Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- John - 077 (Jesus enters Jerusalem)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 3 - KANEA NO HYERENEE WƆ ASOMAFOƆ NO ABRABƆ MU (Yohanne 11:55 - 17:26)
A - Nawotwe Kronkron No Mfitiaseɛ (Yohanne 11:55 - 12:50)

2. Yesu kɔɔ Yerusalm (Yohanne 12:9–19)


YOHANNE 12:9-11
9 ɛnna Yudafoɔ no mu nkurɔfokuo pii tee sɛ ɔwɔ hɔ, na wɔbae, ɛnyɛ Yesu nko ara ntira, na mmomsɛ wɔbɛhunu Lasaro a ɔnyanee no firii awufoɔ mu no nso ntira. 10 Na asɔfoɔ mpanimfoɔ no tuu agyina sɛ wɔbɛkum Lasaro nso, 11 ɛfiri sɛ ne nti na Yudafoɔ mu pii kɔeɛ, kɔgyee Yesu diiɛ.

Na kuro kɛseɛ no mu yɛɛ meyameya wɔ berɛ a wɔtee sɛ Yesu akoyane Lazaro no. Ɛno nti nnipakuo no nyinaa tuu mirika frii Yerusalem kɔɔ ngo bepɔ no so ne Betania kodii nkwa nsɛnkyerɛnne no ho adanseɛ.

Asɔfoɔ mpaninfoɔ no de wɔn ho too Sadduseefoɔ no so, nanso na wonngye nni sɛ owusɔreɛ wɔ hɔ, anaasɛ honhom bi nso wɔ hɔ. Na ɛno mu mpo no wɔtanee Yesu ne Lazaro, kosi sɛ ɛnnyɛ sɛ wɔpo nsɛnkyerɛnne no nko, na mmom wɔpɛɛsɛ wokum nsɛnkyerɛnne wura no ne Lazaro nyinaa bom, na wɔde kyerɛ sɛ anidasoɔ biara nni owuo akyi. Na ɛfei nso wɔpɛɛsɛ wɔpopa Yesu mu gyidie nynaa firi nnipa mu, ɛfirisɛ nnipakuo no nyinaa gye diiɛ sɛ Lazaro wusɔreɛ no di adanseɛ sɛ Yesu ne Mesaia no.

YOHANNE 12:12-13
12 Adeɛ kyeeɛ no, nkurɔfokuo pii a wɔbaa afahyɛ no aseɛ tee sɛ Yesu reba Yerusalem no, 13 wɔfefaa berɛ, na wɔfirii adi sɛ wɔrekɔhyia no, na wɔteateaa mu sɛ, "Hosiana! Nhyira ne deɛ ɔreba Awurade din mu no, Israel hene no!"

Na obiara bɔɔ Yesu din, na wɔdwendwen ne ndwuma ne deɛ obɛtumi ayɛ ho, "So ɔbɛma kuro no ade ne ho anaasɛ ɔbɛfa no nnomum?" Na odii da koro wɔ Batania no, wohuu ɔne nasuafoɔ no anopa no sɛ wɔde won ani akyerɛ Yerusalem rekɔ, "Ɔhene kɛseɛ no reba, na Onyankopɔn tumfoɔ no na ɔreba no." Na nnipa pii sɔree kɔhwɛɛ nsɛnkyerɛnne ahorroɔ ne nkunimdie. Ɛbinom twetwaa abɛ berɛ na wɔde dii ahim maa no akwaaba. Na ɛbinom too nnwom ne nsɛmbranne nnwom a wɔde hyia Ahenfo ne atitiriw dii nanim. Na wɔde nne kɛseɛ bɔɔ ose sɛ, "Yɛyi wo ayɛ na yɛtontom wo. Wo ne Onyankopɔn a woaba wɔ Awurade din mu no, na Ne tumi ahyɛ wo ma. Yɛda wo ase wɔ nhyira a wɔde abrɛ yɛn nyinaa ho. Boa yɛn na gye yɛn fri animguaseɛ nyinaa mu. ɛfirisɛ wɔne yɛn agyenkwa, ne yɛn kandifoɔ. Wone yɛn Hene nokorɛfoɔ no."

