Home
Links
Bible Versions
Contact
About us
Impressum
Site Map


WoL AUDIO
WoL CHILDREN


Bible Treasures
Doctrines of Bible
Key Bible Verses


Afrikaans
አማርኛ
عربي
Azərbaycanca
Bahasa Indones.
Basa Jawa
Basa Sunda
Baoulé
বাংলা
Български
Cebuano
Dagbani
Dan
Dioula
Deutsch
Ελληνικά
English
Ewe
Español
فارسی
Français
Gjuha shqipe
հայերեն
한국어
Hausa/هَوُسَا
עברית
हिन्दी
Igbo
ქართული
Kirundi
Kiswahili
Кыргызча
Lingála
മലയാളം
Mëranaw
မြန်မာဘာသာ
नेपाली
日本語
O‘zbek
Peul
Polski
Português
Русский
Srpski/Српски
Soomaaliga
தமிழ்
తెలుగు
ไทย
Tiếng Việt
Türkçe
Twi
Українська
اردو
Uyghur/ئۇيغۇرچه
Wolof
ייִדיש
Yorùbá
中文


ગુજરાતી
Latina
Magyar
Norsk

Home -- Twi -- John - 075 (The Jewish council sentences Jesus to death)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 2 - KANEA NO HYEREN WƆ SUM MU (Yohanne 5:1 - 11:54)
C - Yesu Akwantuo A Ɛtwatoɔ A Ɔkɔɔ Yerusalem (Yohanne 7:1 - 11:54) Ɛsum No Firii Hyan No Mu Kɔɔeɛ
4. Oyanee Lazarus frii awufoɔ mu ne ɛho nsunsuansoɔ (Yohanne 10:40 – 11:54)

d) Jewfoɔ badwakuo no buu Yesu kumfɔ (Yohanne 11:45-54)


YOHANNE 11:45
45 ɛnna Yudafoɔ no mu pii a wɔbaa Maria nkyɛn na wɔhunuu adeɛ a Yesu yɛeɛ no gyee no diiɛ.

Lazaros nyaa nkenyan wɔ berɛ a oyanee frii owuo mu akyiri no, na odidiiɛ, onom nsuo nso, na ɔkasaaeɛ. Nipa hyiaa no wɔ kwanso ne ɛfei nso. Na Yesu tumi no yɛɛ nipa bebree wawa yiye, na wɔgye diiɛ sɛ Ɔno ne Mesaia no, a ɔyɛ Onyankopɔn teasefoɔ no Ba. Na ɛmaa asuafoɔ pii bɛdii nakyi, na nnipakuo bebree bɔɔ yuu kɔɔ Maria fie kɔhwɛɛ Yesu ne Lazaros.

YOHANNE 11:46-48
46 Na wɔn mu binom sii mu kɔɔ Farisifoɔ no nkyɛn, na wɔkɔkaa wɔn deɛ Yesu yɛeɛ no. 47 ɛnna asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Farisifoɔ no maa wɔkɔhyiaa badwafoɔ no, na wɔkaa sɛ: ɛdeɛn na yɛbɛyɛ, ɛfiri sɛ onipa yi yɛ nsɛnkyerɛnneɛ pii. 48 Sɛ yɛgyaa no saa a, nnipa nyinaa bɛgye no adi, na Romafoɔ aba abɛfa yɛn ha yi ne yɛn man.

Na won a wogyina hɔ a wohunuu nsɛnkyerɛnne a ɛkɔɔ soɔ no mu binom tuu mirika kɔɔ Fariseefoɔ no nkyen kɔka kyerɛɛ won deɛ asi ne deɛ Yesu ayɛ. Na won kɔɔso ara wɔ anngye anndi mu, na Awurade faa 'osikani' bi ho asɛm wɔ abɛbuo mu de buu won atɛn, na abɛbuo no mu no, ɔsee won sɛ Abraham buaa no sɛ, "Sɛ won anntie Moses ne adiyifoɔ no a, saa ara nso na wɔbɛpo deɛ ɔbɛsɔre afri awufoɔ mu akɔ won nkyen akɔka asɛmpa akyerɛ won" (Luka 16:31). Onyankopɔn Honhom nntumi nnsesa ɔboɔ akoma a ɛpo Yesu na ɔmmfa ne werɛ nnhyɛ ne mu, sɛ mpo wɔyɛ nsɛnkyerɛnne akɛseɛ wɔ won mu a.

