bɛn na yɛhunuu wo sɛ woyɛ ɔhɔhoɔ na yɛfaa wo kɔɔ fie, anaasɛ woda adagya, na yɛfiraa wo ntoma? Afei da bɛn na yɛhunuu wo sɛ woyare, anaasɛ woda afiase, na yɛbaa wo nkyɛn? Na ɔhene bɛbua ase wɔn sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, sɛ moyɛ maa me nuanom nketewa yi mu baako yi, moyɛ maa me". (Mateo 25: 34-40).

Yesu de ɔno ankasa ne Onyankopɔn dɔ ɛne Onipa nso ho dɔ nyinaa yɛ baako wɔ ne mu. Sɛ yɛbisa Yesu a, ɔde ne dɔ no bɛwura yɛn mu na yɛatumi asom Onyankopɔn yiye ne ahiafoɔ nso. Yɛnsom no sɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛgye yɛn ho nti, na mmom yenim sɛ yɛnya nkwagyeɛ dada nti yɛsom Onyankopɔn ne nipa nokwarɛ mu ne ɔpɛpa mu nso. Yɛn dɔ no nngyina yɛn ankasa yɛn trenee so anaa yɛn ndwuma mu sɛnea Musilmfoɔ dwen no, na mmom ɛgyina nkwagyeɛ wawasoɔ a Kristo awie ho adwumayɛ no mu.


13.3 - Ɛmu Nteaseɛ Paa No

Nkwagyeɛ ho asɛmpa no a ɛnam yɛn Awurade Yesu Kristo so no kyerɛ yɛn kwan ma yɛnnya nteaseɛ a ɛmu dɔ yiye wɔ Moses mmra no mu. Na ɛfei nso no, Mmra Nsɛm Du no ankasa boa yɛn na ɛhwɛ yɛn so sɛ yɛrensɛeɛ yɛn ho na ɛfei nso ɛbɔ yɛn anigye ho ban. Yesu ka kyerɛɛ osikani no sɛ, "Di mmra no so na wubɛnya daa kwa". Nokwasɛmni, ɔman biara a ɔnantew wɔ Onyankopɔn mmra nsɛm mu no na ɔde yɛ adwuma no bɛhunu nhyira aboroso wɔ akwan nyinaa mu.

Na sɛ yɛkenkan mmra nsɛm no na yɛdwendwen ho daa a ɛbɛyi yɛn ahantan ne yɛn ahomasoɔ no afiri yɛn so. Mmra no nnkyerɛ yɛn kwan kɛkɛ na mmom ne botaeɛ ne sɛ ɛbɛma yɛde yɛho nyinaa bɛhyɛ Onyankopɔn tumi ase na ayi yɛn afiri bɔne nyinaa ho koraa. Na Awuade kaeɛ sɛ, "Monyɛ kronkron, ɛfisɛ me yɛ kronkron". Onyankoqɔn ani nsɔ onyamesom motoromodwo ho, anaasɛ aniani nyamesom a ɛbinom som no. Na mmom no ɔpɛsɛ ɔyɛ yɛn foforo na oyi yɛn firi atua teɛ mu na ɔma yɛnya ne suban no bi, wɔ yɛn mu ne yɛn anamontuo nyinaa mu. Yesu hyɛɛ yɛn sɛ, "Monyɛ pɛ, sɛnea mo Agya a ɔwɔ soro no yɛ pɛ no". Na ɔkyerɛɛ yɛn sɛ ne titiriw no yɛndɔ yɛn atanfo na yɛnya mmɔborohunu mma ɔberɛfoɔ, sɛnea yɛn Agya a ɔwɔ soro no ne yɛn di no.


13.4 - So Mmra No De Ɔsɛe Brɛ Yɛn Anaa?

