Home
Links
Bible Versions
Contact
About us
Impressum
Site Map


WoL AUDIO
WoL CHILDREN


Bible Treasures
Doctrines of Bible
Key Bible Verses


Afrikaans
አማርኛ
عربي
Azərbaycanca
Bahasa Indones.
Basa Jawa
Basa Sunda
Baoulé
বাংলা
Български
Cebuano
Dagbani
Dan
Dioula
Deutsch
Ελληνικά
English
Ewe
Español
فارسی
Français
Gjuha shqipe
հայերեն
한국어
Hausa/هَوُسَا
עברית
हिन्दी
Igbo
ქართული
Kirundi
Kiswahili
Кыргызча
Lingála
മലയാളം
Mëranaw
မြန်မာဘာသာ
नेपाली
日本語
O‘zbek
Peul
Polski
Português
Русский
Srpski/Српски
Soomaaliga
தமிழ்
తెలుగు
ไทย
Tiếng Việt
Türkçe
Twi
Українська
اردو
Uyghur/ئۇيغۇرچه
Wolof
ייִדיש
Yorùbá
中文


ગુજરાતી
Latina
Magyar
Norsk

Home -- Twi -- John - 107 (Jesus questioned before Annas and Peter's threefold denial)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 4 - KANEA HYAN NO DII ƐSUM NO SO NKUNIM (Yohanne 18:1 – 21:25)
A - Nsɛm A Ɛsiiɛ Wɔ Mberɛ A Wɔkyeree No Mu Kosi Ne Ne Sie Mu (Yohanne 18:1 - 19:42)

2. Yesu nsɛmbisa wɔ Annasa anim ne pa a Petro paa no mprensa (Yohanne 18:12-27)


YOHANNE 18:12-14
12 “ɛnna asraafokuo no ne wɔn safohene ne Yudafoɔ asomfoɔ no sɔɔ Yesu mu, na wɔkyekyeree no, 13 na wɔde no kɔɔ Hana nkyɛn kane; na Kaiafa a ɔdi afe no mu sɔfo panin ase ne no. 14 Nso Kaiafa no ne deɛ ɔtuu Yudafoɔ no fo sɛ: ɛyɛ sɛ onipa baako bɛwu ama ɔman no.”

Ɛnnyɛ Yudafoɔ no nko ara na ɛkyeree Yesu, na mmom Roman asrafoɔ no panin no kɔɔ hɔ wɔ botaeɛ korɔ no ara nti. Afei Kristo a ɔwɔ owuo so tumi, deɛ ɔbrɛ mframa seɛ, deɛ ɔsa nyarewa, na ɔde bɔne kyɛ no faa ɔyaw kɛseɛ mu. Afei deɛ na ɔde ne ho no bɛyɛɛ akoa. Awurade bɛyɛɛ mmerɛ. Ɛyɛ yɛn na yɛyɛeɛ ɛnam yɛn bɔne dodoɔ nti. Na wɔtetee no brɛɛ no ase koraa wɔ asɛnnua no so.

Annas ne Ɔsɔfo Panin fri 6 Bc kosi 15 Bc. Wɔ suahunu mo no, na ɔbɛyɛ Panin akosi berɛ a obɛwu, nanso Romanfoɔ no tuu no frii nakondwa so. Na ɛmu no, wɔkɔfaa Kaifas, a ɔne fox, a ɔyɛ nase barima, a na ɔyɛ mmranimni. Na ɔno deɛ ɔde mmra no ne Romanfoɔ nhyehyɛeɛ yɛɛ adwuma. Na ɔyɛ obi a ndaadaa ahyɛ no ma, na ɔyɛ ɔbonsam diyifoɔ a ɔka nsɛm bɔne fa Yesu wuo ho na ɔhwɛ sɛ ɔman no bɛgyina hɔ. Na wɔhyehyɛɛ ɔhaw ne kumfo na wɔtootoo nano, na ɛfei wɔhyehyɛɛ sɛ wɔ asɛm bɛto no so, na woabu atɛn. Na won nyinaa gye toomu sɛ owuo ho afɔbuo a wɔde ato no so no sɛ fata no na won adansedie no nso yɛ pɛfee.

Yohane anntwerɛ nsɛm ahorroɔ a ɛsiiɛ wɔ nnoɔma a ɛsiiɛ no mu pɛpɛɛpɛ, sɛdeɛ ɛteɛ wɔ asɛmpa nkaeɛ no mu no, na mmom ɔbobɔɔ nsɛm no mu tɔfa ne nsɛmbisa a ɛkɔɔ so wɔ Annas anim, a ɔyɛ Panin wɔ Asɔfokuo mu. Na ɔno na ɔwɔ tumi wɔ asase no na ɔma mpuntuo nso. Na Kaifas hyɛɛeɛ sɛ wɔmfa no nkɔ Annas anim nkɔbisa no nsɛm sɛ obi a ɔwɔ nidie.

