Home
Links
Bible Versions
Contact
About us
Impressum
Site Map


WoL AUDIO
WoL CHILDREN


Bible Treasures
Doctrines of Bible
Key Bible Verses


Afrikaans
አማርኛ
عربي
Azərbaycanca
Bahasa Indones.
Basa Jawa
Basa Sunda
Baoulé
বাংলা
Български
Cebuano
Dagbani
Dan
Dioula
Deutsch
Ελληνικά
English
Ewe
Español
فارسی
Français
Gjuha shqipe
հայերեն
한국어
Hausa/هَوُسَا
עברית
हिन्दी
Igbo
ქართული
Kirundi
Kiswahili
Кыргызча
Lingála
മലയാളം
Mëranaw
မြန်မာဘာသာ
नेपाली
日本語
O‘zbek
Peul
Polski
Português
Русский
Srpski/Српски
Soomaaliga
தமிழ்
తెలుగు
ไทย
Tiếng Việt
Türkçe
Twi
Українська
اردو
Uyghur/ئۇيغۇرچه
Wolof
ייִדיש
Yorùbá
中文


ગુજરાતી
Latina
Magyar
Norsk

Home -- Twi -- The Ten Commandments -- 06 Fourth Commandment: Remember the Sabbath Day, to Keep it Holy

Previous Lesson -- Next Lesson

ASɛM TIRIE 6: MMRA NSƐM DU - Onyankopɔn Banbɔ Fasuo A Ɛkora Onipa So Firii Ahweasee Mu
Mmra Nsɛm Du a ɛwo Exodos 20 no mu Kanea a Ɛda Ɛdi Wɔ Asɛmpa Nwoma no mu

06 - Mmra Nsɛm A Ɛtoso Anan: Kae Homeda No, Na Yɛ No Kronkron



EKSODOS 20:8-11
"Kae homeda, na yɛ no kronkron. Nnansia na yɛ adwuma, na yɛ w'adeɛ nyinaa; na ɛda a ɛtɔ so nson no yɛ homeda ma AWURADE wo Nyankopɔn; nyɛ adwuma biara, wo newo babanin ne wo babaa, w'akoa ne w'afenaa ne wo mmoa ne wo hɔhoɔ a ɔwɔ wo fie apono mu. Na nnansia na AWURADE de yɛɛ ɔsoro ne asase, ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa, na ɔhomee da a ɛtɔ so nson no; enti na AWURADE hyiraa homeda, na ɔyɛɛ no kronkron."


06.1 - Homeda a wode yi Ɔboadeɛ no Ayɛ

Wɔ Jewfoɔ no mu no, Homeda no yɛ nsenkyerenne Apam kɛse wɔ wo ne Onyankopɔn ntam. Na woayi asi hɔ ama ɔsom, saa da yi de nsonosonoyeɛ tɔ Nnipa a ɛwɔ Apam dada no mu, ne amanaman foforo ntam. Ɛbɛsi ɛndɛ da yi, Nnipa a ɛkura Apam dada no mu no, tew saa da yi a ɛtwa toɔ wɔ nawotwe no mu no, wonyɛ adwuma semea wɔyɛ adwuma wɔ nnda a aka no mu no. wonsɔ ogya, na wonkɔ afuom anaa akyirikyiri babiara. Na mmom wosiesie won ho yiye na wodi homeda. Na homeda no gyina hɔ ma anigyie, mbre a wohyiam na wosom na wokekan firi Torah no mu, na wodwendwen ho, wɔ ayɛyiye nso mu.

Na Awurade da no, Agyidifoɔ hyiam, na wodi mbrɛ bebree wɔ Onyankopɔn anim sene da nkaeɛ no. Na wode wakoma ne won adwen nyinaa si no so, ɛfisɛ ɔno ne yɛn bɔfoɔ, yɛn Agyenkwa, ne yɛ werekyekyefoɔ. Na ɛsɛ sɛ yɛben kyerew Kronkron akenkan, na yɛtie Asɛmpa no, na yɛne ahotewfoɔ bom bɔ mpaeɛ wɔ Nnwomtoɔ ne ayɛyiye mu, ɛfisɛ ɛno na ɛhyɛ yɛn den, na ɛpagya yɛn wɔ ɔhaw ne yɛn sareso akwantuo wɔ nawotwe no nyinaa mu. Nanso ɛnyɛ Onipa ne ne homee na ɛhia, wo saa nda yi mu, na mmom Awurade ankasa. Ne saa nti na Homeda no abɛyɛ Awurade da, no. Na ɔde saa da yi asi soronko, na watew ho, ɛna wahyira so. Awurade da no, yɛ agyedeɛ kɛseɛ a ɛfirii Onyankopɔn ma nabɔdeɛ nyinaa.

