Home
Links
Bible Versions
Contact
About us
Impressum
Site Map


WoL AUDIO
WoL CHILDREN


Bible Treasures
Doctrines of Bible
Key Bible Verses


Afrikaans
አማርኛ
عربي
Azərbaycanca
Bahasa Indones.
Basa Jawa
Basa Sunda
Baoulé
বাংলা
Български
Cebuano
Dagbani
Dan
Dioula
Deutsch
Ελληνικά
English
Ewe
Español
فارسی
Français
Gjuha shqipe
հայերեն
한국어
Hausa/هَوُسَا
עברית
हिन्दी
Igbo
ქართული
Kirundi
Kiswahili
Кыргызча
Lingála
മലയാളം
Mëranaw
မြန်မာဘာသာ
नेपाली
日本語
O‘zbek
Peul
Polski
Português
Русский
Srpski/Српски
Soomaaliga
தமிழ்
తెలుగు
ไทย
Tiếng Việt
Türkçe
Twi
Українська
اردو
Uyghur/ئۇيغۇرچه
Wolof
ייִדיש
Yorùbá
中文


ગુજરાતી
Latina
Magyar
Norsk

Home -- Twi -- The Ten Commandments -- 12 Tenth Commandment: Do Not Covet Your Neigbor's House

Previous Lesson -- Next Lesson

ASɛM TIRIE 6: MMRA NSƐM DU - Onyankopɔn Banbɔ Fasuo A Ɛkora Onipa So Firii Ahweasee Mu
Mmra Nsɛm Du a ɛwo Exodos 20 no mu Kanea a Ɛda Ɛdi Wɔ Asɛmpa Nwoma no mu

12 - Mmra Nsɛm Du: Mma Wani Mmere Wo Yɔnko Fie



EKSODOS 20:17
Mma w'ani mmmere wo yɔnko fie. Mma w'ani mmmere wo yɔnko yere anaa n'akoa anaa n'afenaa anaa ne nantwie anaa n'afunumu anaa biribiara a ɛyɛ wo yɔnko dea.


12.1 - Abɛɛfo Nsɔhwɛ Ahorrow

Obiara a ɔtaa hwɛ kasa foni no bɛtumi atɔ akondɔ nsɔhwɛ ahorrow mu. Wo ho bɛtumi apepre wo ma woakɔto ahuhudeɛ nnoɔma bi a aba abonten so, na wode wo ho nso akɔhyɛ nsiakyibaa ndwuma ahorrow mu nso, na woatɔ nnuhuam aboɔden, ntadeɛ ne hyɛn ahorrow nyinaa. Saa nnoɔma yi bɛtumi akɔso saa, na worente dabiarada sɛ wiase yi mu anigye ne nahosɛpɛ yi mu no, wɔbɛbɔ Yesu din wo mu da, nti ɔdɔfoɔ pa woho akyi!,. Ma nea wowɔ no nnɔɔso ma wo! Da biara no wɔ ka saa asɛm yi sɛ, "Ma wo konndɔ nea worehwehwɛ nyinaa na tɔ nea wopɛsɛ wonya nyinaa".

Koowa nkrataa kyerɛ mfoni a mmofra nketewaa tete won hyɛn mu wɔ honi mu, mboa nfoni, hyɛn ne agoro ahorrow mu. Na mmofra nketewaa no yɛama won biribiara a wopɛ. Na adeɛ biara nni hɔ a ɔpɛ a wɔde kamee no. Ɛyɛ awerehow sɛ, mmofra nketewaa a wode wiase ahuhudeɛ ne wiase nnoɔma ahyɛ nabrahɔ ase, na ɛba saa a na nadwene asɛe na wiase afa no nnomum firi ne mmofraase.

Wɔ aman akɛseɛ a atummpon mu no wiase nnoɔma bebree no tumi si won kwan wɔ mmra nsɛm du no ho. Mfantoho bi ne sɛ, okunu ne oyere tumi yɛ adwuma den mfeɛ bebree wɔ won bɔtaeɛ mu sɛ wobɛtumi asi won akoma so ɛfie a worehwehwɛ no. Na wotumi yɛ adwuma mboroso, na sɛ maame no nya adwuma foforo mpo a otumi gya mmofra nketewaa no hɔ kɔ yɛ adwuma. Na wonom coffee bebree ne anone ahorrow wɔ anidasoɔ mu sɛ wobɛtumi anya ɛmu ahoɔden de ayɛ adwuma. Na mpen bebree no ne nsunsuansoɔ mfa hwee mmba, na mmom ɛka ahorrow ne abusua mu apintanapintan. Adɛn ntia? ɛfisɛ abusua no sɛe sika bebree wɔ nnoɔma a ɛho nnhia ho, na wɔbɔ ɔbra a ɛwɔ soro sene sika a woya.


12.2 - So Yɛgye Agyapadeɛ Tumu?