Fariseefoɔ no wɔ dibea akɛseɛ wɔ Bɛdwakuo no a ɛwɔ won som no mu. Ɛno nti ɛma asɔfoɔ mpaninfoɔ no mpo tie won wɔ biribiara a wɔka mu. Bɛdwakuo no nnipa aduoson kɔɔ nhyiamu wɔ saa asɛm no ho abooboodie mu. Afei Saduseefoɔ no a wonngye owusɔreɛ nndie no, gye toomu sɛ wonyɛ saa Bɛdwakuo nhyiamudie no. Nanso bɛdwakuo no mu nipa no binom adwene mu yɛɛ won kesenee, ɛfirisɛ na won ankasa nim pɛfee sɛ Yesu nnyɛɛ bɔne biara a ɛsɛ sɛ wɔkɔkyere no to afiase. Na won mu no na Kristofoɔ binom wɔ won mu a wɔwɔ honhom mu nkenyan soronko wɔ bɛdwakuo no mu a ɛbinom nso aba Twam Afahyɛ no, na saa afahyɛ yi mu no nnipa mpem mpem bebree ba kuro kɛseɛ no mu. Wɔ ano booboodie no mu no, Bɛdwakuo no maa Yesu din bi sɛ onipa biara kɛkɛ, na wɔkaa sɛ ɔnnyɛ Onyankopɔn akoa anaasɛ odiyifoɔ mpo. Nanso, Ne nsɛnkyerɛnne a ɔyɛɛeɛ nyinaa deɛ won anntumi annsesa no.

Wɔ Bɛdwakuo no nhyiamudie mu no, osuro kɛseɛ tɔɔ Bɛdwakuo no so, ɛfirisɛ wosusuiɛ sɛ tumidie foforo bi bɛtumi ate saa asɛm no na ɔne won ɛbɛdi ako adi won so nkunim. Nnipa bebree boa won ano bɛtwaa hyiaa ɔbarima a ɔyɛ nsɛnkyerɛnne a ɔyɛ Mesaia no, na ɔkaa atuateɛ ne asoɔden so nsunsuasoɔ ho asɛm kyerɛɛ won. Na ɛno mu no, Romanfoɔ no bɛtumi asɔre atia asɔredan no, a ɛyɛ Onyankopɔn fie no. Na wobɛtumi ama Asɔredan no mu dwumadie no nyinaa asɛe ne afɔrebɔ no nyinaa to atwa, ne mpaebɔ ne nhyira nyinaa.

YOHANNE 11:49-52
49 Na wɔn mu baako bi, Kaiafa a ɔdi sɔfo panin afe no mu no, see wɔn sɛ, "Mo deɛ, monnim hwee; 50 nanso monnwene sɛ ɛyɛ ma mo sɛ onipa baako bɛwu ama ɔman no, na ɔman no nyinaa ansɛe." 51 Na yei deɛ, ɛmfiri ɔno ara ne tirim na ɔkaeɛ, na mmom sɛ ɔyɛ ɔsɔfo panin saa afe no mu nti, na ɔhyɛɛ nkɔm sɛYesu rebɛwu ama ɔman no, 52 na ɛnyɛ ɔman no nko, na sɛ ɔbɛka Nyankopɔn mma a wɔapete no nyinaa nso abɔ mu ayɛ wɔn baako.

