Home
Links
Bible Versions
Contact
About us
Impressum
Site Map


WoL AUDIO
WoL CHILDREN


Bible Treasures
Doctrines of Bible
Key Bible Verses


Afrikaans
አማርኛ
عربي
Azərbaycanca
Bahasa Indones.
Basa Jawa
Basa Sunda
Baoulé
বাংলা
Български
Cebuano
Dagbani
Dan
Dioula
Deutsch
Ελληνικά
English
Ewe
Español
فارسی
Français
Gjuha shqipe
հայերեն
한국어
Hausa/هَوُسَا
עברית
हिन्दी
Igbo
ქართული
Kirundi
Kiswahili
Кыргызча
Lingála
മലയാളം
Mëranaw
မြန်မာဘာသာ
नेपाली
日本語
O‘zbek
Peul
Polski
Português
Русский
Srpski/Српски
Soomaaliga
தமிழ்
తెలుగు
ไทย
Tiếng Việt
Türkçe
Twi
Українська
اردو
Uyghur/ئۇيغۇرچه
Wolof
ייִדיש
Yorùbá
中文


ગુજરાતી
Latina
Magyar
Norsk

Home -- Twi -- John - 049 (Disparate views on Jesus)
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula? -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba

Previous Lesson -- Next Lesson

YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 2 - KANEA NO HYEREN WƆ SUM MU (Yohanne 5:1 - 11:54)
C - Yesu Akwantuo A Ɛtwatoɔ A Ɔkɔɔ Yerusalem (Yohanne 7:1 - 11:54) Ɛsum No Firii Hyan No Mu Kɔɔeɛ
1. Yesu anom nsɛm a ɔkaaeɛ wɔ ntɔmadan afahyɛ no mu (Yohanne 7:1 – 8:59)

b) Deɛ nkurɔfokuo no ne bɛdwakuo no ka ne won adwenkyerɛ a ɛfa Yesu ho (Yohanne 7:14-53)


YOHANNE 7:14-18
14 Na afahyɛ no mfimfini no, Yesu kɔɔ asɔrefie kɔkyerɛkyerɛeɛ. 15 Na ɛyɛɛ Yudafoɔ no nwanwa, na wɔse, "ɛyɛɛ dɛn na oyi nsuaa nwoma pɛn, na ɔnim yi?" 16 Yesu buaa wɔn kaa sɛ, "Me nkyerɛkyerɛ nyɛ me dea, na deɛ ɔsomaa me no dea. 17 Sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ n'apɛdeɛ a, ɔbɛhunu sɛ nkyerɛkyerɛ no firi Onyankopɔn anaasɛ ɛfiri me ara me tirim na meka. 18 Deɛ ɔbɔ ɔno ara ne tirimkasa no, hwehwɛ ɔno ara animuonyam; na deɛ ɔhwehwɛ deɛ ɔsomaa no no animuonyam no, ɔno na ɔyɛ ɔnokwafoɔ, a deɛ ɛntene nni ne mu."

Yesu ɛnsuro sɛ ɔbɛwu anaa sɛ obɛhunu amaneɛ wɔ natanfoɔ no nsam. Ɛno nti ofiri Ɔno ankasa pɛ mu ne N'Agya no apɛdeɛ mu kɔɔ Yerusalem, na ɔkɔɔ afahyɛ no ase wɔ kokoa mu anadwo. Na oduruu hɔ no woamfa ne ho anhinta, na mmom ɔkɔɔ hyiadan no mu, na ɔkɔkyerɛkyerɛɛ won wɔ akokoduro mu, sɛ ɔkyerɛkyerɛfoɔ pa. Na ɛmaa nnipa hunuu sɛ Onyankopɔn ankasa na ɛne won rekasa. Na ɛmaa wobisabisaa won ho nsɛm bebree: Sɛ ɛhenefa na saa abranteɛ yi nyaa ne nimdie ne nkyerɛkyerɛ yi fri? Ɛfirisɛ woanya nkyerɛkyerɛ biara amfiri asɛmpa no suapon biara mu. Ɛno nti kwan bɛn so na kapentani a onni adesuadeɛ biara no bɛtumi ama yɛn nkyerɛkyerɛ wɔ Onyankopɔn nokorɛ mu sɛɛ ɛteɛ yi?

