Waters of Life

Biblical Studies in Multiple Languages

Search in "Twi":
Home -- Twi -- The Ten Commandments -- 11 Ninth Commandment: Do Not Bear False Witness Against Your Neighbor

Previous Lesson -- Next Lesson

ASɛM TIRIE 6: MMRA NSƐM DU - Onyankopɔn Banbɔ Fasuo A Ɛkora Onipa So Firii Ahweasee Mu
Mmra Nsɛm Du a ɛwo Exodos 20 no mu Kanea a Ɛda Ɛdi Wɔ Asɛmpa Nwoma no mu

11 - Mmra Nsɛm A Ɛtɔso Nkron: Nni Wo Yɔnko Ho Adansekurumu



EKSODOS 20:16
"Nni wo yɔnko ho adansekurumu."


11.1 - Tɛkyerema Tumi

Tɛkyerema yɛ Nnipadua akwaa mu ade ketewa nanso ɛyɛ hu paa wɔ tumi mu. Mpen pii no ɛyɛ ade ketewa wɔ nnipadua mu a ɛwɔ tumi mpo sene sika ne aduro a ɛsombɔ. Tɛkerɛma so nsɛm tumi yɛ te sɛ ogya ketewa bi a yɛasɔ ato kwaeɛ kɛse a ɔpɛ asi mu mu. Nanso tɛkyerema so asɛmpa nso tumi yɛ te sɛ hyɛn mu akyerɛkyerɛ kwan a wokyimkyim kyerɛ ɛhyɛn kɛseɛ kwanpa a ɔbɛfaso. Yɛde yɛ tɛkyerema twa atoro na yɛde ka abususɛm nso tia Onyankopɔn anaa yɛde ka nokware nso, na yɛde tɛkyerema yi Onyankopɔn ayɛ ɛno ara na yɛde kyekye nnipa were nso na ɛfei ɛno ara nso na yɛde bre Onipa ase. Adɛn? wɔ kyerewsɛm no mu no, Yakobo maa yɛn nsɛmfua miensa bi a ɛboa yɛn yiye a ɛyɛ mfantoho a ɛtumi de yɛn akɔ adwen sakyera mu. Ɛsɛ sɛ dabiara no yɛtumi gyina Onyankopɔn asɛm no so na yɛde sɔ yɛn nsɛm a ɛyaa ɛfiri yɛn tɛkeyerema so ba no, ɛfisɛ asɛm bɔne biara a ɛbɛfi yɛn tɛkerema so no tumi sɛe akoma na ɛgu ho fi. Na asɛmpa biara nso a ɛfiri yɛn tɛkyerema so no tumi yi Kristo honhom adi wɔ yɛn akoma mu.


11.2 - Yɛn Ahoteɛ A Yɛakwati A Ɛrenyɛyiy

Yɛ hyia yɛn Agyenkwa Yesu daa wɔ yɛn abrabɔ mu na woatew yɛn tɛkyerema ho na woama yɛn adwene foforoyɛ nso na yɛatumi anya nteaaseɛ na yɛayɛ anokwafoɔ nso. Na Odiyifoɔ Yesaia de ahopopoɔ gyinaa Ɔkronkronni Onyankopɔn anim srɛɛ bɔne fakyɛ maa ne nkorɔfoɔ wɔ Onyankopɔn baasa koro no a ɔno ne Asafo Awurade dɔmso safo hene no. Na ohuu no no ne ho twirii no bre a ohuu Awurade atareɛ mbuano a ahyɛ asɔredan no ma no ɔtiemu sɛ, "ɛnna mekaa sɛ: Mennue, na mayera; na meyɛ onipa a m'ano ho nteɛ, na mete ɔman a wɔn ano ho nteɛ mu, ɛfiri sɛ ɔhene, asafo AWURADE, na m'ani ahu no yi"! ɛnna Serafim no mu baako tu baa me nkyɛn, na ɔkura nsramma a ɔde daban kɔfaa no afɔrebukyia no soɔ; na ɔde kaa m'ano kaa sɛ: Hwɛ, yei aka w'ano, na wɔayi w'amumuyɛ kɔ, na wɔakata wo bɔne so". (Yesaia 6:5-7).