YOHANNE 12:14-16
14 Na Yesu hunuu afunumu ba bi no, ɔtenaa ne so, sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ, 15 "Nsuro, Sion babaa; hwɛ, wo hene reba, ɔte afunumu ba so." 16 Nso n'asuafoɔ no anhunu yeinom kane no; na Onyankopɔn hyɛɛ Yesu animuonyam akyiri no, ɛno na wɔkaee sɛ wɔatwerɛ yeinom ne ho, na wɔayɛ ama no.

Nanso Yesu anka hwee amfa saa ayɛyiye yi ho, ɛfirisɛ onim sɛdeɛ nnipa teɛ, anigye mmorosoɔ ba a, onipa nntumi nte hwee anaa sɛ wɔbɛdwene yiye, na mmom wɔde nteateamu ɛmema no so. Na Yesu kasa kyerɛɛ won wɔ anisoadeɛhunu mu, na ɔtenaa afuram so de yɛɛ ahyɛnsodeɛ maa wɔn, de kyerɛɛ sɛ, "Mene Ɔhene a wɔhyɛɛ meho bɔ wɔ Sakeria 9:9. Munsuro na mmom monhyɛ mo ho den. Memmbubu nkuro afasuo ne apono nngu. Na menkum obiara anaasɛ memmfa Onyankopɔn atɛnbuo mba obiara so. Na mmom me tene, na menyɛ nyiyimu; na mehunu ngyanka mɔbɔ na mehwɛ akunafoɔ nso."

"Na awerɛhowsɛm ne sɛ, ɛnnyɛ nnipa nyinaa na ɛyɛ atreneefoɔ. Na nipa pii nnyɛ anokwafoɔ, na wɔn adanne afri nokorɛ kwan no so. Munsuro, mensɛe mo sɛdeɛ ɛsɛ sɛ ɛba mo so, na mmom mɛma moadi bɔne biara a ɛwɔ mo mu so. na mesoa mo bɔne wɔ me nipa dua mu, mɛyɛ nkunimdifoɔ, nanso meyɛ meho sɛ deɛ ɔyɛ mmerɛ na woadi no so nkunim. Na ɛno mu na megye mo afri Onyankopɔn abufuohyeɛ mu; na odii nkunim wɔ honhom mu ɔko mu."

"Na mo deɛ mopɛ Ɔhene a ɔde nkrateɛ ko di nkunim, nanso medeɛ mebaa mo nkyen sɛ Odwammaa ahobrɛaaseɛni, a ɛtutrasɛm biara nni me mu. Na mede mapɛdeɛ nyinaa ama m'Agya no apɛdeɛ. mohwehwɛɛ akodie ne ɛmu nkunimdie, na mmom medeɛ mede bɔne fakyɛ, ne nkwagyeɛ ne Onyankopɔn mu asomdwee na mede brɛɛ mo. Monhwɛ aboa a mete ne soɔ no. mennte ɔpɔnkɔ so, anaasɛ yoma so, na mmom mete afuram so. Monnhwehwɛ wiase ahoyadeɛ anaasɛ wiase annuoyam mmfiri me nkyen, ɛfirisɛ mede daa nkwa na mede baaeɛ, sɛ mebue ɔsoro pono ama mo, na mede nkabom aba mo ne Onyankopɔn ntam."