Homeda no ahoteɛ no kyerɛ sɛ yɛbɛyi Ɔbɔdeɛ a ɔbɔɔ Osoro ne Asaae, Nsoroma, ne Ndua wɔ Nasɛm tumi kɛse no mu. Ɔbɔɔ Nsuo mu nam, Nnomaa, ne mboa nketewa ne akɛseɛ. Na ɔde fam Nnoteɛ bɔɔ Onipa sɛ Onyankopɔn Suban ne Sɛso. Wɔ nabɔdeɛ mu no, ne Noɔma a ɔbɔɔeɛ no nyinaa yɛ awawadeɛ wɔ Nyansa ne ahoɔden wɔ ɔkwan soronko so koraa. Abɔdeɛ mu nhwehwɛmufoɔ rebɔ mmɔden sɛ wobɛhu ahintasɛm a ɛwɔ Onipa abɔsu mu, nahoɔden ne ne honhom nhwehwemu, nanso wonhu. Onyankopɔn ndwuma yɛ wawa! Na nabɔdeɛ yɛ fe sɛɛ a, na den na yɛde bɛsusu Onyankopɔn ɛhoɔfe ho! Nnipa kasa ntumi nkyerɛ ne kɛseyɛ, nannuoyam anaa ne tumi a ɛwɔ babiaa. Na ɔsɛ Ayɛyiye ne Aseda firi nabɔdeɛ nyinaa nkyen.

Onyankopɔn wie ne adebɔ botaeɛ nyinaa no, Ɔhomee. Woambrɛ wɔ nadebɔ mu mmom, ɛfisɛ Otumfoɔ no Ɔmbrɛ, na Ɔnntɔ Nko nso, na mmom nani sɔɔ ne ndwuma ho, ɔpɛɛ ne ndwuma awawadeɛ dodoo a woayɛ no nyinaa asɛm, na ɔkae sɛ ɛyɛ. Na ɛyɛ ma yɛn sɛ yɛbɛyi Onyankopɔn ayɛ daa, ne titiriw no, Awurade da no, wɔ nabɔdeɛ awawdeɛ a ɛnni nhwehwɛmu no ho.


06.2 - Hia a Ɛhia sɛ Yɛgye Yɛahome wɔ Homeda

Sɛ Homeda du a, yɛwɔ ho akwanya sɛ yɛ ne Ɔsoro homee, a Onyankopɔn na asiesie ama yɛn. Na woama yɛn akwanya wɔ koomyɛ ne Ɔsom mu. Saa akoma mu koomyɛ ne ahokeka mu koomyɛ yi, boa yɛn wɔ yapoomuden mu. Na obiara a ɔbɛbu saa Mmra yi so no nya asotwe. Amanaman bi a wowɔ Soviet Union, ne adwumakuo akɛseɛ bi a wowɔ Apueɛ fam no bɔ mmɔden sɛ anka wobɛbu Awurade da yi so, nanso won annya asomdwee da. Won a wobuu Awurade da yi so no, na wɔde won ho too won nimdeɛ so no, ntumi hu Awurade abɔdeɛ mu Annuoyam. Na won apa Adesua mu ahoɔden, na won ndwuma nso, nnsi won yiye wɔ nawotwe no nyinaa mu. Na obiara, mpo mboa nso, ɛsɛ sɛ wonya ahome, ɛfisɛ abɔdeɛ biara retumi nya nahoɔden bio da, gyesɛ odikan yɛ dinn wɔ Onyankopɔn anim. Yɛtumi hu sɛ Mmra Nsɛm yi nkasa sɛ yɛnyɛ adwuma dɔnhwere aduasa num 35 anaa aduanan 40 wɔ nawotwe mu, na mmom nda nsia wɔ adwumaden mu. Na nea ɛtɔso nson yɛ Awurade deɛ koraa. Na kyerewsɛm no kyerɛkyerɛ yɛn nsa ɛnyɛ adwuma no ndidi, na adwumayɛ nso yɛ akatua ma Onipa.

