Home
Links
Bible Versions
Contact
About us
Impressum
Site Map


WoL AUDIO
WoL CHILDREN


Bible Treasures
Doctrines of Bible
Key Bible Verses


Afrikaans
አማርኛ
عربي
Azərbaycanca
Bahasa Indones.
Basa Jawa
Basa Sunda
Baoulé
বাংলা
Български
Cebuano
Dagbani
Dan
Dioula
Deutsch
Ελληνικά
English
Ewe
Español
فارسی
Français
Gjuha shqipe
հայերեն
한국어
Hausa/هَوُسَا
עברית
हिन्दी
Igbo
ქართული
Kirundi
Kiswahili
Кыргызча
Lingála
മലയാളം
Mëranaw
မြန်မာဘာသာ
नेपाली
日本語
O‘zbek
Peul
Polski
Português
Русский
Srpski/Српски
Soomaaliga
தமிழ்
తెలుగు
ไทย
Tiếng Việt
Türkçe
Twi
Українська
اردو
Uyghur/ئۇيغۇرچه
Wolof
ייִדיש
Yorùbá
中文


ગુજરાતી
Latina
Magyar
Norsk

Home -- Twi -- Tracts -- Tract 02 (God, be Merciful to Me a Sinner!)
This page in: -- Armenian -- Baoule -- Burmese -- Chinese -- Dagbani? -- Dioula -- English -- French -- German? -- Greek -- Hausa -- Hebrew -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Japanese -- Korean -- Lingala -- Maranao -- Nepali? -- Peul? -- Somali -- Spanish -- Sundanese -- Telugu -- Thai -- Turkish? -- TWI -- Uzbek -- Yoruba

Previous Tract -- Next Tract

TRACTS - Short biblical messages for distribution

TRACT 02 -- Onyankopɔn hu me; ɔdebɔneyɛni Mmɔmmɔ!


Mmerebi; ɔkyerekyereni bi a neni ɛfura; kɔsraa nebusuafoɔ ɛwɔ fie; na abusuafoɔ no hyeɛ no; onifuraɛni no hyaaseɛ bue ne kyerew krɔnkrɔn mu; na mbre a obuebue mu no; na obiara ayɛ dinn ɛrehyɛ nea ɔkyerekyereni nifuraɛni bɛyɛ; na ɔhyaaseɛ sɛ ɔrekankan ɛfiri bɛɛbia woabue no; na ɛyɛɛ obiara wawa sɛ otumi kankan firii bɛbia woabue no sɛ;

"Mbarima meɛnu bi kɔɔ asɔrefie sɛ wɔrekɔpɔ mpaeɛ na baako yɛɛneho sɛ ɔtreneeni kae sɛ; ooh Onyankopɔn me da wo ase sɛ mente sɛ nnebɔneyɛfoɔ yi; adwamanbɔfo; awudifoɔ; adutofoɔ anaa toɔgyeni yi mpo. ɛfisɛ medi mmuada mprɛnu nawodwe biara; na me tua me ntotoso dudu wo me nnɔbaɛ nyinaa so. Na ɔdebɔneyɛni no deɛ; oyginaa agyirigyiri maa neni so kae sɛ ooh Onyankopɔn; hu me ɔdebɔneyɛni yi mmɔmmɔ." (Luka 18:10-13)

Na ɔkan duruu ha no; ogyae kasa kyerɛɛ nnipa a ɛtwa ne ho ɛhyia no sɛ, "Obiara nhwen, na onsusu, na ombisa neho sɛ; ‘hwan koraa ne me?; hwan ho na mede meho bɛtoto?; te sɛ ɔtreneeni no anaa?; anaa sɛ ɔdebɔneyɛni no a ɔresrɛ. Onyankopɔn hɔ atwensahyera mmɔmmɔborohunu no? So nea ɔyɛɛ neho treneeni no; ɛnneyoeɛ nnte sɛ ɛnnɛ yɛn wiase yi asetra ne ɛmu abrabo anaa; nea ɔse ɔmbɔ adwaman; na onwia adeɛ; na ɔtenee senne obiara; na ɛfei odi Onyankopɔn mmara nsɛm nnyinaa so; na odi mmuada mprenu nawotwe biara na ɔboa ɛhiafoɔ?"

Na ɔkyerekyereni no kasae sɛɛ no; obiara yɛɛ koomm wo ɛdan no mu. Na papa bi a nani ɛfi wɔ hɔ; "na obuaɛ sɛ nhyira nka Onyankopɔn sɛ wabue kwan atɔ ama onnipa biara sɛ obetumi akɔ Onyankopɔen anim bre biara ne dabiara a ɔpɛ; a efiri akoma krɔnn ne adɔyɛ ne mmɔborɔhunu bebree mu nso. Nanso Nea ɔyɛɛ ne trenee no; ama ne ho so; wɔ nahantan ne ahomasoɔ mu no; wabu ne ho bim ahyɛ ne ho annuoyam Onyankopɔn anim asenne sɛ anka ɔde annuoyam bɛma Onyankopɔn mmom. Eno nti ne mpeɛbɔ ansɔ Onyankopɔn ani."