Yesu kaeɛ sɛ, "Na sɛ onipa nya wiase nyinaa na ɔhwere ne kra a, mfasoɔ bɛn na ɔbɛnya? Anaasɛ, ɛdeɛn na onipa bɛma de asesa ne kra"? (Mateo 16:26). Na ɔkaeɛ bio sɛ: "Na obiara a ɔpɛ sɛ ɔgye ne kra nkwa no, ɛbɛfiri ne nsa; na deɛ ne kra bɛfiri ne nsa me ne asɛmpa no nti no, wɔbɛgye no nkwa" (Marko 8:35). Wɔ ɔko mu no akodeɛ hyeaman baako pɛ bɛtumi asɛe ɛdan a ɛtoatoaso bebree no prekopɛ wɔ sema pɛ mu, na mpofrimu no nnoɔma nyinaa bɛhye ayɛ ɛnso. Na Nnipa ɔpepe nyinaa bɛhyere won nnoɔma nyinaa a wɔwo. Wɔ aman bi mu no, obiara a woasi fie no anaa wɔwɔ agyapadeɛ bi no ɛsɛ wotua ɛtoɔ a ne boɔ yɛ den yiye, a mpo ɛtumi ma won ho kyere won mpo sene obi a onni agyɛpadeɛ biara. Onyankopɔn pɛ osiesie yɛn ba ne nkyen na ɔma yɛde yɛn ani to ɔno ankasa agyapadeɛ nnoɔma so sɛnea ɔno hu no no. Honhom mu nokwasɛm no sombo sene wiase ahoyadeɛ nyinaa.

Won a wɔkye won agyapadeɛ mu no ɛsɛ sɛ woya saa nhyehyeɛ yi mu nimdieɛ wɔ won mu, na mfasoɔ bɛn na ɛwɔ soɔ sɛ wɔde ntawantawa bɛto abusua ntam ɛsane sika ne ahoyadeɛ nti? Yesu kae sɛ, "Na deɛ ɔpɛ sɛ ɔne wo di asɛm na ɔgye w'atadeɛ nhyɛaseɛ no, ma no mfa w'atadeɛ nkatasoɔ no nso" (Mateo5:40) Na Paulo nso hyɛɛ yɛn nkuran sɛ ɔma mu wɔ nhira sene ɔgyeɛ! Na ɛno na ɛsɛ sɛ ɛkyerɛ yɛn kwan wɔ abrabɔ mu daa sɛ Yesu akyidifoɔ. Ɛyɛ bɔne sɛ wode akakabensɛm bɛgye obi adeɛ. Obiara a ɔnam kwan bɔne so bɛgye obi adeɛ no sɛ fata sɛ Onyankopɔn abufoɔ bɛba no so, ɛfisɛ Onyankopɔn yɛ banbɔfoɔ ma onibie ne ngyanka.


12.3 - Sɛ wo Bɛdaadaa Nnipa

Mmra asɛm a ɛtɔso du no nnkasa ntia anibere wɔ agyapadeɛ nkoaa ho na mmom no ɛkasa tia nso sɛ wode amumuyɛ nneyɔeɛ bɛhyɛ woadwumayɛfoɔ so, ne wo nkoa ɛne wonamfo so. Na sɛ adwumayɛfoɔ ne won adwumawuranom ntam ndwo a na ɛno nso nkyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ yɛ ma kwan na ɛde basabasayɛ ba. Na mmom ɛsɛ sɛ yɛhyɛ won nkuran na wɔtena baabiaa wowɔ noaa, a ɛmfa ho ne nea ɛbɛsesa akɔ mfasoɔ mu anaa beaɛ foforo. Na ɛsɛ sɛ yɛde Mmra asɛm a ɛtɔso du no nso yɛ adwuma wɔ nsɔrensɔre mu, nkuro mu, sukuul mu, adɔeɛ kuo ahorrow mu, anuanom mbarima , ɛmbaa ne adwumayɛfoɔ a yɛde akondɔ bɔne taataa won no,ne nyinaa remmfa nhyira mbrɛ yɛn.

Nsusuansoɔ kɛseɛ paa wɔmu sɛ obi kogyina awarefoɔ abusuasɛm ntam na ɔrebɔ mmɔden sɛ ɔbɛtete won awareɛ nkabom a Onyankopɔn de ahyira won no ntam. Sɛ ɛba saa a ɔpɛpa a wobɛya ama nsesayɛ aba wɔ mentemehoase ne won ntam apintanapintan no ntumi mfa asomdwee mbrɛ won ɛsane saa anamontuo no nti. Eno nti na Yesu ankasa kaeɛ sɛ " Nea Onyankopɔn aka abom no, mma Onipa biara ntete mu". Sɛ obi bɔ ne ho mmɔden sɛ ɔbɛsɛe awareɛ anaa ɔbɛfa ne hokafoɔ akyi ne onipa foforo akoya mpaso agoro di a, ɛsɛ sɛ ɔsakyera ntɛmso, na ɔsesa ne suban na osiesie ne ho sɛ ɔbɛhwɛ nabusua. Eno anasa na brabɔ bɛkɔ yiye ama no, na woasua sɛ ɔbɛtan bɔne su ahorrow nyinaa. Na ɛnsɛ sɛ ɔde saa adwen fi no bɛhyɛ nadwene mu na woasesa sesa ɛmbaa andwo, anaa ahomegye wɔ awareɛ mu, anaa nsɔhwɛ bi aba wohokafo so a. Na mmom no wɔ Honhom Kronkron tumi mu no ma no mbɔ nebra na ɔntwe ne ho mfiri bɔne ahorrow nyinaa mu, ɛfisɛ sɛ Honhon Kronkron nni mu a wontumi nyɛ hwee.


