Home
Links
Bible Versions
Contact
About us
Impressum
Site Map


WoL AUDIO
WoL CHILDREN


Bible Treasures
Doctrines of Bible
Key Bible Verses


Afrikaans
አማርኛ
عربي
Azərbaycanca
Bahasa Indones.
Basa Jawa
Basa Sunda
Baoulé
বাংলা
Български
Cebuano
Dagbani
Dan
Dioula
Deutsch
Ελληνικά
English
Ewe
Español
فارسی
Français
Gjuha shqipe
հայերեն
한국어
Hausa/هَوُسَا
עברית
हिन्दी
Igbo
ქართული
Kirundi
Kiswahili
Кыргызча
Lingála
മലയാളം
Mëranaw
မြန်မာဘာသာ
नेपाली
日本語
O‘zbek
Peul
Polski
Português
Русский
Srpski/Српски
Soomaaliga
தமிழ்
తెలుగు
ไทย
Tiếng Việt
Türkçe
Twi
Українська
اردو
Uyghur/ئۇيغۇرچه
Wolof
ייִדיש
Yorùbá
中文


ગુજરાતી
Latina
Magyar
Norsk

Home -- Twi -- John - 076 (Jesus anointed in Bethany)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 3 - KANEA NO HYERENEE WƆ ASOMAFOƆ NO ABRABƆ MU (Yohanne 11:55 - 17:26)
A - Nawotwe Kronkron No Mfitiaseɛ (Yohanne 11:55 - 12:50)

1. Ɔde ngo guu Yesu so wɔ Bethany (Yohanne 11:55 – 12:8)


YOHANNE 11:55-57
55 Na Yudafoɔ Twam no abɛn; na nnipa pii firii asase no so kɔɔ Yerusalem ansa na Twam no duruiɛ, sɛ wɔrekɔdwira wɔn ho. 56 ɛnna wɔhwehwɛɛ Yesu, na wɔgyinaa asɔrefie hɔ sesee wɔn ho sɛ, "ɛdeɛn na mosusuo? Sɛsɛɛ ɔremma afahyɛ yi ase anaa?" 57 Na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Farisifoɔ ahyɛ mmara nso sɛ, sɛ obi nim faako a ɔwɔ a, ɔmmɛkyerɛ, na wɔnkɔkye no.

Twam Afahyɛ no ne afahyɛ titirie paa wɔ Apam Dada no mu, a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn yii Hebrefoɔ no frii nabufuohyeɛ mu. Na wɔhyɛɛ Onyankopɔn Adwammaa no a woasiesie ama won no banbɔ ase daa. Na anka owuo na ɛsɛ won nanso gyidie nti wonyaa nkwa.

Na afe biara mu no Jewfoɔ no kɔ Yerusalem kɔda Onyankopɔn ase sɛ woabɔ won ho ban afiri nabufuohyeɛ mu. Na ɛno mu no wokum ndwan ahorroɔ de won di fa no. Na mpo nnipa bebree dikan kɔ Yerusalem kodwira won ho wɔ ahoteɛ ne adwene sakyera mu na won ahunu Onyankopɔn Adwammaa no. Na sɛ obi de ne ho ka owufoɔ bi funu a na ɛsɛ sɛ odwira ne ho de tew ne ho yiye paa nna nson mu ansana ne ho ɛfi, ɛno anasa obɛtumi akɔ Onyankopɔn Hyiadan no mu (Numri 19:11).

Wɔ saa afahyɛ mberɛ yi mu no ahohoɔ no nyinaa hwehwɛ Yesu, a ofri Nazaret no, "So ɔbɛba anaasɛ wɔrennhunu No?" Ne mpo, na obiara nim sɛ ɔsom no mu Bɛdwakuo mu mpaninfoɔ afa adwene wɔ kokoam sɛ wobɛbu no kumfɔ. Na wɔde nnipa pii sii hɔ wɔ ɔman no mu sɛ wɔn ntete Yesu, na wɔmma wɔn aso nte sɛ wohunu No baabia a, na wɔn akɔkyere no. Na owuo ne asaman abue nanom sɛ ɛbɛmene Yesu.

YOHANNE 12:1-3
1 Afei aka nnansia na Twam no aduru no, Yesu baa Betania, faako a Lasaro a ɔnyanee no firii awufoɔ mu no wɔ. 2 ɛnna wɔtoo no pono wɔ hɔ, na Marta somee; na Lasaro deɛ, na ɔyɛ wɔn a wɔne no te adidiiɛ no mu baako. 3 ɛnna Maria faa ngo hwamhwam kronkron a ne boɔ yɛ den kariboɔ baako de bɛsraa Yesu nan ho, na ɔde ne tirinwi pepaa ne nan ho; na ngo no hwam yɛɛ ɛdan no mu ma.