Sɛ Onipa ani bue ma no tumi hu Ɔkronkronni Onyankopɔn a, ne bɔne nyina yɛ adagya wɔ nanim ma no yɛ pɛfee na nakoma mu amumuyɛ ne ndaadaa nyinaa da ɛdi. Na saa no ɛma no hu sɛ Otumfoɔ no pɛ ne nnipa anidasoɔ. wɔ ne kanea no mu na yetumi hu yɛn ho a ɛgu fi, yɛn ntoro ne yɛn sɛeɛ abrabɔ nyinaa. Onipa de abrabɔ hunu bi na ɛbobra, a ɔnnhwehwɛ Ɔteasefo ne Ɔkronkronni Onyankopɔn akyi kwan mpo. Na abrabɔ tebea yi ntumi nsesa gyesɛ ɔdebɔneyɛni no hwehwɛ Awurade na ɔben no, ɛno ansa, na nnoɔma nyinaa bɛtumi asesa. Asomafo Petro butuu fam wɔ Awurade anim bre a ohuu Awurade tumi kɛseɛ a ɛyɛ adwuma no na ɔkae sɛ; "Firi me nkyɛn kɔ, Awurade, na meyɛ onipa debɔneyɛni". (Luka 5:8). Na na onim sɛ Yesu a odwo no ahwehwɛ nakoma mu ahu no dada wɔ nanim sɛ ɔyɛ ɔdebɔneyɛni. Na ɛfei na yɛn Awurade no nim dada sɛ Petro bɛgya no wɔ amaneɛ bre mu nanso akyiri no ɔbɛyɛ adwindeɛ a ɔbɛfa no so atwe akra bebree aba ne nkyen.

Yesu yɛ nokware suban a ɛyɛ Honhom no a ɛyɛ nokware Honhom (Yohanne 14:17). Na yɛhow nokware Honhom no were da biara a yɛbɛtwa atoro anaa sɛ yɛbɛdi nsekuo. Onnyankopɔn nnyɛ nantintwitwafoɔ anaa sɛ obɛyi wo ama; ɔyɛ kronkron na nasɛm nso yɛ nokware a nea woaka no nyinaa bɛba mu. Da biara no ɔpɛ ɔyɛ yɛn foforo na ɔhyɛ yɛn den ma yɛyɛ anokwafoɔ. Ɔhyɛ yɛn da biara no yɛndi nokware wɔ ɔdɔ mu. Ɛdu mbre bi a sɛ woreka akyerɛ wo nua a nokware ka no yɛ den na ɛte sɛ mpo wɔrekum no. Nanso sɛ woka ndɛɛdɛɛ adɔkɔdɔkɔ nsɛm a ɛnyɛ nokware, nso a na wotwa atoro, na ɛmfa ho sɛnea wodɔ nnipa no. Ntoro ayɛyiye ne nantintwitwa bom yɛ adwuma mpen pii. Ɛno nti, ɔdɔ a nokware nni mu no ɛnyɛ ɔdɔ kan, ne nokware nso a ɔdɔ nni mu no yɛ ɔdɔ a awu.


11.3 - Atoro Ne Baabia Ɛfiriba

Onyankopɔn baasa koro no ara ne nokware no. Na obonsam no ne ɔtorofoɔ no ne atoro nyinaa agya. Ono ara ne wudifoɔ no firi ahyeaseɛ no. Yesu frɛ no ɔbɔnefoɔ no ne wiase yi mu hene. Na adeɛ biara a ɛfiri ne mu ba no yɛ atoro, ɛnfaho sɛnea ɔde nokware bɛfura no ntɔma afa biara no, ɛyɛ atoro. Obɔnefoɔ no daadaa Eve.

Na ɔde ne ndɛɛdɛɛ ndaadaa no danee nokwareɛ no na ɔmaa Onipa nyaa angye andi maa Onyankopɔn. Na ɔmaa Eve gyidie wɔ Onyankopɔn mu hinhimii. Eno nti ɔbɛyɛɛ ahantan, na akondɔ bɔne bi ne atuateɛ baa ne mu tiaa Onyankopɔn na ɛfei ɔyɛɛ asoɔden kɛseɛ.

Na wɔbɔɔ Yesu asu wieɛ pɛ, Honhom Kronkron de no kɔɔ sare so sɛ ɔbonsam nkɔsɔ no nhwɛ. Na Yesu akɔmtwene ne mpaebɔ wɔ adaduanan 40 awia ne anadwo akyiri no, odii ɔsɔhwɛfoɔ no so nkunim ɛfisɛ ɔbaa nkyen bɛsɔɔ no hwɛe pɛɛ sɛ anka ɔde nsɛm bisa ahorrow ɔdane nokware no. Na ɔbonsam ka kyerɛɛ no sɛ " Sɛ woyɛ Onyankopɔn ba a..." na sɛ anka ɔkaaɛ sɛ, " wo yɛ Onyankopɔn ba", na anka ɛno deɛ woaka nokware. Nanso ɔde nea ɛwɔhɔ na ɛyɛ nokwarɛ no gyinaa nsɛm bisa ano, sɛ ɔrebɔ mmɔden sɛ ɔde angye andi bɛwura Yesu mu na ama ɔno ankasa gyidie ahinhim sɛ, so, ɔyɛ Osoro Agya Onyankopɔn Ba paa ampa. Obɔnefo no pɛɛ sɛ ɔtete ɔne Na Agya no ntam na ɔma no fom kwan kɔsom ɔno bonsam no apɛdeɛ. Na Yesu amfiri ɔno ara nsɛm mu amma no mbuaɛ. Na ɔne ɔbonsam no nso anya ano booboo biara nso a ɛfiri ne suahunu wɔ abrabɔ mu. Na mmom obuaa no sɛ, "Woakyerew sɛ!" Yesu sii Onyankopɔn asɛm so gyinaɛ, na ɛno nso ntumi ne ɔbonsam ntu agyina. Kwan foforo biara nni hɔ a Onipa bɛtumi de ɛdi ɔbonsam a ɔyɛ atoro nyinaa agya no so, gyesɛ yɛde yɛn ho to Onyankopɔ asɛm so, Twerɛ Kronkron no.