Na ɔkyerekyereni no bɔɔ papa penin no abaso; "toaa so sɛ; ahantanfoɔ bu wɔn ho atreneefo wɔ wɔn ankasa aniso; na wopirim wɔn koma ne wɔn atwen nso; Na dabiara da no; wonhu Onyankopɔn nokware no da, na efie wongye wonfomso entom wɔyɛ nnipa a wosua daa; nanso wonhu aseɛmpa no mu ahintasɛm; mfa ahopopo ne Onyankopɔn osuro nnsom Onyankopɔn teasefoɔ no; ɛfisɛ Onyamesom a Onyankopɔn suro nnim no yɛ ɔkwa. Efei obiara a ɔbɔ mpaeɛ na obu ne ho trenee anaa bim no; danne ahantan ne ahomaso Onyankopɔn anim. Sɛ ɛba no saa; ‘na onipa no Nyamesom abɛyɛ ɔhonam ne anisoɔ? Onyamesom; na saa som no nhyɛ Onyankopɔn annuoyam?"

Na nkyerekere no mu no; "Abranteɛ bi bisaa onifurani kyerekerefoɔ no sɛ? adan nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpaeɛ?" So mfasodeɛ bi wɔ mpaebɔ mu anaa? Na obiseɛ sɛ; mpaebɔ mu no; hwan na otie yɛn nsɛm? Na ɔkerekyerefoɔ nifuraɛfoɔ no bua see no sɛ; so onipa a ɔwɔ ani a ɛhu adeɛ; tumi hu ɛneɔma a ɛwɔ ɛwim anaa? Na mmom yɛgyedi sɛ Nea yɛnnhu no nso yɛ nneomma a ɛwɔ wiase nanso yɛmmfa yɛni ɛnhu ne nyinaa; nanso ɛyɛ adwuma wɔ wiase mu. Sɛ yɛde tetephone frɛ obi fri Cairo kɔ Paris anaa fri Casablanca kɔ Tokyo a; nea yɛtumi hu ne sɛ yɛbete onipa no kasa nkoa wɔ tetephone no so. Nanso yentumi nnhu adeɛ pɔtee a ɛsi, anaa eda edi. Sɛ saa nneomayi tumi si saa a; dɛn nti na ogyidi nie biara nngyedi sɛ ɔbɔ mpaeɛ a Onyankopɔn tumifoɔ no tie ne mpaebɔ. Na ɔyɛ nɛbisadeɛ nso ma no. Na wahyɛ Onyankopɔn ɛnnuoyam ne aseda a ɛnni kabea a ɛfiri ahobrase ne ɔdɔ mu ma Onyankopɔn!

Ɔkerekerefoɔ onifuraefoɔ yi toa so kaa ɔdebɔneyɛni no mpaebɔ ne ho asɛm sɛ: "Nhyira nka Onyankopɔn a dabiara ɔkyere adebɔneyɛfoɔ kwan ma wɔsanne firi wɔakwanbɔneso daa. ɛsanesɛ ɔdebɔneyɛni yi atwen bu no fɔ nti; woantumi mpo ɛmbue nano denden wo Ewurade anim; na mmom ɔmesemese nano sii netiri ase wɔ mpaebɔ mu srɛɛ Onyankopɔn hɔ mmɔborohunu. Na ne mpaebɔ dii adanseɛ sɛ ɔgyedi sɛ Onyankopɔn wɔhɔ; na ɔno na tumi ne ahoɔden nyinaa wɔ no; na ɔfrɛɛ Onyankopɔn; nim sɛ Onyankopɔn yɛ baako pɛ wɔ ne tumi; ne nasɛm; ne honhom tumi mu. ɔkrɔnfoɔ yi a woaya atwensahyera no; hu no sɛ Oyankopɔn yɛ ɔkrɔnkrɔni ne ɔdomfoɔ kesɛ a ne mmɔbrohunu dɔɔso nti; ɔde ne ho hyɛɛ Onyankopɔn mmɔbrohunu nsa; ɛfirisɛ onim Onyankopɔn ho hu; ne senea natemmuo ɛteɛ wɔ adebɔneyɛfoɔ so."