Yesu Kyerɛɛ yɛn sɛ yɛn hwɛ na yɛnsua sukooko, ne nhweren wɔ nwirem na yɛnhwɛ senea ɛyin. Na munhu mbre dodoo a ɛde gu nhweren, na nahaban yɛ frɔm, kosi sɛ abɛsow aba? hwɛ na bue wani. Hunu tumi ne Mmra a ɛwɔ abɔdeɛ mu, na ɛhɔ na wobɛhu sɛ ɔbɔadeɛ no yɛ Onyansafoɔ, na ne Agya adɔeɛ dɔɔso. Yesu kaa bio sɛ, yɛn hwɛ senea nhweren ahoɔfe ne nannuoyam teɛ, na yɛamfa ntɔtɔ asikafoɔ ho, na yɛbɛhu sɛ mpo Ahenfo ne adehyeɛ annuoyam mpo retumi ntɔtɔ nhweren ahyehyɛdeɛ ne nannuoyam fefe ho, a ɛwɔ ɛndɛ, na ɔkyena ɛwu. Onipa ankasa ne Oyankopɔn abɔdeɛ nyinaa me annuoyam, na mpo Onipa anim yi nannuoyam no ketwaabi. Aoo, sɛ anka yɛbɛsesa yɛabrabɔ a, na yɛgyae ahopepre na yɛadwen ho yiye a!, anka yɛbɛhu abɔdeɛ mu awawadeɛ ne nannuoyam fefe no, na yɛatumi de ayɛyiye ne aseda ama Onyankopɔn. Na ɛnda yi kasa foni bi wɔ hɔ a woyi mbaa adegyamu ne mpaso agorodie kyerɛ, ne amumuyɛ ahorow wɔ saa kasa foni yi so, nanso Onyankopɔn pɛ sɛ daa no obue yɛni, wɔ kwan horrow bebree mu te sɛ osutɔ mbrɛ, ahuhuru mbrɛ, ne nsukɔtwea mbrɛ mu, na yɛde hu ne nsaano ndwuma awawadeɛ a woabɔ de ɛsie.

Na Awurade hyɛɛ yɛn sɛ yɛndi Homeda no, ɔkaeɛ sɛ saa da yi, nsi hɔ soronko, na Onipa mfa nsua nasɛm na ɔnya nkwa wɔ nanim. Homeda no ho ahoteɛ no nnyɛ sɛ Onipa bɛhomee, na woatie Asɛmpa no, na woakekan Onyankopɔn Asɛm nkoaa nti, na mmom ɛwɔ hɔ sɛ Onipa bɛsan nakyi aba Onyabkopɔn nkyen, wɔ nakoma nyinaa mu, na Onyankopɔn asesa yɛn, na ɔde nadom ne adɔeɛ ahyɛ yɛn ma. Ɔyɛ Kronkron, na ɔpɛ sɛ yɛyɛ Kronkron nso. Ɛno nti mmoma yɛnpem nkɔ ne hann dɔ no ho, na yɛnsɛ nannuoyam no bi, na foforoyɛ biara nni hɔ a koomyɛ nni mu.


06.3 - Wonnte Homeda ase yiye

Homeda no kora Apam dada no mufoɔ so, na ɛyi wɔn afiri amanaman no abosomsom bebree a na atwa won ho ahyia no mu. Saa botɛeɛ, a ɛfa Awurade da no ho yi, nso siesie won yiye maa Kristo no a ɔbɛba wiase no, a ɔyɛ wiase nyinaa agyenkwa no. Nanso Homeda no ankasa deɛ, antumi ansesa Nipa no, na antumi ambɔ won ho ban, ɛna antumi nso amfa adwene foforoyɛ ambrɛ agyidifoɔ no a wodii soɔ no nyinaa. Na Nnipa nyinaa yɛ mmere, bɔne ne amumuyɛ ahyɛ won ma wɔ Onyankopɔn anim. Na Mmra biara nni hɔ a ɛbɛtumi asesa Nnipa, anaa sɛ Homeda no bɛtumi agye Onipa afiri bɔne mu. Nanso ɛkora won so firi anyame foforo ho. Na wɔ Apam foforo no mu no, yɛndi Homeda Mmra no so ansa na yɛn nsa aka Onyankopɔn adom no, na mmom yɛda no ase sɛ ɔbɔɔ yɛn. Ɛfisɛ ɔbɛfaa yɛn tebea wɔ Kristo su mu, na ɔhyɛɛ yɛn yiye sene sɛ Agya hwɛ ne mba. Ɛyi nti, na yɛ dɔ no na yɛhyɛ no annuoyam. Na Mmra no so die no, rentumi ngye yɛn nfiri yɛn bɔne mu, na Onyankopɔn adom no yɛ ahintasɛm wɔ yɛn nkwageyeɛ ne yɛn awo foforo mu. Obiara a wɔfa Mmra so bu no bem no, wɔnam Mmra nso so bu no atɛn. Na wotene wo nsa so Yesu nsa woatene no mu a, ɔbɛso wo mu akyerɛ wo kwan a wobɛfaso afiri atɛnmmuo nyinaa mu.