Yesu buaa see won sɛ, "Nokorɛ, Mewɔ nkyerɛkyerɛ na meyɛ ɔkyerɛkyerɛfoɔ nokwafoɔ nso. Na ne nyinaa mu no Me ne Onyankopɔn asɛm no ankasa. Onyankopɔn atirimsɛm ne napɛdeɛ nyinaa wɔ me mu. Ɛno nti Me nkyerɛkyerɛ nnyɛ me ankasa me dea. Mene Onyankopɔn nne no. Ɛfirisɛ Ɔte Me mu, M'Agya no ne deɛ ɔkyerɛkyerɛ Me. Na Menim N'atirimsɛm ne N'adwenpɔ nsusuiɛ nyinaa, ne nhyehyɛeɛ, ne Ne botaeɛ, ne Ne tumi nyinaa. Ɛnnyɛ Me ankasa mapɛdeɛ mu ne me nsusuiɛ mu nti na me baaeɛ, ɛfirisɛ Onyankopɔn asɛm nko na ɛyɛ nokorɛ. Me na mehyɛɛ adiyisɛm nyinaa ma na ɛwie pɛyɛ."

Na ɔhyɛɛ N'Agya no annuoyam na ɔbrɛɛ Ne ho ase maa no; na ɔfrɛɛ Ne ho sɛ Onyankopɔn somafoɔ. Nnyɛ ɔno ankasa na ɔsomaa ne ho, na mmom ɔbaaeɛ wɔ N'Agya no din mu wɔ Onyankopɔn tumi nyinaa mu. Ɛno nti Yesu bɛyɛɛ Onyankopɔn Ba ne Ne somafoɔ nso, a ɛsɛ sɛ yɛtie no mbere biara mu, wɔ gyidie ne ɔsompa mu sɛ yɛde rema Agya no.

Sɛdeɛ ɛbɛyɛ na Jewfoɔ no bɛnya gyidie wɔ Ne mu nti no, ɔmaa wohunuu nsɛnkyerɛnne ahorroɔ soronko de kyerɛɛ won sɛ Ne nkyerɛkyerɛ nyinaa wɔ Onyankopɔn apɛdeɛ mu. Ɛno nti deɛn ne adeɛ a ɛdi adanseɛ pɛfee wɔ Yesu nkyerɛkyerɛ ne Ne nipasu mu? Na Ɔkaeɛ sɛ, "Mompre sɛ mobɛhunu Asɛmpa no mu nokorɛsɛm no na mobɛhunu tumi ne kɛseyɛ a ɛwɔ mu. Fa Kristo anom nsɛm baako baako, na wobɛhunu sɛ n'anom nsɛm no nnyɛ onipa nsɛm kɛkɛ na mmom ɛyɛ Onyankopɔn asɛm."

Sɛ obi pɛ sɛ ɔde Kristo anom asɛm yɛ adwuma a deɛ ɛhia kane ne ahofama. So wobɛpɛ deɛ Ɔno ara pɛ no? Sɛ saa ahofama yi a ɛfiri ɔpɛpa mu no nni hɔ a wɔrenntumi nhunu Onyankopɔn nokorɛ ho nimdie a ɛwɔ Awurade mu no da. Na sɛ wɔpɛ ne ɛyinom dea, ɛno ne Kristo apɛdeɛ, ɛno mu na wobɛkɔ so ayɛ kɛseɛ ne foforo wɔ woadehunu nyinaa mu - na wobɛhunu Onyankopɔn sɛdeɛ Ɔteɛ ankasa.

