Home
Links
Bible Versions
Contact
About us
Impressum
Site Map


WoL AUDIO
WoL CHILDREN


Bible Treasures
Doctrines of Bible
Key Bible Verses


Afrikaans
አማርኛ
عربي
Azərbaycanca
Bahasa Indones.
Basa Jawa
Basa Sunda
Baoulé
বাংলা
Български
Cebuano
Dagbani
Dan
Dioula
Deutsch
Ελληνικά
English
Ewe
Español
فارسی
Français
Gjuha shqipe
հայերեն
한국어
Hausa/هَوُسَا
עברית
हिन्दी
Igbo
ქართული
Kirundi
Kiswahili
Кыргызча
Lingála
മലയാളം
Mëranaw
မြန်မာဘာသာ
नेपाली
日本語
O‘zbek
Peul
Polski
Português
Русский
Srpski/Српски
Soomaaliga
தமிழ்
తెలుగు
ไทย
Tiếng Việt
Türkçe
Twi
Українська
اردو
Uyghur/ئۇيغۇرچه
Wolof
ייִדיש
Yorùbá
中文


ગુજરાતી
Latina
Magyar
Norsk

Home -- Twi -- John - 118 (Jesus appears to Mary Magdalene)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 4 - KANEA HYAN NO DII ƐSUM NO SO NKUNIM (Yohanne 18:1 – 21:25)
B - Kristo Wusɔreɛ Ne Nahoyie A Oyi Kyerɛɛeɛ (Yohanne 20:1 - 21:25)
1. Nnoɔma a ɛsisiiɛ wɔ (Twam Afahyɛ) no mu (Yohanne 20:1-10)

c) Yesu yii Ne ho ɛdi kyerɛɛ Mary Magdalene (Yohanne 20:11-18)


YOHANNE 20:17-18
17 Yesu see no sɛ, “Nka me, na mennya menkɔɔ ɔsoro, m'Agya nkyɛn. Na kɔ me nuanom nkyɛn kɔka kyerɛ wɔn sɛ merebɛkɔ ɔsoro, m'Agya ne mo Agya ne me Nyankopɔn ne mo Nyankopɔn nkyɛn.” 18 Na Maria Magdalene ba bɛka kyerɛɛ asuafoɔ no sɛ, “Mahunu Awurade”, na ɔno na ɔkaa yeinom kyerɛɛ me.

Na Maria koto sɔree Yesu na ɔsɔree no, na ɔpɛɛsɛ anka ɔfew Ne nan ase, na oso Ne mu. Nanso Yesu see no sɛ mmfa wo nsa nka me sesie, ɛfirisɛ Ne dɔ no yɛ Honhom mu deɛ. Na ɔne no kasaeɛ ma no tee ne nne na ohunuu no, na ɔpɛɛsɛ ɔbɛma ne gyidie bɛyini akɔ Onyankopɔn Baasa Koro no mu. Na ɔdaa saa botaeɛ yi ɛdi kyerɛɛ nasuafoɔ no kane. Sɛ woanso Ne mu, a ɛbɛma no nkabom wɔ Ne mu, ne Honhom mu gyidie a ɛwɔ Ne mu.

Yesu kakyerɛɛ Maria sɛ ɔbɛkɔ Agya no nkyen wɔ ne wusɔreɛ no akyi; na ne nipasu asesa, na ɛfei Ne tenabea ne ɔsoro. Na Ne botaeɛ ne sɛ ɔbɛforo akɔ soro akɔ n'Agya no nkyen. Na Agya no anim kɔ no abue ama yɛn wɔ nafɔrebɔ a ɔbɔɔeɛ wɔ asɛndua no so no. Na saa Ɔsɔfo Panin yi hwie ne mogya gu hɔ bɔ afɔreɛ ma Ɔkronkronni no. Na ɔka kyerɛɛ Maria sɛ, "Mmfa wo nsa nka me, ɛfirisɛ ɛsɛ sɛ Mehyɛ trenee nyinaa ma; na medi mo anim, na mede Honhom Kronkron tumi no ahyɛ mo ma."

Na ne nsɛm nso a ɔkaeɛ no kyerɛ sɛ ɔnyɛ ɔno dea, na mmom ɔwɔ hɔ ma nnipa nyinaa, “Sankɔ asuafoɔ no nkyen na kɔka kyerɛ won sɛ Metease, na mɛsan akɔ soro!”