Homeda no, Onyankopɔn homee, na ɔhwɛɛ ne nsa ano ndwuma. Na ohuu sɛ ne nyinaa yɛ fe yiye. Nanso Onyankopɔn ahomegye pa no gyaeɛ, wɔ mbrɛ a Onipa yɛɛ bɔne na ɔhyease no. Na Onyabkopɔn gyae nahomegye, na ɔyɛɛ adwuma adekyee ne adesaeɛ sɛ ɔbɛgye Onipa afiri ahyeaseɛ mu, ne nabɔdeɛ nyinaa. Na ɔkae sɛ: "na mmom wode wo bɔne yɛɛ me adesoa, na wode w'amumuyɛ maa mebrɛe". ( Yesaia 43:24). Na Yesu nso kae sɛ: M'Agya gu so yɛ adwuma bɛsi sɛsɛɛ, na me nso meyɛ adwuma. (Yohanne 5:17). Onyankopɔn ani ku yɛn ho yiye, na ɔdwen yɛn bɔne nso ho, na yɛda Onyankopɔn ase sɛ ɔde ɔgyeɛ kɛse ama adebɔneyɛfoɔ nyinaa wɔ Yesu Kristo ne wuo afɔrebɔ kɛseɛ no mu. Ɛno nti Obiara a ɔgye Onyankopɔn aguanmmaa no di no rentumi mmma Mmra atɛnmmuo ase, na mmom obɛnya fahodie wɔ Yesu mogya mu. Yesu wui na wosie no, adekyeso, na wodii Homeda no. Na ɔhomee wɔ Onyankopɔn Homee mu, wɔ osikani bi abodan mu. Na ɔsɔree wɔ nawotwe no da a ɛdikan mu, firi awufoɔ mu, na saa kwan yi so no, Onyankopɔn hyɛɛ Homeda no nhyehyeɛ nyinaa ma. Na ɔnam Owusɔreɛ no so de da foforo asi hɔ, a ɛgyina hɔ ma awo foforo, a ne ngyinasoɔ yɛ Onyankopɔn adom, ne Honhom Kronkron tumi, na mmom ɛnnyɛ ɛtɛnmmuo a ɛnam Mmra so ba.


06.4 - So Kristofoɔ wɔ ho kwan sɛ wɔsom kwasiada anaa memeneda mmom?

Mpen bebree no, Jewfoɔ ne Memeneda asomfoɔ bɔ Kristofoɔ somboɔ sɛ wosɛe Mmra Asɛm a ɛtoso anan no, na wɔka sɛ Onyankopɔn Abufuo bɛba Kristo akyidifoɔ, Kwasiada asomfoɔ nyinaa so, ɛfisɛ wonnsom wɔ memeneda sɛ Homeda no. Onyankopɔn Ba no hyɛɛ Mmra ne nhyehyeɛ a ɛfa Homeda no ho no nyinaa ma, maa yɛn. Ɔhyɛɛ no ma, na afaa ne nyinaa nnomum. Yesu amfa Mmra foforo bi ansi hɔ, sɛ ɔde retew ɛda bi ho, bosome, anaa afe. Na mmom Ɔgyee nakyidifoɔ, na ɔtew won ho. Ɛnsɛ sɛ Onipa som Onyankopɔn wɔ Homeda nkoaa and afahyɛ bi mu nkoaa na mmom da biara. Ɛno nti Kristo tew ankorɛ ankorɛ biara ho no, na ɛnyɛ nda no. "Na biribiara a moyɛ no asɛm mu anaa adwuma mu no, monyɛ ne nyinaa Awurade Yesu din mu mfa ne so nna Agya Nyankopɔn ase". (Kolosefo 3:17) Adwuma biara a yɛbɛyɛ wɔ Honhom Kronkron akwankyerɛ mu no, yɛ Onyankopɔn som no mu bi. da bi nnso_ nkyen bi. Yesu de ne mogya na atew yɛn ho, na ɔnam ne Honhom Kronkron so ayɛ yɛn foforo nso. Na ɔbɔɔ ahotewfoɔ na annyɛ ahoɔtew da. Na bɔtaeɛ nti a ɔsanee baa asaase yi so bewu maa yɛn no ne sɛ, nea Homeda no antumi anyɛ no,na ɔbɛyɛɛ, sɛ ɔbɛbɔ Nnipa foforo, na woasesa amumuyɛ abɔnefoɔ adanne won nasuafoɔ, a woatew won ho, na woadane bebree ayɛ ne nkoa.