Na ɛyɛ wawa nso sɛ ɔbonsam nim Twerɛ kronkron no na otumi de yɛ adwuma wɔ ndaadaa kwanso. Obuaa Yesu anum asɛm a ɔde dii no so ɛdinkan no na ntɛmso oyii asɛm foforo firii kyerewsɛm no mu sɔɔ no hwɛeɛ bio. Nanso oyii wɔ ndɛɛdɛɛ kwanso pɛɛ sɛ anka ɔfa so ma Yesu yɛ ahantan tia Na'Agya a ɔwɔ soro no na ɔma Yesu fom kwan de sɔ Agya no nokwaredie hwɛ. Na Yesu buaa no bio sɛ, "Woakyerew sɛ nsɔ Awurade wo Onyankopɔn nhwɛ", na ɛhɔ na ɔdaadaafoɔ no ndɛɛdɛɛ nsusui no yii adi wɔ Onyankopɔn nokware kanea han no mu. Wɔ saa ɛbintanɛbintan kɛseɛ a ɛkɔɔ so wɔ Onyankopɔn Ba no ne ɔbonsam ntam no kyerɛɛ sɛ ɔbonsam nka bibiaa sɛ atoro nkoaa, mpo sɛ nokware kakra bi wɔ ne nsɛm mu mpo a. Ne nsɛm nyinaa yɛ ndɛɛdɛɛ ne ndaadaa a ɛtew ɛtua tia Onyankopɔn ne ne Ba Yesu wɔ akwan nyinaa mu. Sɛ yɛ hwɛ Nnipa atetesɛm ne ɔsom ahorrow a abɛsene kɔ wɔ Kristo wuo akyi a, yɛbɛhunu ndaadaa nkoaa na ɛwɔ won mu mpo sɛ yɛhu nokwareɛ kakra wo mu mpo a. Na ɛndɛ da yi mu nso saa na ɔbonsam da so yɛ: na ɔredaadaa agyidifoɔ bebree ne wɔn a wɔrehwehwɛ nokwarɛ akyiri kwan no ama won agye adi sɛ Twerɛ Kronkron no atwamu, na ne hyehyeɛ nnyɛ adwuma bio, na ɛyɛ nnipa na ɛtwereɛ na afei nso nsɛmbisa bebree wo mu. Mma ɔbonsam kwan na ɔnka saa abusu sɛm no ngu wakoma mu. Na mmom, wone no ndi ako sɛnea Yesu yɛeɛ no na ɔkaa sɛ "woakyerew sɛ...."


11.4 - Atoro Kɛseɛ No

Wiase adwen kyerɛ ahorrow ne won nsusuiɛ no bebree no ara yɛ ntorɔsɛm a ɛhyeren na ɛyɛ hyemhyem te sɛ nnoɔma a ɛyɛ nokware ne mmra a wɔde asisi hɔ ama abrabɔ tebea. Nanso wiase adwen kyerɛ ne ne nsusuiɛ akwan kyerɛ nyinaa nnyɛ nea ɛtumi yɛ papa mpen pii. Na newawamu no wɔde nnoɔma bi ayɛ nokwarɛ de boa ndaadaa. Islam tumi da ne ho ɛdi wɔ anisoɔ sɛ ɔsom bi wɔ ahohoɔ mu a ɛyɛ "ɔsom a ɛfiri Allah", na wode wɔn ano ka nsɛm de danedane twerew kronkron nsɛm no nkyerɛkeremu na woyi nsɛm fua firi apam dada no ne apam foforo no mu. Nanso Muslimfoɔ nyinaa ngye ntumu sɛ wɔbɔɔ Onyankopɔn Ba no asendua mu. Wɔn ani mma won ho so sɛ won ayera a worentumi nnya nkwa mfiri Onyankopɔn atɛnmuo mu gyesɛ wogye Yesu Kristo ne wuo ne ne wusɔreɛ di ansa. Ɛfei so no, Wiasefoɔ ne adwene ahorrow nso de nsɛm bebree farafra a ne nyinaa no nnyɛ nkwarɛ nanso wode nokwarɛ nketenkete bi adanedane no a nyinaa de nnipa kɔ ɔsɛeɛ kɛseɛ mu.