Na basabasayɛ ne mentemehoaseɛ no kɔɔ soro wɔ Bɛdwakuo nhyiamudie no mu no, ɛmaa ɔsɔfo panin Kaifas sɔre gyinaaeɛ, na ɔkasa tiaa ɔman no mu mpaninfoɔ no, na ɔbɔɔ won somboɔ sɛ wonim hwee na won ɛfei wosusu ade hunu kɛkɛ. Na ɔwɔ ho kwan sɛ otumi kasa saa, ɛfirisɛ na ɔno ne Bɛdwakuo no tiri tenani ne ɔsɔfo panin nso. Na ɔno na woasra no ngo saa mberɛ no, a ɛyɛ kronkronyɛ ahyɛnsodeɛ, nanso na ɔyɛ ani-Kristo. Na anka ɛsɛ sɛ Honhom Kronkron no hyɛ no ma, na ama Onyankopɔn ɛtumi akasa afa ne mu sɛ ɔman no mu panin. Nanso odii mfomsoɔ akyi. Na ɔyɛɛ ne ho dii ne dwumadie sɛ odiyifoɔ wɔ gyinabea a na ɔyɛ ɔsɔfo panin no, na obuu nnipa no nyinaa abonfiaa see won sɛ wonim hwee.

Saa "nnu ho honhom" a Kaifas de kasaaeɛ no daa ɛdi, ɛfirisɛ ɔbonsam na ɛfaa ne mu kasaaeɛ, sɛ mpo ɛnam so ama Onyankopɔn botaeɛ ada ɛdi, nanso nneyɛɛ mu no ɔkotia no. Nanso, na ɛyɛ sɛ Onyankopɔn Adwammaa no de ne kra bɛtohɔ awu ama won, na ama won ɛtumi afri Onyankopɔn abufuohyeɛ mu akɔ daa nkwa mu. Nanso na ɔbonsam akoa no rekasa saa wɔ amanyɔ kwan so sɛ, momma Yesu nwu ngye yɛn mfri Romanfoɔ no abufuohyeɛ mu." Wɔ saa ɔbonsam nsɛmkaaeɛ yi mu no na Kristo nsɛm no dii bem, sɛ ɔbonsam yɛ agya ma Jewfoɔ no mu binom bebree wɔ honhom mu, ɛfirisɛ ɔyɛ ɔtorofoɔ ne atoro nyinaa agya.

Wɔ saa ɔbonsam adwenpɔ yi mu no, Yohane hunuu sɛ Kaifas wɔ botae bɔne bi wɔ ne mu, a na ɛyɛ deɛ Onyankopɔn aka atohɔ a ɛyɛ nokorɛ. Kaifas maa nkyerɛkyerɛmu faa Yesu wuo no ho sɛ ɛyɛ ɔgyeɛ ma nnipa nyinaa, na woanntumi annhunu nsunsuansoɔ a ɛfri ɔno ankasa "tumidie" no mu nsɛm de bɛba. Deɛ onni nimdieɛ na ɔndwene koraa ne Kaifas, ɛfirisɛ woanngye Yesu anndi, nanso na Honhom Kronkron no ama woabue nano aka nsɛm a ɛfa Kristo afɔrebɔ wuo no ho dada. Nanso woanntumi annhunu ne nsɛm no mu nneyɛɛ, ɛfirisɛ ɔdwenee biribi foforoɔ.

Yohane, ɔsɛmpakani no, hunuu saa asɛm yi nyaa ɛmu nteaseɛ a ɛso sɛ ɛyɛ nkwagyeɛ ma wiase nyinaa. Yesu annwu ammma ne nkurɔfoɔ nko bɔne, na mmom owuiɛ maa ogyidini biara wɔ aman nyinaa mu. Na won a wɔgye no die nyinaa yɛ Onyankopɔn mma, na awerɛhyem a wɔwɔ wɔ agyenkwa no mu nti won anya daa nkwa ne ahoɔden wɔ mudie nyinaa mu.

Yɛn gyidie botaeɛ no nnyɛ yɛn nko ara nkwagyeɛ nti, na mmom sɛ yɛn nyinaa bɛyɛ baako sɛ Onyankopɔn mma wɔ nkabom mu wɔ Kristo mu. Ne dɔ no ne yɛn ahyɛnsodeɛ ne Kristofoɔ nyinaa tumi. Na ne din no nso ka agyidifoɔ nyinaa bom. Na sɛ yɛne no nya nkutahodie a yɛne afoforo nso nya nkutahodie. Momma yɛnsɔre na yɛntutu mirika nkɔ Ne nkyen, na ama yɛahunu sɛ yɛyɛ anuanom mbarima ne anuanom mbaa sɛ Onyankopɔn abusuakuo mma, a yɛbɛn yɛn ho sene wiase Ahenfonom.