Na Maria kɔkaa saa asɛm yi kyerɛɛ asuafoɔ no, ɛkyekyee won werɛ. Na ɔfrɛɛ won nua-barimanom. Na gyidie mu nso no yɛn nyinaa abɛyɛ nua-barimanom ne nua-mbaa, ɛsane nasɛndua no ne Ne sɔreɛ no ne daa nkwa tumi no nti. Ɛno nti ɔfrɛ yɛn sɛ nua-barimanom, ɛnnyɛ adɔfoɔ kɛkɛ. Na woawie yɛn nkwagyeɛ ho adwuma, na woagye yɛn abagyeɛ asi hɔ wɔ pɛyɛ mu. Na ɔde ne mogya no asɔ yɛn ano ayɛ yɛn mma wɔ ne mogya mu.

Nnoɔma bɛn na ɛwɔ nsɛm a Maria kɔka kyerɛɛ asua no mu? Deɛ ɛdikan ne sɛ, Ɛsɛ sɛ wohunu sɛ ɔtease. Na yi a oyii Ne ho ɛdie kyerɛɛ no no yɛ deɛ ɛyɛ nokorɛ asɛm a woatwerɛ atohɔ. Deɛ ɛtɔso miennu ne sɛ, Agya no nso yɛ yɛn dea; wɔ saa bɔhyɛ yi mu no Yesu twee asuafoɔ no kɔɔ Onyankopɔn ayɔnkofa mu. Na woankasa ammfa Onyankopɔn ho annkyerɛ won sɛ obi a Ne ho yɛ hu, na ɔyɛ otumfoɔ ne ɔtɛnbuafoɔ, na mmom ɔka kyerɛɛ won sɛ ɔyɛ Agya a ɔdɔ ahyɛ no ma na ɔban yɛn pɛɛ. Na ɔnnyɛ Kristo no nko Agya, na mmom yɛn nyinaa Agya. Ɔfrɛɛ Agya no sɛ, “me Nyankopɔn” sɛ Ɔno na ɔyɛ adeɛ nyinaa wɔ baabiaa. Na odii nokorɛ maa n'Agya no, nanso bɔne nti abɔdeɛ nyinaa amane afri Onyankopɔn ho. Na ɛfei deɛ yɛnyɛ atanfoɔ ma no bio wɔ yɛn bɔne a ɛtwam no mu, na mmom ɔdɔ yɛn, na ɔnam asɛndua no so de yɛn bɔne nyinaa akyɛ yɛn. Na Ɔne Agya no nyinaa wɔ nkabom, ɛno nti ɔpɛɛsɛ ɔnam Honhom Kronkron no so ma yɛtena Onyankopɔn Baasa Koro no ayɔnkofa mu, na ama Ne ho dɔ ahyɛ yɛn akoma mu ma.

Kristo de bɔhyɛ no mu ayɔnkofa nsɛm hyɛɛ mbaa a ɛdiikan hunuu No no anom ma wɔ mberɛ a odii owuo so nkunim no akyi. Na Maria yɛɛ osetie, na otuu mirika kɔɔ asuafoɔ no nkyen kɔka kyerɛɛ won sɛ woasɔre, na ɔkaa onuadɔ ayɔnkofa a ɔne won wɔ ne Onyankopɔn a ɔyɛ Agya ma won no wɔ adom nkabom mu kyerɛɛ won. Na saa asɛm yi, te sɛ anigyie trobɛnto a ɛgyegye, na ɛhyɛ akoma a awerɛhoɔ ahyɛ no ma den nnɛ yi mu. So saa anigie yi a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn agye wo atom no aduru wo nkyen anaa? So wogye Maria adansedie a ɛdikan sɛ Kristo no asɔre no die anaa?

MPAEƐBƆ: Yɛda wo ase, Awurade Yesu, ɛfirisɛ woasɔre afri awufoɔ mu, na wone yɛn na ɛwɔ hɔ, na wofrɛ yɛn sɛ nua-barimanom. Na anka yɛnsɛ mfata sɛ yɛne wo nya ayɔnkofa koraa. Yɛda wo ase sɛ wode yɛn bɔne nyinaa kyɛɛ yɛn. Ma yɛnyɛ woasomafoɔ wɔ woanigyie mu ma won a wɔhwehwɛ wo nyinaa.

NSƐMBISA:

  1. Asɛm a Kristo ka kyerɛɛ Mary Magdalene no na ɔno nso paemu kaaeɛ no kyerɛ yɛn sɛn?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 05, 2022, at 09:25 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)