12.4 - Baabia Honam Akondɔ Firiba?

Mmra asɛm du kasa fa nnipa kuo bi ho ne nnoɔma bi a yɛn kon bɛtumi akɔdɔ. Na sɛ yɛhwɛ ɛndɛ a; ɛhyɛn, ndwom toɔ anaa anigyedeɛ nfidie, nfidie a wɔde si nnoɔma, firigyi, ne ntadeɛ afɛɛfɛ. Onipa dwen daa ɛsɛ sɛ onya adeɛ biara a obiara wɔ no, ɔno nso ɛsɛ sɛ onya bi. Na mpen dodoɔ a abrabɔ rekɔ nanim no mmom no ɛtumi ma nnipa wura ɔsɛeɛ mu. Aman a atummpon no bebree tumi yɛ agyapadeɛ akɛseɛ a ɛtumi de won kɔ ahokyere mu afisɛ won mu dodoɔ no ara gye bosea a mpo wontumi ntua ɛho nsiho no. Na wɔtɔ abɛɛfo nfidie a wontumi mfa nyɛ adwuma mprenpren ɛfisɛ obiara nnim sɛnea wobɛsiesie no sɛ ɛsɛe mpo a anaa sɛ wobɛya ɛho nnoɔma foforo. Kristo Yesu somafo no hunui sɛnea ɛhia sɛ yɛni bɛsɔ nea yɛwɔ biara, na yɛatumi ade yɛn ho afiri anibere a ɛde ɛka dodoɔ ba no, a ɛbɛtumi asɛe ɔkra ne nipadua. Ne nyinaa mu no Yesu kaeɛ sɛ, "Na ɛnte saa wɔ mo mu; na mmom obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ kɛseɛ mo mu no, ɔnyɛ mo somfoɔ, na obiara a ɔpɛ sɛ ɔdi kan mo mu no, ɔnyɛ mo akoa", (Mateo 20:26-27). Yesu bae de nnoɔma a ɛsombo wɔ yɛn wiase yi mu nyinaa san baeɛ na ɔbɔɔ mpae yi sɛ, "Agya, ɔsoro ne asase wura, meyi wo ayɛ sɛ wode nnoɔma yi ahunta anyansafoɔ ne animdefoɔ, na woayi akyerɛ nkɔkoaa. Aane, Agya, saa na ɛyɛ anisɔ w'anim..M'agya de nnoɔma nyinaa ahyɛ me nsa; na obiara nnim ɔba no, gye Agya no, na obiara nnim Agya no, gye ɔba no ne deɛ ɔba no pɛ sɛ ɔyi no adi kyerɛ no. Mo a moayɛ adwuma abrɛ na wɔasoa mo nnesoa nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma mo ahome. Momfa me kɔnnua nto mo ho so, na monsua me, ɛfiri sɛ medwo na mebrɛ me ho ase akoma mu; na mobɛnya ɔhome ama mo kra. Na me kɔnnua yɛ mmerɛ, na m'adesoa yɛ hare". (Mateo 11:25-30).

Paulo twereɛ sɛ Onyankopɔn bɛsɛe ahantan ne ahomasoɔ nyinaa wɔ saa brɛ no na asikafoɔ ne atitiriw kakraabi na ɛwɔ korinto asafo no mu. Abrabɔ mu anisoɔdeɛhunu nsesaɛ ne akoma mu foforoyɛ de nteaseɛ foforo brɛɛ asafo a ɛdikan no mu nnipa.

