Home
Links
Bible Versions
Contact
About us
Impressum
Site Map


WoL AUDIO
WoL CHILDREN


Bible Treasures
Doctrines of Bible
Key Bible Verses


Afrikaans
አማርኛ
عربي
Azərbaycanca
Bahasa Indones.
Basa Jawa
Basa Sunda
Baoulé
বাংলা
Български
Cebuano
Dagbani
Dan
Dioula
Deutsch
Ελληνικά
English
Ewe
Español
فارسی
Français
Gjuha shqipe
հայերեն
한국어
Hausa/هَوُسَا
עברית
हिन्दी
Igbo
ქართული
Kirundi
Kiswahili
Кыргызча
Lingála
മലയാളം
Mëranaw
မြန်မာဘာသာ
नेपाली
日本語
O‘zbek
Peul
Polski
Português
Русский
Srpski/Српски
Soomaaliga
தமிழ்
తెలుగు
ไทย
Tiếng Việt
Türkçe
Twi
Українська
اردو
Uyghur/ئۇيغۇرچه
Wolof
ייִדיש
Yorùbá
中文


ગુજરાતી
Latina
Magyar
Norsk

Home -- Twi -- Tracts -- Tract 03 (Bless the Lord, O My Soul!)
This page in: -- Armenian -- Baoule -- Burmese -- Chinese -- Dagbani? -- Dioula -- English -- French -- German? -- Greek -- Hausa -- Hebrew -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Japanese -- Korean -- Lingala -- Maranao -- Nepali? -- Peul? -- Somali -- Spanish -- Sundanese -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Uzbek -- Yoruba

Previous Tract -- Next Tract

TRACTS - Short biblical messages for distribution

TRACT 03 -- Me Kra Hyira Ewurade!


Nnipa pii bɔ woho mmɔden yɛ adwumaden gyina wanamɔnso wɔ abrabɔ mu. Na bebree no ara bɔ mmɔden paa; bre pɛ sika de wɔn mbre nyinaa pɛ sika de nya asetrapa. nanso wiase datwen nyinaa mu no; Ewurade Yesu; mary ba no; "kyerekyere yɛn sɛ obiara ntumi nsom awuranom baanu. Sɛ ɛba saa a, ɔbɛtane baako na wadɔ baako, anaasɛ ɔde ne ho bɛbata baako ho, na wabu baako animtia. Morentumi nsom Onyankopɔn ne mamon." (Mateo 6:24).

David bɔɔ mmɔden de Onyankopɔn ayɛyiyie ne ɔsɔre dii ne haw bebree so. ɔde ne ho sii hɔ wɔ koomyɛ mu ne Onyankopɔn mu ahotɔsoɔ mu; na ɔhwee Ewurade kwan wɔ ne daadaa abrabɔ mu. na wamma ne ho kwan ma onipa anaa wiase abrabɔ mu datwen biara antwe no emfi Onyankopɔn ho. na daa ne daa ogyina Ewurade anim ka sɛ; Me kra, "Hyira AWURADE, na me mu adeɛ nyinaa nhyira ne din kronkron. Me kra, hyira AWURADE, na mma wo werɛ mmfiri ne nneyɛɛ pa nyinaa. Na ono na ode mfomsoɔ nyinaa kyɛ woɔ, na ɔsa wo nyarewa nyinaa. ɔgye wo nkwa firi Amena mu, ɔde adɔeɛ ne mmɔborɔhunu bɔ wo abotiri. ɔde adepa hyɛ w'afono ma na wo mmeranteberɛ yɛ foforɔ sɛ ɔkɔdeɛ." (Nwom 103:1-4)

Mpaebɔ ne ayɛyie hia sɛ wobɛbɔ watwene abɔsoɔ; na wubɛya boasetɔ nso bi. Daa nyinaa wɔ David abrabɔ mu no; ɔde nidie ne ɛnuoyam ma Onyankopɔn daa. saa ara na nnɛ yi nso mu no; honhom krɔnkrɔn boa yen ma yɛtumi twiben Onyankopɔn. Edin EWURADE no; da ɛdi 6,828 ahodoɔ wɔ apam dada nhoma no mu; na edin Onyankopɔn no nso da edi 2,600 ahodoɔ wɔ mu. Na edin Onyankopɔn no; "ne EWURADE". Na nedin no mu nni hwehwebea; na ne nokwaredie tim hɔ daa; ɔno na nidie ne aseda yɛ ne dea daa; senea David hunuu yɛ no.