Yesu asesa Honhom mu akyerewdeɛ biara a ɛtia yɛn no nyinaa. Ɛno nti na Kristofoɔ som kwasiada, da a Yesu sɔree firii awufoɔ mu no, se ɛbɛyɛ a yɛbɛhyɛ Apam foforo no fa_ wɔ nabɔdeɛ foforo no mu. Yesu pɛ sɛ nakyidifoɔ nya ahomee, nso, na wonya akwanya de sua ɔkwan a woabue ama won wɔ awo foforo no mu no. Woanhyɛ yɛn sɛ yɛnsom no kwasiada mmom, na onnsi yɛn ho kwan nso sɛ yɛnsom no memeneda Homeda nso. na woampɛ sɛ yɛde nnda anaa afahyɛ, biara bɛsi yɛn kwan, na ne botaeɛ ne sɛ, ɔbɛgyee nnebɔneyɛfoɔ nkwa. Yesu wusɔreɛ yɛɛ ahyensodeɛ maa ahyeaseɛ foforo sɛ yɛnte Mmra a ɛtoto ano no mu bio, na mmom yɛakɔhyɛ Ɔgyeɛ nkwagyeɛ adom a ɛfiri yɛn Awurade Yesu mu no. Na ɛyi nso nkyerɛ sɛ Kristofoɔ nhyɛ Mmra ase. Kristo Honhom a ɛte yɛn mu no ankasa nso yɛ Mmra a ɔdɔ ahyɛ no ma, na ɔma yɛn tumi adom sɛ yɛamfa ndi so. Nnti Homeda no yɛ nsenkyerenne ma Apam dada no mmerewyɛ Apam. Na saa ara nso na Kwasiada som no nso nsenkyerenne ma Kristo nkunimdie a ɛsɔ Apam foforo no ano.

Agyidifoɔ bi wɔ Islam aman bi so a wontumi nhome kwasiada anaa homeda mpo. ɛno nti wohyia mu wɔ Fiada, a wonim sɛ Awurade ankasa ka wɔn ho, senea ɔhyɛɛ bɔ no, "Na deɛ baanu anaa baasa ahyiam me din mu no, ɛhɔ na mewɔ wɔn mfimfini". (Mateo 18:20) Yesu ampɛ sɛ ɔbɛtew da biara ho, ama ɔsom da, na mmom ɔtew agyidifoɔ ho daa biara, wɔ baabiara.


06.5 - Kwasiada afahyɛ

Kristofoɔ bɛyɛden atew won Awurade da no ho? Ɔdɔ ka won boaboa ano wɔ kwasiada som mu, na wɔde ayɛyiye ne aseda, ne kyerew Kronkron akenkan de yi Awurade ayɛ, wɔ ahotewfoɔ nhyiamu mu. Yɛn mba, yɛn ahɔhoɔ, adwumayɛfoɔ ne mpo, mboa nyinaa nkayɛnho wɔ ahomegye da no, wɔ osoro anigyie wusɔreɛ a yɛkakae no kwasiada biaa no, wɔ nea yɛn mu no nti. Kristofoɔ gyidie fapem no, mu doɔ yiye sene Jewfoɔ no. Yesu se, "Maka yeinom nyinaa makyerɛ mo, na m'anigyeɛ atena mo mu, na mo anigyeɛ awie pɛyɛ". (Yohanne 15:11, 17:13). Paulo nso kyerew sɛ, "Momma mo ani nnye Awurade mu daa! Meka no bio sɛ: Momma mo ani nnye"! (Filipofo 4:4). "Na Honhom no aba no ne, Ɔdɔ, Anigyie, ne Asomdwee..." (Galatifo 5:22). Na saa kyerew nsɛm yi kyerɛ Honhom a ɛdi hene wɔ kwasiada som mu. Na ɛsan nso kyerɛ Honhom a ɛwɔ yɛn dwuma die mu wɔ nawotwe no nyinaa mu. na ɛkyerɛ yɛn senea Kristo abusua nso teɛ.

So ɛsɛ sɛ yɛyɛ adwuma wɔ Kwasiada? Kristofoɔ nso te Onipa biaa, a nsonoeɛ nni mu. Wowɔ nipadua na wobrɛ nso. Ɛno nti na ɛsɛ sɛ wohome na wodwodwo won ho. woyɛ abɔdeɛ, nanso Honhom mu no, woyɛ Onyankopɔn mba. Na honam fam deɛ wote asaase so, nanso Honhom fam no wote Osoro hɔ nom wɔ Kristo Yesu mu. Na wɔmpa da a wohomee wɔ Awurade anim. Kwasiada nnyɛ da a ɛsɛ Kristoni de da_ fie na mmom ɛyɛ da soronko a woyi Onyankopɔn Agya no, ayɛ na yɛ tɔmtɔm no ayɛyiye mu. Saa da yi yɛ Onyankopɔn deɛ, na yɛni ho kwan sɛ yɛyɛ adwuma biara. Nanso sɛ adwuma bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛyɛ de kyerɛ ɔdɔ a ɛyi obi firi ɔhaw bi mu a, ɛsɛ sɛ yɛyi saa nipa no firi mu. Yɛn trenee nngyina Mmra no so die mu, na mmom, Yɛn trenee wɔ Kristo wuo aforebɔ a ɔbɔ maa yɛn no mu, na ɔde aforebɔ honhom nso ɛwura yɛn akoma mu. Woama yɛn ho kwan sɛ yɛn hyiam mu na yɛnsom no Kwasiada, sɛ akwanya soronko a woasiesie ato hɔ ama Kristofoɔ. Na ɛnnyɛ Kristofoɔ mfasoɔ sɛ wobɛdi won honhom fam ɛduane kwasiada nkoaa, na mmom ɛsɛ sɛ wodi wɔn honhom mu aduane daa, anyɛ saa a, won gyidie, ɔdɔ, ne won anidasoɔ no bɛyɛ mmere. Kwasiada nso ma yɛn akwanya ma yɛde to nnwom, bɔ mpaeɛ, sɛ dɔm, na yɛyi yɛn adwenkyerɛ, ɛdi de kyɛrekyerɛ yɛnho yɛnho sɛ Kristofoɔ mann. Kristofoɔ nhyiamu nyinaa yɛ Kristo Honhom Nnipa dua. Na ankorɛ ankorɛ, no nnyɛ awo foforo no bɔtae nkoa, na mmom ahotewfoɔ nhiam dodoɔ a yehu no kwasiada biara no.