YOHANNE 18:15-18
15 Na Simon Petro ne osuani baako bi dii Yesu akyi; nso ɔsɔfo panin no nim osuani no, na ɔne Yesu hyɛnee ɔsɔfo panin no aban mu hɔ. 16 Na Petro deɛ, ɔgyinaa mfikyire pono no ano. ɛnna osuani baako a ɔsɔfo panin no nim no no firii adi bɛka kyerɛɛ ɔbaa a ɔhwɛ pono no ano no, na ɔde Petro baa mu. 17 ɛnna abaawa a ɔhwɛ pono no ano no see Petro sɛ: Wo nso womfiri onipa yi asuafoɔ mu bi anaa? ɔse: Dabi. 18 Nso na nkoa ne asomfoɔ no gyinagyina hɔ asɔ gya, ɛfiri sɛ awɔ aba, na wɔretoɔ; na Petro nso ne wɔn gyina hɔ na ɔreto bie.

Yohane ne Petro dii Yesu akyi anadwo no nyinaa wɔ akyirikyiri. Ɛfirisɛ na Yohane abusuani ne Ɔsɔfo Panin no, ɛno nti otumi kɔɔ asɔfoɔ no tenabea hɔ. Nanso Petro deɛ woanntumi annkɔ mu koraa, ɛfirisɛ na awɛnfoɔ bɔ ɔpono no ho ban.

Yohane hunuu sɛ Petro redi yaw wɔ nakoma mu, a na ogyina pono no nkyen wɔ sum mu. Nanso ɔpɛɛsɛ ɔboa no, na Yohane ne abaawa a ɔhwɛ pono no ano no kasaeɛ. Nanso woammpene so nti ɔne Petro nyaa anobaabaa, kaa sɛ, "So wo nso wonyɛ ne suani no mu baako anaa?" Na ɔkaa sɛ, "Daabi ɛnnyɛ Me" na ɔyɛɛ ne ho sɛ onim no koraa, na onim hwee fa nsɛm a ɛrekɔsoɔ no ho, nanso ɔkɔtenaa ogya a na won asɔ no ho bi, ɛfirisɛ na ɛyɛ awɔ berɛ.

YOHANNE 18:19-24
19 ɛnna ɔsɔfo panin no bisaa Yesu n'asuafoɔ ne ne nkyerɛkyerɛ ho asɛm. 20 Yesu buaa no sɛ: Me deɛ, mekasaa pefee mekyerɛɛ wiase; daa mekyerɛkyerɛɛ hyia adan mu ne asɔrefie, faako a Yudafoɔ nyinaa hyia, na kokoam deɛ menkaa hwee. 21 Adɛn na wobisa me? Bisa wɔn a wɔteeɛ no, ne deɛ mesee wɔn; hwɛ, wɔn na wɔnim deɛ mekaeɛ. 22 Na ɔkaa saa no, asomfoɔ no mu baako a ɔgyina hɔ no bɔɔ Yesu sotorɔ kaa sɛ: Sɛdeɛ wobua ɔsɔfo panin nie? 23 Yesu buaa no sɛ: Sɛ maka no bɔne a, di bɔne no ho adanseɛ; na sɛ ɛyɛ a, adɛn nti na wobɔɔ me? 24 Hana maa wɔde homa kyekyeree no kɔmaa ɔsɔfopanin Kaiafa.

Na wɔyɛɛ nhwehwɛmu faa Yesu ho no, won annhunu afɔbuo biara wɔ ne ho. Na mmom wobisaa no nsɛm wɔ nasuafoɔ no ho ne kwan a ɔfa soɔ kyerɛkyerɛ no. Wɔ saa mberɛ no mu no, na ntafowayifoɔ bebree wɔ hɔ. Na wɔpɛɛsɛ wɔyɛ ne mu nhwehwɛmu ntɛmso, na wohunu sɛ woayɛ mfomsoɔ wɔ nakyidifoɔ no mu anaa, na ama won atumi agyina so de abu no atɛn.

Yesu poo saa ntafowayifoɔ no nhyiamudie ndwuma nyinaa, nanso na won ankasa nim sɛ ɔkyerɛkyerɛ wɔ bɛdwamu pɛfee wɔ Hyiadan mu hɔ, ne Asɔredan no ankasa mu, a nnipa bebree ba Ne nkyen bɛtie no. Na sɛ mpaninfoɔ no pɛɛsɛ anka wohunu No yiye paa a, anka wɔpɛsɛ wobɛhunu nipa ko potee a ɔyɛ na won ayɛ ne nsɛm mu nhwehwɛmu yie na won ahunu Ne frɛ potee no. Na ɛyi mu na Yesu buaa Ɔsɔfo Penin no a woansuro ho koraa. Na mpofirim ara mu no, akoa no mu baako pɛ Ɔsɔfo Panin anim adom nti, ɔtenee ne nsa bɔɔ Yesu. Nanso Yesu ammbɔ no bi anaa ne bo ammfuw no. Nanso won ammberɛ nasotwe no ase, nanso obisaa no deɛn nti a woatene ne nsa abɔ no. Nanso na Yesu nndi fɔ biara, a na anka ɛsɛ sɛ akoa pa Yesu kyɛw na ɔsakyera nadwene.