Saa ara nso na ofi atwen ne ne nsusui mu paemu kaa ho asɛm tumi mu; na wammua nano. ɛyi nti Odiifo no firii ne kramu yii EWURADE ayɛ daa. na ɔde nsiyɛ ne ahokeka ne aseda a enni kabea ma EWURADE. David de nakoma ne kra nyinaa dɔɔ EWURADE na daa ɔhye no anuoyam firii ne mu adeɛ nyinaa. ɔfrɛɛ Ewurade sɛ; ɔkrɔnkrɔni a nnaadaa ne akontɔnkyesɛm ne bɔne biara nni ne mu. Na obiara a ɔba ne nkyen no, ɔde ne trenee ne, ne krɔnkrɔnyɛ hwehwe ne mu; na wayi obiara ndwuma papa ne bɔne adi wɔ nenim hann mu. David nam honhom krɔkrɔn so hunu saa ahintasɛm yi wɔ Ewurade mu; ɛno nti da biara no; ɔbre neho ase wɔ ɔkrɔkrɔn hene no anim na ɔhye no ɛnuoyam. Onyankopɔn krɔnkrɔnyɛ, yi, nanuoyam adi; na ne krɔnkrɔnyɛ no yɛ kese mmoro. na obiara a ɔba ne nkyen no ɔbɛtew ne fitaa wɔ atwen ne koma mu.

David hyee ne honhom so; ka kyerɛɛ ne kra mprensa sɛ me kra yɛ koom hwe Ewurade; na daa ɔde Ewurade ayɛyie sii nani so a ɛnhinhim ankɔ benkum anaa nifa; mpo wo sika sɛm mu; anaa abrabɔ mu ateetee; ne ahokere mu mpo. Na osii nebɔ wetaaso de Ewurade sii nenim hwɛɛ nea ɔwɔ baabiaa no; wiase atemmufoɔ no.

Na David nna no mu no; honhom krɔkrɔn hyee no ma ɔde aseda maa EWURADE wɔ nadɔeyɛ bebrebe a wayi no adi akyere no wɔ na brabɔ mu. Mmpɛn bebree no yɛwerie tumi fi EWURADE nhyira ne neoma a wayɛ ama yɛn wɔ yɛn mpaɛ bɔ mu. na yɛn nyinaa yɛyi EWURADE bɔniayɛ wɔ nadɔeɛ bebree a oyi kyere yɛn.

Eno nti na yɛnam nhoma yi so; reka kyere obiara a worekan nhoma yi sɛ; mma wowere mfiri adɔeɛ nyinaa a wayi no adi akyere wo. yɛkɔso kae wo sɛ ɛdu baabi a; fa krataa ne kyerewdua na kyerew Onyankopɔn adɔeɛ nyinaa a wada no ɛdi akyere wo wɔ wabrabɔ mu; na fa aseda kɛse ma EWURADE.

Yɛnda Ewurade ase wɔ mframa a yɛhome ho; nsuo a yɛnom; snow; ɛduane a yɛdi; ne ntadeɛ a yɛhye; yɛnda Ewurade ase ma yawofo; akyerekyerɛfoɔ; ne sukuufoɔ nso; yɛnda Ewurade ase ma adwumayɛfoɔ ne yɛ man mu asomdwee. Yɛnda EWURADE ase sɛ ɔmma atɔyerenkyɛm; asase wosoo; ateetee; ne ɔkɔm; vocanoes; ne ɔko amma yenso; na daa ɔma yen asomdwee wɔ yɛ man mu. ɔdɔfo; hwewhwe wo mu yie daa; na hu Ewurade adɔɛ adom bebree a wayi akyere wo. bɔ mmɔden bɔ watwene abɔsoɔ fa woho sihɔ yi Ewurade ayɛ mbre nyinaa; nea ɔyɛ ma wo nyinaa nti; na ama EWURADE mu anigye ne nahotɔ atena wakomamu daa nyinaa.

Ade keseɛ nti a daadaa nyinaa David nam honhom krɔnkrɔn so yi Ewurade ayɛ ne sɛ; Ewurade de ne bɔne nyinaa akye no. na nnipa bebree ngye wɔn bɔne ntum; na wonhu nea wayɛ atia Ewurade; na wombre woho ase nsrɛ bɔne fakye. ɔdɔfo bɔ mmɔden sɛ worefa saa kwan yi so. Na mmom paemu ka wo bɔne nyinaa kyere Ewurade; na sahyera watwene. na watumi ahu Ewurade mu ahotɔsoɔ ne adom a ɛwɔ Kristo mu a woyi kyerɛɛ Apostle John no. "Sɛ yɛka sɛ yɛnni bɔne a, na yɛdaadaa yɛn ho, na nokorɛ no nni yɛn mu. Sɛyɛka yɛn bɔne kyerɛ a oye nokwafoɔ ne teneneeni sɛ ɔde yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn, na wate yɛn ho afiri deɛ ɛntene nyinaa ho." (Johanne 1:8-9).