Sɛ obi wɔ nteaseɛ paa wɔ Kronkronni Onyankopɔn apɛdeɛ mu a na ɔbɔ ne ho mmɔden sɛ obɛdi so nokwarɛ mu a, ne ho bɛpopo na woabisa sɛ, " Ɔdaseni bɛn na obɛtumi anya ɔdɔ sɛnea Onyankopɔn dɔ teɛ?. Na hwan na ɔyɛ kronkron sɛ Onyankopɔn kronkronyɛ teɛ?" Mmra no da yɛn ahintasɛm adi; na ɛde kronkronyɛ ahwehwɛ si yɛn anim na ɛpa yɛn bɔne ho ntɔma koraa. Mmra no twe won a wotɔ bɔne mu tena mu no aso na okeyan won firii won ndaeɛ mu. Na Onyankopɔn atɛnmuo no yɛ asotwe a ɛnni ɛwieɛ ma obiara a odi bɔne. Na sɛ obi di mmra no so na ɔto ɛmu baako mpo a woato ne nyinaa.

Sɛ obi hwɛ ne so yiye wɔ Apam dada no kanea no mu a, na ohu nnoɔma a ayɛ abosom nketewaa ne akɛsɛeɛ wɔ nabrabɔ mu a, na ɔdwen mpen dodoɔ a woagu Awurade din ho fi na woasɛe homeda no nso a, saa nnipa no bɛtumi ahu sɛ owuo atɛnmuo da no so wɔ Onyankopɔn anim dada. Na sɛ obi de ne ho toto Kristo kronkronyɛ susudua ho a, obɛkisa, na woaka sɛ mmra no botaeɛ ne sɛ ɛbɛsɛe nnipa nyinaa.

Na Mmra no ma yɛn amumuyɛ da ɛdi pɛfee na akyerɛ yɛn kwan kɔ adwen sakyera mu. Mmra no bubu yɛn ankasa aniso treneeyɛ ne yɛn ahomasoɔ. Nanso, yɛde ahopopo gyina ɔkronkronni Onyankopɔn anim, na yɛahu no sɛ woambu yɛn atɛn wɔ yɛn ankasa trenee mu na mmom ɔnam nadom so na ahu yɛn mmɔbo. Yɛbɛtumi anya nteaseɛ wɔ mmra no botaeɛ ngyinasoɔ ho ɛfisɛ yɛnhyɛ mmra no ase bio sɛ Kristofoɔ, na mmom Yesu nadom ase!

Na Yesu baa Yohanne Osuboni nkyen na ɛhɔ na oyii nasuafoɔ a won aka won bɔne na woasakyera won adwene na woabɔ won asu wɔ Jordan Asuten mu. Na woayi nasuafoɔ no amfiri won a wose wonim mmra no na wodi so kyerɛ won ho sɛ wodi mu no mu. Na mmom ɔpaw won a wokaa won bɔne na wopɛ sɛ wobɛfiri Onyankopɔn trenee atɛnmuo mu no, won a wɔpaa onipa dadaw no, na wokum no wɔ nsuo mu asubɔ no. Yesu boaa won wɔ honhom fam ma woyinii wɔ honhom mu na oyii won firii mmra no tumi atɛnmuo mu. Na woduu mpenpensoɔ a won nyinaa anya adwen sakyera no, ɔde won kɔɔ Galilee bepɔ so na ɔne won nyaa ayɔnkofa kɛseɛ. Na mmra no awie ne dwumadie. Na ɛfei mmra mafoɔ no ankasa senee baeɛ na ɔsoaa nakyidifoɔ nyinaa afɔbuo kɔɔeɛ koraa. Yesu hyɛɛ mmra no nyinaa ma, na obue kwan ma won a wodi nakyi nyinaa yii no ayɛ. Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ. Na Ɔtreneeni no sanee baa nea ɛntene no nkyen. Ɔtɛnmufoɔ no bɛyɛɛ Agyenkwa na ɔbaaeɛ bɛgyee adebɔneyɛfoɔ nkwa.


13.5 - Yesu Hyɛɛ Mmra No Ma

Dɛn na Yesu yɛɛ wɔ Moses Mmra no ho?. Ɔhyɛɛ no ma soronko a obiara rentumi nyɛ koraa. Ɔbree neho ase na ɔpenee nea ɔwɔ so. Woamma sika andi nanim andi no so. Na dabiara no ɔhyɛ Na Agya annuoyam. Yesu bɔɔ ɛdin kɛseɛ wawasoɔ a ɛyɛ Agya no din no, mpen ahorrow 168 mpemho. Wɔ Asɛmpa no mu no Agya no na ɔde no sii naniso yɛɛ Ne botaeɛ wɔ nabrabɔ mu. Na Agya no dɔ ne Ɔba no nyinaa ahyɛ ma atintim ayɛ baako sɛnea Yesu kaeɛ sɛ, "Me ne Agya no yɛ baako". Agya wɔ Me mu, ɛna Me nso Me wɔ Agya no mu" Agya no dɔ ne ne kronkronyɛ nyinaa te Yesu Nipasu mu, na ɔkae sɛ, "Obiara a woahu Me no ahu Agya no nso".