Mmra nsɛm a ɛtɔso du no nnkasa mfa yɛn abrabɔ hunu nkoaa ho na mmom ɛbɔ yɛn kɔkɔ nso fa yɛn brabɔ bɔne a yɛbɔ no wɔ sum mu no ho. Yɛn asɛm di bea no bɛtumi ayɛ akodu baabi, wobɛtumi abu obi bɔne atɛn, nanso onipa akoma deɛ ɛyɛ Onyankopɔn nkoaa na obɛtumi ahu mu. Na mpo yɛn akasa ntumi nhu nea ɛwɔ yɛn akoma mu yiye. Mpen bebree no yɛntumi nte dien ti a yɛn ndamfonom tumi yi suban bi ɛdi kyerɛ yɛn wɔ kwan bi so no. Edu mbre bi a yɛn ankasa abrabɔ yɛ ahintasɛm ma yɛn. Na twerɛ kronkron no se, "na wɔn akoma mu nsusuiɛ nyinaa yɛ bɔne nko daa nyinaa".(Genesis 6:5) Sɛ yɛde yɛn ho si susudua so na yɛde toto Kristo kronkronyɛ ho a yɛbɛhunu yɛn gyinabea sɛnea yɛyɛ fi na yɛaporɔ afa. "ɛfiri sɛ wɔn nyinaaayɛ bɔne, na Nyankopɔn animuonyam abɔ wɔn", (Romanfo 3:23) Na saa nipa su yi da ɛdi wɔ mmofra mu mpo wɔ won nneyɔeɛ mu sɛ won bo fu na wotieɛmu a. Mmofra daadaa won ho won ho, na yɛhu awoɔ ntoatoasoɔ bɔne wɔ won abrabɔ mu, nanso yɛka daa sɛ "mmofra nnim hwee". Sɛ abofra reyini a oya akondɔ atinka ahorrow nyinaa, na ɛdu saa bre no a won aso tumi yɛ den paa, ne pɛsɛmenkomenya nso. Nokwasɛm, ne sɛ ɛsono sɛ obi redwene bɔne ne sɛ obi reyɛ bɔne. ɛyɛ den ma onipa sɛ orenhyia nsɔhwɛ, ɛtesɛden mpo a ɛbɛba nanso woafrɛ yɛn sɛ yɛnbɛdi bɔne nsɔhwɛ so wɔ yɛn akoma nyinaa mu. Dr. Martin Luthur kae sɛ, "mentumi nyɛ biribiara mma anomaa nngyae sɛ wotu fa me tiri so, na mmom metumi asi won kwan sɛ wɔbɛwene wɔn buo wɔ metiriwi mu". ɛsɛ yɛni da hɔ wɔ nsɔhwɛ ho firi yɛn ahyeaseɛ mu, ɛsɛ yɛsi ho kwan na yɛdi so. Paulo taa twere wɔ Greek kasa mu sɛ, "Mmma saa adwene yi mmpue wɔ me mu!" Yakobo twerɛ wɔ ne nwoma no mu na ɔhwehwɛɛ baabia nsɔhwɛ firi ba paa mu yiye. Wɔ tiri a ɛdkan no mu no, osii so dua sɛ nsɔhwɛ mmfiri Onysnkopɔn, ɛfisɛ Onyankopɔn mmfa bɔne nnsɔ obiara nhwɛ. Na mmom sɛ wosɔ obi hwɛ a na ɛyɛ ɔno ankasa akondɔ na ɛgyegye no kɔ nsɔhwɛ mu. Efei, "Na akɔnnɔ no nyinsɛn a, ɛwo bɔne, na bɔne no wie nyini a, ɛwo owuo". Na ɔsomafo no toa so sɛ, "Me nuanom adɔfo, mommma wɔnnnaadaa mo. Akyɛdeɛ pa nyinaa ne akyɛdeɛ a ɛyɛ pɛ nyinaa firi soro, ɛfiri hann Agya no nkyɛn na ɛba. ɔno na nsakyeraeɛ ne adaneadane sunsum nni ne mu. ɔnam ɔno ara ne pɛ so na ɔde ne nokwasɛm woo yɛn, sɛ yɛnyɛ n'abɔdeɛ no mu adekan bi". (Yakobo 1:16-18).

ɛsɛ sɛ kristoni biara ma ne ho kwan ma Onyankopɔn di ne mu hene, na ɔma no tumi di nakondɔ so, ne botaeɛ ne nsusuɛ da biara. Sɛ yɛ bɛtumi adi adwene fi ne bɔne so a na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho nyinaa to Yesu so ne ne daadaa adom no so na yɛɛya akoko duro abɔ mpae, "Na mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu, Na yi yɛn firi bɔne mu". (Mateo 6:13). Kristofoɔ gyidie awerehyem ne sɛ wɔde won bɔne nyinaa akye won wɔ Yesu mogya mu na won trenee nso firi Kristo mu na wode ama wɔn. Eno nti worenboapaa nyɛ bɔne ɛfisɛ Honhom Kronkron no tew yɛn adwene ne yɛn nneyɛeɛ ho. Yesu pɛ sɛ yɛyɛ nkunimdifoɔ wɔ yɛadwene nsusuiɛ ne yɛn akoma mu. Na ɔpɛ sɛ odi yɛn anim wɔ abrabɔ mu ɔko mu na ɔma yɛn nkunimdie. Na saa nkunimdie yi nnyɛ ɔko kronkron a tia obi anaa ɔman bi, na mmom ɔko a ɛyɛ abrabɔ mu ɔko ne yɛn ankasa akondɔ bɔne a ɛte yɛn mu ne nsɔhwɛ ahorrow a ɛne yɛn di ɛsi wɔ mbea bebree no. Momma yɛn mmɔ mpaeɛ na yɛngye nea yɛbɔ ho mpaeɛ no ndi, "oh ɔteasefoɔ Awurade ne yɛn agyenkwa". Me da wo ase sɛ woagye me. Mesrɛ wo boa me na mankɔtɔ saa bɔne yi mu bio, na mmom gye me firi mu koraa na so me mu kora me firi bɔne a ɛte me mu no. Mesrɛ wo mma ɔbɔnefo no nhyɛ me so na onnya biribi wɔ me hɔ. Hyɛ me ma, Awurade, na tena me mu daa. Hohoro ma adwene nsusuɛ ho koraa wɔ wo mogya no mu na fa wo Honhom no tew me ho prekopɛ, na ama me pɛ ne me akondɔdeɛ nyinaa atumi asɔ wani daa.