Nanso Yesu ansuro natanfoɔ no nyehyɛeɛ bɔne no mu biara, na ɔkɔɔ Yerusalem sɛdeɛ Agya no ahyehyɛ atohɔ wɔ napɛdeɛ mu no. Na woanhwehwɛ sɛ obɛhinta, na mmom ɔsan kɔɔ Yerusalem nawotwe akyiri ansana Afahyɛ no reduru so. Na ɔfaa Batania na ɛkɔɔeɛ, a ɛyɛ kwansini miensa kɔ kuro kɛseɛ no mu. Na ɔbaa fie no a ɔyɛɛ ne nsɛnkyerɛnne no na ɔdaa Agya no annuoyam ɛdi wɔ hɔ de dii owuo so nkunim no. Na Lazaro nyaa nkwa tenaa ase bio didiiɛ, na ɔnomeeɛ na ɔnantee kɔɔ nkuro dwaso. Na nnipa nyinaa hunuu no, na ɛyɛɛ won wawa bebree nanso owuo ne asaman sunsuma suro tɔɔ won so wɔ deɛ ɛsiiɛ no mu.

Maria, Martha ne Lazaro nyinaa hunuu Onyankopɔn annuoyam, na wodii ho adanseɛ, a na ɛmmfa ho ne Bɛdwakuo no ahunahuna a wɔde hunahuna won. Na wɔmaa Yesu ne nasuafoɔ no nyinaa baa won fie na wɔtoo apontoɔ kɛseɛ maa won wɔ anigyie mu. Na Lazaro bɛyɛɛ Yesu adamfo, na ɔtenaa Yesu a oyanee no frii awufoɔ mu no nkyen pɛɛ. So saa nsɛnkyerɛnne yi nka biribi nkyerɛ yɛn sɛdeɛ Paradise bɛyɛ anaa? Onankopɔn bɛbɛn yɛn pɛɛ, na yɛne no bɛtena wɔ annuoyam kɛseɛ mu.

Martha yɛɛ ɛfie adwuma, na ɔde ne fie agyapadeɛ nso maaeɛ, na deɛ ɔwɔ nso ɔde maaeɛ, ɛfirisɛ na onim sɛ Yesu ne Mesaia no ankasa, deɛ ɔwɔ owuo so tumi no na odi so nkunim no.

Maria deɛ, ɔpɛɛ adesua, na ɔno nso hyɛɛ Yesu annuoyam wɔ ɔno ara ne kwan bi so, na ɔhwiee ngo hwuamhwuam bi a naboɔden bɛyɛ sɛ afe baako mu adwumayɛ mu akatua guu Yesu ho. Na ɔpɛɛsɛ ɔde deɛ ɛsom no bo nyinaa bɛma Yesu. Nanso ohunuu sɛ ɔnsɛ mmfata mpo sɛ ɔde ngo bɛgu Yesu tiriso; ɛno nti ɔde ngo a ne boɔ yɛ den a ɛyɛ nabrabɔ mu agyapadeɛ no guu Yesu nan ase mmom. Na oyii ne dɔ ɛdi, ne nafɔrebɔ ɛdi kyerɛɛ no. Na ɔde guu Ne nan ase wieɛ no ɔde ne tiriso nhwi popaa ne nan ho. Na ɔyɛɛ ɛyi de kyerɛɛ ne dɔ kɛseɛ, firii akoma kronkron mu, na ɛfie hɔ nyinaa yɛɛ hwuahwuam paa. Na nnipa a ɛtwa ahyia hɔ nyinaa tee Maria afɔrebɔ no hwuam kɛseɛ no.

YOHANNE 12:4-6
4 ɛnna n'asuafoɔ no mu baako, Yuda Iskariot (a ɔrebɛyi no ama no), kaa sɛ, 5 "Adɛn nti na wɔantɔn ngo hwamhwam yi annye denare ahasa, na wɔamfa amma ahiafoɔ?" 6 ɛnyɛ sɛ ɔdwene ahiafoɔ ho nti na ɔkaa yei, na mmom ɔyɛ owifoɔ, na ɔkura kotokuo no, na ɔwiawia deɛ wɔde gu mu ntira.

Na Yuda Iskariot dɔɔ sika sene Yesu, na ɔpɛɛ wiase ahoyadeɛ mmom sene gyidie a ɛdimu'. na ɔdwenee sɛ afɔrebɔ no yɛ sika nya, na ɔpoo honhom mu nhyira no mmom. Na woanntumi annhunu ahintasɛm a ɛwɔ Maria ntontom a oyii no ɛdie no mu, ne naseda a oyi kyerɛɛ Kristo no. Na obiara a ɔde sika ho dɔ bɛwura ne mu no dane bɛyɛ ɔbonsam. Deɛ ɛyɛ wawa ne sɛ, ɔkataa ɔtan a ɔwɔ ma Yesu no so yɛɛ ne ho sɛ ɔtreneeni, na ɔyɛɛ ne ho sɛ ɔpɛsɛ ɔyɛ mmɔborohunu adeɛ de boa ahiafoɔ. nanso na ɔboa oni tema biara ma won, naaasɛ ɔpɛsɛ ɔma won biribi, na mmom no na ɔpɛsɛ onya ne ho wɔ sika mu. Na ɔde anofafa adɔeɛ kataa ne kurɔno so, na owiaa sika bebree guu ɔno ara bɔtɔ mu sene deɛ ɔde maa ahiafoɔ no; na ɔnnyɛ ɔnokwafoɔ wɔ ade ketewaa mu, na mmom kurɔno ahyɛ nadwene mu ma.