David nyaa EWURADE anim adom kesɛ; na ɔde ne bɔne nyinaa kyɛɛ no. ɛno nti daa nyinaa ɔka sɛ; me kra yi EWURADE ayɛ; ɛfisɛ ɔno na ɔde wo mfomso nyinaa akye wo kwa. Odiifoɔ no huu sɛ; ɛyɛ ɔkrɔnkrɔn ni no; mmobrohunu ne nadom bi ara kwa na ahu no mmobɔ de ne bɔne nyinaa akye no. Saa adom kese yi; ne ahotɔsoɔ; ɛne mmobrohunu nsɛm a ɛte sɛ yi; yɛnhu no wɔ ɔsom biara ne nhoma biara mu bio. Na EWURADE mfa bɔne baakopɛ na ɛkye; na mmom ɔde yɛn bɔne nyinaa kye yɛn; na watew yɛn ho koraa; na obu yɛn bim de nadom nso kye yɛn kwa. ɛsane ne dɔ kɛse a ɔwɔ ma yɛn nti. ɔno na owui wɔ asendua no so bɔɔ afore de gyee wiase nyinaa nkwa. nti yɛnim sɛ; "Na ɔde afɔdeɛ korɔ no ara ama wɔn a wɔatew wɔn ho no awie pɛy." (Hebrews 10:14)

Na EWURADE ahye sɛ; sɛ ɔde yɛn bɔne ne yamumuyɛ nyinaa akye yɛn de a; yɛn nso yɛnfa yatanfo bɔne nyinaa nkye wɔn; sɛnea Onyankopɔn de akyɛ wɔn no.(Mateo 6:12). So wowɔ ɔtanfo anaa? Anaa wone obi a wone no nnyɛ atwene na ɛte anaa? ɔdɔfo bɔ mmɔden fa bɔne a wayɛ wo nyinaa kye no na Ewurade nso ahu wo mmɔbɔ de wo bɔne nyinaa nso akye wo; nadom no mu. Eno nti srɛ Ewurade na ɔmma wo adom ne ahoɔden a wubɛtumi de watanfo bɔne nyinaa akye wɔn. senea ɔbɔadeɛ no de wo deɛ akye wo kwa no (Mateo 6:14).

Honhom kronkron ma Odiifo David huu sɛ; Ewurade de bɔne kyɛɛ no yieɛ no; Ewurade de apoomuden ne ahoɔden maa ne honam. na ɔdaa Ewurade ase. mpen pii na yare ahorow bɔ yɛn; te sɛ ti paae; opira; yɛfunu yare ne yare bɔne; nanso Ewurade fi nadom mu sa yɛn yare. ayaresafo ne nduro a ne bɔ yɛ den akoa ntumi nnsa yɛn yareɛ; na mmom yɛn yaresafo ne Otumfoɔ Onyankopɔn. "na mene AWURADE, ne wo yaresafoɔ no." (Exodus 15:26).

Yesu; Mary ba no adi nebɔhyɛ nyinaa so. wɔn a wɔbaa ne kyen nyinaa no; ɔsaa wɔn yare; na otutuu ahonhom fi firii wɔn a ahonhom hye wɔn so no firii wɔn mu. ɔsaresafo Yesu Kristo no; nam nduruyɛfo ne nduro ahorow so sa yɛn yarewa mbre yi mu nso. na ayaresa a edi mu firii Ewurade nkyen na ɛba. ɔdɔfo; wayɛyie ne sen ma Ewurade?; mma woweremfi sɛ wobɛda wobɔfo no ase ɛfiri wakoma nyinaa mu; ɛfisɛ ɔno na ɔma yɛn adom a apoomuden; nkwa ne ayaresa ayɛ no ma.

Ɔhene David suroo Ewurade. na ohunuu sɛ mbre bi reba a obegyina Ewurade anim. ɛnti daa osiesie neho maa ne wu da. na Ewurade nso yii kyerɛɛ no sɛ ɔbɛgye no afi owuyaw ne asamando nkyekeree mu a emfiri ne trenee mu. efisɛ ɔgyedii sɛ Ewurade na bimbuo wɔ no. obiara a ɔgye Ewurade Yesu Kristo di no; ɛnsɛsɛ osuro owuo ne asaman nwowoee; senea Yesu; Mary ba no ahyɛ yɛn bɔ no. Yesu see no s: "Mene owusɔreɛ ne nkwa; deɛ ɔgye me die no sɛ wawu mpo a, ɔbɛnya nkwa. Na obiara a ɔte ase na ɔgye me die no renwu da. Wogye yei di anaa?" (Johanne 11:25-26).

