Home
Links
Bible Versions
Contact
About us
Impressum
Site Map


WoL AUDIO
WoL CHILDREN


Bible Treasures
Doctrines of Bible
Key Bible Verses


Afrikaans
አማርኛ
عربي
Azərbaycanca
Bahasa Indones.
Basa Jawa
Basa Sunda
Baoulé
বাংলা
Български
Cebuano
Dagbani
Dan
Dioula
Deutsch
Ελληνικά
English
Ewe
Español
فارسی
Français
Gjuha shqipe
հայերեն
한국어
Hausa/هَوُسَا
עברית
हिन्दी
Igbo
ქართული
Kirundi
Kiswahili
Кыргызча
Lingála
മലയാളം
Mëranaw
မြန်မာဘာသာ
नेपाली
日本語
O‘zbek
Peul
Polski
Português
Русский
Srpski/Српски
Soomaaliga
தமிழ்
తెలుగు
ไทย
Tiếng Việt
Türkçe
Twi
Українська
اردو
Uyghur/ئۇيغۇرچه
Wolof
ייִדיש
Yorùbá
中文


ગુજરાતી
Latina
Magyar
Norsk

Home -- Twi -- Salvation - 5. Salvation for the Whole World Is Completed!
This page in: Albanian -- Armenian -- Baoule -- Cebuano -- English -- French -- German? -- Greek -- Hausa -- Igbo -- Indonesian -- Somali -- Spanish -- Telugu -- TWI -- Ukrainian -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

Wonim Sɛ? Onyankopɔn Nkwagyeɛ Ayɛ Krado Ama wo!
Nhomawa a Ebetumi Aboa Wo

5. Wiase Nyinaa Nkwagyeɛ No Woawie Ho Adwuma!


Osom binom kyerɛkyerɛ sɛ onipa nkwagyeɛ gyina ne ndwumapa a ɔyɛ so. Na ɛbinom nso dwensɛ won ndwumapa na ɛbɛyi won bɔne afiri hɔ. Na saa ɔsom yi mu bebree no de nkyerɛkyerɛ nnesoa a ɛmu yɛ duru a wontumi mpo nsoa na ɛtoto won akyidifoɔ so. Abakɔsɛm ne nea ɛwɔhɔ kyerɛ sɛ adiyisɛm a ɛwɔ Tora ne Asɛmpa nnwoma no mu ka saa nokwarɛ yi sɛ:

Obiara nni hɔ a ɔyɛ papa, gyesɛ obaakopɛ: Onyankopɔn!
Mateo 19:17

Na obiara a ɔmmpaemu nnka saa nokwarɛ yi no na ɔnnkyerɛkyerɛ no nnim Onyankopɔn, na oni Onyankopɔn suban ho nteaseɛ koraa. ɔkronkronni Onyankopɔn no ɔdɔ ahye no ma. Na nanim no, nnipa ndwumapa nyinaa ne nidie, ne ndwuma nyinaa kopue nanim sɛ adehunu ne pɛsɛmenkominya. Na sɛ yakasɛ yɛnni bɔne a, na yɛdaadaa yɛn ho, na nokware biara nni yɛn mu, na yɛma Onyankopɔn danne otorofo.

Adamfopa: So woahunu sɛ bɔne biara no, sɛ mpo ɛyɛ ketewaa no, nakatua ne owuo ma ɔbɔnefoɔ no? Enam bɔne so yɛn nyinaa anya bɔne akatua sɛ owuo, ne atɛnbu gyamu. Na obiara nni hɔ a ɔyɛ ɔtreneeni, anaa ɔsefata sɛ ɔtena ase. Yɛn nyinaa retwam akɔ na yɛkisa sɛnea Twerɛ kronkron no ka no:

BɔNE akatua yɛ OWUO!
Romanfo 6:23

Nanso Onyankopɔn ayemhyehyefoɔ ne ɔdomfoɔ no, ayi nabufuohyeɛ no akɔ akiri. Na woammfa natɛnbu hyeɛ no annsɛe asoɔdenfoɔ ntɛmso sɛnea ne trenee no teɛ. Na mmom obuee kwan foforo too hɔ maa afɔdifoɔ nnebɔneyɛfoɔ sɛ womfaso nde won ho. Na ɔmaa won akwanya na odii won anim bɔɔ aforeɛ maa won. ɛfisɛ wɔ tete nda no mu no, ɔbɔnefo biara di fɔ na ɛsɛ sɛ da biara ɔde aboa bi, ba afore mukyia no anim na ɔde ne nsa nyinaa gu aboa no tiriso, na ɔpaemu ka ne bɔne nyinaa kyerɛ Onyankopɔn. Na saa na ɛyɛ nsenkyerenne sɛ ɔbnefo no bɔne nyinaa ayi akɔda aboa no tiriso. Na sɛ ɛba saa a na ɛsɛ ɔbɔnefo no de nsa kum aboa no wɔ aforemkyia no anim. Na ɛfei naforebɔ no wɔde ogya bɛhye wɔ aforemukyia no so. Onyankopɔn asɛm se:

Na MOGYA angu a, BɔNE FAKYE nni hɔ.
Hebrifo 9:22

Na ɔbɔnefoɔ fɔdini no, hunu sɛ naforebɔ no rehye wɔ aforemukyia no so a, na ɛsɛ ohunu sɛ anka ɔno na ɛsɛ owu na wɔto no kyene atɛnmu gyamu, sɛ anka ɔpatafoɔ biara nni a anka, na mmom wokum aboa no de bɔɔ aforeɛ sii nannanmu. Apam dada no ngyinasoɔ nyinaa yɛ mogya aforebɔ, a wɔbɔ no awia ne anadwo.

Na sɛ daadaa ntamgyinafoɔ ne ɔpatafoɔ nni Onyankopɔn anim a, na bɔne fakye biara nni hɔ ne nkwa nso.

Na adiyifoɔ no a wɔwɔ Apam Dada no mu no Onyankopɔn yi kyerɛɛ won sɛ aboa aforebɔ no nyinaa yɛ ahyensodeɛ nko, a ɛrekyerɛ aforeɛ papa a ɛmu yɛ duru na ɛyɛ biribiara ɛwieɛ aforebɔdeɛ a na ɛrebɛba. Na mboa aforebɔ ne aforebɔ ahorrow no nyinaa nnyɛ deɛ ɛsombo a ɛtumi ahye Onyankopɔn trenee nhyehyeɛ no ma ne ne kɛseyɛ anisɔ. Mpo sɛ wɔde onipa bɔ aforeɛ a na ɛyɛ fi ne akyiwadeɛ kɛseɛ wɔ Onyankopɔn anim. Na nnipa a odi mu paa wɔ wiase no mpo nsɛ mfata sɛ wɔde no bɛbɔ aforeɛ ama nnipa na ɛtumi asɔ Onyankopɔn ani. Na na anidasoɔ biara nni wiase bio.

Nanso, Otumfoɔ Onyankopɔn yii odwan a ne ho nni fi ne nkekaeɛ na ɔyɛ kronkron frii soro, a ɔsɛ na ɔfata sɛ oyi wiase nyinaa bɔne kɔ. Na ɔsomaa odwanmaa no baa asaase so bɛwui ma adebɔneyɛfoɔ nyinaa na ɔhyee wɔ Onyankopɔn abufuhyeɛ mu. Na Onyankopɔn odwanmaa kronkron no ne Awurade Yesu Kristo, mmɔborohunu ma wiase nyinaa ne adom ma obiara a ɔgye no di.