Na Yesu annyɛ nhwehwɛmu biara ammfa saa sika korani yi ho, na mmom ɔne no tenaaeɛ kosii ɛwieɛ, nanso na onim sɛ ɔyɛ nkontomponi ne ɔdaadaafoɔ. na Yuda yɛ ɔkorɔnfoɔ ne ɛdwootwani, na ɔno nkoaa ho na ɔdwene na ɔyɛ osisifoɔ a ɔpɛɛsɛ obɛnya ne ho, na ɔbɛyɛɛ akoa maa no. Onua barima wonntumi nnsom Onyankopɔn ne sika mbom. Anyɛ saa a wɔbɛdɔ baako na woagya baako. Mennsɛe wo ho. So Onyankopɔn ne wo botaeɛ anaasɛ wiase abrabɔ yi mu ahotɔdeɛ?

YOHANNE 12:7-8
7 ɛnna Yesu kaa sɛ, "Monnyaa no, na ɔde yei asie ama me sie da. 8 Na ahiafoɔ deɛ, mowɔ wɔn mo nkyɛn daa; na me deɛ, monni me daa."

Onyankopɔn nnhwehwɛ yɛn sɛ yɛbɛyɛ sikasɛefoɔ, sɛ yɛbɛhwie ngo hwuam agu yɛn ho yɛn ho nan ho, na mmom ɔpɛ sɛ yɛbue yɛn nsam ma afoforo a wɔyɛ ahiafoɔ a ɛtwa yɛn ho ahyia. Nipakuo biara nni hɔ, anaasɛ ɔsom bi, naasɛ adwenekyerɛ biara nni hɔ a ɛbɛtumi apopa Kristo anom asɛm a ɔkaaeɛ sɛ yɛbɛnya ahiafoɔ wɔ yɛn nkyen daa no. Yɛ pɛsɛmenkomenya dɔɔso, na yɛn dɔ nso sua. Na honhom mu ayɔnkofa biara nni asaase yi so; na nnipa nyinaa nso nntumi nnyɛ pɛ wɔ akyɛdeɛ mu ne ahoyandeɛ anaasɛ annuoyam mu. Na yɛbɛhunu ahiafoɔ daa wɔ yɛn mu, ne wɔn a woapo won ne won nso a nnipa ayi wɔn totwene wɔ baabiara a yɛbɛkorɔ, wɔ ɛpueɛ anaasɛ atɔeɛ. Wɔ kuro biara mu ne akuraase biara mu no saa ara na ɛteɛ, Ɛno nti hwehwɛ ahyiafoɔ a ɛwɔ yɛn mu no na ɛno mu na wobɛhunu Yesu anim.

Na Yesu nim sɛ Onipa akoma yɛ den. Na ɔno deɛ ɔde ɔdɔ a ɛmu yɛ duru na aba sɛ ɔrebɛwu ama won. Na ɛfei nso onim sɛ Honhom Kronkron no na ɛdii Maria anim sɛ ɔmbɛsra no ngo ma Ne wuo mu sie da. Na sɛ Onyankopɔn dɔ wura nnipa mu a, Honhom Kronkron no bɛkyerɛ no kwan ama woanya nnoɔma a ɛyɛ wawa bebree. Maria yɛɛ nadwene sɛ ɔbɛhyɛ Nyankopɔn a woabɛsra no wɔ ne fie no annuoyam, ɛno nti Honhom no dii nanim ma no kɔ sraa no ngo. Kristo hyɛɛaseɛ sɛ ɔretwe saa bɔne ne amumuyɛ wiase yi abata Onyankopɔn a papayɛ ne adom ahyɛ no ma no mu.

MPAEBƆ: Awurade Yesu, yɛdɔ wo sɛ woyane Lazaro. Na wunsuro asamandɔ tumi ne owuo amona. Kyerɛkyerɛ yɛn ma yɛmfiri yɛn akoma mu nyinaa nsom wo yiye. Gye yɛn fri yaatwomyɛ mu, ne ɔtan ne korɔnosɛm mu. Na fa wo dɔ no hyɛ yɛn ma, na fa yɛn fa kwan a ɛyɛ afɔrebɔ so ne aseda.

NSƐMBISA:

  1. Adɛn nti na Yesu maa kwan ma Maria de ngo guu no so?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 03, 2022, at 06:22 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)