Yesu; Mary ba no; sɔree firii awufoɔ mu; odii owuo so nkunim. na odii ɔbonsam so de kyerɛɛ ne daa nkwa ahoɔden mu tumi. Enno nti ɔbɛgye nakyidifo nyinaa nkwa; na ɔde wɔn atwa owuo mu akɔ daa nkwa mu. Onyankopɔn honhom yi kyerɛɛ ɔhene David sɛ; sika kɔkɔɔ abotiri ne nnwenepa adeɛ nyɛ hwee wɔ wiase ha. na mmom sɛ obi bɛyi wɔn a wɔda mmpokeremu afiri mu; sɛ obi kɔhwɛ ahiafoɔ ne ayarefoɔ; ne wɔn wɔda adagyaw; wɔn wapa wɔn; ahɔho; na saa nneoma yi na ɛma onipa nya daa nkwa abotiri a ɛnni ewieɛ firii EWURADE nkyen.

Na wo nso waya adom ne ayɛmhyeye a Ewurade de gyee ne nkoa no bi anaa? anaa sɛ wakoma daso ɛpirim sɛ aboɔ anaa?. anaa sɛ wakoma abubu; Krist Yesu kyere yɛn adom ne mmɔbrohunu kwan; na yatumi ayi mmɔbrohunu akyeɛ anuanom; nnamfo nom ne mpo nnipa a wɔreyera wɔ wiase ha ne wiase foforo nso a ɛreba no mu. ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden yi ɔdɔ kyere wɔn a wɔreyera no na yabɔ mpaeɛ ma wɔn; na yɛtwen wɔn ho bi; na Ewurade ɛtumi asoma yɛn wɔn nkyen nokware mu.

Ahotewfo ahintasɛm akomapa a ɛma onipa nya honhom mu abotiri. Ne sɛ; wɔwo mmɔbrohunu ma ahiafo ne adedamfikyiri; wobɔ mpaeɛ ma wɔn; wɔboa; na wode wɔnho bɔ aforeɛ ma wɔn; senea Ewurade de ho bɔɔ aforeɛ no; na ɔkaɛ s; "sɛdeɛ Onipa Ba no amma sɛ wɔnsom no, na mmom ɔbɛsomee, na ɔde ne kra bɛyɛɛ agyedeɛ maa nnipa pii ne no." (Mateo 20:28) Ewurade Yesu ne yɛkwan ne yɛn hwesodeɛ; na ɔno na ɔma yɛn tumi ahoɔden ma yetumi de som nowɔ anigye mu.

Ɔdɔfo a worekan nhoma yi ,
so wohwehwe sika ne mpanindie; a ɛtumi ma onipa akoma yɛden sɛ ɔboɔ? anaa Ewurade honhom asesa watwene ma waya mmɔbrohunu ne ayemhyehye a ɛtumi ma onipa nya daa nkwa abotiri? Bɔ mmɔden taa sua Nwom 103 daa daa. bɔ woho mmɔden da ase daa daa na watumi ɛyin wo Ewurade mu ne dɔ wawaso a ɛsesa onipa kɔ adom ne mmɔbrorohunu mu. fa wo ho si hɔ ma daadaa aseda ne ayɛyie!

Yayɛ kerado sɛ yɛbɛ soma wo; sɛ woma yaso te a; Asɛmpa no wɔ mpaebɔ ne akenkan mu. ɛbɛtumi aboa wo wɔ ayɛyie ne aseda a efi akoma mu.

Bɔ mmɔden hyɛ afoforo nkuran sɛ wobyi EWURADE: ayɛ na wasom no. sɛ saa nhoma yi aboa wo a; ma afoforo nso nya bi nkan; na wɔn nso abɛyɛ Kristo Yesu nkoa. bɔ mmɔden kyerew yɛn na yɛmbre wo nhoma yi bi; na wo nso wakyekye ama afoforo ɛyabi.

Yɛ retwen wo krataa; yɛbɔ mpeɛ ma wo; saa ara na yɛsrɛ wo nso sɛ kae yɛn wɔ wo mpaebɔ mu. ɛmma woweremfi sɛ wode wa address bɛka wo krataa no ho.

WATERS OF LIFE (NKWA NSUO)
P.O. BOX 60 05 13
70305 STUTTGART
GERMANY

Internet: www.waters-of-life.net
Internet: www.waters-of-life.org
e-mail: info@waters-of-life.net

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on March 28, 2020, at 06:06 PM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)