Yesu dɔɔ Ne Maame na ɔyɛɛ osetie maa no bre no daa nyinaa Ɔwɔ ne nkyen, sɛnea Quran no kyerɛ mu wɔ Sura Maryam 19:32.

Yesu dɔɔ natanfo na ɔne won annya apintanapintan biara na mmom no ɔkaa nokware no kyerɛɛ won. Na woanware koraa na woanyɛ te David anaa Muhammad. Na ɔne adebɔneyɛfoɔ ne toogyefoɔ na ɛtoo nsa didiiɛ na ɔkyerɛɛ won adwen sakyera kwan. Na, na oni ɔponkɔ, ɛno nti ɔsrɛɛ ɔponkɔ firii Ne adamfo nkyen de kɔɔ Jerusalem. Na woahu bɔne bi wɔ Ne ho, na mmom abrabɔ kronkron ne nsɛmpa ka mu nkoaa. Atoro anaa honam akondɔ, ne ade hunu biara anntwe no annkɔ benkum anaa nifa wɔ ne kronkronyɛ ne Ne mudie mu da. Yesu amfa Ne ho anka bɔne da, na mmom ɔdɔɔ Na atanfo ne nnipa nyinaa ne ɔbree ne ho ase ne nnipa nyinaa yɛɛ pɛ. Ɛfisɛ na onim sɛ ɔde Ne kra bɛtohɔ ama bebree. Na Ne wuo ne Ne wosɔerɛ no kyerɛ Mmra no nyinaa ma hyɛ. "Obi nni dɔ kɛseɛ a ɛsene yei, sɛ obi de ne kra bɛto hɔ ama ne nnamfo." (Yohanne 15:13).

Wɔwoo Yesu wɔ Onyankopɔn Honhom Kronkron tumi mu, sɛ ɔmmɛhyɛ mmra no nyinaa ma mma nnipa nyinaa. Na ɔde Ne ho too hɔ wɔ ɔnoaa Nepɛ mu na owui sɛ Onyankopɔn aguamma a Ne ho nni dɛm ne nkekaeɛ biara. Na afaa yɛn bɔne kɔɔeɛ koraa, na saayɛ mu na Yesu wiee mmra no so di koraa sɛnea Paulo twereɛ sɛ, "Na Kristo ne mmara no awieeɛ a ɛma wɔn a wɔgye die nyinaa kɔ tenenee mu". (Romanfo 10:4). Na mmra no mmbu obiara a wɔnam Ne mogya no so agye no no fɔ, ɛfisɛ won ade won ho afiri mmra no nwowoeɛ mu. Na wɔne No wui wɔ mmra no mu. Na ɛfei sɛ Ɔba no yɛ obi ɔdehye a, na woayɛ ɔdehye ampa na na Ɔkronkronni Onyankopɔn atɛnmuo nnda no so. Woabu Nakyifoɔ nyinaa bem dada na won ho remba asɛm wɔ Onyankopɔn atɛnmuo da a ɛyɛ hu no mu. Wɔ Naforebɔ baakopɛ no mu no Kristo ayɛ Ne nkorɔfoɔ nyinaa pɛ atew won ho koraa.

Na won a woangye Kristo nyinaa bɛgyina Nenim wɔ atɛnmuo da no mu na woaka akyerɛ mmbepɔ sɛ, "Na wɔka kyerɛɛ mmepɔ ne abotan no sɛ: Monhwe yɛn so mfa yɛn nhunta mfiri deɛ ɔte ahengua no soɔ no ne Aguammaa no abufuo ho", (Adiyisɛm 6:16; Luka 23:30). Obiara a woamfa Aguammaa no so ammbu no bem na mmom ɔnam mmra no so no, bu ne ho bem no wɔnam mmra no nso so bɛbu no atɛn.

