Waters of LifeBiblical Studies in Multiple Languages |
|
Home Bible Treasures Afrikaans |
This page in: -- Albanian -- Arabic -- Armenian -- Bengali -- Burmese -- Cebuano -- Chinese -- Dioula -- English -- Farsi? -- French -- Georgian -- Greek -- Hausa -- Hindi -- Igbo -- Indonesian -- Javanese -- Kiswahili -- Kyrgyz -- Malayalam -- Peul -- Portuguese -- Russian -- Serbian -- Somali -- Spanish -- Tamil -- Telugu -- Thai -- Turkish -- TWI -- Urdu -- Uyghur? -- Uzbek -- Vietnamese -- Yiddish -- Yoruba
Previous Lesson -- Next Lesson YOHANNE - Kanea No Hyeren Wɔ Sum Mu
Adesuadeɛ a ɛfa Kristo ho sɛdeɛ Yohanne Asɛmpa no seɛ no
ƆFA 1 - ONYANKOPƆN KANEA A ƐHYEREN NO (Yohanne 1:1 - 4:54)
B - Kristo Yii Na'suafoɔ No Firii Adwene Sakyera Nsusuiɛ Nko Mu De Won Kɔɔ Ayeforohyia Anigyie Tebea Mu (Yohanne 1:19 - 2:12)
4. Yesu nsɛnkyerɛnne a ɛdikan wɔ Kana ayeforo ase (Yohanne 2:1–12)YOHANNE 2:1-10 Yesu dii na'suafoɔ no anim frii adwene sakyera bea hɔ a Osuboni no reyɛ adwuma wɔ Yordan asuo ano hɔ, na ɔde won kɔɔ Galilee bepɔ kuro no mu na ɔde won kɔɔ ayeforohyia bi ase. Na won akwantuo a ɛbɛyɛ sɛ kwasini 100 yi kyerɛ yɛn, nsonsonoeɛ soronko a ɛda Apam miennu no ntam. Sɛ agyidifoɔ rennkɔso ntena Mmra susuma ase bio, na mmom Yesu trenee mu anigyie ne kanea a ɛhyeren mu ne asomdwee wura no mu. Na Yesu nnyɛ mfeefeemu bebree te sɛdeɛ Osuboni no teɛ no. Ɛno nti sɛ Yesu frii hɔ na ɔne Na'suafoɔ no kɔɔ ayeforohyia no ase wɔ anigyie mu no mpo yɛ nsɛnkyerɛnne kɛseɛ. Na woansi nsanomfoɔ ho kwan, nokorɛ ne sɛ ɔkyerɛkyerɛeɛ sɛ ɛnnyɛ deɛ ɛkɔ onipa yefunu mu mu no ɛgu onipa ho fi, na asɛm fi biara a ɛfiri onipa anom no firi na'koma mu na ɛno na ɛgu onipa ho fi. Yesu ampo wiase anigyedeɛ ne ahokeka, na mmom ɔkyerɛkyerɛeɛ sɛ saa abrabɔ no mfa mfasodeɛ biara mma. Yɛn akoma a aporɔ no hia akoma foforo ne awoɔ foforo. Deɛ Twerɛ Kronkron no kasa tia ne asanom ne nsa mu ntontantɔ. Asuafoɔ no ne Yesu na ɛkɔɔ afahyɛ no ase, Nataniel ankasa nso firi Kana kurom no mu (2:21). Na ɛkame ayɛ sɛ Yesu maame nso ne ayeforo no abusua wɔ ayɔnkofa bi. Na ɛbinom susu sɛ na Yosef awu dada. Na ɛfei Maria ɛbɛyɛ okunafoɔ, na Yesu de abakan mu asodie adwumayɛ hwɛɛ na'busua no so. Ɛno nti Ne na kɔɔ ne nkyen kɔsrɛɛ ne hɔ mmoa maa na'busuafoɔ no. Na ofirii Yordan asuo no ho baeɛ no, na woadanne abɛyɛ nipa foforo koraa, na Honhom Kronkron no tumi ahyɛ no ma a ɛmaa no firii wiase dwumadie mu kɔɔ Onyankopɔn tumi adwumayɛ mu, dwumadie a ɛbɛma na'suafoɔ no adi na'kyi. Maria de mbuaeɛ maa ne Ba no, ɛfirisɛ onim na'hofama ne Ne dɔ sɛdeɛ ɛteɛ. Na ne dɔ no maa Yesu yɛɛ nsɛnkyerɛnne a ɛdikan koraa. Kristo ne dɔ mu gyidie no ma Onyankopɔn basa yɛ awawadeɛ. Ne maame hyɛɛ asomfoɔ no sɛ deɛ Yesu bɛka akyerɛ mo biara no monyɛ. Na ɔwɔ awerehyem sɛ obɛtumi aboa wɔ kwan biara so. Na Maria nsɛm a ɔka kyerɛɛ asomfoɔ no, yɛ nsɛm titirie soronko ma Asɔre no nyinaa, "Deɛ ɔbɛka akyerɛ mo biara no, monyɛ!" Obiara mfa ne ho nhyɛ Kristo nsa yiye; sɛ yɛyɛ osetie ma Yesu anom nsɛm a ɛde nsɛnkyerɛnne kɛseɛ na ɛba. Ahina a wɔde nsuo gu mu ma ahoteɛ, na nsuo biara nni mu na ɛsoso nso, a ɛtumi afa nsuo ntoa 600 ahyɛ mu ma. Na ɛyi kyerɛ sɛ nnipa kuo no de nsuo bebree na ɛyɛ ahoteɛ dwumadie no. Nanso ahoteɛ foforo na ɛhia wɔ baabiara a Yesu wɔ. Onipa biara nntumi nnkɔ Odwammaa no ayeforohyia no ase agyesɛ woanya ahohohoro ahoteɛ no bi ansa. Nanso, ahohohoro no annyɛ Kristo no botaeɛ titirie ntɛmso. Na ɛsɛ sɛ ayeforohyia afahyɛ no kɔ so. Ɛno nti Yesu dannee nsuo no ma no bɛyɛɛ nsa_ dɔkɔdɔkɔ. Na kwan a ɔfaa soɔ yɛɛ saa nsɛnkyerɛnne yi deɛ obiara nnim. Na mmom yɛnim wɔ Ne mogya a ohwie guuiɛ no mu sɛ ɛyɛ deɛ ɛbɛboa yɛn ama yɛatumi anya akwanya wɔ Odwammaa no ayeforohyia a ɛreba no ase. Na ɛyi nngyina nsa_nom so koraa. Ɛfirisɛ Honhom Kronkron no mma nsa_nom ho kwan koraa. Na mmom nsa_ dodoɔ a ɔmaaeɛ no yɛ ahyɛnsodeɛ a ɛkyerɛ yɛn bɔne fakyɛ no kɛseyɛ ne ne kron a Kristo de nnipa nyinaa bɔne akyɛ won kwa. Sɛ yɛn nyinaa ntumi nya Ɔsoro anigyie no bi. Na yɛn nyinaa mfa aseda ngye aboodoo ne nsa_ a ɛyɛ Awurade adidie no bi, a ɛyɛ Kristo Honhom mu ahyɛnsodeɛ - a ɔde agu yɛn so wɔ mmɔborohunu mu sɛ yɛn nhome wɔ na'nigyie no mu bi. YOHANNE 2:11-12 Na Kristo ho yɛɛ asuafoɔ no wawa bebree wɔ Ne ndwuma ho, na wohunuu sɛ ɔwɔ tumi wɔ abɔdeɛ nyinaa so. Na wohunuu Na'nnuoyam kɛseɛ no na ɛmaa wɔgyee no diiɛ sɛ Onyankopɔn na asoma no. Ɛno nti wonyaa Ne mu gyidie ne awerehyem. Nanso gyidie yɛ adeɛ a ɛyini nkakrankakra, na osetie nso ama nteaseɛ. Sɛ wosua Yesu anom nsɛm a, na wodɔ asoko wɔ Ne nsɛm no mu a, wobɛtumi ahunu Ne nipaban kɛseɛyɛ sɛdeɛ ɛteɛ. Na Yesu twee Ne ho firii na'busuafoɔ no ho, na ɔdee Ne ho frii ɛfie adesoa dadwen ne ndwuma mu kɔyɛɛ Onyankopɔn adwuma. Nanso Ɔne Ne maame ne Ne'nuanom ntam ayɔnkofa ne ahofama no kɔɔso tenaa hɔ daa. Na Ɔne Na'suafoɔ no tutuu akwan bebree. na Ne'nuanom no nso ne No kɔɔ Kapenium, a ɛyɛ kuro kɛseɛ wɔ asubura kɛseɛ Tberias ano. Na ɛfei asuafoɔ nyaa ne mu gyidie kɛseɛ, a ɛnnyɛ sɛ Kana nsɛnkyerɛnne no nti. na mmom wɔde won ho bataa Ne ho koraa. MPAEBƆ: Awurade Yesu, yeda wo ase, ɛfirisɛ woafrɛ yɛn aba woayeforohyia no ase bi, sɛ yɛn nso yɛn bɛnya wo mu anigyie ayɔnkofa no bi. Yɛsrɛ wo fa yɛn bɔne nyinaa kyɛ yɛn, na fa wo Honhom Kronkron no hyɛ yɛn ma, na yɛbɛdi wa'kyi daa nyinaa, na yɛbɛtena wo trenee ne woahoteɛ no mu, sɛdeɛ woteɛ no na wode wo ho maa yɛn no. NSƐMBISA:
AGORODIE HO NSƐMBISA - 1Ɔdɔfoɔ kenkanfoɔ,
Twerɛ wo din ne wo adres nso ka woasɛmbisa no ho brɛ yɛn wɔ saa address a ɛdidisoɔ yi so: Waters of Life Internet: www.waters-of-life.net |