YOHANNE 11:53-54
53 ɛnna ɛfiri da no ara wɔtutuu agyina wɔn mu sɛ wɔbɛku no. 54 Enti Yesu anyi ne ho adi pefee annante Yudafoɔ no mu bio, na ɔfirii hɔ kɔɔ asase a ɛbɛn ɛserɛ soɔ, kuro bi a wɔfrɛ no Efraim mu, na ɔne n'asuafoɔ no tenaahɔ.

Na Bɛdwakuo no mu nkurɔfoɔ no nyaa abufuo maa Kaifas asɛm a ɔka kyerɛɛ won no, na wonyaa atinka maa Yesu, na mmom no ɛsɔɔ dodoɔ no ara ani, ɛfirisɛ na wɔgyedi sɛ Onyankopɔn na ɔnam Kaifas so akasa wɔ atɛnbuo mu abu Yesu a wobu no sɛ ɔdaadaafoɔ wɔ ɔman no mu no atɛn. Na wɔn nhyiamudie no ɛwieɛ mu no, Bɛdwakuo no gyee atɛnbuo no toomu, na wɔfaa Kaifas adwenkyerɛ no sɛ wonkum Yesu. Na won mu binom a ɛwɔ hɔ no a, wɔyɛ atreefoɔ no, twee momome faa saa atɛnbuo no ho, nanso obiara anntie won. Na wɔdwenee sɛ Kaifas de won refa kwan bɔne a wɔbɛfa so de asɛe Yesu, ɛno nti na ɔmaa wɔyɛɛ saa nhyiamu no ahintawee mu no; na ammfa basabasayɛ ammba nnipa no mu.

Na Yesu tee saa pɔ yi a won abɔ afa ne ho no, na mpo no onim dada wɔ Onyankopɔn nimdieɛ mu. Ɛno nti ofirii Bɛdwakuo no mansini no mu kɔɔ akyiri baabi, na ɔkɔɔ Yordan Bonhwua no mu wɔ ɛpueɛ fam a ɛwɔ Nablus, na ɔkɔtwenee wɔ hɔ ne nasuafoɔ no nyinaa sɛ mberɛ a woahyehyɛ ama no wɔ nafɔrebɔ wuo ne Ne sɔreɛ mu no bɛduru.

Ɛfei na ɔko no anim ada hɔ pɛfee, Asɔfoɔ no ne No hamee wɔ Asɔrefie dwira no mu, na mmra kyerɛfoɔ no nso ne no nyaa akasa-akasa bebree, ɛfirisɛ ɔsaa nyarewa wɔ Homeda mu, na ɛfei deɛ ɛtrɛeɛ koduu Lazaros owuo yaneɛ no mu. Ɛyi nti nnipakuo no mpaninfoɔ no bɔɔ won adwene pɔ sɛ wobɛkum saa nipa yi a ɔkyerɛ kwan papa ne trenee kwan no.

Nanso Kanea no hyeren wɔ ɛsum mu, na ɛsum no anntumi anni no so nkunim koraa.

Onua barima, woahunu sɛ Kristo ne kanea no anaa? So N'Asɛmpa no abue woani ne woadwene mu na ama woakoma nso ayɛ foforo anaa? So woanya Ne daa nkwa tumi no bi anaa, na Ne Honhom no ɛdi woanim kɔ adwene sakyera mu a woapaemu aka wo bɔne nyinaa anaa, Na ɛde gyidie nso aba wo mu a ɛbɛma woayɛ nhyira na woayɛ kronkron nso anaa? Ɔdɔfoɔ bue woakoma mu ma Kristo Honhom na ɔmfa wo mbata ne ho, na ama wɔde woabrabɔ ne wo daakye nyinaa ahyɛ ne nsa, na amma woammfa wo ho ammbata Yesu atanfoɔ ho ambu no atɛn. Na mmom, fa wo ho bata nasuafoɔ no ho, na hunu Ɔkronkronni no, na ama woatumi apaemu aka sɛ, "Yɛahunu n'annuoyam no, annuoyam a ɛyɛ Agya no Ba koro a ɔwoo No no, a adom ne nokorɛ ahyɛ no ma."