12.5 - Akoma Foforo Ne Honhom Foforo

Sɛnea yɛ ne honhom mu akodeɛ ɛredi asi daa tia yɛn ankasa bɔne su no yɛhuu sɛ ɛno nti Yesu kaeɛ sɛ, " nea ɛwɔ onipa akoma mu na abuso no na bɔne nyinaa fri ba". Ɛno nti ɛnyɛ sɛ wɔbɛya banbɔ afri bɔne ho nkoaa na ɛyɛ asɛm, anaa sɛ wɔne bɔne redi aprepreɛ nkoaa, na mmom no nnoɔma bebree wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛhwɛ no yiye sene saa. Na yɛhia ahonimpa, ne adwene mu teɛ ɛne akoma foforo. Ɛno nti, mmoma yɛnsrɛ Yesu na ɔmma Ne botaeɛ no mbra mu na Honhom Kronkron tumi nhyɛ yɛn ma, na ama yɛn abrabɔ mu no nyinaa atumi ayɛ den wɔ honhom mu, ɔkra ne yɛn nipadua nyinaa ho atew wɔ ne mu. Ɛnyɛ yɛn nipadua nkoaa na bɔne te mu na mmom yɛn honhom ne yɛn kra nso bi. Mmra asɛm a ɛtɔso du no botaeɛ ne sɛ yɛbɛya awo foforo afiri nipa dada no a ɔte yɛn mu no mu, na yɛɛya foforyɛ wɔ ne nsusuiyɛ ne ne nneyɛeyɔ mu. Odiyifoɔ Yeremia hunu amane bebree ɛsane ɔman jo asoɔden nti na oyaa Onyankopɔn hɔ bɔhyɛ sɛ, "Na yei ne apam a nna no akyi me ne Israel fie bɛpam no, AWURADE asɛm nie: Mede me mmara bɛhyɛ wɔn yam, na matwerɛ no wɔn akoma mu, na mayɛ wɔn Onyankopɔn, na wɔn nso ayɛ me ɔman. Na obiara renkyere ne yɔnko na obiara nso renkyerɛ ne nua bio sɛ: Hunu AWURADE! na wɔn nyinaa bɛhu me afiri wɔn mu akumaa so akɔsi wɔn mu ɔkɛseɛ so, AWURADE asɛm nie; na mede wɔn amumuyɛ bɛkyɛ, na wɔn bɔne nso, merenkae bio". (Yeremia 31:33-34).

Na Onyankopɔn de bɔhyɛ a ɛte sɛ eyi ara nso maa Odiyifo Hesekiel na oyi kyerɛɛ no sɛ, "na mɛma mo akoma foforɔ, na mede honhom foforɔ mahyɛ mo mu, na mɛyi ɔboɔ akoma no afiri mo honam mu, na mama mo honam akoma na mama wo honam akoma, na mama moanante m'ahyɛdeɛ so, na moahwɛ m'atemmudeɛ ayɛ". (Hesekiel 36:26-27) Saa ara nso na Ɔhene David nso bɔɔ mpaeɛ bɛyɛ mfeɛ 30 ansa na saa adiyisɛ yi baaeɛ:

Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ, sɛ w'adɔeɛ teɛ no, wo mmɔborɔhunu a ɛdɔɔso nti pepa me mmarato. Hohoro me ho firi m'amumuyɛ mu koraa, na prapra me ho firi me bɔne mu. Na mahunu me mmarato no, na me bɔne wɔ m'anim daa. Wo nko ara na mafom woɔ, na mayɛ deɛ ɛyɛ w'ani so bɔne, na woadi bem wo kasa mu, na wo ho ate, w'atemmuo mu. Hwɛ, wɔwoo me amumuyɛ mu, na bɔne mu na me na nyinsɛnee me. Hwɛ, wopɛ nokorɛ me sawa mu, na ma menhunu nyansa me mu ahuntaeɛm. Fa adwera yi me ho bɔne, na me ho afi; dware me, na mayɛ fitaa asene nsukyerɛmma. Ma mente anigyeɛ ne abotɔyam nsɛm, na nnompe a woabubuo no adi ahurisie. Yi w'ani firi me bɔne ho hunta, na pepa m'amumuyɛ nyinaa. Onyankopɔn, bɔ akoma a emu teɛ ma me, na yɛ honhom foforɔ a aseɛ tim wɔ me mu. Nto me mfiri w'anim ntwene, na nyi wo kronkronyɛ honhom mfiri me so. Ma mennya wo nkwagyeɛ ho abotɔyam bio, na ayamyie honhom nsɔ me mu. Mɛkyerɛ mmaratofoɔ w'akwan, na nnebɔneyɛfoɔ adane aba wo nkyɛn. Onyankopɔn, me nkwagyeɛ Nyankopɔn, gye me firi mogya ho fɔ mu, na metɛkyerɛma ato wo tenenee ho ahurisie dwom. AWURADE, bue m'ano fafa, na mede m'ano makyerɛ w'ayeyie. Na wompɛ afɔrebɔ, anka mɛbɔ, ɔhyeɛ afɔdeɛ nsɔ w'ani. Nyankopɔn afɔdeɛ ne honhom abubuo; Onyankopɔn, akoma a abubuo, na apɛkyɛ na worempoɔ". (Nnwom 51:1-17).

Obiara a ɔbɔ saa mpaebɔ soronko a David bɔɔeɛ yi, bɛya mmuaɛ afiri Onyankopɔn nkyɛn. Na Yesu hyɛɛ ne bɔhyɛ no ma na ɔkae sɛ, "Mene wiase hann; deɛ ɔdi m'akyire no rennante sum mu, na ɔbɛnya nkwa hann".( Yohanne 8:12) Na ɔkae bio sɛ, "Mene bobe no, mone mman no. Deɛ ɔtena me mu na me nso metena ne mu no, ɔno ara na ɔso aba pii; na mokwati me a, montumi nyɛ hwee". (Yohanne 15:5).

Wɔ kokoa mu no, Yesu ka kyerɛɛ Nicodemus, ɔman no panin bi, "Yesu buaa sɛ: Mereka akyerɛ wo nokorɛ mu pa ara sɛ: Wɔamfiri nsuo ne honhom mu anwo obi a, ɔrentumi nhyɛne Nyankopɔn ahennie mu". (Yohanne 3:5). Petro sii saa asɛm yi so dua wɔ nasɛnka mu wɔ Penticost da wɔ nnipa 3,000 anim, sɛ "Monsakyera mo adwene, na mo nyinaa mma wɔmmɔ mo asu Yesu Kristo din mu, mma mo bɔne fakyɛ, na mobɛnya Honhom Kronkron akyɛdeɛ no". (Asomafo 2:38).


12.6 - Honhom Mu Ɔko

Sɛ Honhom Kronkron no bɛtena yɛn mu a, na ɛno nkyerɛ sɛ nsɔhwɛ afiri yɛn ho kɔ. Na mmom no, Honhom no ko tia ɔhonam no, ɛna ɔhonam no nso ko tia honhom no, na ɛyɛ ɔkosɛm sɛnea Paulo kyerɛkyerɛ mu no, "Na sɛ motena ase honam fam a, mobɛwu; na sɛ mode honhom kum nipadua no nneyɛɛ a, mobɛtena ase". (Romanfoɔ 8:13). Wɔ (Efesofo 4:22-24) Paulo kyerɛɛ sɛ, "Ɛne sɛ, mo kane abrabɔ fam deɛ, monyi onipa dada a ɔresɛe wɔ nnaadaa akɔnnɔ mu no ntwene, na momma wɔnyɛ mo foforɔ mo adwene honhom mu, na monhyɛ onipa foforɔ a wɔbɔɔ no Nyankopɔn suban so, nokwarɛ tenenee ne ahoteɛ mu". Sɛ wobɛyi onipa dada no, ɛsekyerɛ ne sɛ wobɛtan bɔne na woapa wo ho akyi afiri wo honam akondɔ bɔne nyinaa mu daa. Na sɛ wobɛfa onipa foforo no nso, ase kyerɛ sɛ, sɛ wobɛfa Yesu afura te sɛ ntɔma wɔ mbre a woaboa wo ma woafiri wo honam akondɔ mu no.