Na ɛkuo ahorrow bi nso wɔ hɔ a won dwumadie ne sɛ wɔbɛfa twerew kronkron no mu nsɛm na won ayiyi nsɛm fua bi wo mu na wɔde awura wura won ankasa nwoma a wɔnam won adwe ne won nsusuiɛ mu atwerew, na wɔyɛ saa ama nnipa agye won nwoma no adi, sene sɛ anka mmom no, wɔbɛgye Yesu adwen ne abrabɔ nyinaa adi ayɛ won fapem. obiara ntumi mba Agya no nkyen gyesɛ ɔnam no so. Nanso na ɛsɛ sɛ wɔbɔ Yesu asendua mu na ɔsɔre firi awuofoɔ mu na ɔma ne bɔhyɛ nyinaa ba mu na ɛwie pɛyɛ sɛ daadaa nokware. Yɛn nyinaa bɛpue annuoyam hene no anim sɛ atorofoɔ, nanso obiara a ɔbɛgye no adi no bɛsesa ɛyɛ foforo na woatena ase pɛyɛ mu, ne nokwarɛ mu na woafiri ntoro nyinaa mu.

Yɛbɛ den sɛ yɛbɛtumi asiw abɛɛfo mfidie dwumadie ahorrow akɛseɛ, ne nketewaa a wɔde nkontompo ne ntorɔ ahorrow pii a ɛwɔ won dwumadie mu wɔ kasa fidieso, kasa foni so, koowa nkraataa ahorrow mu, abakɔsɛm nwoma mu, ne afahyɛ ahorrow ase kwan. Na saa ndaadaa yi nyinaa botaeɛ ne sɛ wɔde bɛhyɛ nnipa bebree so, na wotumi hu nea nnipa bɛyɛ de akyerɛ won wɔ won nsɛn kae mu. Wɔ amanyɔsɛm mu no akndifoɔ bebree tumi sopa ne yɔnko sɛe no koraa kyerɛ nipa de pagya ɔno namanyɔ de kyerɛ sɛ ɔno nkoaa ne deɛ no na ɛyɛ na ɛyɛ nokware a ɛde ɔgyeɛ bɛbrɛ amanfoɔ. Na wopagya won nkunimdie kakraabi no, yɛ no kokoroo wɔ nnipa anim na wɔkata won mfomsoɔ so koraa. Na wɔdanne nokware ma no yɛ won akansifoɔ no wawa na won nsɛm bebree a wɔdanedane no no de ɔtan kɛseɛ ba won ntam.


11.5 - Daadaa Ntorɔ Twa

Atorɔ mfa amanyɔfoɔ nsɛm nnomum nkoaa na mmom ɛtumi fa yɛn abrabɔ nyinaa nso nnomum. Na nnipa butu nokwarɛ ntɛmso, na nnipa taa twitwa afoforo nanti wɔ coffe kuruwa baakopɛ mpo ho. Na sɛ ohu sɛ nea ɔretwitwa ne nanti no reba pɛ a na woagyae ne ho asɛm no ka de asɛm foforo aba wɔ nyaatwom kwanso a ɛyɛ ɛdeɛ a yɛn nyinaa yɛayɛ bi firi yɛn mmofraase. Ɛyɛ bia na yɛntwa atoro kɛseɛ anto obi so deɛ, nanso yɛde yɛn nsɛm guu obi ho fi anaa yɛkaa no hyɛe, na saa nnoɔma yi nyinaa yɛ "atoro nyinaa agya" no na ɔyɛ. Ɛsɛ sɛ yɛya adwen sakyera yiye paa na da biara no yɛkasa obiara ho yiye wɔ nakyi te sɛ nea yɛrekasa wɔ nanim senea ɛte no ara. Ɛnsɛ sɛ yɛtwa atoro fataa! ne atoro sini! Saa nnoɔma yi nyinaa yɛ owuo. Yɛbɛtumi agyae nsekuo di na yɛakɔ onipa no nkyen prekopɛ na yɛkobisa no nsɛm ne sɛnea ɛteɛ no mu nkyereaseɛ yiye wɔ asɛm biara mu. Sɛ biribi si a ɛsɛ sɛ yɛgyina onipa akyi sene sɛ yɛbɛkɔ akɔbɔ no dɛwuro akyerɛ amansan. Mmra asɛm nkron no kyerɛkyerɛ yɛn firi atorɔ nyinaa ho. Mpen pii no yɛde yɛn ho kɔto amaneɛ kɛseɛ mu, a mpo yɛntumi nnya asɛmpa biara nka mfa nyi yɛn ho ano. Nanso yɛmpɛsɛ "yɛnim bɛguase", anaa yɛpɛ nso sɛ yɛbɛka abusuafoɔ ne ndamfofoɔ a wonni yɛn nkyen ho asɛm. Sɛ ɛba saa a yentumi nka nokwarɛ nyinaa na yɛkata nokwarɛ so ka nsɛm a ɛmfa mpuntuo mma na mmom ɛyɛ nsɛm. na nnipa bebree no ara de nsɛm ahorrow yiyi won ho ano.