Obiara a ɔde ne ho si hɔ sɛ ɔbɛyɛ Agya no apɛdeɛ no, sɛdeɛ Yesu kyerɛkyerɛ yɛn no, bɛhunu nsonsonoeɛ kɛseɛ a ɛda Asɛmpa no ne Mmra Nsɛm no ntam. Yɛn Awurade no ammfa adesoa duduru paa annto yɛn mmatinso, na mmom ɔmaa yɛn tumi a yɛbɛtumi de adi ne nyinaa so. Na wobɛtumi de anigyie ayɛ napɛdeɛ nyinaa. Ɛno nti obiara a ɔbrɛ ne ho ase ma Kristo ahyɛdeɛ no, onya ahoɔden foforo bɔ ne bra wɔ Ne dɔ no mu. Ne nkyerɛkyerɛ no mmfa yɛn nkɔ nkuguo mu, sɛdeɛ Moses mmra no teɛ no, na mmom ɛboa yɛn ma yɛtumi bɔ yɛn bra wɔ Onyankopɔn adom kɛseɛ no mu. Ɛno nti obiara a ɔpɛsɛ ɔde Onyankopɔn apɛdeɛ a ɛda ɛdi wɔ Kristo nkyerɛkyerɛ mu no yɛ adwuma no, ɔne Onyankopɔn bɛnya ayɔnkofa kɛseɛ, na obɛhunu sɛ Kristo nnyɛ onipa kɛkɛ te sɛ akyerɛkyerɛfoɔ no, na Ɔno ne Onyankopɔn Asɛm a ɛbaaeɛ wɔ nipasu mu. Na ɛnnyɛ wiase nyansa na ɔde baaeɛ, na mmom ɔno na ɔde bɔne nyinaa kyɛ yɛn kwa, na ɔma yɛn Onyankopɔn nkwa tumi no.

YOHANNE 7:19-20
19 "ɛnyɛ Mose na ɔmaa mo mmara no? Nanso mo mu biara nni mmara no so. Adɛn na morehwehwɛ me aku me?" 20 Nkurɔfokuo no buaa sɛ, "Wowɔ honhommɔne; hwan na ɔrehwehwɛ wo aku woɔ?"

Kristo nneyɛɛ a ɛdi mu' na ɛyɛ kronkron nti otumi ka kyerɛ Jewfoɔ no sɛ, "Munyaa Mmra Nsɛm no, nanso momu biara nni hɔ a ɔde Mmra no mu nsɛm yɛ adwuma!" Saa asɛm yi wɔwɔɔ Jewfoɔ man no nyinaa akoma mu, na ɔtoaaso ka kyerɛɛ won nyinaa sɛ won mu biara nni hɔ a woatumi de Apam Dada no mu nsɛm no ayɛ adwuma na woadi nhyehyɛeɛ a ɛwɔ mo no so wɔ pɛyɛ mu. Obiara a ɔbɛto mmra ahyɛdeɛ no mu baako mpo no woasɛe mmra no nyinaa na odi fɔ wɔ ne nyinaa mu. Na ɛfei Onyankopɔn abufuohyeɛ da no so. Wɔ saa nsɛm yi mu no Yesu kyerɛɛ Jewfoɔ no sɛ won trenee ndimu' koraa, na ɔkyerɛɛ won sɛ won ankasa mmɔdenbɔ a ɛgyina mmra no so nyinaa yɛ ndaadaa a wɔde redaadaa won ho.

Na ɔka kyerɛɛ won sɛ won mpaninfoɔ no akoma so adeɛ ne sɛ wobɛsɛe No. Ɛfirisɛ adeɛ biara nntumi nnhinta Yesu. Ɛno nti ɔbɔɔ N'atiefoɔ no nyinaa kɔkɔ faa nyaatwomyɛ ho, na ɔkyerɛkyerɛɛ won sɛdeɛ nakyiridie nso teɛ.

Na ɛfei nso obisaa won sɛ, "Adɛn nti na mopɛsɛ mokum me?"

Na nnipakuo no kaae Kristo no asɛm a ɔka kyerɛɛ won no, nanso na won bo ahuru ɛfirisɛ woaka akyerɛ won sɛ won mu biara nnyɛ ɔtreneeni. Nanso wɔmaa no mbuaeɛ wɔ nyaatwomyɛ mu de kataa won nhyehyɛeɛ bɔne no so, na wɔkaa sɛ, "Daabi daabi hwan na ɔpɛsɛ okum wo? Onyankopɔn mpa ngu!" Na ɛbinom mpo kaa sɛ ahonhom fi ahyɛ no ma. Ɛfirisɛ na won ani afura wɔ won tan a wɔtan no mu, na won anntumi annhunu nsonsonoeɛ a ɛda Honhom Kronkron ne ahonhom fi ntam. Ɛfirisɛ won dɔ a wɔwɔ ma Onyankopɔn no nyinaa ayera koraa.

NSƐMBISA:

  1. Ɛdeɛbɛn na ɛdi adanseɛ sɛ asɛmpa no firi Onyankopɔn nkyen ba ɛbaeɛ?

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on February 02, 2022, at 03:10 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)