Wo saa ɔko kɛseɛ yi mu no yɛbɛtumi adi nkukuo wɔ mu mpen dodoɔ a yɛrepre sɛ yɛde abrabɔ kronkron bɛtena ase no. Na ɛba saa na ɛsɛ sɛ wosɔre ntɛmntɛm bio na woka wo mfom soɔ kyerɛ Yesu wɔ nokware mu. Sɛ yɛbubu yɛn ahatan ne yɛn ahomasoɔ nyinaa a yɛne Yesu bɛka bom bio na yɛanya ne mu ahoɔden foforo wɔ yɛn ahoɔmmere mu. Wɔ saa kwan yi so nkoaa na yɛbɛtumi anya nkunimdie wɔ bɔne so wɔ yɛn mu na yɛatumi ayini wɔ Awurade mu. Na Twerɛ Kronkron no se, " Dodoo a Onyankopɔn Honhom ka won no, won na wɔyɛ Onyankopɔn mba". Wɔ Romanfo 8:1-2, Paulo hyɛ obiara nkuran wɔ honhom mu akodie no ho sɛ, "Ɛnneɛ afei afobuo biara nni hɔ ma wɔn a wɔwɔ Kristo Yesu mu. Na Kristo Yesu mu nkwa honhom mmara no agye me afiri bɔne ne owuo mmara no mu". Na Apam dada no deɛ ɛde yɛn nneyɛeɛ ne yɛn ndwuma nyinaa kɔ atɛnmuo mu wɔ mmra no tumi ase, Nanso Apam foforo no ma yɛn nteaseɛ ne nimdeɛ fa yɛn bɔne su ho yiye, na akyerɛkyerɛ yɛn ma yɛatumi agye Onyankopɔn trenee a ɛnam adom a ɛwɔ yɛn Awurade Yesu Kristo mu ba no so adi. Na ɔno na ɔma yɛn tumi ma yɛde nya Honhom Kronkron no mu ahoɔden a ɛma yɛn adwene foforo ne ɔpɛpa. Moses Mmra no hwɛ yɛn so sɛ ɛbɛyɛ na yɛnhyhease koraa, Na Yesu bu yɛn bɛm koraa na ɛfei ɔma yɛn Onyankopɔn Honhom mu tumi ama yɛtumi adi ne mmra no so. Na apam dada no deɛ ɛyi yɛn atantandeɛ ne adwen bɔne no nyinaa a ɛwɔ yɛn abrabɔ mu no adi, yɛn Agya a ɔwɔ soro no ma yɛn bembuo: afɔbuo nni hɔ!, asotwe nso nni hɔ! Yesu atua ka no nyinaa dada! Na ne nyinaa mu no ɛka yɛn bembuo ho, ɔma yɛn honhom mu tumi a ɛyɛ daa Honhom no sɛ yɛmfa ndi bɔne so. Onyankopɔn baasa koro no agye yɛn firii yɛn bɔne mu kɔ ne trenee mu, na ɔde yɛn firi nkukuo mu kɔ nkunimdie mu wɔ ne dɔ tumi kɛseɛ a ɛteaseɛ no mu.


12.7 - Islam Ne Honam Akondɔ

Islam nnim mmra no mmahyɛ a ɛfa ahoteɛ a ɛnam gyidie so ba anaa honhom kronkron mu tumi a ɛdi honam akondɔ so no. Na Quran no ka sɛ, " wɔbɔɔ onipa wɔ mmereyɛ mu"( Sura al-Nisa 4:28) ). Na Islam, de, somboɔ no bi bɔ Allah. Ɛno nti na Muhammad maa ho kwan sɛ ɔbariama biara bɛtumi aware ne mpena aka ne yerenom anan no ho na amma won antɔ nsɔhwɛ mu ( Sura al-Nisa 4:25). Muhammad ankasa waree Zayd's yere nanso na Zad's yɛ nabanoma. Na ɛfa nawareɛ ho deɛ, Muhammad nyaa ɛdiyiɛ soronko firii Allah hɔ a ɛmaa no ɛho kwan sɛ ɔnware Zad's yere no ɛne ɔbaa biara a ɔde ne ho bɛma no ( Sura al-Ahzad 33:37,50,51).

Quran no yi no adi pɛfee sɛ Allah kyerɛ obiara a ɔpɛ kwan na ɔma obiara a ɔpɛ nso fom kwan (Suras Ibrahim 14:4 ne Al- Fatir 35:8). Ne nyinaa mu no, asedeɛ bebree biara nni hɔ ma onipa abrabɔ.

Wɔ ɔko kronkron mu no, sɛ wɔbɛfom na wɔbɛsesa ɔko mu asadeɛ no yɛ ade kɛseɛ a ɛho hia won yiye paa. Mpen pii no akofoɔ no tumi di nkukuo wɔ ɔko mu ɛfisɛ mbre a ɔko no nnyaa nkɔɔ ɛwieɛ mpo no na won mu pii no agyae ɔko no rekɔsesaw ako no mu nnoɔma de akɔ fie. Na ɔko no mu asadeɛ no tumi de akasakasa a ɛmu yɛ den ba won mu. Ahoyadeɛ ne anigyiedeɛ akondɔ yɛ adeɛ bi a ɛdi tintinben yiye wɔ Muslimfoɔ abrabɔ mu. Na won deɛ, tumidie ne annuoyam yɛ adeɛ a ɛyɛ won adom mu adansedie a ɛfiri Allah, a ɛdi adanseɛ pɛfee wɔ Muslimfoɔ ahenfo mu. Kristo ahobreaseɛ ne ne dwoɔ subanpa no yɛ adeɛ bi a Islam nnim koraa.