Nhira ne won a wokɔsra ayarefoɔ, onibie ne ahiafoɔ wɔ kwasiada. Saa agyidiefoɔ yi nhwɛ wɔn hyɛn mu petrol ansana wɔn atu anamɔn akɔ kwansin 100.

Awurade honhom no di boa yɛn, na ɛdi yɛn anim kan de yɛn kɔ Asɛmpatrew kɔhwehwɛ akra a worewu wɔ bɔne mu. Woafrɛ yɛn sɛ yɛndi won anim nkɔ adwen sakyera mu nkɔ Kristo mu, sɛ ɛbɛyɛ na wobɛfiri nkodua ne akoma pirim mu. Yɛni anoyi biara wɔ Awurade anim, sɛ yɛanka Asɛmpa no ankyerɛ wiasefoɔ a wongye ndi no a. Na woafrɛ yɛn nso sɛ yɛn adɔeɛ ma ahiafoɔ, ne won a wonnibi wɔ Awurade da.

Kwasiada ma yɛn mbrɛ bebree ma yɛtumi yi Awurade ayɛ, na yɛda no ase nso, na ɛma yɛtumi de yɛn mmereyɛ nyinaa ba Awurade anim mpaebɔ mu, na yɛdi ma afoforo nso wɔ mpaebɔ mu, de won ahiadeɛ nyinaa tɔ Awurade anim. Na yɛnam nkyerekyerɛ so nso ne mmofra hyiam mu kwasiada nso ne won toɔ ayɛyiye nnwom bom ma Awurade din so wɔ anigyie ne ahosɛpɛ mu. Na momma yɛnsre Awurade na ɔmma 'Awurade mpaebɔ' mu abisadeɛ miensa a ɛdibkan no mmra mu yɛn.

Sɛ yɛdi kwasiada som so a yɛbɛyɛ nhyira. Yesu asiesie nhyira bebree ama obiara a ɔma ho kwan na Kristo Honhom tena ne mu na odi owusɔreɛ tumi no ho nhyehyeɛ so kwasiada.


06.6 - Kwasiada ho fi guo

Ɛyɛ Asɛm sɛ Nnnipa bebree no ara di bɔne wɔ nawotwe a ɛtwa toɔ no mu sene ɛda nkae no. Wɔ kwasiada mu no, nnipa pii de wɔn hyɛn kɔ nkurom de yɛ noɔma gu ɔman ho fi. Kasa foni bebree no, de mbrɛ kakraabi na ɛma woka Onyankopɔn Asɛm wɔ so, na wɔ de won mbrɛ nyinaa yi oyikyerɛ mfoni, ɛmmaa adegya ne mpaso agorodie yi kyerɛ mfoni ne ahonhom bɔne yikyerɛ mfoni nkoaa na ɛkɔ so wɔ kasa foni so. Kwasiada mpo no, ɛbinom yɛ adwuma wɔ fie, ɛwo won mfikyiri ɛfuo mu, ne adwuma ahorow a anka ɛnsɛ sɛ woyɛ no kwasiada na mmom da no mu biako no, wode kɔhyɛ kwasiada. Wɔ Apam dada mu no, obi ntumi nyɛ adwuma Homeda, ɛfisɛ sɛ woyɛ adwum abiara Homeda na wohye wo sɛ woreyɛ adwuma a, ɛho akatua yɛ ntɛmso owuo. Sɛ yɛhwɛ bɔne ahorrow nyinaa a ɛkɔso wo hann mu ne ahintaeɛ mu wɔ kuro mu a, na ɛsɛ sɛ yɛsɔre, na ɛyɛ Onyankopɔn abodwokyere dɔ nkoaa no anya ɔtwen ama adebɔneyɛfoɔ.