Na Muhammad mpo antumi ɛnhyɛ nakyifoɔ no bɔ sɛ ɔno ankasa rekɔ paradise na nakyifoɔ nso ɔde won bɛkɔ, na mmom ɔtee Onyankopɔn abufuo nka na ɔkae sɛ Muslimni biara bɛkɔ atɛnmu ogya no mu akɔtwen ɛnda kakra wɔ ogya amanehunu no mu, sɛnea ɔno ankasa ndwuma teɛ (Sura Maryam 19:71). Nkwagyeɛ anidasoɔ biara nni hɔ ma Muslimni biara, ɛfisɛ won anidasoɔ nyinaa gyina mmra no so na obiara nni hɔ otumi adi mmra no so pɛpɛɛpɛ. Na Yesu guso rekasa sɛ, "Deɛ ɔgye ɔba no die no wɔ daa nkwa; na deɛ ɔntie ɔba no no renhunu nkwa, na Nyankopɔn abufuo da ne so". (Yohanne 3:36)

Na Kristofoɔ nso ɛ? so yɛdi mu, anaa yɛyɛ papa sene Muslimfoɔ ne wɔn a wonnim Awurade na wɔn ayera no? Kristofoɔ apaemu aka won bɔne na won anya nnuho na won asakyera won adwene. Na won abubu won akoma honhom mu na ɛfei won were remfi sɛnea na wɔteɛ dada no nso. Na won atuateɛ ne won ahomasoɔ no nyinaa no, wɔnam Onyankopɔn Ba no mogya a ohwieguuɛ no so adi so nkunim na ɛno mu na won nyinaa anya daa nkwa a ɛni ɛwieɛ wɔ ne mu.


13.6 - Kristo Mmra No Wɔ Yɛn Mu

Monyi Awurade ayɛ! Yesu, Mmra no Mahyɛfoɔ, nyaa ayɛmhyehyeɛ maa Nasuafoɔ no na ɔtwerɔɔ mmra no wɔ won adwen mu na efei ɔde ne Honhon Kronkron no nso hyɛɛ won akoma mu. Na ɔbuu won bem no, wɔde mmra na bɔ wɔn bra daa nanso wonhyɛ mmra no ase sɛ nkoa. Na ɛyɛ Yesu na ɔde ne mmra ahyɛ nakyidifoɔ akoma mu wɔ ɔkwan foforo nhyehyeɛ mu na ɔka kyerɛɛ won sɛ, "Ahyɛdeɛ foforɔ na mema mo, sɛ monnodɔ mo ho sɛdeɛ medɔɔ mo no, sɛ mo nso monnodɔ mo ho mo ho. Sɛ mododɔ mo ho a, ɛnam yei so nnipa nyinaa bɛhunu sɛ moyɛ m'asuafoɔ". Wɔ saa mmra yi mu no Yesu bɔɔ mmra nsɛm du no nyinaa tɔfa na ɔmaa no yɛɛ ahodasoɔ kɛse. Wɔ Romanfo 13:10 Paulo twerɛɛ sɛ, "Ɔdɔ nyɛ ɔyɔnko bɔne, enti ɔdɔ ne mmara so die".

Yesu mmra soronko no nnyɛ ade a ɛbɛma asuafoɔ no bɛsuro ɛfisɛ Yesu maa won honhom mu tumi sɛ wonfa ndi mmra no so. Na Paulo, nso a ɔyɛ mmra no suahunufoɔ kɛse no, yii saa nokware yi adi sɛ, Na Kristo Yesu mu nkwa honhom mmara no agye me afiri bɔne ne owuo mmara no mu. (Romanfo 8:2). Onyankopɔn Honhom no ma yɛn honhom mu aba wɔ Kristo Yesu akyidifoɔ nyinaa: Ɔdɔ, anigyie, asomdwee, abodwekyere, ɔdwoɔ, papayɛ, gyidie, ahobreaseɛ, ne ahohyɛsoɔ. Na Kristo tumi no ne adansedie no asoɔno wɔ hann mba nyinaa mu, "ɛfiri sɛ hann aba no da adi papayɛ ne tenenee ne nokorɛ nyinaa mu" (Galatifo 5: 22; Efesofo 5:9). Kristofoɔ nnhyɛ mmra no ase bio. Na wonyɛ nnipa a wommfa mmra nnyɛ adwuma, ɛfisɛ Kristo mmra no te won mu, na afei nso, ɛma won tumi ma wode di so.