Na saa asɛmbisa no ɔkaa saa de kyerɛɛ Annas, ɛfirisɛ ɛyɛ ɔno nti na akoa tenee ne nsa bɔɔ no. Na ɔno na woama won ho kwan sɛ wonyɛ no saa bɔne no. Na saa atɛnbuo yi kɔ ma obiara nnɛ yi mu nso ma deɛ ɔbɛtene ne nsa wɔ obi so mberɛ a ɔnyɛɛ wo hwee, anaa sɛ ɔbɛma nakyidifoɔ ɛbu obi abonfiaa kwa. Yɛn Awurade no dɔ nnipa a wɔyɛ mpapahwekwaa na ɔse won sɛ, "Sɛdeɛ moyɛ maa saa nkumaa yi no, saa ara na moyɛ maa Me".

Na Annas hunuu sɛ nahunahuna no ambɔ Yesu hu no, ɔno ankasa gyinaa hɔ sɛ ɔtɛnbuafoɔ na obisabisaa no nsɛm ahorroɔ faa nokorɛ ne atɛn trenee ho, na ɔde kɔmaa nase-barima Kaifas, sɛ ɔnhwehwɛ saa nsɛm no mu.

YOHANNE 18:25-27
25 Na Simon Petro gyina hɔ reto gya. ɛnna wɔsee no sɛ: Wo nso, womfiri n'asuafoɔ no mu anaa? ɔsanee sɛ: Dabi! 26 ɔsɔfo panin no nkoa no mu baako a ɔyɛ deɛ Petro twaa n'aso no busuani kaa sɛ: Manhu wo ne no turom hɔ? 27 ɛnna Petro sanee bio, na ntɛm ara akokɔ bɔnee. Wɔde Yesu kɔma amrado

Kaifas bisaa Yesu nsɛm faa nasuafoɔ no ho. Na asuafoɔ no mu miennu gyina hɔ bi, nanso won anntumi ammpaemu annka sɛ wɔyɛ Awurade asuafoɔ. Na Petro gyina ogya a won asɔ no ho no wohunuu no sɛ ɔyɛ ɔhɔhoɔ, na nkoa no tirimu yɛɛ won kesenee sɛ ayɛ sɛ ɔne Yesu na ɛnam. Na Petro ka kyerɛɛ won sɛ "Daabi, Daabi".

Na won a wosusuu sɛ ɔka ne ho no totoo nano. ɛno nti won nyinaa de won ani sii no so, na wɔtan no, ne titiriw no mberɛ a akoa no kaa sɛ, "Me nim wo; na mehunuu wo wɔ turom mu hɔ". na nnipakuo no nyinaa bɔɔ won hu, ɛfiri ɛyɛ Petro na otwaa panin baako akoa asɔ. Yohane annkyerɛkyerɛ sɛdeɛ Petro domee na ɔkasaaeɛ de poo Yesu, na mmom ɔkyerɛɛ suban a oyii no ɛdie, a ɛnnyɛ koraa sɛ ɔsomafoɔ a odi won kan bɛyɛ.

Mberɛ a akokɔ bɔnn no ɛyɛɛ tesɛ atɛnbuo bi wɔ Petro asomu. Na Yesu annya osuani biara a odii nakyi wɔ Ne wuo mu. Na won nyinaa dwaneeɛ, ne wɔyɛɛ bɔne, twaa atorɔ na wɔpoo no. Na ɛfei nso Yohane annkyerɛ yɛn sɛdeɛ Petro suuiɛ wɔ adwene sakyera mu, na mmom ɔkyerɛɛ kwan a ɔfaa so poo yɛn Awurade. Akokɔ no bɔnee mprensa ma no bɔɔ Petro kɔkɔ. Na Onyankopɔn nso ama yɛn akokɔ ɔbɛbɔn mberɛ biara a yɛbɛtwa atorɔ anaasɛ yɛbɛsuro na ama yɛatumi apaemu aka Awurade. Na nokorɛ Honhom no pɛsɛ ɛba yɛn so daa. Ɛno nti bisa Yesu na ɔma wo nokorɛ tɛkyerɛma ne akoma pa ne adwene mu fan.

MPAEƐBƆ: Awurade Yesu, yɛda wo ase, ɛfirisɛ woyɛ ɔnokwafoɔ. Aboterɛ wɔ wo tumiyɛ mu. Fa yɛn bɔne ahorroɔ nyinaa kyɛ yɛn. Na wo bubuu nnipa nyinaa nkondua mu, na wode wo Honhompa no kyekyeree yɛn, na ammma yɛmmfa yɛn tɛkyerɛma ɛnndi atorɔ. Boa yɛn ma yɛntintim wɔ wo nokorɛdie mu, na kyerɛkyerɛ yɛn ma yɛndi wo ho adanseɛ daa, wɔ ahobrɛaseɛ mu, ne nyansa mu, ne nsiyɔ mu.

NSƐMBISA:

  1. Ayɔnkofa nkutahodie bɛn na ɛda Yesu Petro ntam wɔ mberɛ a ogyina Annas anim na wɔrebisabisa no nsɛm no?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 04, 2022, at 05:29 PM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)