Na onim paa sɛ Onyankopɔn yɛ ɔdomfoɔ nanso ɔyɛ ɔtemmufoɔ nokwafoɔ na obu atɛn trenee tua obiara ka sedeɛ nadwuma teɛ. Nti osuroe sɛ Onyankopɔn bebu no atɛn akɔ atɛnmmuo gya a ɛdum da mu. Nanso ne gyidie nti ɔkɔɔ Onyankopɔn anim srɛɛ mmɔborohunu frii ɔtrenee ni; ne ɔkrɔnkrɔn ni no hɔ. Na ɔgyedii sɛ Onyankopɔn adɔeɛ ne ne adom ɛne ne dɔ no; so hyenn natemmuo; ɛno nti otumfoɔ no betumi afiri ne dɔ kesɛ no mu de ne bɔne nyinaa ahye no. Saa nti ogyaee neho tɔɔ Onyankopɔn mmɔborohunu no nsam srɛɛ bɔne fahye. Eno nti na osu frɛɛ Onyankopɔn sɛ; Onyankopɔn hu me ɔdebɔneyɛni yi mmɔbɔ!’

Ɔkyerekerefoɔ onifuraɛni toaso kyerɛɛ atwensahyera asem no ase kɔɔ akyiri yie kaa sɛ; "ɔkrɔfoɔ debɔneyɛni no nuu ne ho kaa ne mfomsoɔ; na ɔsan nso hu ne ho sɛ; ɛnyɛ bɔne nko na woayɛ na mmom nso; ne ho ɛgu fi na hyɛ atadeɛfi wɔ Onyankopɔn anim. Na woada ada gya; ɛfie natwene nso ɛdurusum na Onyankopɔn apo no. ɛsanesɛ nebɔne da nanim daa yi wɔ ɔkrɔnkrɔn hene no anim; na adepa ne anidaso biara nni ne mu wɔ Onyankopɔn anim ɛfiri ne bɔne nti."

Ɔkerekerefoɔ no toaa so sɛ; "Nnipa bebree de wɔn ho to wɔn ankasa ne nimdiɛ so de wɔn ankasa nyansa yɛ wɔn ho kyere nnipa sɛ Onyamesomfoɔ a wodi mu na wɔtene. Nanso onipa biara a ɔnantew Onyankopɔn nokware hann no mu no bre ne ho ase Ewurade anim; de ho to Onyankopɔn so daa; na ohu no sɛ obiara ntene wɔ wiase gye sɛ Onyankopɔn nkoa. Na nadom na ɛkura yɛn mu. Ahintasɛm yi na ɔtoogyeni no hu nuui Ewurade anim; na Onyankopɔn buu no onyansafoɔ na ɔyɛɛ nhira. Ohuu ne mfomsoɔ; dannee kɔɔ ne boɔfo ne yɛfo Onyankopɔn nkyen; kaa bɔne; srɛɛ bɔnefahye firii Onyankopɔn hɔ; Na Ewurade nyaa ayɛmhyeye ne mmɔborohunu maa no."

Onyankopɔn mmpo obiara a ɔsahyera natwen; ne obiara a ɔpre wɔ ne koma mu, na ɔpɛsɛ ɔsesa nabarabɔ de ne ho ma Onyankopɔn; na ɔpɛsɛ onya atwene foforoyɛ aba no bi. Ewurade begye saa onipa no; na ɔde ne adehye mmogya no atew no ho; ayɛ no foforo wɔ atwene ne koma mu; na wabu no bim, wɔ daa nkwa no mu, obiara a ɔsahyera natwen.

Na ɔkyerekyerefopa onifuraɛni yi kɔɔ so bisaa natiefoɔ no sɛ;"’mo pɛ sɛ hunu mmuaɛ a Ewurade Yesu Kristo; Mary ba no; de maa papa noa ɔyɛɛ ne ho teneeni ne ɔdebɔneyɛni a wɔ kɔɔ asɔrefie kɔpɔɔ mpaɛ no?" Na ɔhyee aseɛ buei kyerew krɔnkrɔn no mu de ne nsatiaa hwehwee na ohuu baabi a Ewurade buaa nnipa mienu yi mpaebɔ sɛ; "Nokware mise mo sɛ toogyeni no de anigyeɛ ne bɔnefahye bimbuo sanne kɔɔ fie; sen nea ɔyɛɛ ne ho teneefoɔ no. Na obiara a ɔma nehoso no wɔbɛbrɛ no ase; na nea ɔbrɛ neho ase no; wɔbɛma no so" (Luka 18:14).