Ntorɔ ayɛ te sɛ awuduro a asɛe yɛn abrabɔ bebree. Ɛno nti ayɛ te sɛ obiara nngye ne nua nndi bio. Na nnipa bebree nso dwen sɛ won a woka won ho nsɛm no nso nnka asɛmpa mfa won ho a ɛyɛ nokwarɛ. Apintanapintan de basabasa ne nkyekyɛmu ba nnipa mu na ɛmma won ntam tete, a nteaseɛ biara nni mu. Atorɔ nso tumi pamsam nnipa mu! na ade adwendwen ne tipaeɛ mpo tumi brɛ nnipa wɔ saa mbre a nnamfoɔ mu ateteɛ no na obia ne ne yɔnko nnkasa no. Ɛsɛ sɛ yɛsrɛ Yesu mu ahoɔden na yɛde akoko duro ka yɛn mfomsoɔ ne ntorɔ ne nantin twitwa ahorrow kyerɛ yɛn ho yɛn ho. Na ɛsɛ yɛsrɛ bɔne fakyɛ firi won a yɛafom won no. Na yɛnya awerehyɛmu bio ama yɛn ho na ahomasoɔ nyinaa abubu afiri yɛn mu.


11.6 - Hwan Koraa Na Obɛtumi Ate Ne Nua Ase?

Ɛyɛ ahiadeɛ paa sɛ yɛbɛtumi asɔ yɛn ho ahwɛ sɛ so yɛn ankasa no yɛte yɛn nuanom mbaa ne nuanom mbarima ase yiye paa te sɛ nea Onyankopɔn gye won tummu saa ara no. Yesu nunuu yɛn adwen mu nsusuiɛ ne ɛtɛnmuo a yɛwɔ fa yɛnuanom ho na ɔbɔɔ yɛn kɔkɔ wɔ ho, "Mommmu atɛn, na wɔammu mo atɛn. Na atɛn ko a mobuo no, wɔde bɛbu mo; na ade korɔ a mode susuo no, wɔde bɛsusu ama mo. Na adɛn na wohwɛ duaa a ɛwɔ wo nua ani soɔ, na wo ara w'ani so mpuna deɛ, wonhunu? Anaasɛ ɛbɛyɛ dɛn na wobɛka akyerɛ wo nua sɛ: Ma menyi duaa no mfiri w'ani so, wɔ berɛ ko a mpuna wɔ w'ani soɔ Nyaatwomni! Yi mpuna no firi w'ani so kane, ɛno ansa na wobɛhunu adeɛ yie, ayi duaa no afiri wo nua ani soɔ".( Mateo:7:1-5).

Obiara a ɔwɔ nteaseɛ wɔ saa mmra asɛm yi a Yesu kyerɛkyereɛ wɔ bepɔ no so no bɛyɛ dinn na yɛahwehwɛ yɛn mu yiye ɛdinkan ansana yɛatumi mpo ayi obi ntɛn. Ɛyɛ bia na wo nua ayɛ mfomsoɔ a ɛte sɛ mpuran ketewaabi a ɛda nani so nanso wodeɛ wompɛsɛ wobɛhwɛ mpuran bebree a ɛgu woankasa woani so no a ɛboroso ayɛ bebree no!. Na Yesu kyerɛ yɛn obiara yakoma mu ɔtan, adwen fi, nneyɔɛ bɔne, anibere, pɛsɛmenkomenya, ndaadaa, nyaatwom, ne awofoɔ mu aniansɔ, ne obu a yɛn mfa mma Awurade som da a!. Obiara a ɔnam Honhom Kronkron tumi so na ɔpa ne ho akyi no, rentumi nnyɛ nnipa nyiyi mu na ɔmma ne ho so wɔ ahantan ne ahomasoɔ mu na mmo no ɔbɛhwehwɛ sɛ daa no ɔbɛboa nnipa sɛnea Onyankopɔn nso boa nnipa no.

Yɛntumi mbu obi atɛn trenee mu, ɛfisɛ yɛnnim onipa adifiri ne nefieba mu ne ne haw ahorrow a ɔnam mu. Na yɛn so anka yɛ bɛyɛ dɛn, sɛ yɛhu saa amane koro no ara bi a? Na saa nnipa no anka dɛn na ɔno nso bɛyɛ sɛ anka ɔwɔ nhyira ne anigyie ne ne Onyankopɔn akwankyerɛ te sɛ nea yɛ wɔ yi a? Na ɔkaeɛ sɛ, " Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho" Onyankopɔn tumi ma yɛfa nnoɔma bebree mu de kyerɛ yɛn adesuadeɛ wɔ abrabɔ mu de twe yɛn adwene ma yɛ hu sɛnea ɛteɛ sɛ wobu wonua atɛn a, na woakyerɛ yɛn sɛ ɛsɛ sɛ yɛdɔ yɛn nuanom mmom.

