Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- The Ten Commandments -- 01 Introduction: The All-Importance of the Ten Commandments

Next Lesson

ASɛM TIRIE 6: MMRA NSƐM DU - Onyankopɔn Banbɔ Fasuo A Ɛkora Onipa So Firii Ahweasee Mu
Mmra Nsɛm Du a ɛwo Exodos 20 no mu Kanea a Ɛda Ɛdi Wɔ Asɛmpa Nwoma no mu

01 - Nkyerɛmu: A Ɛfa Onyankopɔn Mmra Nsɛm Du No, Ne Bo A Ɛsom Ho


Ɔkwantuni bi a ɔde wieɛmu hyɛn firi Delhi rekɔ Srinagar a ɛwɔ Kashmir no, ɛrenkye biara, ɔbɛhu sukyerɛma wawasoɔ bi a akata Himalayan mmepɔ so kɛseɛ paa, na ɛtumi ama neho so aa ɛkodu Indian atifi fam. Na ɛhɔ no, mmepɔ no yɛ atenten paa, a bonhwua deda ntam a ɛmu doɔ yiye nso paa, Na mmepɔ no bi wɔ hɔ a, mununkum akataso nyinaa. Ɛbi atenten yɛ mpem ahawodwe 8,000 ne akyirie ne ɛbi nso mpem ahanum tenten

Na ɔkwantu ni yi, duruu Srinagar no, kuro manfo no de anigye kɛse kohyiaa no kwan, na ɛbinom de Onyamesom na ɛbinom nso de amanbrɛ kyee no fewso. Na woka kyerɛɛ no sɛ, Hindufoɔ, Buddhistfoɔ, Jewfoɔ, Ɛkristofoɔ, Muslimfoɔ ne atheistfoɔ nyinaa wɔ kuro yi mu. Na Asɔredan, abosom dan, nkrammo dan ne nsankyerene ahorow a ɛtwe nnipa adwen si nneoma so. Na, saa bea yi, amanaman ahorow ɛnum na atwa ɛhia hɔ, te sɛ; Idia, Pakistan, Afghanistan, Russia ɛne China. ne obiara a ɔretu kwan afa Kashmiri nkuro ne nkuraase mu na ɔne ɔmanfoɔ no kasa no, tumi nya atinka kɛse ma ɔman no haw. Ɛfiri sɛ, ɔko ne akosɛm ako so mfe bebree asɛe aman no annuoyam firi mfeɛ 1991.

Wiase yi mu som akɛseɛ ne amanyɔfoɔ amanbrɛ ne won amanneɛ no anisoadeɛ hunu wɔ amanmuo mu no, ɛtumi yi ne ho adi bi, sɛ Himalayan mmepɔ no. Nanso nkyerewyɛ ahorow bebree, ne nkyerɛ ne Ɔsom ahorow mu mmra no nso bue kwan ma kakraa no a woayɛ abantenten ama afoforo sɛ Himalayanfoɔ abantenten wɔ mmepɔ nketewa so.

Saa abantenten yi mu baako wɔ nnipa abakosɛm mu no bi ne Mmra Nsɛm du no. Onyankopɔn baakopɛ, ne ɔnokwafo no kasa kyerɛɛ oguanhwefo Moses, na oyii ne pɛ kyerɛɛ no, na ɔmaa ne kyerew ne Mmra soronko no guu aboɔ pono so. Na Jewfoɔ no kae won agya yi daa, na wɔde anidie a ɛmu yɛ duru ma no daa. ɛfisɛ Onyankopɔn nam no so na ɔmaa won Mmra nsɛm du no wɔ bepɔ sinai so. Wɔkan Mmra nsɛm du yi fi anopa kosi ɛwummerɛ wɔ won hyiadan mu, na mfe mpem miensa ne ɔha miensa 3,300 ɛkyi.

Ɛkristofoɔ nyinaa nso hunu Mmra nsɛm du yi sɛ won gyidie fapem kɛse a ɛmu nni hwehwɛbea. Yesu ka kyerɛɛ nasuafoɔ no sɛ, Osoro ne asaase nnyaa ntwa mu yi, kyereɛ ketewa biako anaa nsensanee biako mpo remfiri Moses Mmra no mu gyesɛ ne nyinaa aba mu ansa. (Mateo 5:18).

Na Muslimfoɔ nso frɛ Moses sɛ, " Kalimu Allah" Onyankopɔn kasamafoɔ. Na wobu Moses sɛ Allah somafoɔ ne amanyɔ ni panin. na ɔyɛ Onyamesom ne amanyɔ odikanfo a ɔwo tumi. na wɔn deɛ, wonim sɛ ɔyɛ Onipa kɛse paa wɔ wiase ne nnipa abakosɛm mu.

Mmra nsɛm du no, a Moses de maa nnipa nyinaa no, yɛ fapem kɛseɛ wo Mmra nsɛm no mu, na ɛyɛ nkwa asuti ne fapem nso ma nnipa abrabɔ bɛsi nnɛ. Na Obiara a osua Mmra nsɛm no, na ɔdwen ho, na okura mu de yɛɛ adwuma na efei nso ɔkyerekyerɛ no, bɛyɛ Onyansafo kɛse. Nnipa a won apoo Mmra nsɛm no, na won were ɛfi Mmra nsɛm no, wɔn abrabɔ sɛe, na ɛporɔ, na akyirie no ɛyera koraa. Nti obiara a ɔmpɛsɛ na brabɔ bɛdu saa gyinabea yi, ɛsɛ sɛ osua Mmra nsɛm du no na ɔdwen ho daa nokware mu.

Mmra nsɛm du no sua ne ɛho adwendwen bɛyɛɛ adehiadeɛ kɛseɛ maa Kashmir, ɛfisɛ tete Onyamesom no redanne ako ɛnnɛ wiase bɔne yi akwanso, ne ne nneyɔɛ bone wɔ ɔman no mu, na ama ɛho ahia wɔ daadaa abrabɔ mu sɛ, onipa bɛsan nakyi akɔ Onyankopɔn Mmra nsɛm no wɔ apam dada mu. Nnwoma yi, nnipa atitiriw ne mmranteɛ abowboo ho, aka ho asɛm ako akyiri wɔ wiase. Mmberanteɛ a wofi ɔsom ahoroɔ nkyerekyerɛ mu, pre sɛ wɔbɛ hwehwɛ nokware kwan ne nkyekyerɛ pa no de abɔ won bra, na won pɛɛpaemu, hwehwɛ Mmra nsɛm du no mu yiye, ne boɔ a ɛsom ne ɛmu tumi ne nhyira wɔ abrabɔ mu ɛnnɛ. Obiara a osua na ɔdwendwen Mmra nsɛm no ho no, tumi nya nyansa a ɛmu dɔ yiye, na ɛde mfasodeɛ ne nhyira bebree brɛ no wɔ abrabɔ mu.

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on January 31, 2022, at 06:51 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)