Na ɔbɔɔ ne bra sɛ onipa biara, na Onyanyankopɔn dɔ ahye no ma, na ɔfaa yɛn bɔne nyinaa kɔɔeɛ. Na ɔfaa yɛn amanehunu nyinaa nso too ne ho so na ohuu yaw a anka ɛsɛ sɛ yɛn na yɛhunu no. Onyankopɔn abufuhyeɛ hwiee guu no so wɔ yɛn nti, na nnipa poo no na wodii ne ho few wɔ ne wuo mu.

So woate Onyankopɔn mmɔborohunu no ase, nea ɔnnhwehwɛ ndwuma a wontumi nyɛ mfiri wo nkyen no? Na woasiesie kwan ato hɔ dada firi ahyeasɛ no na woabu wo bem na ɔnam nadom so nso atew wo ho. Asɛmpa no kyerɛkyerɛ yɛn sɛ Onyankopɔn bɔfoɔ yii ne ho adi kyerɛɛ ndwanhwefoɔ no a na wɔrehwe won ndwan anadwo, na ɔka kyerɛɛ won sɛ:

Monnsuro, na hwɛ, mede asɛmpa a ɛyɛ anigyeɛ
pii na ɛbɛyɛ aman nyinaa dea merebrɛ mo,
sɛ nnɛ wɔawo Agyenkwa a ɔne Kristo,
Awurade no.
Luka 2:10-11

Onyankopɔn asiesie nkwagyeɛ a ɛsi pi wɔ Yesu Kristo mu ama yɛn. Na yɛyɛ asɛmpa yi ho adansedifoɔ ma mo wɔ ayɛyiye ne aseda a yɛde ma Onyankopɔn sɛ Kristo afa yɛn bɔne nyinaa kɔ na woatew yɛn akoma mu nso. Na woayi yɛn mmrato nyinaa afiri hɔ, mmrato no a ɛsii yɛn ne ɔkronkronni Onyankopɔn ntam kwan no. Na yɛ ne osuboni Yohanne ka sɛ:

Hwɛ, ONYANKOPɔN ADWAMMAA
a OYI wiase BɔNE KORɔ no nie!
Yohanne 1:29

Na yɛn ankasa ahoɔden ntumi mma yɛn nkwagyeɛ. ɛno nti na Kristo baeɛ na obɛwuiɛ de gyee yɛn nkwa no na woama yɛnya nkwa a ɛnni ɛwieɛ. Na yɛne ɔsomafo Paulo bom ka sɛ:

Afei ɛfiri gyidie mu na wɔabu yɛn bem nti,
yɛnam yɛn Awurade Yesu Kristo
so wɔ ONYANKOPɔN FAM ASOMDWEE.
Romanfo 5:1

Bra Onyankopɔn adwammaa no a ne he nni fi ne dɛmdie biara no hɔ, ɔno na woapopa yɛn bɔne nyinaa koraa? Yesu Kristo, yɛn Awurade no, de ne ho sii hɔ sɛ mpatadeɛ maa nnipa nyinaa. Na ɛmfiri nipa pɛmu na wɔwoo no, na mmom Honhom Kronkron nam ɔbabunu Maria so no wɔwoo no. Na ɔno ankasa ne Onyankopɔn asɛm a ɔbaa honam tebea mu a Honhom no mayɛ nyinaa ahye no ma. Na Onyankopɔn suban tebea yii ne ho adi wɔ Kristo nipasu mu.

Na nnipa bebree nngye saa nokwarɛ yi ntumu. Na won apo nhira kɛseɛ a ɛwɔ soro ne asaase so. Na won akoma apirim na won adwene nso hinhim wɔ won akwan mu. Na wonim sɛ Yesu nkoaa ne onipa a wɔnam Onyankopɔn Honhom Kronkron so woo no. Na ɔno nkoaa nso na ɔwɔ tumi ne ahoɔden sɛ otumi yi wiase nyinaa bɔne kɔ koraa. Eno nti:

GYE Awurade YESU KRISTO di,
na WɔBɛGYE WO ne wo fiefoɔ NKWA.
Asomafo 16:31

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on September 20, 2021, at 10:33 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)