Saa nnoɔma yi nyinaa yɛ adeɛ a ɛde ɔhaw ba sɛ woka ntɛm wɔ adansedie mu a: Bia na saa nnipa no ahu asɛm a ɛyɛ nkowarɛ a ɔreka no ampa ara nso a asi, nti nka ntɛm. Ɛwom sɛ yɛnhu nnoɔma yiye sɛnea Onyankopɔn hu no no. Sɛ yɛbu yɛn nua atɛn a yɛn atɛnmuo nyinaa yɛ adeɛ a ɛtɔ sin. Sɛ yɛtumi hwɛ yiye wɔ saa nnoɔma yi nyinaa mu wɔ abrabɔ mu wɔ mpaebɔ mu a yɛrenpɛ ntɛm mbu yɛnuanom atɛn na yɛbɛte won ase kwan bebree mu. Oh sɛ anka Onyankopɔn bɛma yɛn nnanom ani a ɛhu adeɛ, na mmom ɛnyɛ ɔsraa ni aniwa.


11.7 - Yɛbɛyɛ Dɛn Aka Nokwarɛ?

Wɔ yɛn sintɔ bebree nyinaa mu no, yɛbɛyɛden na yɛahunu nokwarɛ no?. So yɛhunu atoro sɛ ɛho hia na yɛbu nokwarɛ sɛ bɔne?. Dabida, Ɛmba saa da! Ɛsɛ sɛ yɛpaemu ka nokwarɛ no wɔ yɛn ahoɔden nyinaamu sɛ adansedifoɔ. Na ɛfei nso ɛsɛ sɛ yɛbisa Oyankopɔn hɔ nyansa na yɛatumi ne anuanom mbarima ne mbaa nso ɛdi no yiye. Kristofoɔ hia adom soronko wɔ ɔtaa bre mu na won atumi aka nokwarɛ no wɔ ɔkwanpa nyinaa so a wɔn ndanedane nokwarɛ no. Yɛ hia Honhom Kronkron akwankyerɛ na aboa yɛn ama yɛantoto agyifoɔ biara abrabɔ ase. Ɛsɛ sɛ yɛka nokware da biara wɔ abrabɔ mu, na mmom sɛ ɛdu baabi na sɛ yɛka nokwarɛ nyinaa a ɛde yɛn nuabi bɛto amaneɛ mu a na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ no yiye wɔ nokware no nyinaa ho ɛsane yɛnnua no nti. Na ɛwom sɛ won a wondi Yesu akyi no bɛdwen sɛ yɛretwa wɔn atoro ɛfisɛ wonim nokware Honhom no. Na wontumi nteaaseɛ sɛ Honhom Kronkron no kyerɛ yɛn kwan daa kɔ nokware mu.

Twerɛ Kronkron no boa yɛn wɔ daa daa adesua mu wɔ abrabɔ mu, wɔ sukuul, wɔ ɔman mu, wɔ yɛn abusua mu, ma yɛtumi hu nnoɔma papa a ɛwɔ anuanom mbarima' ne anuanom mbaa' abrabɔ mu na ɛmma yɛn mbu won ntɛn wɔ won mfomsoɔ mu. Ɛsɛ sɛ yɛnya adwenpa ma yɛn nnafonom ne mpo yɛn atanfo, a yɛrentwa won atorɔ. Na Ɔsomafo Paulo twerɔɛ kɔmaa Korintofo asafo no sɛ, "ɔdɔ wɔ abodwokyɛre, ne yam yɛ; ɔdɔ nyɛ ahoɔyea; ɔdɔ nyɛ ahokyerɛ, ɛmmema ne ho so, ɛnyɛ ne ho deɛ ɛmfata, ɛnhwehwɛ deɛ ɛyɛ ɔnonko ara ne deɛ, ne bo nha no, ɛmfa bɔne nhyɛ ne yam, n'ani nnye deɛ ɛntene ho, na ɛne nokorɛ ani gye. ɛtie ade nyinaa, ɛgye ade nyinaa di, ɛnya ade nyinaa mu anidasoɔ, ɛtɔ ne bo ase ade nyinaa mu. ɔdɔ to ntwa da. Nkɔmhyɛ deɛ, wɔbɛgu; kasa ahodoɔ deɛ, ɛbɛgyae; nimdeɛ deɛ, ɛbɛsa". (1Korintofo 13:4-8).