So yɛn werɛ afi Awurade Asɛm a ɔkaeɛ sɛ obiara ogu Awurade da no ho fi wɔ (Eksodos 31:14-17) na anka yɛbɛhunu sɛnea ɛhia sɛ yɛyɛ koom wɔ Awurade anim, ( kan Asɛm hi wɔ Numeri 15:32-36 na te ɛseɛ sɛnea ɛho hia sɛ yɛbɛdi Awurade da no so yiye). Ɛsɛ sɛ yɛ sesa yɛn suban ne yabrabɔ bebree, na mpo yɛmma yɛn sukuulfoɔ mpo nnyɛ won fie sɔhwɛ kwasiada. Awurade hyeɛ sɛ kuro anaa akuraase biara a woanhwe sɛ ɔbɛyɛ Homeda no Kronkron no, woamfa ogya ntom nhye no, (Yeremia 17:22). Ɛnsɛ sɛ yɛde saa kɔkɔ bɔ yi di agoro. Ɛbi mpo a na ɛno nti ɛndɛ wiase yi mu ahaw ne amaneɛ, bebree aba yɛn so yi. Na kyerew Kronkron no se, Monnnaadaa mo ho, Onyankopɔn, wɔnsi no atwetweɛ; ɛfiri sɛ deɛ onipa guo no, ɛno ara na ɔbɛtwa. (Galatifo 6:7). Obiara ntumi nsɛe Onyankopɔn Mmra na nnkɔ kwa.

Sɛ Yesu anwu wɔ Asendua no so ama yɛn a, na woangyina mu wɔ yɛn atɛnmmuo mu ama yɛn a, anka yɛn nyinaa nni anidasoɔ biara. Nanso ne wuo no nnyɛ anoyie ma yɛn sɛ, yɛbɛgyina so de asɛe Awurade ɛda no. Yesu ne Nasuafoɔ no siesie Homeda no daa nyinaa. Na ɔhyɛɛ Na'Agya annuoyam daa. Na ne wusɔreɛ akyi no, ɛda a ɛdi kan no, oyii ne adi kyerɛɛ nasuafoɔ no, na ɛbɛyɛɛ nkaeɛdum afahyɛ maa wɔn ne ne ntam Apam foforo no.


06.7 - Nnipa nsusui foforo a ɛfa Mmra no ho

Adwen a yɛsusu sɛ ɛyɛ kwan bɔne a wɔfa so di Homeda no. yɛ tumi hu ɔkwan tia ne nteaseɛ bi a Nnipa wɔ ma Onyankopɔn Mmra yi. Woyi Yesu maaeɛ sɛ wasa yareɛ Homeda, wɔ totɔɔ no sɛ ɔse, ɔyɛ Onyankopɔn Ba, Asɔfoɔ mpaninfoɔ a wɔ Moses Mmra no mu no wɔyɛ akununi na wodii ne ho few, na won ahoɔden ne won dɔ ma Onyankopɔn ne Nnipa asa. Wɔyɛ atreneefoɔ wɔ Nnipa anisoɔ, na wɔyɛ yaatwem, na won adanne won aso afiri adwen sakyera frɛ ho. Na wɔ won anifuraɛ mu no wopiriim won akoma. Woayɛ krado sɛ wɔbɛsakyera won adwene. Na wɔpaa onyankopɔn agya no, ɔba no, ne honhom kronkron. Won anndwene ayarefoɔ ho Homeda. Ɛno nti won ahokeka wɔ Homeda no so die no dannee bɛyɛɛ yaatwem. ‘’Nti Yesu kae wɔ won ho sɛ: ɔman yi de wɔn anofafa na ɛdi Me ni, na wɔn akoma deɛ, atwe afiri me ho kɔ akyirikyiri. Na wɔsɔre me kwa, wɔkyerɛkyerɛ nsɛm a nnipa ahyehyɛ’’. (Mateo 15:8-9).