13.7 - Kristo Ho Asɛmka Dabiara

Kristo mu ɔdɔ no kyerɛ won a wɔnam adom so a agye won nkwa no kwan ma won anntena ase amma won ho bio, na mmom sɛ wobɛyi Kristo mu trenee no adi akyerɛ nnipa nyinaa kwa. Sɛ wobɛka Kristo ho asɛmpa akyerɛ nnipa, ɛne ayɛyiye ne ɔsom, ɛyi ne adeɛ a ɛdi kan wɔ yɛn dɔ a yɛdɔ Kristo no wɔ yɛn mu. Na Nasuafoɔ no kɔɔ wiase afanan nyinaa kɔkaa asɛmpa a ɛfa Kristo no ne mmra no ho kyerɛɛ nnipa nyinaa. Mmra no yi nipa nyinaa bɔne adi kyerɛ sɛ nakatua ne atɛnmuo ne ɔsɛe mu, na Asɛmpa no yi Yesu nkwagyeɛ tumi kyerɛ wɔ nipa akoma mu. Na ɛfei Asɛmpa no ma yɛn awerehyɛm ne bɔhyɛ wɔ nkwagyeɛ a ɛnam Yesu adom mu aba ama yɛn, na ɛgye yɛn firi mmra no atɛnmuo mu. Yesu bɛhyɛɛ ahyedeɛ ne nhyehyeɛ ɛfa Onyankopɔn trenee ho ma, maa yɛn na ɔmaa yɛn ɔno ankasa trenee firii Nayɛmhyehye kɛse no mu. Eno nti, yɛn nso yɛhwehwɛ won a ayera no, na wonni anidasoɔ no na yɛpaemu ka anidasoɔ a ɛnni ɛwieɛ ho asɛmpa kyerɛ won. Na yɛne Muslimfoɔ ne Jewfoɔ nyinaa kasa na yɛhyɛ won nkuran,"Na mommma mo werɛ nnho mo ho, na AWURADE anika ne mo ahoɔden". (Nehemia 8:10). ɔdɔfo dwen ho yiye na hunu sɛ wo nkwa ayɛ krado ama wo! Gye tumu kɛkɛ! Na worentena adwendwen ne awerehoɔ mu bio te sɛ wɔn a wɔhyɛ mmra ndome ase no, na owuo ne asamando amanehunu nni tumi wɔ won a wogye Kristo di no. Efisɛ Yesu ayi ndome ne anototo nyinaa kɔ, na woasoa Onyankopɔn abufuwhyeɛ nyinaa ato ne ho so. "Awurade yɛ ɔtreneeni" (Yeremia 23:6). Bra ne kyen! Na gye no di! Fa wo ho nyinaa ma no! Yesu ne mmra no awieɛ. Na ne mogya no hohoro yɛn ho firi yɛn bɔne nyinaa mu. Na ɔde ne dɔ nkeyan no hyɛ yɛn ma na efei nso woama yɛn Nahoɔden ma yɛde adɔ Onyankopɔn ne nnipa nyinaa nokware mu. "ɔdɔ nyɛ ɔyɔnko bɔne, enti ɔdɔ ne mmara so die". (Romanfo 13:10).


13.8 - Agorodie Ho Nsɛmbisa

Ɔdɔfo Kenkanfoɔ:
Sɛ woakenkan saa nnwoma yi yiye paa, ɛndeɛ wobɛtumi ayiyi nsɛm bisa a ɛdidi soɔ yi ɛno. Na yɛni bɛgye sɛ yɛde nnwoma foforo bi nso bɛbre wo ama woadesuadeɛ akɔ nkan. Ɔdɔ bɔ mmɔden sɛ wobɛkyerew wo din ne wo nkratoɔ akyi kwan (mail address) de aka wo nsɛmbisa anoyie no ho abre yɛn.