Na ɛfie no, mogya hwiegu akatua ntɛm nnyɛ akyiwadeɛ ma Islam ɛsane sɛ, onipa no rentumi nya akatuapa biara ho nhyehyeɛ na mmom nea wonim ne ntɛmso atɛnmuo. Muhammad somaa ne nkorɔfoɔ maa wokokum natanfo nyinaa. Onipa akakabensɛm ne nakondɔ nyinaa nntumi nnsesa wɔ Islam mu, na ne biribiara nsesa na ɛte sɛnea ɛteɛ no ara sɛ wɔbɛyɛ Muslimfoɔ a, gyesɛ Kristo Yesu mu nkwagyeɛ nkoaa na ɛbɛtumi afa no nnomum ama woasesa ayɛ foforo. Wɔ Muslim mu, Onyankopɔn Agya no mu gyidie yɛ bɔne kɛseɛ a fakyɛ biara nni hɔ ma won. Na obiara ndwuma na ɛsɛ sɛ ɛgye no nkwa. Won ndwumapa biara nni hɔ a ɛde mmɔborohunu brɛ won a mmom won som ho asɛdeɛ mu na wɔbɔ ho mmɔden, te sɛ won gyedi mu nsɛmka, Islamic mpaebɔ num da koro no, ne won mmuada a wodi no awia wɔ Ramadan mu, sɛ wobɛyɛ ahiafoɔ adɔeɛ, Mecca akwantu, sɛ wobɛkenkan Quran no, ne ɔko kronkron a wɔbɛko de atrew Islam mu. Na Muslimfoɔ nnim bibiara a ɔfrɛ no akoma mu foforoyɛ. Saa awo foforo yi yɛ adeɛ bi a wonim ho nteaseɛ biara ɛfisɛ wonim Honhom Kronkron wɔ Islam mu (Sura al- Isra' 17:85). Muslimfoɔ te Honhom Kronkron ase sɛ honhom bi a Onyankopɔn abɔ no, na won nteaseɛ mu paa no wɔka sɛ ɛyɛ ɔbɔfoɔ Gabbriel. Na ɔnyɛ honhom a ɔyɛ Onyankopɔn. Eno nti Islam amanmmere ne abrabɔ ngyinasoɔ nyinaa yɛ honam akondɔ ndwuma. Na Honhom Kronkron aba no: ɔdɔ, anigyie, ne asomdwee, nyinaa nni Islam mu ɛfisɛ ne ngyinasoɔ no, a ɛyɛ bɔne fakyɛ a ɛfiri adom a ɛwɔ Owusɔreɛ tumi no mu no wonim na won apo no.

Ɛyɛ mmere koraa ma onipa sɛ ɔbɛyɛ Muslimni anaa Nkrammoni ɛfisɛ adeɛ soronko biara nsesa wɔ ne ho wɔ abrabɔ mu. Sɛ obi ba Islam mu a, obɛtumi atoa nawareɛ dodoɔ so wɔ Africa ne Asia. Honhom fam ne honam akondɔ ahorrow ne agyapadeɛ yɛ bɔhyɛ ma won wɔ daakye paradise: adidie, ɔnom ne mpaso agoro kɛseɛ. Muslimfoɔ daa nkwa anidasoɔ yɛ ahoyadeɛ ne akondɔ a woabɔ ho ban ato hɔ ama won (Sura al- Waqi'a 56:16-37). Na Allah ankasa remba hɔ wɔ Islamic paradise hɔ. Na anidasoɔ biara nso nni hɔ sɛ obi bɛtumi ne Allah anya nkutahodie, anaa sɛ honhom mu foforoyɛ anaa ɔko atia obi ahopɛdeɛ wɔ Islam. Wɔ abrabɔ ne honhom mu no, Islam wɔ fam koraa wɔ apam dada no mu, na wontumi mfa ntoto Apam foforo no bo a ɛsom ho koraa.


12.8 - Kristo Yɛn Anidaso Baako Pɛ

Ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn ho mmɔden paa sɛ yɛrenbu Muslimni biara anaa Jewni biara abomfeaa, ɛfisɛ Kristoni biara nni hɔ a, ɔno ankasa, nso yɛ papa sene obiara. Ɛfisɛ ɛyɛ Kristo mu gyidie pɛ na ama yɛn nso yɛnya trenee ne ahoɔden sɛ yɛntumi atena ase wɔ abrabɔ trenee ne kronkronyɛ mu. Yesu ne bobe no, na yɛn ne ɛho abaa no na sɛ yɛ tena ne mu a oyi yɛn firi ahantan mu na woama yɛasow honhom aba no bi. Na yɛntumi nnyɛ ade papa biara, sɛ Yesu nka ho a. Ɔno ne yɛn susudua no.

www.Waters-of-Life.net

Page last modified on January 31, 2022, at 06:51 AM | powered by PmWiki (pmwiki-2.3.3)