Sɛ Honhom Kronkron hyɛ yɛn ma wɔ ɔdɔ mu wɔ yɛn abrabɔ mu a yɛrenbu adebɔne yɛfoɔ atɛn. Na mmom yɛbɛbɔ yɛn ho mmɔden biara sɛ yɛbɛboa won, na yɛate won ase, na yɛahyɛ won den wɔ ɔdwoɔ ne ɔdɔ honhom mu. Paulo twere kɔmaa Efesofoɔ asafo no mu nnipa a won ɛyini aduru mpenpensoɔ bi wɔ Kristo adwuma mu anigyie no, "Enti monyi atorɔ ntwene, na obiara nni ne yɔnko nokorɛ, ɛfiri sɛ yɛyeyɛ yɛn ho yɛn ho akwaa". (Efesofo 4:25). Na dabiara yɛbrɛ sɛ yɛbɛsua sɛ yɛbɛka nokware. Na ɛmfa ho sɛnea woayini akudu wɔ Honhom Kronkron mu no, ɔbonsam nso bɔ ne ho mmɔden biara sɛ ɔbɛsɔ agyidifoɔ ahwɛ sɛ wontwa atoro, na woabu afoforo atɛn ntɛmso na woama woahu nnipa wɔ ɔkwan soronko so wɔ won adwen kyerɛ mu. Sɛnea ɔsɔɔ Yesu ankasa hwɛeɛ no saa ara nso na ɔbɛsɔ yɛn nso ahwɛ. Ɛno nti na Paulo twerɛɛ kɔmaa Efesofoɔ no sɛ, " Deɛ ɛdi akyire no, momma mo ho nyɛ den Awurade ne n'ahoɔden tumi mu. Monhyɛ Nyankopɔn akodeɛ nyinaa, na moatumi agyina ne ɔbonsam nnɛɛdɛeɛ adi asie, ɛfiri sɛ ɛnyɛ yɛne mogya ne honam na anya, na mmom yɛne mpaninnie ne tumidie ne wiase yi sum mu atumfoɔ ne ahonhommɔne a ɛwɔ soro hɔnom". (Efesofo 6:10-13)

Yohanne, Ɔsomafo a owɔ ɔdɔ, no kyerɛɛ yɛn atoro nhini wɔ Onipa abrabɔ mu. "Hwan ne ɔtorofoɔ no sɛ deɛ ɔsane sɛ Yesu nyɛ Kristo no? Oyi ne antikristo a ɔpo Agya no ne ɔba no. Obiara a ɔpo ɔba no, ɔnni Agya no nso, na deɛ ɔpae mu bɔ ɔba no din no, wɔ Agya no nso". 1 Yohanne 2:22-23). "Deɛ ɔgye Nyankopɔn Ba no die no, wɔ adanseɛ ɔno ara ne mu. Deɛ ɔnnye Onyankopɔn nnie no ama no adane ɔtorofoɔ, ɛfiri sɛ wannyeadanseɛ a Onyankopɔn adi ne Ba ho no anni". (1Yohanne 5:10). Sɛ wode nokwarɛ a ɛwɔ Onyankopɔn baasa koro no ho bɛ yɛ adwuma wɔ woabrabɔ mu sɛ wo fapem no kyerɛ sɛ wobɛkɔso ayɛ ɔnokwafoɔ wɔ daadaa abrabɔ mu.


11.8 - Onyankopɔn Ho Ndaadaa Wɔ Quran No Mu

Wɔ Islam mu no ɛda nokware honhom no ɛdi sɛ ade foforo. Wɔ Sura Al Imran mu no yɛkan sɛ, "Wɔyɛ ndaadaafo na Allah nso daadaa, na Allah ne ɔdaadaafoɔ kɛseɛ paa wɔ ndaadaafoɔ nyinaa mu". ɛha no wɔde ndaadaa no kyerɛ Jewfoɔ no a wɔfaa adwebɔne faa Yesu ho kum no no. Na Allah wɔ Islamic nsusuiɛ mu no, ɔmaa wɔyɛɛ nkwasea, na ɔgye Yesu firii haw mu baa nkwa mu, ɛna ɛfei ɔfaa no kɔɔ soro. Na eyi kyerɛ sɛ Allah amma kwan sɛ wombɔ Yesu asendua mu na mmom oyanee no baa nkwa mu maa ne ho wɔ ne ndaadaa tumi kɛseɛ no mu. Na eyi nyinaa yɛ deɛ wode danee nsɛmpa a ɛsiiɛ wɔ mbrɛ bi a ɛbɛtwam kɔ no. ɛsɛ sɛ Allah yii ne nipasu koraa kyerɛ ansa ana asɛndua no baaɛ, na ɔkyerɛ nso sɛ ɔnyɛ nokwarɛ wɔ nipadua mu, na ɔnyɛ Onyankopɔn ankasa paa, na mmom nokwarɛ no tanfo, a ɔyɛ ɔdaadaafoɔ kɛseɛ paa. Asendua no, a ɛyɛ nokware nyinaa ahyɛnsoɔ no, yi Allah ɛdi pɛfee ne kann sɛnea ɔteɛ ankasa wɔ Islam mu. Na ɛyɛ ɔbonsam nkoaa na ɔpa asendua no dwumadie ne ɛho asɛmpa sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa rennya ɔgyeɛ na wonnya nkwa a ɛnni ɛwieɛ.