Nanso nkurɔfokuo no ne asuafoɔ no nyinaa, anntumi annte Yesu ase wɔ ne botaeɛ a ɛfa nabɛbusɛm ho. Na ɔforo kɔɔ soro akyirie no, Honhom Kronkron no bue won adwene mu maa wohunuu Kristo ahobrɛaaseɛ ne Onyankopɔn annuoyam a na ɛwɔ Ne mu. Na ɛyi yɛ adeɛ soronko koraa sene onipa nsusuiɛ, ne amanyɔsɛm mu ne wiase ahoyadeɛ mu. Na Honhom Kronkron no dii Kristo akyidifoɔ no anim ma wonyaa anigyie wɔ nanim daa, na ɛmaa wonyaa nkɔmhyɛ no mu nteaseɛ ne sɛdeɛ ne nyinaa aba mu no.

YOHANNE 12:17-19
17 ɛnna nkurɔfokuo a wɔne no wɔ hɔ berɛ a ɔfrɛɛ Lasaro firii adakamena mu na ɔnyanee no firii awufoɔ mu no dii adanseɛ. 18 Yei nti nso na nkurɔfokuo no kɔhyiaa no, ɛfiri sɛ wɔate sɛ wayɛ saa nsɛnkyerɛnneɛ no. 19 ɛnna Farisifoɔ no kaa no wɔn mu sɛ, "Mohunu sɛ montumi nyɛ ho hwee hwɛ, wiase atu di n'akyi. Nkwa a ɛfiri owuo mu"

Won a wodii Yesu akyiri firii Batania no hyiaa nkurɔfokuo nso a wofri kuro kɛseɛ no mu de anigyie rebɛhyia no ama no akwaaba wɔ Kidron bonhwua no mu. Na wɔteaamu kaa sɛ, "Ɛyɛ sɛ moagye no few so, ɛfirisɛ Yesu yi ne Mesaia no, a onyanee owufoɔ frii owuo mu na ɛno di adanseɛ sɛ ɔno ne Mesaia no." Lazaro wuo ne ne sɔreɛ no na ɛbuee nnipakuo no aniwa ma won tumi dii Yesu akyi na ɔde aboodoo num ne mpataa miennu maa nnipa mpem num diiɛ. Na Ɛyi maa nnipa ahorroɔ pii baa Ne nkyen ɛnam owufoɔ a oyanee no firii awufoɔ mu no so nti. Nanso nnipa dɔ a wɔde dɔɔ Yesu no nyinaa kogyinaa wiase nnoɔma so, na mmom ɛnnyɛ trenee ne adwensakyera so.

Na nnipakuo no anigyie bebree mu no na Fariseefoɔ no ne mpaninfoɔ no nso bu afui yiye paa, na wɔn ani beree Yesu, a na won adwene yɛ won sɛ ɔrebɛto ahyɛ kuro no so. Ɛmaa wɔbɔɔ hu na wɔkaa sɛ wɔn adi nkuguo. Na won nhyehyɛeɛ bɔne a wɔhyehyɛeɛ sɛ wɔbɛfasoɔ de akyere no no anntumi anngyina. Na Yesu kɔɔ kuro no mu wɔ nkunimdie mu a na ɔte afuram so.

MPAEBƆ: Awurade Yesu mebue makoma ne madwene mu ma wo, sɛ fa wo Honhom Kronkron bɛtena me mu, na sesa me na mensɛ mfata wo daa. Fa me bɔne nyinaa kyɛ me, ɛfirisɛ mensɛ mmfata mpo sɛ wobɛtena makoma mu mpo. Nanso wobɛtenaa me mu wɔ me bɔne nyinaa mu mpo. Wodɔ me nti wogyee me, ɛfirisɛ woatwe me abata Onyankopɔn ho, na wode me aba woasomdwee Ahennie no mu. Me ne wo mma nyinaa bom yi wo ayɛ kasɛ, "Hosanna! nhyira ne deɛ ɔreba wɔ Awurade din mu." Wone me Hene, na meyɛ woa-gyapadeɛ daa. Amen.

NSƐMBISA:

  1. Yesu kɔhyɛn Yerusalem wɔ annuoyamhyɛ mu, na ɛmu nkyerɛaseɛ ne sɛn?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 03, 2022, at 06:35 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)