Ɔdɔfo a wɔrekan nhomayi,
megyina Ewurade mmɔborohu so metu wo fo sɛ; hwehwe wo mu yie biom; na bisa wɔ kra sɛ nekoma ɛtɔ nemu yie paa wɔ Onyankopɔn anim anaa; wo ndwuma ne woa abrabɔ sɔ Onyankopɔn ani anaa? So wobre wo ho ase wɔ ɔkrɔnkrɔn hene no anim anaa?. Anaasɛ woani wu wɔ wundwuma ho Ewurade anim anaa?. ɔdofo hu ahintasɛm yi sɛ; onipa biara a ɔma neho so na ɔyɛ ahantan wɔ abrabɔ mu biara bɛhwease. Na mmom obiara a ɔsahyera natwen na ɔsan ba na Ewurade ne na agyenkwa nhyen no; na ɔpaemu ka ne bɔne ne nemfomsoɔ kyere Ewurade no; bɛya bɔnefakye na Ewurade bɛtew neho ayɛ no foforo ama woaya adom ne mmɔborohunu daa.

Atwen sahyera mpaebɔ
Wo ne yɛn enyɛ atwen koro mmom na yɛmbɔ David mpaɛ; ɔdiifoɔ kɛse yi a ɔkaa nebɔne mfomsoɔ kyerɛɛ Onyankopɔn; wo mbre a woakɔfa obi yere ne no ada; na woatoaso akum ɔbaa no kunu; Ne saa nti Onyankopɔn abufuo aba no so:

"Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ, sɛ w'adɔeɛ teɛ no, wo mmɔborɔhunu a ɛdɔɔso nti pepa me mmarato. Hohoro me ho firi m'amumuyɛ mu koraa, na prapra me ho firi me bɔne mu. Na mahunu me mmarato no, na me bɔne wɔ m'anim daa. Wo nko ara na mafom woɔ, na mayɛ deɛ ɛyɛ w'ani so bɔne, na woadi bem wo kasa mu, na wo ho ate, w'atemmuo mu. Hwɛ, wɔwoo me amumuyɛ mu, na bɔne mu na me na nyinsɛnee me. Hwɛ, wopɛ nokorɛ me sawa mu, na ma menhunu nyansa me mu ahuntaeɛm. Fa adwera yi me ho bɔne, na me ho afi; dware me, na mayɛ fitaa asene nsukyerɛmma. Ma mente anigyeɛ ne abotɔyam nsɛm, na nnompe a woabubuo no adi ahurisie. Yi w'ani firi me bɔne ho hunta, na pepa m'amumuyɛ nyinaa. Onyankopɔn, bɔ akoma a emu teɛ ma me, na yɛ honhom foforɔ a aseɛ tim wɔ me mu. Nto me mfiri w'anim ntwene, na nyi wo kronkronyɛ honhom mfiri me so. Ma mennya wo nkwagyeɛ ho abotɔyam bio, na ayamyie honhom nsɔ me mu. Mɛkyerɛ mmaratofoɔ w'akwan, na nnebɔneyɛfoɔ adane aba wo nkyɛn. Onyankopɔn, me nkwagyeɛ Nyankopɔn, gye me firi mogya ho fɔ mu, na metɛkyerɛma ato wo tenenee ho ahurisie dwom. AWURADE, bue m'ano fafa, na mede m'ano makyerɛ w'ayeyie. Na wompɛ afɔrebɔ, anka mɛbɔ, ɔhyeɛ afɔdeɛ nsɔ w'ani. Nyankopɔn afɔdeɛ ne honhom a abubuo;Onyankopɔn, akoma a abubuo, na apɛkyɛ na worempoɔ." (Nwom 51:1-17)


Sua Ewurade Nyankopcn Asɛm

Sɛ wopɛ sɛ wohu Onyankopɔn krɔnkrɔnyɛ ne nadom ne ne dɔ; mu bebree a kyerew bre yɛn; na yɛde nhoma a efa Ewurade Yesu Kristo ho nimdeɛ bɛbrewo na yakaewo mpaɛbɔ mu so.


Ka Ewurade asɛmpa no wɔ wompɔtemu

Ɔsdɔfo; sɛ nhoma yi mu nsɛm ayɛ nhyira ama woa; na wɔpɛ sɛ wobɛya bi na wakyekye ama anuanom; ndemfoɔ; ɛne afoforo nsoa; yɛni bɛgye sɛ wobɛkerew yɛn; na yatumi abrewo bebree na wode ɛdi Ewurade Yesu ho adanse akyerɛ afoforo a ɛwɔ wiase na wonya nngyee yɛn Ewurade Yesu nndiiɛ. Yɛ srɛ wo sɛ worekyerew yɛn a bɔ mbɔden fa woa address nso ka ho.

WATERS OF LIFE (NKWA NSUO)
P.O. BOX 60 05 13
70305 STUTTGART
GERMANY

Internet: www.waters-of-life.net
Internet: www.waters-of-life.org
e-mail: info@waters-of-life.net

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on March 27, 2020, at 07:27 PM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)