  1. Twerew Mmra Nsɛm Du no ne ɛho twerewsɛm mfantoho ahorrow.
  2. Adɛn nti na Kristofoɔ de nidie ma mmra nsɛm du no na wodi so?
  3. Dɛn ne asekyerɛ a ɛkyerɛ ɛdin soronko a ɛyii ne ho ɛdi sɛ Onyankopɔn Ankasa mfitiaseɛ no sɛ Me ne "Awurade"?
  4. Dɛn ne nsonsonnoeɛ a ɛda Allah ne Elohim ntam?
  5. Dɛn ne honhom mu adehiadeɛ paa wɔ Isrealfoɔ nkoayɛ ahyaseɛ mu?
  6. "Mmra Nsɛm Du no yɛ osiakwan bi ma won a wɔnam adom so agye won kwa no". kyerɛ mu.
  7. Twerɛ abɛɛfo abɔsom bi a wonim wɔ wo nkuro mu bi din.
  8. Dɛn na Apam Dada no ka fa Onyankopɔn baasa koro no nkabom ho?
  9. Quran mu twerɛw bɛn na ɛkasa fa Kristo Onyamesu ho?
  10. Ɛbɛyɛdɛn na yɛbɛhunu Kristo mfoni wɔ Nakyidifoɔ mu?
  11. Ma mfantoho bi a ɛkyerɛ sɛ obi yɛ de bɔ Awurade din kwa ho.
  12. Mpaebɔ ahorrow bɛn na nsɛmbisa wɔ ho?
  13. Dɛn ne asotwe a ɛda hɔ ma obiara a ɔdome nawofoɔ wɔ Isrealfoɔ mu?
  14. Sɛ yɛdi Awurade da no so a, Nhyira bɛn na ɛwɔ mu?
  15. Kwanpa bɛn so na yɛfa de di Awurade da no so?
  16. Dɛn nti na Kristofoɔ de nawotwe a ɛdikan no de asesa nawotwe a ɛtwatoɔ no abɛyɛ ɔsomda kwasiada? na dɛn nti na abɛyɛ mmra?
  17. Nhyira bɛn na ɛwɔ sɛ wobɛdi woawofoɔ ni mu?
  18. Dɛn na wobɛyɛ sɛ wawofoɔ nngye Yesu ho asɛmpa no nndi a?
  19. Bɔne a ɛdi kan a Onipa yɛɛ wɔ wiase ne dɛn? na dɛn na ɛde baeɛ?
  20. Dɛn na ɛkyerɛkyerɛ fa asraafoɔ asedeɛ ho wɔ mmra asɛm a ɛtɔso nsia mu?
  21. Ɛbɛyɛdɛn na ɔbarima anaa ɔbaa bɛtumi de atew ne ho afiri awaresɛeɛ mu?
  22. Akwanya bɛn na ɛwɔ awareɛ abrabɔ mu wɔ Apam foforo no kanea mu?
  23. Dɛn nti na David bɔɔ mpaeɛ sɛ, "bɔ akoma foforo wɔ me mu, Oh Onyankopɔn"?
  24. Twere ɛndɛ abɛɛfo korɔnobɔ, bi a wonim.
  25. Dɛn na tete Kristofoɔ a ɛdikan no de won sika yɛeɛ? na ɔsomafo Paulo nso yɛɛ dɛn na ɛboaa won?
  26. Kwan bɛn so na ɔsomafo Paulo faa so de brɛɛ korɔno ase?
  27. Yakobo maa yɛn akwankyerɛ miensa bi a ɛbɛtumi de yɛn kɔ ɛdwensakyera mu. twerɛ ne nyinaa.
  28. Yɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi adi honam akondɔ bɔne so?
  29. Yɛbɛyɛ dɛn na yɛaya akoma foforo ne honhom foforo?
  30. Mmra Nsɛm no tɔfabɔ ne sen?
  31. Wo bɛyɛ dɛn na woadɔ Onyankopɔn wɔ woakoma nyinaa mu na woadɔ afoforo nso sɛ wo ho?
  32. Dɛn nti na yɛnhyɛ mmra ase bio na mmom yɛhyɛ Yesu Nadom ase?

Fa wo mbuaɛ brɛ yɛn wɔ:

Waters of Life
P.O.Box 600 513
70305 Stuttgart
Germany

Internet: www.waters-of-life.net
Internet: www.waters-of-life.org
e-mail: info@waters-of-life.net

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on January 31, 2022, at 06:50 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)