Yesu rekyekerɛ yɛn kwanpa no, sɛ ɔde bɛtew Awurade som da no ho no, Yesu anka nsɛm bebree amfa sɛ, yɛbɛyɛ adwuma anaa sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛyɛ ɛdwuma Homeda mu, na mmom ɔkyekerɛɛ abrabɔpa, ne subanpa ne akomapa a ɛsɛ sɛ yɛnya wɔ Onyankopɔn anim. Ɔsomafo Paulo toaa so kaa saa nteaseɛ yi ho asɛm bebree wɔ Kristo Honhom a ɛnam no so yɛ adwuma no ho. Nanso ne nkrofoɔ Jewfo no domee no, na wosii no aboɔ sɛ ɔrekyerɛkyerɛ won a wonyɛ Jewfoɔ agyidifoɔ no sɛ Apam dada no nnkyekyere won. Na ɔkyerekyerɛɛ yɛn sɛ yɛade yɛn ho afiri Mmra nsɛm no anototo mu, ɛfisɛ yɛawu ama Mmra no, wɔ Yesu Kristo wuo ne ne sɔreɛ mu. Ɛno nti Mmra no nni yɛn so tumi bio. Na saa Honhom mu Mmra foforo yi, ɛtew yɛn ho, na ɛpagya yɛn kɔ ayɛyiye ne ɔsɔreɛ a yɛde ma Onyankopɔn baasa koro no wɔ yɛn adwen mu, yɛn kasa mu, ne yɛn nneyeɔɛ nyinaa mu. Ne saa nti Mmra no nka yɛn nhye bio, na mmom ɛyɛ adwuma de yɛn kɔ adwen sakyera mu, ne gyidie wɔ Honhom Kronkron a ɛte yɛn mu no mu. Na ɛsɛ sɛ yɛte aseɛ daa sɛ Kristo no, ɔtew Nnipa ho daa, na ɔntew ɛda ho! Eno ansa na yɛbɛtumi ate Apam dada no ne Apam foforo no, nsonsonoeɛ ase yi. wɔ yɛn nteaseɛ mu no, Homeda no yɛ Mmra a ɛto so anan.


06.8 - Fiada som ma Muslimfoɔ

Nkrammofoɔ kyerɛ sɛ wonte Mmra Nsɛm a ɛto so anan no ase; ɛno nti na wode Fiada asi hɔ sɛ da wode asi hɔ sɛ nhyiamu da. Muhammad bɔ ne ho mmɔden wɔ mbre a Jewfoɔ ne Kristofoɔ angye ne frɛ no antum sɛ won mbɛyɛ Muslimfoɔ no. Na Muhammad nso angye Jewfoɔ Memeneda anaa Kristofoɔ Kwasiada antum sɛ ɔsom da. Eno nti na ɔpɛ ɔno ankasa de ne gyidie nhyehyeɛ si hɔ no nti; ɔpaa Apam dada no Mmra nhyehyeɛ a ɛyɛ Memeneda som no ne Apam foforo no nso; na ɔde ɔno ankasa ɛda sii hɔ sɛ ɔsom da a ɛyɛ Fiada nhyiamu ma Muslimfoɔ. Na ngyinasoɔ biara nni kyerew Kronkron no mu wɔ saa ɛda yi ho; na ɛnni ɔgyeɛ nhyehyeɛ biara wɔ ho a ɛwɔ ngyinasoɔ. Na mmom ɛyɛ nhyehyeɛ a ɛte atua tia Onyankopɔ ne ne Kristo no ho. Fiada som nni kyerewsɛm nngyinasoɔ biara.

Muslimfoɔ nyinaa kɔ won ndwumaso Fiada som akyi. Na won nkyerɛkyerɛ bebree wɔ Fiada som mu no; yɛ amanyɔsɛm. Na mpen bebree no wodi nnoɔma a ɛtaa de ɔtan ne atutrasɛm ba akyi. Na ahintasɛm a ɛwɔ sɛ wɔbɛtew ɛda bi ho asi hɔ yiye sɛ ahofama som a ɛmu doɔ; anaa sɛ Onipa nso bɛnya ahoteɛ no; yɛ adeɛ a Muslimfoɔ nnim. Na Allah yɛ kɛse paa na ne Kronkronyɛ nso Muslimni biara nnim; gyesɛ ne din nkoaa. Eyi kyerɛ sɛ Nkrammofoɔ wɔ akyiri paa firi Apam dada no ho. Na wonnim biribiara nso fa nkwagyeɛ; awo foforo ne Apam foforo no ho.

Na yɛde aseda ma nea ɔsɔreɛ firi awufoɔ mu no; ɛfi ɔyɛɛ ne nsenkyerenne no bebree wo Homeda mu; ne nawotwe nda a atwa toɔ mu. Na ɔsɔree firii awufuo mu; wɔ ɛda a ɛdi kan wɔ nawotwe no mu; na ɔmaa yɛn ahyeseɛ foforo wɔ anidasoɔ mu. Ao sɛ anka Kwasiada biara biara bɛyɛ sɛ awiapueɛ ama nawotwe biara nso ahyeren ama nkenyan Nsɛm a ɛfiri yɛn Awurade hɔ aba ama yɛn; Ahyɛdeɛ foforɔ na mema mo, sɛ monnodɔ mo ho sɛdeɛ medɔɔ mo no, sɛ mo nso monnodɔ mo ho mo ho! Sɛ mododɔ mo ho a, ɛnam yei so nnipa nyinaa bɛhunu sɛ moyɛ m'asuafoɔ. (Yohanne 13:34-35)

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on January 31, 2022, at 06:51 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)