MPAEBƆ: Awurade Yesu Kristo, yɛda wo ase sɛ woammpo nokorɛ no wɔ wo nsɔhwɛ mberɛ mu; woahyɛ w'Agya a ɔwɔ soro no annuoyam. Fa yɛn gyidie mu mmerɛyɛ kyɛ yɛn. Na twe yɛn bra wo ne Agya no ayɔnkofa nkutahodie mu, na ama yɛnya wo daa nkwa no bi asom wo daa ɛnni ɛwieɛ. Gye yɛn nkwa wɔ woayɛyiye mu ma woannuoyam adom no daa. Amen.

NSƐMBISA:

  1. Adɛn nti na Jewfoɔ bɛdwakuo kum Yesu?

AGORODIE HO NSƐMBISA - 4

Ɔdɔfoɔ kenkanfoɔ,
fa wo mbuaeɛ papa no mu 17 brɛ yɛn wɔ saa nsɛmbisa ahrorroɔ 19 yi a yɛrebiase wo yi mu. Na yɛn nso yɛde saa adesua ahorroɔ yi mu nsɛm bɛbrɛ wo.

  1. Kwan bɛn so na Yesu faeɛ de kyerɛɛ Jewfoɔ no sɛ wonnyɛ Abrahamma?
  2. Kwan bɛn so na ɔbonsam fa so yɛ nadwuma a Yesu paa ho ntɔma de kyerɛɛ yɛn?
  3. Adɛn nti na Jewfoɔ no pɛɛsɛ anka wosi Yesu aboɔ?
  4. Adɛn nti na Yesu saa ɔbarima a wɔwoo no anifuraeɛ mu yarerɛ no?
  5. Adɛn nti na Jewfoɔ no anngye annni sɛ ɛyɛ saa ɔbarima no a wɔwoo no anifuraeɛ mu no na woanya ayaresa no?
  6. Deɛbɛn na saa ɔbarima no hunuuɛ faa won ho wɔ mberɛ a wɔretoto nano no?
  7. Sɛ yɛkoto sɔre Yesu a ɛkyerɛ sɛn?
  8. Nhyira bɛn na Yesu de guu Ne ndwankuo nyinaa soɔ?
  9. Kwan bɛn so na Yesu bɛyɛɛ Odwanhwefoɔpa?
  10. Kwan bɛn so na Kristo fa so di Ne ndwankuo no anim?
  11. Kwan bɛn so na Yesu yii Ne Nyameyɛ tumi ɛdi kyerɛɛeɛ?
  12. Adɛn nti Yesu kasa faa Onyankopɔn annuoyam ho, wɔ Lazaro wuo mu?
  13. Adɛn nti na Yesu annuoyam yɛɛ kɛseɛ wɔ nkunimdie mu wɔ mberɛ a ɔmaa Lazaro baa nkwa mu bio no?
  14. Kwan bɛn so na yɛn nso bɛsɔre ɛfiri awufoɔ mu nnɛ?
  15. Adɛn nti na Yesu dii awerɛhoɔ na adɛn nti nso na osuuiɛ?
  16. Kwan bɛn so na ɛmaa Onyankopɔn annuoyam daa ɛdi wɔ Lazaro owuyaneɛ mu?
  17. Adɛn nti na Jewfoɔ bɛdwakuo kum Yesu?

Kae se wobetwerɛ wo din ne wo adres nso ka woasɛmbisa no ho brɛ yɛn wɔ saa address a ɛdidisoɔ yi so:

Waters of Life
P.O.Box 600 513
70305 Stuttgart
Germany

Internet: www.waters-of-life.net
Internet: www.waters-of-life.org
e-mail: info@waters-of-life.net

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 03, 2022, at 06:16 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)