Islam yi Allah kyerɛ wɔ Quran no mu sɛ "nea ɔyɛ ɔdaadaafo sene obiara", Khairul makirin. Nti ɛnyɛ wawa sɛ nakyidifoɔ hunu ndaadaa sɛ adeɛ a ɛsombɔ ne kwan a wobɛtumi afa so anya deɛbiara a wɔhwehwɛ ne kwanpa a wotumi fa so de abɔ Islamic ɔsom no ho dɛwuro. Muhammad de atoro ne ndaadaa nhyehyeɛ asi hɔ wɔ kwan ahorrow anan so: wɔ ɔko kronkron a ɛsɛ sɛ ɛpete wɔ Islam mu, wɔ atanfo miennu ntam mpata, ɔbarima ne ne yere ntam, ne ɔbaa ne ne kunu ntam. Wɔ Islam mu no wuntumi nngye woadamfo anaa wotanfo nndi. Obiara nngye obiara nndi ɛfisɛ obiara da ne ho so wɔ Muslimfoɔ mu.


11.9 - Abrabɔ Mu Ntorɔ Anaa Onyankopɔn Mu Nokware Die

Sɛ woangye nea wɔbɔɔ no asendua mu na ɔsɔree firii awufoɔ mu no andi a, nokware honhom no rentumi ntena wo mu. Na ɛba no saa a woabrabɔ nyinaa tumi bɛyɛ atorɔ nkoaa ne ahaw ahorrow bebree ɛfisɛ woangye Yesu a ɔyɛ wiase agyenkwa no a wɔbɔɔ no asendua mu no andi. Yesu hwie ne mogya guuɛ wɔ asendua no so de gyee yɛn, sɛ yɛn sɔfo panin ne ntam gyinafoɔ ma bɔne ne adebɔneyɛfoɔ nyinaa sɛ yɛbɛsakyera yɛadwene afiri atorɔ ne bɔne nyinaa mu. Na ɔsɔree firii awufoɔ mu no, ohwiee ne nokware Honhom no guu nakyidifoɔ a na wɔretwen wɔ mpaebɔ ne mmuadadie mu no sɛ Agya no bɔhyɛ no bɛhwie agu wɔn so. Na Honhom Kronkron no yii ne ho ɛdi bɛguu won so te sɛ ogya tɛkyerɛma. Na eyi maa nasuafoɔ no nyaa nteaseɛ yiye wɔ nea Yesu ka kyerɛɛ won no nyinaa. Na, na ɛsɛ sɛ won atoro tɛkyerɛma no dane yɛ ogya na ɛhye ndaadaa nyinaa na ama won anya honhom mu tɛkyerɛma foforo, a ɛbɛtumi apaemu aka daa nkwa nsɛm a ɛyɛ nokwarɛ no akyerɛ. Dɛn ne daa a ɛnni ɛwieɛ nokwarɛ no? Onyankopɔn yɛ yɛn Agya, Kristo yɛ yɛn Awurade ne yɛn Agyenkwa, Na Honhom Kronkron no nso te yɛn mu. Onyankopɔn baasa koro no yɛ daa daa ɔteasefoɔ Onyankopɔn a ɔwɔ hɔ, a ɔyɛ daa nokware honhom a Kristo asuafoɔ no paemu dii ne ho adanseɛ. Na eyi mu na yɛaya akwanya no bi sɛ yɛbɛka nokwarɛ dɔ, no ho asɛmpa ne asendua no ho adwumapa akyerɛ abɔdeɛ nyinaa.

Adeya kɛseɛ ne sɛ wobɛya adamfo mpaebɔfoɔ a da biara no ɔbɛka nokwarɛ akyerɛ wo wɔ ɔdɔ mu! Na saa adamfoɔ no sombɔ sene adamfo mpem a won deɛ dabiara yoyi wo ayɛ. Eno nti ɛsɛ sɛ yɛsrɛ Yesu na ɔboa yɛn ma yɛtumi paemu ka nokwarɛ no wɔ ɔdɔ mu na yɛbɔ mpaeɛ nso ma yɛn ndamfonom. Na Yesu hyɛɛ yɛn sɛ yɛnyɛ: "Na momma mo aane nyɛ aane, na dabi nyɛ dabi! Na deɛ ɛboro yei soɔ no firi bɔne mu". (Mateo 5:37). ɛsɛ sɛ yɛsrɛ Yesu na ɔboa yɛn ma yɛyɛ anokwafoɔ wɔ ne mu na ɔkyerɛ yɛn kwan ma yɛtumi paemu ka ne nokwarɛ wɔ ɔdɔ mu.

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on January 31, 2022, at 06:51 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)